Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 69


Ɔfã 69

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so, wɔ Hiram, Ohio, Obubuo 11, 1831. Na wɔagye adiyisɛm a wɔaboaboa ano sɛ wɔrekɔtintim ntɛm so no ato mu wɔ nhyiamu soronko a wɔyɛɛ wɔ Obubuo 1–2 no ase. Wɔ Obubuo 3 mu no, wɔde saa adiyisɛm yi a wɔfrɛ no ɔfã 133 wɔ ha yi kaa ho na wɔfrɛɛ no Mmatahõ. Na wɔadi kan ayi Oliver Cowdery dada sɛ ɔmfa adiyisɛm ne mmaransɛm ntwerɛeɛ a wɔaboaboa ano no nkɔ Independence, Missouri, nkɔtintim. Na ɛsɛ sɛ ɔde sika a wɔayiyi toɔ sɛ wɔmfa nsi Asɔre a na ɛwɔ Missouri no kɔ. Saa adiyisɛm yi kyerɛ John Whitmer sɛ ɔne Oliver Cowdery nkɔ na ɛsan nso kyerɛ Whitmer sɛ ɔntu kwan na ɔmmoaboa abakɔsɛm nwoma ano wɔ ne frɛ mu sɛ Asɔre abakɔsɛm twerɛfoɔ ne twerɛtohɔfoɔ.

1–2, Ɛwɔ sɛ John Whitmer ka Oliver Cowdery ho kɔ Missouri; 3–8, Ɛsɛ sɛ ɔka asɛmpa no nso na ɔgyegye, twerɛ to hɔ, na ɔtwerɛ ho abakɔsɛm.

1 Montie me, Awurade mo Nyankopɔn na ɔseɛ, ɛnam m’akoa Oliver Cowdery yieyɛ nti. Ɛnnyɛ nyansa wɔ me mu sɛ wɔde mmaransɛm ne sika bɛhyɛ ne nsa ama ɔde akɔ Sion asase so, gye sɛ obi ne no kɔ a ɔdi ne ho nni na ɔyɛ nokorɛfoɔ.

2 Ɛno nti, Me, Awurade, mɛpɛ sɛ m’akoa, John Whitmer, ne m’akoa Oliver Cowdery bɛkɔ;

3 Na bio mɛpɛ sɛ ɔbɛkɔ so atwerɛ nso na wayɛ abakɔsɛm a ɛfa nneɛma a ɛho hia nyina ara a ɔbɛhwɛ na ɔbɛhunu afa m’asɔre no ho;

4 Na bio mɛpɛ sɛ ɔbɛnya afotuo ne mmoa afiri m’akoa Oliver Cowdery ne afoforɔ hɔ.

5 Na bio, me nkoa nso a wɔatrɛ wɔ asase so no mfa wɔn sohwɛ-adwuma ho akonta nkɔ Sion asase so;

6 Ɛfiri sɛ Sion asase bɛyɛ atenaeɛ ne bea a wɔayɛ na wɔbɛyɛ saa nneɛma yi nyina ara.

7 Nanso, momma m’akoa John Whitmer ntu kwan mmerɛ pii mfiri bea nkɔ bea, ne asɔre mu nkɔ asɔre mu, sɛdeɛ ɛbɛtumi ayɛ mmrɛ pii ma wanya nimdeɛ—

8 Ɔreka asɛmpa no na ɔrekyerɛkyerɛ aseɛ, ɔretwerɛ, ɔrehwɛ so atwerɛ, ɔreyiyi mu, na ɔrenya nneɛma nyina ara ama asɔre no yieyɛ, ne awoɔntoatoasoɔ a wɔreba a wɔbɛnyini wɔ Sion asase so, na wɔbɛdi asase no so firi awoɔntoatoasoɔ so de akɔ awoɔntoatoasoɔ so, afebɔɔ ne daa. Amen.