Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 78


Ɔfã 78

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joesph Smith Nkɔmhyɛni no so, wɔ Kirtland, Ohio, Ɔbɛnem 1, 1832. Saa da no na Nkɔmhyɛni no ne akannifoɔ afoforɔ ahyia mu sɛ wɔredwennwen Asɔre nsɛm ho. Kane no saa adiyisɛm yi hyɛɛ Nkɔmhyɛni no, Sidney Rigdon, ne Newel K. Whitney sɛ wɔntu kwan nkɔ Missouri na wɔnhyehyɛ Asɔre dwadie ne ntintim anammɔntuo, berɛ a wɔreyɛ “adwumakuo” a ɛbɛhwɛ saa anammɔntuo yi so, a ɛbɛma wɔanya fotoɔ a wɔde bɛkyekyere Sion na ayɛ mfasoɔ ama ahiafoɔ. Adwumakuo, a wɔfrɛ no Nkabom Dwumakuo no, wɔyɛɛ no Oforisuo 1832 na wɔguu no 1834 (hwɛ ɔfã 82). Wɔguu no mmerɛ kakra akyire no, wɔnam Joseph Smith akwankyerɛ so de kasasin “ahiafoɔ adekorabea ho nsɛm” de sii “dwadie ne ntintim nhyehyɛeɛ” ananmu wɔ adiyisɛm no mu, na asɛmfua “nhyehyɛeɛ” bɛhyɛɛ asɛmfua “adwumakuo” ananmu.

1–4, Ɛwɔ sɛ Ahoteɛfoɔ no hyehyɛ na wɔkyekyere adekorabea; 5–12, Sɛ wɔhwɛ wɔn agyapadeɛ so yie a, wɔbɛnya nkwagyeɛ; 13–14, Ɛsɛ sɛ Asɔre no de wɔn ho firi wiase tumi ase; 15–16, Mikael (Adam) som wɔ Okronkronni no (Kristo) akwankyerɛ so; 17–22, Nhyira ne nokorɛfoɔ, na wɔn na wɔbɛnya nneɛma nyina ara adi.

1 Awurade kasa kyerɛɛ Joseph Smith, Jun., sɛ: Montie me, Awurade wo Nyankopɔn na ɔseɛ, mo a wɔahyɛ mo asɔfoɔ ama m’asɔre asɔfodie kɛseɛ no, mo a moahyia abɔ mu yi;

2 Na montie deɛ wahyɛ mo asɔfoɔ afiri soro no afotuo, deɛ ɔbɛka anyansasɛm agu mo aso mu no, sɛdeɛ mobɛnya nkwagyeɛ wɔ ade a mode ato m’anim no ho, Awurade Nyankopɔn na ɔseɛ.

3 Ɛfiri sɛ nokorɛ mese mo, berɛ no aso, na seesei abɛn; na hwɛ, na hunu, ɛho hia sɛ me nkorɔfoɔ nya ahyehyɛdeɛ wɔ asiesie ne nkyekyereɛ ho nsɛm a ɛfa adekorabea no ho ma me nkorɔfoɔ mu ahiafoɔ no, a wɔn wɔ saa bea yi ne Sion asase so—

4 Ama ayɛ daapem nkyekyereɛ a ɛtim hɔ daa ne nhyehyɛeɛ ama m’asɔre no, sɛdeɛ ɛbɛpia yiedie no a mode mo ho ahyɛ mu no, ama onipa nkwagyeɛ, na ahyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no animuonyam;

5 Ama moayɛpɛ wɔ ɔsoro nneɛma nhyehyɛeɛ mu, aane, ne asase so nneɛma mu nso, sɛdeɛ mobɛnya ɔsoro nneɛma.

6 Ɛfiri sɛ sɛ moannyɛpɛ wɔ asase so nneɛma mu a monntumi nnyɛ pɛ wɔ ɔsoro nneɛma mu;

7 Ɛfiri sɛ sɛ mopɛ sɛ mema mo bea wɔ sɛlɛstia wiase mu a, ɛwɔ sɛ moyɛ saa nneɛma yi a mahyɛ mo na mehwehwɛ firi mo hɔ yi de siesie mo ho.

8 Na afei, nokorɛ sɛdeɛ Awurade seɛ ni, ɛfata sɛ mo a moaka abɔ mu wɔ saa nhyehyɛeɛ yi mu no, moyɛ biribiara de hyɛ me animuonyam;

9 Anaa, nsɛm foforɔ mu no, momma m’akoa Newel K. Whitney ne m’akoa Joseph Smith, Jun., ne m’akoa Sidney Rigdon ne ahoteɛfoɔ a wɔn wɔ Sion no ntena ase wɔ agyinatuo mu;

10 Anyɛ saa a Satan hwehwɛ sɛ ɔbɛdane wɔn adwene afiri nokorɛ no ho, ama wɔabɛyɛ anifraeɛ na wɔannte nneɛma a wɔasiesie ama wɔn no ase.

11 Ɛno nti, mema mo mmarasɛm, sɛ momfa apam a wɔrenntumi mmu so anaa daapem apam nsiesie mo ho na mommoaboa mo ho.

12 Na deɛ ɔbu so no bɛhwere ne dibea ne gyinabea wɔ asɔre no mu, na wɔde no bɛma Satan ayaayaadeɛ kɔsi ɔgyeɛ da no.

13 Hwɛ, yei yɛ nsiesie a mede resiesie mo, ne fapem, ne nhwɛsoɔ a mede ma mo, a monam so bɛdi mmaransɛm a mede ama mo no so;

14 Sɛdeɛ ɛnam m’adom so, ɛmmfa ho ne amanehunu a ɛbɛba mo so no, asɔre no bɛtumi ade ne ho afiri abɔdeɛ biara a ɛwɔ sɛlɛstia wiase ase;

15 Sɛdeɛ mobɛtumi aba ahenkyɛ a wɔasiesie ama mo no ho, na wɔayɛ mo sodifoɔ wɔ ahemman pii so, Awurade Nyankopɔn na ɔseɛ, Sion Kronkronni no, deɛ wato Adam-ondi-Ahman fapem no;

16 Ɔno a wayi mo hene-bapɔmma Mikael no, na ne nan si hɔ pintinn, de no asi sorosoro, na wɔde nkwagyeɛ nsafoa ama no wɔ Ɔkronkronni no n’afotuo ne n’akwankyerɛ mu no, ɔno a ɔnni nna mfitiaseɛ ne nkwa awieɛ no.

17 Nokorɛ, nokorɛ, mese mo, moyɛ mmɔfra nketewa, na monya nntee nhyira akɛseɛ a Agya no wɔ wɔ n’ankasa ne nsam a wasiesie ama mo no ase;

18 Na monntumi nnyina nneɛma nyina ara ano seesei; nanso momma mobo ntɔ mo yam, ɛfiri sɛ mɛdi moanim kan. Ahemman no yɛ mo dea na ɛmu nhyira yɛ mo dea, na daapem ahonyadeɛ no yɛ mo dea.

19 Na deɛ ɔde nnaaseɛ gye saa nneɛma yi no wɔbɛhyɛ no animuonyam; na wɔde saa asase yi so nneɛma bɛka ne ho, mpo mmɔho ɔha, aane, bebree.

20 Ɛno nti, monyɛ nneɛma a mahyɛ mo no, mo Gyefoɔ na ɔseɛ, mpo Ahman Ba no, deɛ ɔsiesie nneɛma nyina ara ansa na wafa mo no;

21 Ɛfiri sɛ moyɛ Abakan n’asɔre, na ɔbɛfa mo wɔ omununkum mu akɔ soro, na wayi onipa biara kyɛfa ama no.

22 Na deɛ ɔyɛ nokorɛfoɔ ne hwɛsofoɔ nyansafoɔ no bɛnya nneɛma nyina ara adi. Amen.