Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 97


Ɔfã 97

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so, wɔ Kirtland, Ohio, Ɔsannaa 2, 1833. Saa adiyisɛm yi ka nkanka Ahoteɛfoɔ a wɔn wɔ Sion, Jackson County, Missouri ho asɛm, a ɛyɛ Awurade mmuaeɛ ma Nkɔmhyɛni no adebisa fa amannebɔ bi ho. Saa berɛ yi na asɔremma a wɔn wɔ Missouri Asɔre no mu refa ɔtaaeɛ a ɛmu yɛ den mu, na Kitawonsa 23, 1833 no, wɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔmfa wɔn nsa nhyɛ pene krataa ase sɛ wɔbɛfiri Jackson County.

1–2, Wɔahyira Ahoteɛfoɔ a wɔn wɔ Sion (Jackson County, Missouri) mu pii ɛnam wɔn nokorɛdie nti; 3–5, Wɔkamfo Parley P. Pratt wɔ ne nnwumayɛ mu wɔ sukuu a ɛwɔ Sion no mu; 6–9, Awurade gye wɔn a wɔhwɛ di wɔn apam so no to mu; 10–17, Ɛwɔ sɛ wɔsi dan wɔ Sion, a ɛmu na wɔn a wɔn akoma mu teɛ no bɛhunu Onyankopɔn; 18–21, Sion yɛ wɔn a wɔn akoma mu teɛ; 22–28, Sion bɛfiri Awurade mpire ano sɛ ɔyɛ nokorɛfoɔ a.

1 Nokorɛ mese mo me nnamfo, sɛ mede me nne kasa kyerɛ mo, mpo me Honhom nne, ama makyerɛ mo me pɛ ɛfa mo nuanom a wɔn wɔ Sion asase so ho, a nokorɛ mu, wɔn mu dodoɔ no ara yɛ ahobrɛaseɛfoɔ na wɔde nsiyɛ rehwehwɛ sɛ wɔbɛsua nyansa na wɔahwehwɛ nokorɛ no.

2 Nokorɛ, nokorɛ mese mo, nhyira nka wɔn a wɔte saa, ɛfiri sɛ wɔbɛnya; na me, Awurade, da mmɔborɔhunu adi kyerɛ wɔn a wɔdwoɔ nyina ara, ne obibiara a mepɛ, ama matumi adi bem berɛ a mede wɔn bɛba atemmuo mu.

3 Hwɛ, mese mo, ɛfa sukuu a ɛwɔ Sion ho no, me, Awurade, ɛsɔ m’ani sɛ wɔbɛyɛ sukuu wɔ Sion, ne m’akoa Parley P. Pratt nso, ɛfiri sɛ ɔte me mu.

4 Na mmerɛ dodoɔ a ɔkɔso tena me mu no, ɔbɛkɔ so ahwɛ sukuu a ɛwɔ Sion asase so no so kɔsi sɛ mɛma no mmaransɛm foforɔ.

5 Na mede nhyira mmɔho mmɔho bɛhyira no, wɔ twerɛsɛm ne ahintasɛm nkyerɛkyerɛ biara mu ama sukuu no so, na asɔre a ɛwɔ Sion no anya nkɔsoɔ.

6 Na wɔn a wɔbɛka wɔ sukuu no mu no, me, Awurade, mayɛ krado sɛ mɛhunu wɔn mmɔbɔ; nanso ebinom wɔ hɔ a ɛhia sɛ wɔka wɔn anim, na wɔbɛda wɔn nnwuma adi.

7 Wɔde akuma no ato dua no ase; ɛno nti dua biara a annso aba pa no wɔbɛtwa ato fam na wɔato agu ogya no mu. Me, Awurade, na maka.

8 Nokorɛ mese mo, wɔn a wɔn wɔ wɔn ntam no nyina ara a wɔnim sɛ wɔn akoma yɛ nokorɛ, na ɛbubuo, na wɔn ahonhom abotoɔ, na wɔpɛ sɛ wɔfa afɔrebɔ so hwɛ di wɔn apam so no—aane, afɔdeɛ biara a, me, Awurade, mɛhyɛ no—megye wɔn to mu.

9 Ɛfiri sɛ me, Awurade, mɛyɛ ma wɔaso sɛ dua a ɛso aba pii a wɔadua wɔ asase pa so, wɔ asutene korɔgyeen ho, a ɛso aba pii a ɛsom bo kɛseɛ.

10 Nokorɛ mese mo sɛ ɛyɛ me pɛ sɛ wɔsi dan mame wɔ Sion asase so, tesɛ nhwɛsoɔ a mede ama mo no.

11 Aane, momma wɔnsi no ntɛmso, nam me nkorɔfoɔ no ntotosoɔ du du so.

12 Hwɛ, yei yɛ ntotosoɔ du du ne afɔdeɛ a me, Awurade, hwehwɛ firi wɔn nsam, ama wɔasi fie ama me ama Sion nkwagyeɛ—

13 Ama ayɛ aseda bea ama ahoteɛfoɔ nyina ara, ne nkyerɛkyerɛ bea ama wɔn a wɔafrɛ wɔn aba ɔsom adwuma no mu nyina ara, wɔ wɔn frɛ ne wɔn diberɛ ahodoɔ nyina ara mu;

14 Ama wɔatumi ayɛ pɛpɛ wɔ nteaseɛ mu wɔ wɔn som adwuma ho, wɔ nkyerɛkyerɛmu mu, wɔ nyinasosɛm mu, wɔ nkyerɛkyerɛ mu, wɔ nneɛma nyina ara mu a ɛfa Onyankopɔn ahemman ho wɔ asase so, a wɔde ne nsafoa ama mo no.

15 Na sɛ me nkorɔfoɔ si dan ma me wɔ Awurade din mu, na wɔmma ho kwan mma adeɛ a ɛho nnteɛ biara amma mu, angu ho fi a, m’animuonyam bɛtena so.

16 Aane, na m’anim bɛhyɛne hɔ, ɛfiri sɛ mɛba mu, na wɔn a wɔn akoma mu teɛ nyina ara a wɔbɛba mu no bɛhunu Onyankopɔn.

17 Nanso sɛ wɔgu ho fi a meremma mu, na m’animuonyam remma hɔ; ɛfiri sɛ meremma tɛmpol a ɛnnyɛ kronkron mu.

18 Na, afei, hwɛ, sɛ Sion yɛ saa nneɛma yi a ɔbɛdi yie, na ɔbɛdɔre abɛnya animuonyam kɛseɛ, ayɛ kɛseɛ na ne ho ayɛ hũ pa ara.

19 Na asase so aman bɛdi no nni, na wɔbɛka sɛ: Ampa Sion yɛ yɛn Nyankopɔn ahenkuro, na ampa Sion nntumi nnhwe ase, anaa wɔrennyi no mmfiri ne tenabea, ɛfiri sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, na Awurade nsa wɔ hɔ;

20 Na ɔnam n’ahoɔden tumi so aka ntam sɛ ɔbɛyɛ ne nkwagyeɛ ne n’abantenten a ɛkorɔn.

21 Ne saa nti, nokorɛ, sɛdeɛ Awurade seɛ nie, momma Sion nni ahurisie, ɛfiri sɛ yei ne Sion—wɔn a wɔn akoma mu teɛ; ne saa nti, momma Sion nni ahurisie, na atirimuɔdenfoɔ nyina ara nsũ.

22 Ɛfiri sɛ hwɛ, na hunu, awerɛtɔ reba abɔnefoɔ so ntɛm so tesɛ kyinhyia mframa; na hwan na ɔbɛfiri mu afi?

23 Na Awurade mpire bɛtwam anadwo ne adekyeɛ, na ɛho kaseɛ bɛbɔ aman nyina ara hu; aane, wɔrennsi no kwan kɔsi sɛ Awurade bɛba;

24 Ɛfiri sɛ Awurade abuhuro redɛre tia wɔn akyiwadeɛ ne wɔn atirimuɔden nnwuma nyina ara.

25 Nanso, Sion bɛfiri mu afi sɛ ɔhwɛ yɛ nneɛma biara a mahyɛ no nyina ara a.

26 Nanso sɛ wannhwɛ annyɛ biribiara a mahyɛ no a, mɛsra no sɛdeɛ ne nnwuma nyina ara teɛ, mede amanehunu a ɛyɛ ya, ne owuyadeɛ, ne ɔyaredɔm, ne akofena, ne awerɛtɔ, ne ogyatannaa.

27 Nanso, ma wɔnka no prɛko pɛ ngu n’asom, sɛ me, Awurade, agye n’afɔdeɛ; na sɛ wannyɛ bɔne bio a saa nneɛma yi mu biara remma ne so;

28 Na mede nhyira bɛhyira no, na mama nhyira adɔre wɔ ne so, ne n’awoɔntoatoasoɔ so daa afebɔɔ, Awurade mo Nyankopɔn na ɔseɛ. Amen.