Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 24


Ɔfã 24

Adiyisɛm a wɔde maa Joseph Smith, Nkɔmhyɛni no ne Oliver Cowdery, wɔ Harmony, Pennsylvania, Kutawonsa 1830. Ɛwom sɛ na ɛnnii abosome nan firi berɛ a wɔkyekyeree asɔre no deɛ, nanso, na ɔtaaeɛ mu abɛyɛ den, ɛnti na ɛsɛ sɛ kannifoɔ no kɔbɔ wɔn ho adwaa kakra. Wɔde adiyisɛm mmiɛnsa a ɛdidi soɔ yi maae saa berɛ yi, sɛ ɛbɛhyɛ wɔn den, ahyɛ wɔn nkuran, na akyerɛkyerɛ wɔn.

1–9, Wɔfrɛɛ Joseph Smith sɛ ɔnkyerɛ aseɛ, nka asɛmpa no, na ɔnkyerɛ twerɛnsɛm no ase; 10–12, Wɔfrɛ Oliver Cowdery sɛ ɔnka asɛmpa no; 13–19, Wɔda mmara a ɛfa anwanwadeɛ ho, nnomee, nan ase aporoporoɔ, ne sɛ wɔmmfa sika bɔtɔ anaa kotokuo nnante.

1 Hwɛ, wɔfrɛɛ wo na wɔyii wo sɛ bɛtwerɛ Mormon Nwoma no, na bɛyɛ m’adwuma; na mayi wo afiri wo amanehunu mu, na matu wo fo sɛ, wɔagye wo afiri wo atamfo nyina ara nsam, na wɔagye wo afiri Satan tumi mu ne esum mu!

2 Nanso, wonni mfomsoɔ fafiri wɔ wo mmaratoɔ mu; nanso, kɔ na nnkɔyɛ bɔne bio.

3 Di wo diberɛ nni; na akyire yi a woadua w’afuo abɔ ho ban awie no, kɔ asɔre a ɛwɔ Colesville, ntɛmso, Fayette, ne Manchester, na wɔbɛma wo mmoa; na mɛhyira wɔn, honhom mu ne honam fã mu.

4 Nanso, sɛ wɔannye wo a, mede nnomee bɛba wɔn nhyira ananmu.

5 Na wobɛkɔ so afrɛ Onyankopɔn wɔ me din mu, na woatwerɛ nneɛma a Ɔwerɛkyekyefoɔ no de bɛma wo no, na woakyerɛkyerɛ twerɛsɛm nyina ara ase akyerɛ asɔre no.

6 Na wɔde bɛma wo berɛ korɔ no ara mu, deɛ ɛsɛ sɛ woka na wotwerɛ, na wɔbɛte, anyɛ saa a mede nnomee bɛba wɔn nhyira ananmu.

7 Na wode wo som nyina ara bɛma wɔ Sion; na yei mu na wobɛnya ahoɔden.

8 Nya aboterɛ wɔ amenehunu mu, ɛfiri sɛ wobɛnya bebree; nanso, gyina yeinom ano, na, hwɛ, me ne wo wɔ hɔ, mpo de kɔsi wo nna awieɛ.

9 Na wɔ honam mu nnwuma deɛ worennya ho ahoɔden, ɛfiri sɛ yei nnyɛ wo frɛ. Hwɛ deɛ wɔfrɛɛ wo ho no na wobɛnya deɛ ɛhia de adi wo diberɛ no nni, na woakyerɛkyerɛ twerɛsɛm nyina ara ase, na kɔ so wɔ nsa a wɔde gu soɔ no mu na hyɛ nsɔre no den.

10 Na wo nuabarima Oliver bɛkɔ so ama me din so akɔ wiase anim, ne asɔre no nso anim. Na ɛnnsɛ sɛ ɔdwene sɛ ɔbɛtumi aka dodoɔ afa m’adwuma no ho; na hwɛ, me ne no wɔ hɔ kɔsi awieɛ no.

11 Me mu na ɔbɛnya animuonyam, na ɛnnyɛ n’ankasa ne mu, sɛ ɔwɔ mmrɛyɛ anaa ahoɔden mu, wɔ nkoasom anaa fahodie mu;

12 Na mmerɛ nyina ara mu, ne mmeammea nyina ara mu no, ɔbɛbue n’ano na waka m’asɛmpa no te sɛdeɛ ɔde totorobɛnto, adekyeeɛ ne adesaeɛ. Na mɛma no ahoɔden a wɔnhunuu ne nsɛsoɔ wɔ nnipa mu.

13 Monnhwehwɛ anwanwadeɛ, gye sɛ mehyɛ mo, gye sɛ moretutu ahonhommɔne agu, ayaresa, ne deɛ mode bɛtia awɔwɔ a ɛborɔ wɔ wɔn mu, ne deɛ mode bɛtia ɛborɔ a ɛkum;

14 Na ɛnnsɛ sɛ moyɛ saa nneɛma yinom, gye sɛ wɔn a wɔpɛ no hwehwɛ firi mo hɔ, sɛdeɛ twerɛsɛm no bɛhyɛ ma; ɛfiri sɛ mobɛyɛ no sɛdeɛ wɔatwerɛ no.

15 Na baabibiara a mobɛwura, na wɔnnye mo wɔ me din mo no, monnya nnomee wɔ nhyira ananmu wɔ sɛ moreporoporo mo nan ase mfuturo atia wɔn sɛ adanseɛ, na morepopa mo nan ho wɔ kwankyɛn.

16 Na ɛbɛba sɛ obiara a ɔde ne nsa bɛka mo wɔ akakabensɛm mu no, monhyɛ sɛ wɔmmɔ no wɔ me din mu; na, hwɛ mɛbɔ wɔn sɛdeɛ mo nsɛm teɛ no, wɔ me ara me mmerɛ a ɛsɛ mu.

17 Na obiara a ɔde wobɛkɔ mmara so no, wɔnam mmara so bɛdome no.

18 Wommfa sika bɔtɔ anaa kotokuo, anaa poma, anaa ntadeɛ mmienu, ɛfiri sɛ asɔre no de bɛma wo saa dɔnhwere a wohia aduane ne atadeɛ, ne mpaboa ne sika, ne kotokuo no.

19 Ɛfiri sɛ wɔafrɛ wo sɛ fa pempan kɛseɛ pempan me bobeturo mu nnua, aane, mpo, yɛ fa twa toɔ; aane, ne wɔn a woahyɛ wɔn asɔfoɔ no nyina ara, na, mpo, wɔbɛyɛ no sɛdeɛ saa nhwɛsoɔ yi teɛ no. Amen.