Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 98


Ɔfã 98

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so, wɔ Kirtland, Ohio, Ɔsannaa 6, 1833. Saa adiyisɛm yi baae ɛnam ɔtaa a wɔde taataa Ahoteɛfoɔ a na wɔn wɔ Missouri no nti. Missouri Asɔremma atubrafoɔ atenae a ɛredɔɔso no haa atubrafoɔ afoforɔ binom, wɔtee nka faa ahoteɛfoɔ no dodoɔ, wɔn amanyɔsɛm ne wɔn sikasɛm nkɛntɛnsoɔ, ne wɔn amammerɛ ne wɔn nyamesom nsonsonoeɛ ho no, ɛbɔɔ wɔn hu. Wɔ Kitawonsa 1833 no, akakabensɛmfoɔ bi sɛee Asɔre agyapadeɛ, de kooltar ne ntakra yeyɛɛ asɔremma mmienu ho, na wɔhyɛɛ Ahoteɛfoɔ no sɛ wɔmfiri Jackson County. Ɛwom sɛ akyinnye biara nni ho sɛ na Nkɔmhyɛni no ate Missouri nsɛmdenden no bi wɔ Kirtland (bɛyɛ kwansini ahankron de firi hɔ) deɛ, nanso na ɛnam adiyisɛm pɛ so na ɔbɛtumi ahunu sɛdeɛ tebea no yɛ den fa saa berɛ yi mu.

1–3, Ahoteɛfoɔ no amanehunu no bɛyɛ ama wɔn yiedie; 4–8, Ɛwɔ sɛ Ahoteɛfoɔ no fa asase no amanyɔ mmara no adamfoɔ; 9–10, Ɛwɔ sɛ wɔtae nnipa nokorɛfoɔ, nyansafoɔ ne nnipa papa akyi ma wɔnya aban mu nnisoɔ; 11–15, Wɔn a wɔde wɔn nkwa to hɔ ma Awurade adwuma no bɛnya nkwa a ɛnni awieɛ; 16–18, Mompo ɔko na mommɔ asomdwoeɛ ho dawuro; 19–22, Wɔka Ahoteɛfoɔ a wɔn wɔ Kirtland no anim na wɔhyɛ wɔn sɛ wɔnsakyera; 23–32, Awurade da ne mmara a ɛfa ɔtaaeɛ ne amanehunu a wɔde ato Ne nkorɔfoɔ so no adi; 33–38, Ɔko a Awurade ahyɛ nko ara na ɛyɛ; 39–48, Ɛwɔ sɛ Ahoteɛfoɔ no de kyɛ wɔn atamfo, na sɛ wɔn nso sakyera a wɔbɛfiri Awurade awerɛtɔ mu.

1 Nokorɛ mese mo me nnamfonom, monnsuro, momma mo akoma werɛ nkyekye; aane, monni ahurisie daa, na ade nyina ara mu no momfa aseda mma;

2 Berɛ a moretwɛn Awurade wɔ aboterɛ mu, ɛfiri sɛ mo mpaebɔ awura Sabaot Awurade aso mu, na wɔde saa nsɔano ne apam atwerɛ—Awurade aka ntam na wahyɛ sɛ wɔde bɛma mo.

3 Ne saa nti, ɔde apam a ɛnnsesa da ma mo saa bɔhyɛ yi, ama wɔahyɛ yeinom ma; na nneɛma a wɔde aha mo no nyina ara bɛbɔ mu adi dwuma ama mo yieyɛ, na ama me din animuonyam, Awurade na ɔseɛ.

4 Na afei, nokorɛ mese mo ɛfa asase no mmara ho, ɛyɛ me pɛ sɛ me nkorɔfoɔ bɛhwɛ ayɛ nneɛma biara a mehyɛ wɔn no nyina ara.

5 Na saa asase no mmara a ɛyɛ aman -mmara, a ɛfoa ahofadie nyinasosɛm a ɛkora hokwan ne akwanya no yɛ adasamma nyina ara dea, na wɔgye to mu wɔ m’anim.

6 Ne saa nti, me, Awurade, bu mo ne mo nuanom a wɔn wɔ m’asɔre no mu bem, wɔ sɛ moafa saa mmara a ɛyɛ asase no amanyɔ mmara no adamfoɔ;

7 Na deɛ ɛfa onipa mmara ho no, biribiara a ɛdɔɔso anaa ɛsua sene yei no firi bɔne mu.

8 Me, Awurade Nyankopɔn, ma mode mo ho, ne saa nti moade mo ho ampa; na mmara no nso ma mode mo ho.

9 Nanso, sɛ atirimuɔdenfoɔ di tumi a, nkorɔfoɔ no su.

10 Ɛno nti, ɛwɔ sɛ wɔde nsiyɛ hwehwɛ nnipa nokorɛfoɔ ne nnipa anyansafoɔ, na ɛwɔ sɛ mohwɛ gyina nnipa papa ne nnipa anyansafoɔ akyi; anyɛ saa a deɛ ɛsua anaa ɛso sene yeinom no firi bɔne mu.

11 Na mema mo mmarasɛm sɛ mompa bɔne nyina ara akyi na momfam papa nyina ara ho, ama moatena ase nam asɛm biara a ɛfiri Onyankopɔn anomu ba no so.

12 Ɛfiri sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ nokorɛfoɔ no nkakrankakra, firi nkyerɛkyerɛ so akɔ nkyerɛkyerɛ so; na mede yei bɛsɔ mo ahwɛ na mede akari mo.

13 Na obiara a ɔde ne nkwa bɛto hɔ ama m’adwuma, me din nti, bɛsan anya no bio, mpo nkwa a ɛnni awieɛ.

14 Ne saa nti, mma monnsuro moatamfo, ɛfiri sɛ mahyɛ wɔ m’akoma mu sɛ, Awurade na ɔseɛ, mɛsɔ mo ahwɛ wɔ nneɛma nyina ara mu, sɛ mobɛtumi agyina wɔ m’apam mu, mpo kɔsi owuo mu a, ama wɔatumi ahunu sɛ mofata.

15 Ɛfiri sɛ, sɛ morenntena m’apam mu a mommfata mma me.

16 Ne saa nti, mompo ɔko na mommɔ asomdwoeɛ ho dawuro, na momfa nsiyɛ nhwehwɛ sɛ wobɛdane mma no akoma akɔ agyanom so, na agyanom akoma akɔ mma no so;

17 Na bio, Yudafoɔ no akoma nkɔ nkɔmhyɛfo no so, na nkɔmhyɛfoɔ no nkɔ Yudafoɔ no so; anyɛ saa a mɛba na mede nnome abɛbɔ wiase nyina ara, na honam nyina ara bɛsɛe wɔ m’anim.

18 Mma mo akoma nntutu; ɛfiri sɛ tenabea pii wɔ m’Agya fie, na masiesie bea ama mo; na faako a me ne m’Agya wɔ no, mo nso mobɛba hɔ bi.

19 Hwɛ, me, Awurade, pii wɔ asɔre a ɛwɔ Kirtland no mu a wɔnnsɔ m’ani yie;

20 Ɛfiri sɛ wɔmmpa wɔn bɔne akyi, ne wɔn atirimuɔden akwan, wɔn akoma mu ahantan, ne wɔn anibereɛsɛm, ne wɔn tantanneɛ nneɛma nyina ara, na wɔnnhwɛ nni nkwa a ɛnni awieɛ ne anyansasɛm a mede ama wɔn no so.

21 Nokorɛ mese mo sɛ, me Awurade, mɛka wɔn anim na mɛyɛ biribiara a mepɛ, sɛ wɔannsakyera na wɔannhwɛ annyɛ nneɛma biara a maka akyerɛ wɔn no nyina ara a.

22 Na bio mese mo sɛ, mohwɛ yɛ biribiara a mahyɛ mo a, me, Awurade, mɛdane abufuhyeɛ ne abohuro biara afiri mo so, na asamando apono renntumi nni mo so.

23 Afei, mekasa kyerɛ mo fa mo mmusua ho—sɛ nnipa bɔ mo, anaa mo mmusua, prɛko, na sɛ mode aboterɛ gyina ano na moannsopa wɔn, anaa moannhwehwɛ awerɛtɔ a, wɔbɛma mo ɛho akatua;

24 Na sɛ moannya aboterɛ annyina ano a, wɔbɛbu no sɛ ɛyɛ nsusuiɛ a ɛfata a wɔde ama mo.

25 Na bio, sɛ moatamfo bɔ mo ne mprenu so, na moannsopa moatamfo, na mode aboterɛ gyina ano a, moakatua bɛyɛ mmɔho ɔha.

26 Na bio, sɛ ɔbɔ mo mprɛnsa so, na sɛ mode aboterɛ gyina ano a, wɔbɛbɔ moakatua ho mmienu na ayɛ mmɔho nnan;

27 Na saa adanseɛ mmiɛnsa yi bɛsɔre atia mo tamfo sɛ wannsakyera a, na wɔremmpopa.

28 Na afei, nokorɛ mese mo sɛ, sɛ saa ɔtamfo no bɛfiri m’awerɛtɔ mu, na wɔammfa no amma atemmuo mu wɔ m’anim a, ɛnneɛ mobɛhwɛ sɛ mobɛbɔ no kɔkɔ wɔ me din mu, ama wamma mo so bio, anaa moabusua so, mpo mo mma mma so kɔsi awoɔntoatoasoɔ mmiɛnsa ne nnan so.

29 Na afei, sɛ ɔba mo so anaa mo mma so, anaa mo mma mma so kɔsi awoɔntoatoasoɔ mmiɛnsa ne nnan so a, ɛnneɛ mede mo tamfo ahyɛ mo nsa;

30 Na afei sɛ wode ne ho bɛkyɛ no a, wo teneneeyɛ nti wɔbɛma wo akatua; ɛne wo mma ne wo mma mma nso kɔsi awoɔntoatoasoɔ mmiɛnsa ne nnan so.

31 Nanso, wo tamfo no wɔ wo nsam; na sɛ wotua no ka sɛdeɛ ne nnwuma teɛ a wodi bem; sɛ wahwehwɛ wo nkwa, na ɔde wo nkwa kɔ mmusuo mu a, wo tamfo no wɔ wo nsam na wodi bem.

32 Hwɛ, yei ne mmara a mede maa m’akoa Nifae, ne w’agyanom, Yosef, ne Yakob, ne Isak, ne Abraham, ne me tete nkɔmhyɛfoɔ ne asomafoɔ no nyina ara.

33 Na bio, yei ne mmara a mede maa me tetefoɔ no, sɛ mma wɔmmfiri nnkɔko nntia ɔman, abusua kuo, kasa, nkorɔfoɔ biara, gye sɛ me, Awurade, ahyɛ wɔn.

34 Na sɛ ɔman, kasa, anaa nkorɔfoɔ bi bɔ ɔko ho dawuro tia mo a, ɛwɔ sɛ wɔdi kan ma asomdwoeɛ frankaa so kyerɛ saa nkorɔfoɔ, ɔman, anaa kasa no;

35 Na sɛ saa nkorɔfoɔ no annye asomdwoeɛ afɔdeɛ no annto mu, anaa deɛ ɛtɔ so mmienu anaa mmiɛnsa no a, wɔmfa saa adanseɛ yi mmra Awurade anim;

36 Afei me, Awurade, mɛma wɔn mmarasɛm, na mɛbu wɔn bem sɛ wɔmfiri adi nkɔko ntia saa ɔman, kasa, anaa nkorɔfoɔ no.

37 Na me, Awurade, mɛko wɔn ko no, ne wɔn mma ko, ne wɔn mma mma deɛ, kɔsi sɛ wɔbɛtɔ wɔn atamfo nyina ara so werɛ, kɔsi awoɔntoatoasoɔ mmiɛnsa ne nnan so.

38 Hwɛ, yei yɛ nhwɛsoɔ ma aman nyina ara, Awurade mo Nyankopɔn na ɔseɛ, ama wɔabu wɔn bem wɔ m’anim.

39 Na bio, nokorɛ, mese wo sɛ, sɛ wo tamfo ba wo so berɛ a ɛdi kan na akyire ɔsakyera na ɔba wo hɔ bɛsrɛ bɔnefakyɛ a, fakyɛ no, na mmfa nni adanseɛ nntia wo tamfo no bio—

40 Na saa ara kɔsi deɛ ɛtɔ so mmienu ne mmiɛnsa so no; na mprɛ dodoɔ a wo tamfo sakyera firi ne mfomsoɔ a wayɛ atia wo ho no, ɛwɔ sɛ wode kyɛ no, kɔsi mprɛ aduɔson ahodoɔ nson.

41 Na sɛ ɔyɛ mfomsoɔ tia wo na wannsakyera berɛ a ɛdi kan no a, fakyɛ no.

42 Na sɛ ɔyɛ mfomsoɔ tia wo na wannsakyera berɛ a ɛtɔ so mmienu no a, fakyɛ no bio.

43 Na sɛ ɔyɛ mfomsoɔ tia wo berɛ ɛtɔ so mmiɛnsa, na wannsakyera a, ɛno nso fakyɛ no.

44 Mmom sɛ ɔyɛ mfomsoɔ tia wo berɛ a ɛtɔ so nnan no a mmfa nnkyɛ no, na fa saa adanseɛ yi bra Awurade anim; na wɔremmpopa kɔsi sɛ ɔbɛsakyera na ɔbɛtua wo ka mmɔho nnan wɔ nneɛma a wayɛ ho mfomsoɔ atia wo nyina ara mu.

45 Na sɛ ɔyɛ yei a, yi woakoma mu nyina ara fakyɛ no; na sɛ wannyɛ yei a, me, Awurade, mɛtɔ ne so werɛ ama wo mmɔho ɔha;

46 Ne ne mma so, ne ne mma mma so, wɔn mu biara a wɔtan me, kɔsi awoɔntoatoasoɔ mmiɛnsa ne nan so.

47 Nanso sɛ mma no sakyera, anaa mma mma no sakyera, na wɔdane kɔ Awurade wɔn Nyankopɔn hɔ a, wɔde wɔn akoma nyina ara ne wɔn tumi, wɔn adwene, ne wɔn ahoɔden nyina ara, na wɔsan de ma mmɔho nnan wɔ mfomsoɔ a wɔayɛ nyina ara mu, anaa mfomsoɔ a wɔn agyanom ayɛ mu, anaa deɛ wɔn agyanom agyanom ayɛ a, afei m’abohuro bɛdane akɔ;

48 Na awerɛtɔ remma wɔn so bio, Awurade wo Nyankopɔn na ɔseɛ, wɔremmfa wɔn mfomsoɔ mma da sɛ adanseɛ nntia wɔn bio wɔ Awurade anim. Amen.