Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 65


Ɔfã 65

Adiyisɛm a ɛfa mpaebɔ ho a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so, wɔ Hiram, Ohio, Ahinime 30, 1831.

1–2, Wɔde Onyankopɔn ahemman no nsafoa ahyɛ onipa nsa wɔ asase so, na asɛmpa no yiedie bɛdi nkonim; 3–6, Ɔsoro mfirihyia apem ahemman no bɛba na abɛka Onyankopɔn ahemman a ɛwɔ asase so no ho.

1 Montie, na monhwɛ, obi a ɔte sɛ deɛ wɔasoma no afiri soro no nne, deɛ ɔyɛ ɔbrane ne otumfoɔ, deɛ n’adifiri kɔ asase ano, aane, deɛ ne nne kɔ nnipa nyina ara hɔ no—Monsiesie Awurade kwan, momma n’atenpɔn ntene.

2 Wɔde Onyankopɔn ahemman no nsafoa ahyɛ onipa nsa wɔ asase so, na ɛhɔ na asɛmpa no bɛmuni akɔ asase ano, tesɛ ɛboɔ a ɛnyɛ nsa na atwa afiri bepɔ mu no bɛmunimuni akɔ, kɔsi sɛ ɛbɛyɛ asase so nyina ara mã.

3 Aane, nne bi a ɛreteam sɛ—Monsiesie Awurade kwan, monsiesie Adwammaa no apontoɔ no, monyɛ krado mma Ayeforɔkunu no.

4 Mommɔ mpaeɛ nkyerɛ Awurade, momfrɛ ne din kronkron no, monna n’anwanwa nnwuma adi wɔ nkorɔfoɔ no ntam.

5 Momfrɛ Awurade, sɛdeɛ n’ahemman bɛtumi afiri akɔ asase so, ama ɛsotefoɔ no atumi anya, na wɔasiesie wɔn ho ama nna a ɛbɛba no, a ɛno mu Onipa Ba no bɛfiri ɔsoro aba fam, a ɔfira n’animuonyam hyerɛn, rebɛhyia Onyankopɔn ahemman a wɔasiesie wɔ asase so no.

6 Ɛno nti, ma Onyankopɔn ahemman nkɔ n’anim, sɛdeɛ ɔsoro ahemman bɛba, ama wo, O Onyankopɔn, animuonyam aka wo wɔ ɔsoro ne asase so, ama wɔabrɛ w’atamfo ase; ɛfiri sɛ anidie, tumi ne animuonyam yɛ wo dea, afebɔɔ ne daa. Amen.