Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 92


Ɔfã 92

Adiyisɛm a wɔde maa Joseph Smith Nkɔmhyɛni no, wɔ Kirtland, Ohio, Ɔbɛnem 15, 1833. Saa adiyisɛm yi kyerɛkyerɛ Frederick G. Williams, a na ɛnkyɛreeɛ wɔayi no sɛ fotufoɔ ama Joseph Smith, wɔ n’asɛdeɛ mu wɔ Nkabom Dwumakuo no mu (hwɛ afã 78 ne 82 atifiasɛm).

1–2, Awurade ma mmara a nkabom kuo no fa so gye obi.

1 Nokorɛ, sɛdeɛ Awurade seɛ nie, mede adiyisɛm ne mmarasɛm ma nkabom kuo, a wɔahyehyɛ sɛdeɛ mmarasɛm a mede ama wɔn dada no teɛ, ɛfa m’akoa Frederick G. Williams ho, sɛ monnye no nto kuo no mu. Deɛ meka kyerɛ ɔbaako no meka kyerɛ obiara.

2 Na bio, mese wo m’akoa Frederick G. Williams, sɛ wobɛyɛ fekuoni deyɛfoɔ wɔ saa kuo yi mu; na mmerɛ dodoɔ a woyɛ nokorɛfoɔ di me mmaransɛm dada no nyina ara so no wɔbɛhyira wo afebɔɔ. Amen.