Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 101


Ɔfã 101

Adiyisɛm a wɔde maa Joseph Smith Nkɔmhyɛni no, wɔ Kirtland Ohio, Ɔpɛnimma 16 ne 17, 1833. Saa berɛ yi, na Ahoteɛfoɔ no a wɔaboa wɔn ho ano wɔ Missouri no rehunu amane wɔ ɔtaaeɛ ho. Na akakabensɛmfoɔ apamo wɔn afiri wɔn afie wɔ Jackson County; na na Ahoteɛfoɔ no abɔ mmɔden sɛ wɔbɛbɔ wɔn ho atenaseɛ wɔ Van Buren, Lafayette, ne Ray Counties, nanso ɔtaaeɛ dii wɔn akyi. Na ahoteɛfoɔ dɔm no ankasa wɔ Clay County, Missouri, saa berɛ no. Owuo ho ahunahuna a wɔde yii ankorɛankorɛ a wɔn wɔ Asɔre no mu hu no dɔɔso. Na Ahoteɛfoɔ a wɔn wɔ Jackson County ahwere efie nkonnwa, aduradeɛ, nyɛn-mmoa, ne ankorɛankorɛ agyapadeɛ afoforɔ; na wɔsɛɛe wɔn nnɔbaeɛ bebree.

1–8, Wɔtwe ahoteɛfoɔ no aso na wɔha wɔn esiane wɔn mmaratoɔ nti; 9–15, Awurade abohuro bɛgu aman so, nanso wɔbɛboaboa Ne nkorɔfoɔ ano na wɔakyekye wɔn werɛ; 16–21, Wɔbɛkyekyere Sion ne ne mpɛɛwa; 22–31, Wɔda asetena su a ɛbɛwɔ Mfenhyia apem no mu no adi; 32–42, Wɔbɛhyira Ahoteɛfoɔ no na wɔama wɔn akatua; 43–62, Abɛbusɛm a ɛfa nipa onimuonyamfoɔ no ne ngo nnua no kyerɛ Sion amanehunu ne ne Gyeɛ a ɛbɛdi akyire no ho; 63–75, Ɛwɔ sɛ ahoteɛfoɔ no kɔ so boaboa wɔn ho ano; 76–80, Awurade na ɔhyehyɛɛ Amerika Amanyɔ mmara no; 81–101, Ɛwɔ sɛ Ahoteɛfoɔ no srɛ wɔn nsɛm no ho akatua, sɛdeɛ abɛbusɛm a ɛfa ɔbaa no ne ɔtemmufoɔ otirimuɔdenfoɔ no ho teɛ no.

1 Nokorɛ mese mo, ɛfa mo nuanom a wɔaha wɔn, na wɔataataa wɔn, na wɔatu wɔn afiri wɔn apɛgyadeɛ asase so no—

2 Me, Awurade, na mama ho kwan ma ɔhaw a wɔde aha wɔn no aba wɔn so, ɛnam wɔn mmaratoɔ nti;

3 Nanso mɛyɛ wɔn wura, na wɔbɛyɛ me dea wɔ saa da no a mɛba abɛyi m’abohene no.

4 Ne saa nti, ɛhia sɛ wɔtwe wɔn aso na wɔsɔ wɔn hwɛ, mpo tesɛ Abraham, a wɔhyɛɛ no sɛ ɔmfa ne ba baako pɛ mmɔ afɔdeɛ no.

5 Ɛfiri sɛ wɔn a wɔrenntumi nnyina asotwe ano, na wɔpo me no, wɔrenntumi nnte wɔn ho.

6 Hwɛ, mese mo, na abufuferɛ, ne aperedie, ne ahoɔyaa, ne nitan, ne akɔnnɔ bɔne ne anibereɛ apɛdeɛ wɔ wɔn ntam; ne saa nti wɔnam saa nneɛma yi so guu wɔn apɛgyadeɛ ho fi.

7 Wɔyɛɛ nyaa sɛ wɔbɛtie Awurade wɔn Nyankopɔn nne; ne saa nti, Awurade wɔn Nyankopɔn ayɛ nyaa sɛ ɔbɛtie wɔn mpaebɔ, sɛ ɔbɛma wɔn mmuaeɛ wɔ wɔn haw da mu.

8 Wɔ wɔn asomdwoeɛ da mu no wɔbuu m’afotuo adewa; nanso wɔ wɔn haw da mu no, ɛnam wɔn ahiasɛm nti wɔpɛ m’akyiri kwan.

9 Nokorɛ mese mo, ɛmmfa ho ne wɔn bɔne, ayamhyehyeɛ ahyɛ me yam mã ama wɔn. Mernenyi wɔn totwene korakora; na wɔ m’abufuhyeɛ da mu no mɛkae mmɔborɔhunu.

10 Maka ntam, na ahyɛdeɛ no afiri akɔ nam mmarasɛm dada bi a mede ama mo so, sɛ mɛma m’abohuro afena agu ama me nkorɔfoɔ; na mpo tesɛ deɛ maka no, ɛbɛba mu.

11 Ɛrennkyɛ wɔbɛhwie m’abohuro a nsusuiɛ biara nni mu agu aman nyina ara so; na mɛyɛ yei berɛ a wɔn amumuyɔ kuruwa bɛyɛ ma.

12 Na saa da no wɔn a wɔbɛhunu wɔn wɔ ɔwɛn-aban no so, anaa nsɛm foforɔ mu no, me Israel nyina ara no, wɔbɛgye wɔn nkwa.

13 Na wɔbɛboaboa wɔn a wɔabɔ wɔn apete no ano.

14 Na wɔn a wɔasu nyina ara no wɔbɛkyekye wɔn werɛ.

15 Na wɔn a me din nti wɔde wɔn nkwa ama nyina ara no wɔbɛhyɛ wɔn ahenkyɛ.

16 Ne saa nti, momma mo akoma werɛ nkyekyere mfa Sion ho; ɛfiri sɛ honam nyina ara wɔ me nsam; monyɛ komm na monhunu sɛ meyɛ Onyankopɔn.

17 Wɔrennyi Sion mmfiri ne tenabea, ɛmfa ho sɛ wɔabɔ ne mma apete.

18 Wɔn a wɔaka, na wɔn akoma mu teɛ no bɛsan aba, na wɔbɛba wɔn apɛgyadeɛ so, wɔn ne wɔn mma, wɔde daapem anigyeɛ nnwom, bɛba abɛsi Sion amanfo no—

19 Na yei nyina ara sɛdeɛ nkɔmhyɛfoɔ no bɛtumi ahyɛ ma.

20 Na, hwɛ, bea foforɔ biara nni hɔ a wɔayi gye sɛ deɛ mayi ama; anaa wɔrennyi bea foforɔ biara mma gye sɛ deɛ mayi ama ahoteɛfoɔ anoboaboa adwuma no—

21 Kɔsi sɛ da no bɛba a wɔbɛhunu sɛ kwan nni hɔ bio ma wɔn; na afei mewɔ mmea afoforɔ a mɛyi ama wɔn, na wɔbɛfrɛ no pɛɛwa, a ɛbɛyɛ mmɔhɔɔ anaa Sion ahoɔden.

22 Hwɛ, ɛyɛ me pɛ, sɛ wɔn a wɔfrɛ me din, na wɔsom me sɛdeɛ daapem asɛmpa no teɛ no, bɛboaboa wɔn ho, na wɔagyina mmeammea kronkron;

23 Na wɔnyɛ krado mma adiyisɛm a ɛbɛba no, berɛ a wɔbɛyi nkatanim a ɛkata tɛmpol tenabea no, a ɛde asase no asie no, afiri hɔ, na ɔhonam nyina ara bɛbɔ mu ahunu me.

24 Na adeɛ biara a ɛporɔ, nnipa, anaa wuram mmoa nyina ara, anaa ewiem nnomaa, anaa ɛpo mu mpataa, a wɔte asase so nyina ara no, wɔbɛsɛe wɔn;

25 Na deɛ ɛyɛ ankomadeɛ nso de ɔhyeɛ denden bɛnane; na nneɛma nyina ara bɛba abɛyɛ foforɔ, ama me ho nimdeɛ ne m’animuonyam atumi atena asase yi nyina ara so.

26 Na saa da no, onipa mu ɔtan, ne mmoa mu tan, aane, honam nyina ara mu tan, bɛgyae afiri m’anim.

27 Na saa da no biribiara a onipa biara bɛbisa no, wɔde bɛma no.

28 Na saa da no Satan rennya tumi sɛ ɔbɛsɔ onipa biara ahwɛ.

29 Na awerɛhoɔ biara nni hɔ ɛfiri sɛ owuo nni hɔ.

30 Na saa da no akɔkoaa rennwu kɔsi sɛ ɔbɛnyini; na ne nkwa bɛyɛ tesɛ dua mfeɛ;

31 Na sɛ owu a ɔrenna, kyerɛ sɛ wɔ asase mu, mmom wɔ anibɔ baako mu no ɔbɛsesa, na wɔbɛhwim no akɔ soro, na n’ahomegyeɛ bɛyɛ animuonyam.

32 Aane, nokorɛ mese mo sɛ, saa da no a Awurade bɛba no, ɔbɛda nneɛma nyina ara adi—

33 Nneɛma a atwa mu kɔ, ne nneɛma a ahinta a onipa biara nnim, asase so nneɛma deɛ wɔnam so yɛɛe, ne ne botaeɛ ne ne sɛnti—

34 Nneɛma a ɛsom bo paa ara, nneɛma a ɛwɔ soro, ne nneɛma a ɛwɔ aseɛ, nneɛma a ɛwɔ asase mu, ne deɛ ɛwɔ asase so, ne deɛ ɛwɔ ɔsoro.

35 Na wɔn a wɔhunu ɔtaae amanneɛ wɔ me din mu nyina ara, na wɔgyina wɔ gyedie mu kɔsi awieɛ, ɛwom sɛ wɔafrɛ wɔn sɛ wɔmfa wɔn nkwa nto hɔ ɛnam me nti, nanso wɔbɛnya saa animuonyam no nyina ara mu kyɛfa.

36 Ɛno nti, owuo mu mpo monnsuro; ɛfiri sɛ wɔ saa wiase yi mu no modɛ nnhyɛ ma, nanso wɔ me mu no mo modɛ hyɛ ma.

37 Ne saa nti, monnhwɛ honamdua no, anaa honam no nkwa ho; mmom monhwɛ ɔkra no, ne ɔkra no nkwa ho.

38 Na monhwehwɛ Awurade anim berɛbiara, ama mode aboterɛ akora mo akra, na mobɛnya nkwa a ɛnni awieɛ.

39 Na sɛ wɔfrɛ nnipa ba me daapem asɛmpa no ho, na wɔde daapem apam yɛ apam a, wɔbu wɔn sɛ asase so nkyene ne nnipa mu dɛ;

40 Wɔfrɛ wɔn sɛ wɔnyɛ nnipa mu dɛ; ne saa nti, sɛ asase so nkyene yera ne dɛ a, hwɛ, ɛnnyɛ mma hwee bio gye sɛ wɔhwie gu ma nnipa de wɔn nan ase tiatia so.

41 Hwɛ, nyansa nie, ɛfa Sion mma ho, mpo dodoɔ no ara ho, nnyɛ wɔn nyina ara; wɔhunuu mmaratofoɔ wɔ wɔn mu, ne saa nti ɛhia sɛ wɔtwe wɔn aso.

42 Deɛ ɔma ne ho so no wɔbɛbrɛ no ase, na deɛ ɔbrɛ ne ho ase no wɔbɛma no so.

43 Na afei, mɛkyerɛ mo abɛbusɛm bi, ama moahunu me pɛ ɛfa Sion gyeɛ ho.

44 Na ɔdehyeɛ bi wɔ asase bi, a ɛsom bo; na ɔka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Monkɔ me bobeturo no mu, mpo asase a ɛsom bo paa ara no so, na monnua ngodua dumienu;

45 Na ɔmaa awɛmfoɔ twaa ho hyiaaeɛ, na ɔsii ɔwɛn aban, ama obi ahwɛ asase a atwa ahyia no so, na wayɛ ɔwɛmfoɔ wɔ abantenten no so, ama me ngonnua no ammubu berɛ a ɔtamfo no bɛba sɛ ɔrebɛsɛe na ɔrebɛfa me bobeturo no mu aba no.

46 Afei, ɔdehyeɛ no nkoa kɔ kɔyɛɛ sɛdeɛ wɔn wura hyɛɛ wɔn no, na wɔduaa ngonnua no, na wɔgyee ho ban, na wɔde awɛmfoɔ baa hɔ, na wɔhyɛɛ aseɛ sɛ wɔresi abantenten no.

47 Na wɔgu so a wɔreto fapem no, wɔhyɛɛ aseɛ kaa no wɔn mu sɛ: Na mfasoɔ bɛn na saa abantenten yi wɔ ma yɛn wura?

48 Na wɔdii nkɔmmɔ kyɛɛeɛ, na wɔka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ: Deɛn na me wura hia wɔ saa abantenten yi ho, esiane sɛ yei yɛ asomdwoeɛ berɛ?

49 Wɔnntumi mmfa saa sika yi nnkɔma sikasesafoɔ no? Ɛfiri sɛ saa nneɛma yi ho nnhia.

50 Berɛ a wɔgu so regye wɔn ho kyim no wɔbɛyɛɛ aniha, na wɔanni wɔn wura mmaransɛm no so.

51 Na ɔtamfo no baa anadwo, na ɔbubuu ban no guu fam; na onimuonyamfoɔ no nkoa no sɔreeɛ na wɔsurooɛ, na wɔdwaneeɛ; ɔtamfo no sɛee wɔn nnwuma, na ɔbubuu ngonnua no.

52 Afei, hwɛ, onimuonyamfoɔ no, bobeturo no wura no frɛɛ ne nkoa, na ɔbisaa wɔn sɛ, Adɛn! Deɛn na ɛde saa bɔne kɛseɛ yi baaeɛ?

53 Na anka ɛnsɛ sɛ moyɛ deɛ mehyɛɛ mo no mpo, na—moduaa bobeturo no akyire yi no, na mogyee ban twaa ho hyiaaeɛ no, na mode awɛmfoɔ sisii aban no so no—adɛn nti na moannsi abantenten no nso, na moammfa ɔwɛmfoɔ annsi abantenten no so, na wannhwɛ me bobeturo no so, ama moanneda, sɛdeɛ ɔtamfoɔ no renntumi mma mo so?

54 Na hwɛ, anka ɔwɛmfoɔ a ɔwɔ abantenten no so no bɛhunu ɔtamfoɔ no berɛ a ɔwɔ akyirikyiri; na afei anka mobɛtumi ayɛ krado na moatumi asi ɔtamfo no kwan ama wɔammu aban no anngu fam, na anka moatumi agye me bobeturo no afiri ɔsɛefoɔ no nsam.

55 Na bobeturo no wura see ne nkoa no mu baako sɛ: Kɔ na kɔboaboa me nkoa a wɔaka no ano, na fa ahoɔdenfoɔ a wɔn wɔ me fie nyina ara, wɔn a wɔyɛ akofoɔ, mmeranteɛ, ne wɔn a wɔn ani afiri wɔ me nkoa nyina ara ntam, a wɔyɛ me fie ahoɔdenfoɔ no, gye sɛ wɔn a mayi wɔn nko ara sɛ wɔntena hɔ no.

56 Na ntɛmpa ara monkɔ asase a ɛyɛ me bobeturo no so, na monkɔgye me bobeturo no; ɛfiri sɛ ɛyɛ me dea; mede sika na atɔ.

57 Ne saa nti, ntɛmpa yi ara monkɔ m’asase no so; na mommubu m’atamfo aban no ngu fam; mommu wɔn abantenten no ngu fam, na mommɔ wɔn awɛmfoɔ no ahwete.

58 Na mmerɛ dodoɔ a wɔboaboa wɔn ho ano tia mo no, montɔ m’atamfo so werɛ, ama nkakrankakra m’atumi de me fiefoɔ nkaeɛ no aba na manya asase no adi so.

59 Na akoa no see ne wura sɛ: Berɛ bɛn na saa nneɛma yi bɛsi?

60 Na ɔsee n’akoa no sɛ: Berɛ a mepɛ; monkɔ ntɛmpa yi ara, na monyɛ nneɛma biara a mahyɛ mo no nyina ara;

61 Na yei bɛyɛ me nsɔano ne nhyira wɔ wo so—hwɛsofoɔ nokorɛfoɔ ne nyansani wɔ me fie mu, sodifoɔ wɔ m’ahemman mu.

62 Na n’akoa no kɔɔ ntɛmpa ara, na ɔyɛɛ nneɛma biara a ne wura hyɛɛ no no nyina ara; na nna bebree akyi no nneɛma no nyina ara baa mu.

63 Na bio, nokorɛ mese mo, mɛkyerɛ mo nyansa wɔ me mu ɛfa nsɔre no nyina ara ho, mmerɛ dodoɔ a wɔn wɔ ɔpɛ sɛ wɔgye akwankyerɛ wɔ ɔkwan pa ne deɛ ɛyɛ so ama wɔn nkwagyeɛ—

64 Ama m’ahoteɛfoɔ no anoboaboa adwuma no akɔso, ama mede wɔn asisi mmeammea kronkron mu wɔ me din mu; ɛfiri sɛ otwa berɛ no aso, na ɛho hia sɛ m’asɛm no ba mu.

65 Ne saa nti, ɛwɔ sɛ meboaboa me nkorɔfoɔ no ano, sɛdeɛ nwura ne ayuo ho abɛbusɛm no teɛ no, ama makora ayuo no wɔ pata so, na wɔanya nkwa a ɛnni awieɛ, na wɔahyɛ wɔn sɛlɛstia animuonyam ahenkyɛ, berɛ a mɛba m’Agya ahemman mu abɛtua onipa biara ka sɛdeɛ n’adwuma bɛyɛ no;

66 Nanso wɔbɛkyekyere nwura no afiafi, na wɔbɛyɛ ne mpokyerɛ no mu den, ama wɔde ogya a ɛnnum da ahye no.

67 Ne saa nti, mema nsɔre no nyina ara mmarasɛm, sɛ wɔntoa so mmoa wɔn ho ano mmɔ mu wɔ mmeammea a mayiyi no.

68 Nanso, sɛdeɛ meka kyerɛɛ mo wɔ mmarasɛm dada no mu no, mma mo anoboaboa nnyɛ ahoɔhare so, anaa adwane so; mmom momma wɔnyɛ nneɛma nyina ara krado wɔ mo anim.

69 Na sɛdeɛ wɔbɛsiesie nneɛma nyina ara wɔne kwan so wɔ mo anim no, monni mmarasɛm a mede ama mo no so ɛfa saa nneɛma yi ho—

70 Deɛ ɛka anaa ɛkyerɛkyerɛ sɛ, momfa sika ntotɔ nsase no nyina ara, deɛ mobɛtumi de sika atɔ no, wɔ mantam a ɛtwa asase a mayi sɛ ɛnyɛ Sion asase no ho ahyia no, ama wɔahyɛaseɛ aboaboa m’ahoteɛfoɔ no ano;

71 Nsase a wɔbɛtumi atɔ wɔ Jackson mansin no nyina ara, ne amansini a atwa ahyia no, na monnya nkaeɛ no wɔ me nsam.

72 Afei, nokorɛ mese mo, momma nsɔre no nyina ara mmoaboa wɔn sika nyina ara ano mmɔ mu; na momma wɔnyɛ saa nneɛma yi wɔ wɔn mmerɛ mu, mmom nyɛ ahoɔhare so; na monhwɛ ma wɔnsiesie nneɛma nyina ara wɔ mo anim.

73 Na monyi nnipa animuonyamfoɔ, mpo nnipa anyansafoɔ, na monsoma wɔn ma wɔn nkɔtɔ saa nsase no.

74 Na nsɔre a wɔn wɔ apueɛ fam aman mu no, berɛ a wɔbɛkyekyere no, sɛ wɔbɛdi saa afotuo yi so a, wɔbɛtumi atotɔ nsase na wɔaboaboa wɔn ho ano abɔ mu wɔ so; na wɔ saa kwan yi so wɔbɛtumi akyekyere Sion.

75 Seesei mpo wɔakora deɛ ɛdɔɔso dada, aane, mpo deɛ ɛboro so, sɛ wɔde bɛgye Sion, na wɔasiesie mmeammea a ada mpan no, na wɔrenni wɔn so nkonim bio, sɛ anka nsɔre, a wɔde me din ato wɔn ho so no, ayɛ krado sɛ wɔbɛtie me nne a.

76 Na bio mese mo, wɔn a wɔn atamfo abɔ wɔn ahwete no, ɛyɛ me pɛ sɛ wɔbɛkɔ so asrɛ akatua, ne ɔgyeɛ, nam wɔn a wɔde wɔn asi hɔ sɛ sodifoɔ na wɔn wɔ tumi wɔ mo so no nsa so—

77 Sɛdeɛ nkorɔfoɔ no mmara ne amanyɔ mmara no teɛ, deɛ mama ho kwan ma wɔahyehyɛ no, na ɛwɔ sɛ wɔkora ma ɔhonam nyina ara nya hokwan ne banbɔ, sɛdeɛ nyinasosɛm a ɛtene na ɛyɛ kronkron no teɛ no;

78 Sɛdeɛ onipa biara bɛdi dwuma wɔ nkyerɛkyerɛ ne nyinasosɛm a ɛfa daakye ho, sɛdeɛ fahodie a ɛfata a mede ama no no teɛ, ama onipa biara atumi abu n’ankasa bɔne ho akonta wɔ atemmuo da no mu.

79 Ne saa nti, ɛmmfata sɛ onipa bɛwɔ nkoasom mu wɔ ɔfoforɔ ase.

80 Saa botaeɛ yi nti na mahyehyɛ saa asase yi so Amanyɔ mmara no, nam nnipa anyansafoɔ a matete wɔn ama saa botaeɛ korɔ yi ara so, na magye saa asase yi nam mogyahwieguo so.

81 Afei, deɛn na mede bɛtoto Sion mma ho? Mede wɔn bɛtoto abɛbusɛm a ɛfa ɔbaa ne otemmufoɔ a ɔnntene no ho, ɛfiri sɛ ɛtwa sɛ nnipa bɔ mpaeɛ a wɔmmrɛ ho, a ɛka sɛ—

82 Na otemmufoɔ bi wɔ kuro bi so a na ɔnnsuro Onyankopɔn, na ɔnni buo mma nnipa.

83 Na na okunafoɔ bi wɔ saa kuro no mu, na ɔbaa ne nkyɛn kaa sɛ: tɔ me tamfo so werɛ.

84 Na mmerɛ kakra mu no wannyɛ, nanso akyire yi ɔkaa wɔ ne mu sɛ: Mennsuro Onyankopɔn na memmu onipa, nanso esiane sɛ okunafoɔ yi ha me nti mɛtɔ so werɛ mama no, anyɛ saa a ɔnam ne ba a ɔba ha ntoasoɔ so bɛdwan me ho.

85 Saa na mede bɛtoto Sion mma ho.

86 Momma wɔnkɔsrɛ wɔ otemmufoɔ no nan ase;

87 Na sɛ wanntie wɔn a, momma wɔnkɔsrɛ wɔ amrado no nan ase;

88 Na sɛ amrado no anntie wɔn a, momma wɔnkɔsrɛ wɔ ɔmanpanin no nan ase;

89 Na sɛ ɔmanpanin no anntie wɔn a, afei Awurade bɛsɔre na wafiri n’ahintabea no aba, na wɔ n’abufuo mu no ɔde haw bɛba ɔman no so;

90 Na wɔ n’anibere denden mu, ne n’abufuhyeɛ mu, wɔ ne berɛ mu no, ɔbɛtwa atirimuɔdenfoɔ atwene, ne ɛsohwɛfoɔ a wɔnntene no, na ɔde wɔn kyɛfa bɛma wɔn wɔ nyaatwomfoɔ ne annye-anniefoɔ mu;

91 Mpo wɔ akyirikyiri sum mu, faako a esu, ne benabɔ, ne setwɛre wɔ no.

92 Ne saa nti, mommɔ mpaeɛ sɛ wɔn aso bɛbue ama mo su, ama manya mmɔborɔhunu ama wɔn, ama saa nneɛma yi amma wɔn so.

93 Ɛhia sɛ deɛ maka akyerɛ mo yi ba mu, ama nnipa biara anntumi annya anoyie biara;

94 Ama anyansafoɔ ne sodifoɔ atumi ate na wɔahunu deɛ wɔnsusuuiɛ da;

95 Ama m’ahyɛ aseɛ de me nneyɛɛ aba, mpo me nneyɛɛ huhuu no, na mayɛ m’adwuma no, m’adwuma huhuu no, ama nnipa atumi ahunu nsonsonoeɛ a ɛda ateneneefoɔ ne atirimuɔdenfoɔ no ntam, Onyankopɔn na ɔseɛ.

96 Na bio, mese mo, ɛne me mmarasɛm ne me pɛ bɔ abira sɛ m’akoa Sidney Gilbert bɛtɔn m’adekorabea no, deɛ mayi ama me nkorɔfoɔ, ahyɛ m’atamfo nsa.

97 Mma momma m’atamfo mmfa wɔn a wɔde me din frɛ wɔn ho mpenesoɔ so no nngu deɛ mahyehyɛ no ho fi;

98 Ɛfiri sɛ yei yɛ bɔne kɛseɛ a ɛmu yɛ duru tia me, ne me nkorɔfoɔ, ɛnam saa nneɛma a mahyɛ ho mmara a ɛrennkyɛre ɛbɛba aman no so nti.

99 Ne saa nti, ɛyɛ me pɛ sɛ me nkorɔfoɔ no bɛpere agye, na wɔbɛkɔso apere agye deɛ mayi ama wɔn no, ɛwom sɛ wɔmma wɔn kwan sɛ wɔntena so.

100 Nanso, menkaa sɛ wɔrenntena so; ɛfiri sɛ mmerɛ dodoɔ a wɔso aduaba ne nnwuma a ɛsɛ m’ahemman no, wɔbɛtena so.

101 Wɔrennsi dan mma afoforɔ nntena mu; wɔbɛdua abobe turo, na wɔbɛdi ɛmu aduaba no. Mpo saa ara. Amen.