Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 21


Ɔfã 21

Adiyisɛm a wɔde maa Joseph Smith Nkɔmhyɛni no, wɔ Fayette, New York, Oforisuo, 6, 1830.Wɔde saa adiyisɛm yi maae berɛ a wɔhyehyɛɛ Asɔre no, wɔ da a wɔaka ho asɛm no mu, wɔ Peter Whitmer Sr., no fie. Mmarima baasia a wɔabɔ wɔn asu dada no ka ho bi. Saa nnipa yinom ano kɔɔ bɛnkorɔ mu, wɔ abatoɔ mu, na wɔkyerɛɛ wɔn pɛ ne wɔn tirimpɔ sɛ wɔbɛhyehyɛ asɔre no, sɛdeɛ Onyankopɔn mmarasɛm teɛ no (hwɛ ɔfa 20). Wɔsan nso too aba sɛ wɔgye to mu bi na wɔbɛsɔ Joseph Smith, Jr. ne Oliver Cowdery mu sɛ ahwɛsofoɔ titenafoɔ Asɔre no mu. Joseph nam nsa a wɔde gu soɔ so hyɛɛ Oliver Asɔre panin, na Oliver nso hyɛɛ Joseph saa ara bi. Wɔhyiraa adidi kronkron no so de ma wieɛ no, Joseph ne Oliver de nsa guu wɔn a wɔka ho bi so mmaako mmaako, ama wɔanya Sunsum Kronkron no na wɔahyɛ obiara den sɛ Asɔreba.

1–3, Wɔfrɛ Joseph Smith ma ɔbɛyɛ ɔdehununi, asekyerɛni, nkɔmhyɛni, Yesu Kristo somafoɔ, ne asɔre panin; 4–8, N’asɛm bɛkyerɛ Sion yiedie; 9–12, Ahoteɛfoɔ no bɛgye ne nsɛm a ɔnam Ɔwerɛkyekyefoɔ so no bɛka no adi.

1 Hwɛ, ɛwɔ sɛ wɔkora twerɛtohɔ bi wɔ mo ntam; na ɛno mu wɔbɛfrɛ wo ɔdehununi, asekyerɛni, nkɔmhyɛni, Yesu Kristo somafoɔ, ɔpanin wɔ asɔre a ɛnam Onyankopɔn Agya no pɛ so, ne mo Awurade Yesu Kristo adom so,

2 Wonam Sunsum Kronkron no nkanyan so bɛto ne fapem, na wasi de ama gyedie kronkron mmorosoɔ no.

3 Saa asɔre no a wɔhyehyɛɛeɛ na wɔkyekyereeɛ wɔ mo Awurade n’afe, apem ahanwɔtwe aduasa, bosome a ɛtɔ so nan mu, ne da a ɛtɔ so nsia wɔ bosome a wɔfrɛ no Oforisuo mu.

4 Ɛno nti, mo, merekyerɛ asɔre no, bɛtie ne nsɛm ne mmaransɛm biara a ɔde bɛma mo sɛdeɛ ɔnya no no, monnante wɔ kronkronyɛ nko ara mu wɔ m’anim;

5 Na mobɛgye n’asɛm te sɛdeɛ ɛfiri me ara ankasa m’ano, wɔ aboterɛ ne gyedie nyina ara mu;

6 Na sɛ, moyɛ saa nneɛma yinom a, asamando apono renntumi nni mo so; aane, na Awurade Nyankopɔn bɛhwete sum mu tumi afiri mo anim, na wama ɔsoro awoso ama mo yieyɛ, ne ne din animuonyam nti.

7 Ɛno nti sɛdeɛ Awurade Nyankopɔn seɛ nie: Ɔno na makanyan no sɛ ɔmpia Sion yiedie wɔ tumi kɛseɛ mu mma mo yieyɔ, na ne mmɔdemmɔ no menim, na ne mpaebɔ no mate.

8 Aane, ne sũ a ɔsũ ma Sion no mahunu, na mɛyɛ ma ɔnni awerɛhoɔ mma no bio; esiane sɛ n’ahurisie nna no aba ma wanya bɔne fafiri, na me nhyira ada adi wɔ ne nnwuma so.

9 Na, hwɛ, mede nhyira kɛseɛ bɛhyira wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ me bobeturo no mu, na wɔbɛgye ne nsɛm adi, a ɛfiri me hɔ a Ɔwerɛkyekyefoɔ no de ma no, a ɛda adi sɛ nnipa abɔnefoɔ bɔɔ Yesu asɛnnua mu ɛnam wiase yi bɔne nti, aane, ama bɔne fafiri aba ama akoma a abubuo.

10 Ɛno nti ɛyɛ me pɛ sɛ wo, Oliver Cowdery, me somafoɔ, wobɛhyɛ no sɔfoɔ;

11 Na yei yɛ ayɛyɛdeɛ ma wo, sɛ woyɛ panin wɔ ne nsa ase, ɔno di wo kan, ama woabɛyɛ panin ama Kristo Asɔre, a me din da so no—

12 Ne ɔsɛnkafoɔ a ɔdi kan asɔre yi mu ma asɔre no, ne wiase anim, aane, Amanamanmufoɔ, anim, de ama Amanamanmufoɔ no; aane, na sɛdeɛ Awurade Nyankopɔn seɛ nie, hwɛ, hwɛ! ɔde ma Yudafoɔ no nso. Amen.