Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 106


Ɔfã 106

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so, wɔ Kirtland, Ohio, Obubuo 25 1834. Wɔde saa adiyisɛm yi maa Warren A. Cowdery, a ɔyɛ Oliver Cowdery nuabarima panin.

1–3, Wɔfrɛ Warren A. Cowdery sɛ borɔno so somfoɔ titenani; 4–5, Mmaeɛ a ɛtɔ so mmienu no remma hann mma no so mpofirim sɛ owifoɔ; 6–8, Nhyira akɛseɛ di nokorɛ som akyi wɔ Asɔre no mu.

1 Ɛyɛ me pɛ sɛ wɔyi m’akoa Warren A. Cowdery na wɔhyɛ no ɔsɔfoɔ panin titenani wɔ m’asɔre so, wɔ Freedom asase ne amantam a atwa ahyia no so;

2 Na ɔnka me daapem asɛmpa no, na ɔmma ne nne so mmɔ nkorɔfoɔ no kɔkɔ, nnyɛ n’ankasa bea a ɔwɔ no nko ara, mmom wɔ amansini a ɛbɛn no no mu;

3 Na ɔmfa ne mmerɛ nyina ara mma saa ɔfrɛ a ɛkorɔn na ɛyɛ kronkron yi, deɛ mede ma no seesei, na ɔmfa nsiyɛ nhwehwɛ ɔsoro ahemman no ne ne tenenee, na wɔde nneɛma a ɛhia nyina ara bɛka ne ho ; ɛfiri sɛ odwumayɛfoɔ no fata n’akatua.

4 Na bio, nokorɛ mese mo, Awurade mmaeɛ no rebɛn, na ɛbɛfa wiase mpofirim so sɛ owifoɔ a ɔba anadwo—

5 Ne saa nti, mommia mo asene abɔsoɔ mu, ama moayɛ hann mma, na saa da no ammfa mo mpofirim sɛ owifoɔ.

6 Na bio, nokorɛ mese mo, anigyeɛ baa ɔsoro berɛ a m’akoa Warren kotoo m’ahempoma, na ɔtee ne ho firii nnipa nnaadaa ho;

7 Ne saa nti, nhyira ne m’akoa Warren, na mɛhunu no mmɔbɔ; na, ɛwom sɛ ahuhudeɛ wɔ n’akoma mu deɛ, nanso mɛma no so mpɛn dodoɔ a ɔbɛbrɛ ne ho ase wɔ m’anim.

8 Na mɛma no adom ne awerɛhyɛmu a ɔde bɛgyina; na sɛ ɔkɔ so yɛ ɔdanseni nokorɛfoɔ ne hann ma asɔre no a, masiesie ahenkyɛ ama no wɔ m’Agya fie kɛseɛ no mu. Mpo saa ara. Amen.