Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 105


Ɔfã 105

Adiyisɛm a wɔde maae nam Jospeh Smith Nkɔmhyɛni no so, wɔ Fishing Asubɔten so, Missouri, Ayɛwohomumɔ 22, 1834. Wɔ Nkɔmhyɛni no akwankyerɛ so no, Ahoteɛfoɔ a wɔfiri Ohio ne mmea afoforɔ bɔɔ nsra kɔɔ Missouri wɔ mpasatuo a akyire yi wɔbɛfrɛɛ no Sion Nsraban. Na wɔn botaeɛ ne sɛ wɔbɛkɔ akɔgya Missouri Ahoteɛfoɔ a wɔapamo wɔn no ma wɔasan akɔ wɔn nsase so wɔ Jackson County. Missourifoɔ a na wɔadi kan ataataa Ahoteɛfoɔ no surooe sɛ Sion Nsraban no bɛtɔ wɔn so werɛ ma wɔkɔto hyɛɛ Ahoteɛfoɔ no a wɔte Clay County, Missouri no bi so de dwodwoo wɔn ano. Akyire yi a Missouri ammrado twee ne bɔhyɛ sɛ ɔbɛboa Ahoteɛfoɔ saneeɛ no, na Joseph nyaa saa adiyisɛm yi.

1–5, Wɔbɛkyekyere Sion sɛdeɛ sɛlɛstia mmara teɛ; 6–13, Wɔtu Sion gyeɛ da hyɛ berɛ tiawa bi; 14–19, Awurade bɛko Sion ko; 20–26, Ɛwɔ sɛ Ahoteɛfoɔ no yɛ anyansafoɔ na wɔmmfa nnwuma akɛseɛ nhoahoa wɔn ho berɛ a wɔreboaboa wɔn ho ano no; 27–30, Ɛwɔ sɛ wɔtɔ nsase a ɛwɔ Jackson ne deɛ ɛwɔ amansin a ɛne ne bɔ hyeɛ no; 31–34, Ɛwɔ sɛ mpaninfoɔ no gye akyɛdeɛ kronkron wɔ Awurade fie wɔ Kirtland; 35–37, Wɔbɛte Ahoteɛfoɔ a wɔafrɛ na wɔapaw wɔn no ho; 38–41, Ɛwɔ sɛ Ahoteɛfoɔ no ma asomdwoeɛ frankaa so kyerɛ wiase.

1 Nokorɛ mese mo a moahyia abɔ mu sɛ morebɛsua me pɛ a ɛfa me nkorɔfoɔ a wɔreha wɔn no gyeɛ ho—

2 Hwɛ, mese mo, sɛ ɛnnyɛ me nkorɔfoɔ mmaratoɔ a, anka seesei mpo wɔatumi agye wɔn, merekasa fa asɔre no ho na nnyɛ ankorɛankorɛ.

3 Nanso hwɛ, wɔnnsuaae sɛ wɔbɛyɛ setie ama nneɛma no a merehwehwɛ afiri wɔn nsam no, mmom bɔne ahodoɔ nyina ara ahyɛ wɔn ma, na wɔmmfa wɔn ahodeɛ no bi mma ahiafoɔ ne wɔn a wɔrehunu amaneɛ wɔ wɔn ntam, sɛdeɛ ɛwɔ sɛ ahoteɛfoɔ yɛ;

4 Na wɔnnyɛ baako sɛdeɛ sɛlɛstia ahemman no mmara hwehwɛ nkabom no teɛ;

5 Na wɔnntumi nnsi Sion gye sɛ wɔnam sɛlɛstia ahemman no mmara no nyinasosɛm no so; anyɛ saa a menntumi nnye no mma me ho.

6 Na ɛho hia sɛ wɔtwe me nkorɔfoɔ aso kɔsi sɛ wɔbɛsua setie, na sɛ ɛbɛhia a, wɔfa nneɛma a wɔrehunu ho amaneɛ no so.

7 Mennkasa mmfa wɔn a wɔayi wɔn sɛ wɔnni me nkorɔfoɔ anim no ho; wɔn a wɔyɛ m’asɔre mpaninfoɔ a wɔdi kan no, ɛfiri sɛ ɛnnyɛ wɔn nyina ara na wɔn wɔ saa afɔbuo yi ase;

8 Nanso mekasa fa nsɔre a wɔn wɔ amannɔne no ho—pii wɔ hɔ a wɔbɛka sɛ: Wɔn Nyankopɔn wɔ he? Hwɛ, ɔbɛgye wɔn wɔ ɔhaw berɛ mu, anyɛ saa a yɛrennkɔ Sion, na yɛbɛkora yɛn sika.

9 Ne saa nti, ɛnam me nkorɔfoɔ mmaratoɔ nti, ɛfata ma me sɛ me mpaninfoɔ no bɛtwɛn Sion gyeɛ no mmerɛ tiawa—

10 Ama wɔn ara ankasa atumi asiesie wɔn ho, na ama wɔakyerɛ me nkorɔfoɔ no yie ma awie pɛyɛ, na wɔanya osuahunu, na wɔahunu wɔn asɛdeɛ no yie ma awie pɛyɛ, ne nneɛma a merehwehwɛ afiri wɔn nsam no.

11 Na wɔrenntumi mmfa yei mma gye sɛ wɔma me mpaninfoɔ no tumi akyɛdeɛ a ɛfiri soro.

12 Na hwɛ, masiesie akyɛdeɛ kronkron kɛseɛ bi ne nhyira a wɔbɛhwie agu wɔn so, mpɛn dodoɔ a wɔyɛ nokorɛfoɔ na wɔkɔso wɔ ahobrɛaseɛ mu wɔ m’anim.

13 Ne saa nti ɛfata ma me sɛ me mpaninfoɔ no bɛtwɛn Sion gyeɛ no mmerɛ tiawa bi mu.

14 Ɛfiri sɛ hwɛ, mennhwehwɛ mmfiri wɔn nsam sɛ wɔbɛko Sion kõ; ɛfiri sɛ, sɛdeɛ mekaaeɛ wɔ mmarasɛm dada bi mu no, mpo saa ara na mɛhyɛ no ma—mɛko mo kõ.

15 Hwɛ, masoma ɔsɛefoɔ no afiri adi sɛ ɔnsɛe na ɔntɔre m’atamfo ase; na mfeɛ kakra akyi no wɔrennyae wɔn sɛ wɔngu m’apɛgyadeɛ ho fi, na wɔnka abususɛm mfa me din ho wɔ nsase a m’adwira ho ama m’ahoteɛfoɔ anoboaboa no.

16 Hwɛ, mahyɛ m’akoa Joseph Smith, Jun., sɛ ɔnka nkyerɛ me fie ahoɔdenfoɔ, mpo m’akofoɔ, me mmeranteɛ, ne wɔn a wɔn ani afiri, sɛ wɔmmoaboa wɔn ho mma me nkorɔfoɔ gyeɛ no, na wɔmmu m’atamfo abantenten no ngu fam, na wɔmmɔ wɔn awɛmfoɔ mpete;

17 Nanso me fie ahoɔdenfoɔ no anntie me nsɛm.

18 Nanso mpɛn dodoɔ a wɔn a wɔatie me nsɛm no wɔ hɔ no, masiesie nhyira ne akyɛdeɛ kronkron ama wɔn, sɛ wɔkɔso yɛ nokorɛfoɔ a.

19 Mate wɔn mpaebɔ, na mɛgye wɔn afɔdeɛ ato mu; na ɛfata ma me sɛ wɔde wɔn bɛba abɛduru saa bea yi ama asɔ wɔn gyedie ahwɛ.

20 Na afei, nokorɛ mese mo, mema mo mmarasɛm, sɛ dodoɔ no ara a wɔaba ha, a wɔbɛtumi atena mantam a atwa ahyia no mu no, momma wɔntena;

21 Na wɔn a wɔnntumi nntena no, wɔn a wɔn wɔ mmusua wɔ apueɛ no, momma wɔntena hɔ mmerɛ tiawa bi, sɛdeɛ m’akoa Joseph bɛkyerɛ wɔn no;

22 Ɛfiri sɛ mɛma no afotuo afa saa asɛm yi ho, na nneɛma biara a ɔbɛkyerɛ wɔn no bɛba mu.

23 Na momma me nkorɔfoɔ a wɔn wɔ amantam a atwa ahyia no nyɛ nokorɛfoɔ pa ara, na wɔmmɔ mpaeɛ, na wɔmmrɛ wɔn ho ase wɔ m’anim, na mma wɔnna nneɛma a mada no adi akyerɛ wɔn no nnkyerɛ, kɔsi sɛ ɛbɛyɛ nyansa wɔ me mu sɛ wɔnna no adi.

24 Monnka atemmuo ho asɛm, mmfa gyedie anaa nnwuma akɛseɛ nhoahoa mo ho, mmom momfa ahwɛyie nhyia mmɔ mu, sɛ ɛbɛtumi a, wɔ ɔmantam baako mu, ɛnnyina sɛdeɛ nkorɔfoɔ no atenka teɛ;

25 Na hwɛ, mɛma mo animuoɔnyam ne adom wɔ wɔn ani so, ama moatumi ahome wɔ asomdwoeɛ ne banbɔ mu, berɛ a moreka akyerɛ nkorɔfoɔ no sɛ: Mommu atɛn na momma yɛn atɛntenenee sɛdeɛ mmara no teɛ, na montua bɔne a wɔde ayɛ yɛn no so ka.

26 Afei, hwɛ, mese mo, me nnamfo, sɛ wɔ saa kwan yi so no mobɛnya animuonyam wɔ nkorɔfoɔ no ani so, kɔsi sɛ Israel asraafoɔ no bɛyɛ kɛseɛ pa ara.

27 Na mɛdwodwo nkorɔfoɔ no akoma, sɛdeɛ meyɛɛ Faro akoma, berɛ ano berɛ ano, kɔsi sɛ m’akoa Joseph Smith, Jun., ne me mpaninfoɔ, a mayi wɔn no, bɛnya mmerɛ de aboaboa me fie ahoɔdenfoɔ no ano,

28 Na masoma nnipa anyansafoɔ sɛ wɔnhyɛ deɛ mahyɛ no ma ɛfa Jackson mansini nsase nyina ara no tɔ a wɔbɛtumi atotɔ no ho, ne amansini a atwa ahyia no.

29 Na ɛyɛ me pɛ sɛ wɔtotɔ saa nsase yi; na wɔtɔ wie a m’ahoteɛfoɔ no mfa, sɛdeɛ afɔrebɔ mmara a mede ama no teɛ.

30 Na wɔtotɔ saa nsase yi wie a, meremmu Israel asraafoɔ no fɔ sɛ wɔafa wɔn ankasa nsase, deɛ wɔde wɔn sika atotɔ dada no, ne m’atamfo abantenten a woabubu agu fam, wɔn a anka wɔbɛba wɔn so no, ne wɔn awɛmfoɔ a wɔabɔ wɔn apete, ne m’atamfoɔ a wɔatɔ wɔn werɛ kɔsi awoɔntoatoasoɔ mmiɛnsa ne nnan a wɔtan me no so.

31 Nanso deɛ ɛdi kan no momma m’asraafoɔ no nyɛ kɛseɛ paa ara, na wɔnte wɔn ho wɔ m’anim, ama wɔayɛ fɛɛfɛ sɛ owia, na wɔayɛ korɔgyenn sɛ ɔsrane, na ne frankaa ayɛ hu ama aman nyina ara;

32 Ama ahyɛ wiase ahemman nyina ara ama wɔahunu sɛ ampa ara Sion yɛ yɛn Nyankopɔn ne ne Kristo ahemman; ne saa nti, momma yɛnhyɛ ne mmara ase.

33 Nokorɛ mese mo, ɛfata ma me sɛ m’asɔre mpaninfoɔ a wɔdi kan no bɛnya wɔn akyɛdeɛ kronkron a ɛfiri ɔsoro wɔ me fie, deɛ mahyɛ sɛ wɔnsi wɔ me din mu wɔ Kirtland asase so no.

34 Na momma saa mmaransɛm a mede ama ɛfa Sion ne ne mmara ho no mmra mu na ɛnhyɛ ma, ne gyeɛ akyire no.

35 Ɔfrɛ da no aba dada, nanso berɛ no aso a ɛyɛ oyie da; na momma wɔn mpa mu nyi wɔn a wɔfata.

36 Na wɔbɛda no adi akyerɛ m’akoa, nam Honhom no nne so, wɔn a wɔapa wɔn no, na wɔbɛte wɔn ho;

37 Na mpɛn dodoɔ a wɔdi afotuo a wɔbɛnya no so no, wɔbɛnya tumi wɔ nna pii akyi de awie nneɛma biara a ɛfa Sion ho.

38 Na bio mese mo, mompere nhwehwɛ asomdwoeɛ, nnyɛ sɛ mode rema nkorɔfoɔ a wɔboroo mo no nko ara, mmom monyɛ mma nnipa nyina ara;

39 Na momma asomdwoeɛ frankaa so, na mommɔ asomdwoeɛ ho dawuro nkɔ asase ano;

40 Na monyɛ asomdwoeɛ ho nhyehyɛdeɛ mma wɔn a wɔaboro mo no, sɛdeɛ Honhom no nne a ɛwɔ mo mu no teɛ, na nneɛma nyina ara bɛbɔ mu adi dwuma ama mo yieyɛ.

41 Ne saa nti, monyɛ nokorɛfoɔ; na hwɛ, na hunu, meka mo ho mpo kɔsi awieɛ. Mpo saa ara. Amen.