Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 96


Ɔfã 96

Adiyisɛm a wɔde maa Joseph Smith Nkɔmhyɛni no, a ɛrekyerɛ Sion pɛɛwa anaa ahenkuro no nhyehyɛeɛ wɔ Kirtland, Ohio, Ayɛwohomumɔ 4, 1833, sɛ nhwɛsoɔ de ma Ahoteɛfoɔ no a wɔn wɔ Kirtland. Na saa berɛ yi yɛ asɔfoɔ mpaninfoɔ no nhyiamu, na asɛntitire a wɔdwennwenee ho no yɛ tɔn a wɔbɛtɔn nsase bi, a na wɔfrɛ no French afuo, a na ɛyɛ asɔre no a ɛbɛn Kirtland no dea. Esiane sɛ nhyiamu no anntumi ammpene so ɛfa deɛ ɔbɛhwɛ afuo no so nti, wɔn nyina ara gye too mu sɛ wɔbɛbisa Awurade afa asɛm no ho.

1, Ɛwɔ sɛ wɔhyɛ Kirtland Sion Pɛɛwa no den; 2–5, Ɛwɔ sɛ ɔhwɛfoɔ no kyekyɛ apɛgyadeɛ no mu ma Ahoteɛfoɔ no; 6–9, Ɛwɔ sɛ John Johnson bɛyɛ nkabom kuo no ba.

1 Hwɛ, mese mo, nyansa nie, deɛ ɛnam so a mobɛtumi ahunu deɛ mobɛyɛ afa saa asɛm yi ho, ɛfiri sɛ ɛho hia ma me sɛ wɔbɛhyɛ saa pɛɛwa yi a masi ama Sion ahoɔden yi den.

2 Ne saa nti, momma m’akoa Newel K. Whitney nhwɛ bea a wɔabɔ din wɔ mo ntam no so, faako a mabɔ metirim sɛ wɔnsi me fie kronkron no.

3 Na bio, wɔmma wɔnkyekyɛ mu nsasewa, sɛdeɛ ɛfata, ma ɛnyɛ mfasoɔ mma wɔn a wɔhwehwɛ apɛgyadeɛ, sɛdeɛ wɔn ntam agyinatuo bɛkyerɛ.

4 Ne saa nti, monhwɛ nni saa asɛm yi ho dwuma, ne saa kyɛfa a ɛbɛhia ama me kuo no mfasoɔ no, ama ɛde m’asɛm no afiri adi akɔ nnipa mma hɔ.

5 Ɛfiri sɛ hwɛ, nokorɛ mese mo, yei ne deɛ ɛho hia paa ara ma me, sɛ m’asɛm bɛfiri adi akɔ nnipa mma hɔ, ama abrɛ nnipa mma akoma ase ama mo yieyɛ. Mpo saa ara. Amen.

6 Na bio, nokorɛ mese mo, ɛyɛ nyansa na ɛho hia ma me, sɛ m’akoa John Johnson a magye n’afɔrebɔ ato mu, na mate ne mpaebɔ no, a mema no nkwa a ɛnni awieɛ bɔhyɛ mmerɛ dodoɔ a ɔbɛdi me mmaransɛm so firi saa berɛ yi—

7 Ɛfiri sɛ ɔyɛ Yosef aseni na ɔbɛnya bɔhyɛ nhyira a wɔde hyɛɛ n’agyanom no mu kyɛfa—

8 Nokorɛ mese mo, ɛfata ma me sɛ ɔbɛyɛ kuo no ba, ama waboa ma wɔde m’asɛmpa no afiri adi akɔ nnipa mma hɔ.

9 Ne saa nti mobɛhyɛ no sɔfoɔ ama saa nhyira yi, na ɔde nsiyɛ bɛhwehwɛ ayi akwansideɛ biara a ɛwɔ me fie no so, deɛ wɔabɔ din wɔ mo ntam no, ama watumi atena mu. Mpo saa ara. Amen.