Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 66


Ɔfã 66

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so, wɔ Hiram, Ohio, Ahinime 29, 1831. Na William E. McLellin asrɛ Awurade wɔ kokoam sɛ ɔmfa Nkɔmhyɛni no so mmua nsɛmmisa nnum a Joseph Smith nim no ano. McLellin adesrɛ nti, Nkɔmhyɛni no bisaa Awurade na ɔnyaa saa adiyisɛm yi.

1–4, Daapem apam no yɛ asɛmpa no mahyɛ; 5–8, Ɛsɛ sɛ mpaninfoɔ no ka asɛmpa no, di adanseɛ, na wɔn ne nkorɔfoɔ no dwene ho; 9–13, Ɔsomfoɔ nokorɛfoɔ som si nkwa a ɛnni awieɛ apɛgyadeɛ no pi.

1 Hwɛ, sɛdeɛ Awurade se m’akoa William E. McLellin nie—Nhyira ne wo, mmerɛ dodoɔ a woadane wo ho afiri wo amumuyɛ ho, na woagye nokorɛ no, Awurade wo Gyefoɔ no na ɔseɛ, wiase Agyenkwa no, mpo ne dodoɔ no ara a wɔgye me din die no.

2 Nokorɛ mese mo, nhyira ne mo esiane sɛ moagye me daapem apam no, mpo m’asɛmpa mahyɛ no, a wɔde asoma ama akɔ nnipa mma hɔ no, ama wɔatumi anya nkwa na wɔanya kyɛfa wɔ animuonyam a wɔbɛda no adi wɔ nna a ɛtwa toɔ no mu bi, sɛdeɛ nkɔmhyɛfoɔ ne asomafoɔ no twerɛeɛ wɔ tete nna no mu no.

3 Nokorɛ mese wo, m’akoa William, sɛ wo ho te, nanso ɛnyɛ obiara; ɛno nti, sakyera firi saa nneɛma a ɛnnsɔ m’ani no ho, Awurade na ɔseɛ, ɛfiri sɛ Awurade bɛda no adi akyerɛ wo.

4 Na afei, nokorɛ, Me, Awurade, mɛkyerɛ wo deɛ mepɛ ɛfa wo ho, anaa deɛ ɛyɛ me pɛ ɛfa wo ho.

5 Hwɛ, nokorɛ mese wo, sɛ ɛyɛ me pɛ sɛ wobɛbɔ m’asɛmpa no ho dawuro afiri asase so akɔ asase so, na afiri ahenkuro mu akɔ ahenkuro mu, aane, wɔ saa amantam a atwa ahyia yi mu, faako a wɔmmɔɔ dawuro no.

6 Nntena saa bea yi nna pii; nnkɔ Sion asase so seesei; nanso mmerɛ dodoɔ a wobɛtumi asoma no, soma; ɛnte saa a, mɛnnwene wo agyapadeɛ ho.

7 Kɔ apueɛ fam, di wo adanseɛ wɔ bea biara kyerɛ nkorɔfoɔ biara, wɔ wɔn ahyiadan mu, na ɛne nkorɔfoɔ no nyiyi atɛn.

8 Ma m’akoa Samuel H. Smith ne wo nkɔ, na nnyae no, na ma no wo nkyerɛkyerɛ; na deɛ ɔyɛ nokorɛfoɔ no bɛnya ahoɔden wɔ bea biara; na me, Awurade, me ne wo bɛkɔ.

9 Fa wo nsa gu ayarefoɔ so, na wɔbɛnya ayaresa. Nnsan w’akyi kɔsi sɛ me, Awurade, mɛsoma wo. Nya aboterɛ wɔ amanehunu mu. Bisa, na wobɛnya; bɔ mu na ɛbɛbue ama wo.

10 Nhwehwɛ sɛ ɔhaw mma wo ho. Gyae deɛ ɛntene nyina ara. Nsɛe awareɛ—sɔhwɛ bi a aha wo.

11 Di saa nsɛm yinom so, ɛfiri sɛ ɛyɛ ampa ne nokorɛ; na di wo gyinabea no nni, na fa daapem anigyeɛ nnwom gu nnipa pii tiri so pia wɔn kɔ Sion.

12 Kɔso wɔ saa nneɛma yi mu mpo kɔsi awieɛ, na wobɛnya ɛnni awieɛ ahenkyɛ wɔ m’Agya nsa nifa so, ɔno a adom ne nokorɛ ahyɛ no mã.

13 Nokorɛ, sɛdeɛ Awurade wo Nyankopɔn, wo Gyefoɔ, mpo Yesu Kristo seɛ nie. Amen.