Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 93


Ɔfã 93

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so, wɔ Kirtland, Ohio, Kɔtɔnimma 6, 1833.

1–5, Wɔn a wɔyɛ nokorɛfoɔ nyina ara bɛhunu Awurade; 6–18, Yohane dii adanseɛ sɛ Onyankopɔn Ba no nyaa adom too adom so kɔsi sɛ Ɔnyaa Agya no animuonyam no mahyɛ; 19–20, Nnipa nokorɛfoɔ a wɔfiri adom so kɔ adom so no nso bɛnya Ne mahyɛ no; 21–22, Wɔn a wɔnam Kristo so awo wɔn no yɛ Abakan no Asɔre mma; 23–28, Kristo nyaa nokorɛ nyina ara mahyɛ, na onipa nam setie so bɛtumi ayɛ saa ara; 29–32, Ahyɛaseɛ no na onipa ne Onyankopɔn na ɛwɔ hɔ; 33–35, Ankomadeɛ yɛ ɔnni awieɛ, na onipa bɛtumi anya ɛdɛ mahyɛ wɔ Owusɔreɛ no mu; 36–37, Onyankopɔn animuonyam yɛ nhumu; 38–40, Mmɔfra nni fɔ wɔ Onyankopɔn anim ɛnam Kristo gyeɛ no nti; 41–53, Wɔhyɛ anuanom akannifoɔ no sɛ wɔnsiesie wɔn mmusua yie.

1 Nokorɛ, sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Ɛbɛba sɛ ɔkra biara a ɔpa ne bɔne akyi na ɔba me hɔ, na ɔbɔ me din, na ɔyɛ setie ma me nne, na ɔdi me mmaransɛm so no, bɛhunu m’anim na wahunu sɛ mete ase;

2 Na saa mene nokorɛ hann no a ɛhyerɛn ma onipa biara a ɔba wiase no;

3 Na mewɔ Agya no mu, na Agya no wɔ me mu, na Agya no ne meyɛ baako—

4 Agya no, ɛfiri sɛ ɔmaa me ne mahyɛ, na Ɔba no, ɛfiri sɛ na mewɔ wiase na meyɛɛ honam me ntomadan, na metenaa nnipa mma ntam.

5 Na mewɔ wiase na menya firii m’Agya hɔ, na wɔdaa ne nnwuma adi pefee.

6 Na Yohane hunuui na ɔdii adanseɛ faa m’animuonyam mahyɛ ho, na wɔbɛda Yohane adanseɛ no mahyɛ noadi akyire yi.

7 Na ɔdii adanseɛ kaa sɛ: Mehunuu n’animuonyam, sɛ na ɔwɔ hɔ mfitiaseɛ no, ansa na wiase reba;

8 Ne saa nti, mfitiaseɛ no na Asɛm no wɔ hɔ, ɛfiri sɛ na ɔno ne Asɛm no, mpo nkwagyeɛ bɔfoɔ no—

9 Wiase hann ne ne Gyefoɔ; nokorɛ Honhom no, deɛ ɔbaa wiase, ɛfiri sɛ ɔno na ɔyɛɛ wiase, na ne mu na nnipa nkwa ne hann wɔ.

10 Ɔno na ɔyɛɛ wiase ahodoɔ no; ɔno na ɔyɛɛ nnipa; ɛnam ne so na wɔyɛɛ nneɛma nyina ara, wɔfaa no so, na ɛfiri no.

11 Na me, Yohane, di adanseɛ sɛ mehunuu n’animuonyam, sɛ Ɔba a Agya no woo no Korɔ no, a adom ne nokorɛ ahyɛ no ma, mpo nokorɛ Honhom no a ɔba bɛtenaa honam mu, na ɔtenaa yɛn ntam no.

12 Na me, Yohane, hunuu sɛ wannya mahyɛ mfitiaseɛ no, mmom ɔnyaa adom too adom so;

13 Na wannya mahyɛ no mfitiaseɛ no, mmom ɔkɔɔ so firii adom mu kɔɔ adom mu, kɔsii sɛ ɔnyaa mahyɛ no;

14 Na saa nti na wɔfrɛɛ no Onyankopɔn Ba no, ɛfiri sɛ wannya mahyɛ no mfitiaseɛ no.

15 Na me, Yohane, di adanseɛ, na hwɛ, ɔsoro bueeɛ, na Sunsum Kronkron no siane baa ne so wɔ aburuburo nsɛsoɔ, na ɛtenaa ne so, na nne bi firi soro baae, na ɛkaa sɛ: Eyi ne me Dɔ ba.

16 Na me, Yohane, di adanseɛ sɛ ɔnyaa Agya no animuonyam mahyɛ no;

17 Na ɔnyaa tumi nyina ara, deɛ ɛwɔ soro ne asase so nyina ara, na na Agya no animuonyam wɔ ne mu, ɛfiri sɛ na ɔwɔ ne mu.

18 Na ɛbɛba sɛ, sɛ moyɛ nokorɛfoɔ a mobɛnya Yohane adanseɛ no mahyɛ.

19 Mema mo saa nsɛm yi ama moatumi ate aseɛ na moahunu sɛdeɛ mobɛsom afa, na moahunu deɛ mosom, ama moatumi aba Agya no hɔ wɔ me din mu, na berɛ a ɛsɛ mu no moanya ne mahyɛ.

20 Na sɛ modi me mmaransɛm so a mobɛnya ne mahyɛ no, na wɔahyɛ mo animuonyam wɔ me mu sɛdeɛ wɔahyɛ me animuonyam wɔ Agya no mu; ne saa nti, mese mo sɛ, mobɛnya adom ato adom so.

21 Na afei, nokorɛ mese mo, mfitiaseɛ no na mene Agya no wɔ hɔ, na mene Abakan no;

22 Na wɔn a wɔafa me so awo wɔn no ne me yɛ saa animuonaym no ara adedifoɔ, na wɔyɛ Abakan noasɔre.

23 Mo nso na mone Agya no wɔ hɔ mfitiaseɛ no; deɛ ɛyɛ Honhom no, mpo nokorɛ Honhom no;

24 Na nokorɛ yɛ nimdeɛ a ɛkyerɛ sɛdeɛ nneɛma teɛ, sɛdeɛ na ɛteɛ, ne sɛdeɛ ɛbɛba;

25 Na biribiara a ɛboro yei so anaa ɛsua sene yei yɛ saa otirimuɔdenfoɔ no honhom, deɛ ɔyɛ ɔtorofoɔ firi mfitiaseɛ no.

26 Nokorɛ Honhom no firi Onyankopɔn. Mene nokorɛ Honhom no, na Yohane dii me ho adanseɛ kaa sɛ: Ɔnyaa nokorɛ no mahyɛ, aane, mpo nokorɛ nyina ara;

27 Na onipa biara nnya mahyɛ bi gye sɛ ɔdi ne mmaransɛm so.

28 Deɛ ɔdi ne mmaransɛm so no nya nokorɛ ɛne hann, kɔsi sɛ wɔbɛhyɛ no animuonyam wɔ nokorɛ mu na ɔbɛhunu nneɛma nyina ara.

29 Na onipa nso ne Onyankopɔn na ɛwɔ hɔ ahyɛaseɛ no. Wɔammɔ na wɔannyɛ nhumu, anaa nokorɛ hann no, ampa ara wɔrenntumi mmɔ.

30 Nokorɛ nyina ara de wɔn ho wɔ wɔn atenaeɛ a Onyankopɔn de wɔn ato, sɛ wɔnne wɔn ho nni dwuma, sɛdeɛ nhumu nyina ara nso teɛ; anyɛ saa a anka asetena biara nni hɔ.

31 Hwɛ, yei mu na onipa fahodie wɔ, na yei mu na onipa afɔbuo wɔ; ɛfiri sɛ deɛ ɛwɔ hɔ firi mfitiaseɛ no wɔada noadi pefee akyerɛ wɔn, nanso wɔnnye hann no.

32 Na onipa biara a ne honhom nnye hann no wɔ afɔbuo ase.

33 Ɛfiri sɛ onipa yɛ honhom. Ankomadeɛ yɛ ɔnni awieɛ, na honhom ne ankomadeɛ, a aka abɔ mu a wɔrenntumi nntete mu no, nya ɛdɛ a ahyɛ mã;

34 Na sɛ ɛmu tete a, onipa nntumi nnya ɛdɛ a ahyɛ mã.

35 Ankomadeɛ yɛ Onyankopɔn tenabea; aane, onipa yɛ Onyankopɔn tenabea, mpo tɛmpol; na tɛmpol biara a wɔagu ho fi no, Onyankopɔn bɛsɛe saa tɛmpol no.

36 Onyankopɔn animuonyam yɛ nhumu, anaa, nsɛm foforɔ mu no, hann ne nokorɛ.

37 Hann ne nokorɛ pa ɔbɔnefoɔ no akyi.

38 Na onipa biara honhom nni fɔ wɔ mfitiaseɛ no; na Onyankopɔn gyee onipa firii ahweaseɛ no mu no, nnipa san kɔɔ wɔn nkɔkoaa tebea mu bio, a wɔnni fɔ wɔ Onyankopɔn anim.

39 Na saa otirimuɔdenfoɔ no ba na ɔbɛfa hann ne nokorɛ firi nnipa mma hɔ, nam asoɔden so, ne wɔn agyanom amammerɛ nti.

40 Nanso mahyɛ mo sɛ montete mo mma wɔ hann ne nokorɛ mu.

41 Nanso nokorɛ mese wo, m’akoa Frederick G. Williams, woda so wɔ saa afɔbuo yi ase;

42 Woannkyerɛ wo mma hann ne nokorɛ no, sɛdeɛ mmaransɛm no teɛ; na saa otirimuɔdenfoɔ no, da so wɔ tumi wɔ wo so, na yei ne wo amanehunu no farebae.

43 Na afei mede mmarasɛm bi ma wo—sɛ wobɛnya nkwagyeɛ a gye sɛ wosiesie wo fie yie, ɛfiri sɛ nneɛma pii wɔ hɔ a ɛnnyɛ ade pa wɔ wo fie.

44 Nokorɛ, mese m’akoa Sidney Rigdon, sɛ wɔ nneɛma bi mu no wanni me mmaransɛm so ɛfa ne mma ho; ne saa nti, di kan siesie wo fie.

45 Nokorɛ, mese m’akoa Joseph Smith, Jun., anaa nsɛm foforɔ mu, mɛfrɛ mo nnamfo, ɛfiri sɛ moyɛ me nnamfo, na mone me bɛnya apɛgyadeɛ—

46 Ɛnam wiase nti na mefrɛ mo nkoa, na me nti na moyɛ wɔn nkoa—

47 Na afei, nokorɛ mese Joseph Smith, Jun. sɛ—Woanni mmaransɛm no so, na ɛho hia sɛ wɔka w’anim wɔ Awurade anim;

48 Ɛho hia sɛ w’abusuafoɔ sakyera na wɔpa nneɛma bi akyi, na wɔde mmɔdenmmɔ paa ara tie me nsɛm, anyɛ saa a wɔbɛyi wɔn afiri wɔn tenabea.

49 Deɛ meka kyerɛ ɔbaako no meka kyerɛ obiara; wɔmmɔ mpaeɛ berɛbiara anyɛ saa a otirimuɔdenfoɔ no bɛnya tumi wɔ mo so, na ɔbɛyi mo afiri mo tenabea.

50 M’akoa Newel K. Whitney, m’asɔre hwɛfoɔ, nso hia sɛ wɔka n’anim, na ɔsiesie ne fie, na ɔhwɛ sɛ wɔbɛyɛ nsiyɛfoɔ na wɔahwɛ ayɛ fie adwuma, na wɔabɔ mpaeɛ berɛbiara, anyɛ saa a wɔbɛyi wɔn afiri wɔn tenabea.

51 Afei, mese mo, me nnamfo, sɛ momma m’akoa Sidney Rigdon ntu ne kwan, na ɔnyɛ ntɛm, na ɔmmɔ Awurade anisɔ afe no, ne nkwagyeɛ asɛmpa no nso ho dawuro, sɛdeɛ mɛkyerɛ no sɛ ɔnka no; na ɛnam mo gyedie mpaebɔ ne adwene korɔ so na mɛtae n’akyi.

52 Na momma me nkoa Joseph Smith, Jun., ne Frederick G. Williams nso nyɛ ntɛm, na wɔde bɛma wɔn mpo sɛdeɛ wɔn gyedie mpaebɔ teɛ; na mmerɛ dodoɔ a modi me nsɛm so no mo ani rennwu wɔ saa wiase yi mu, anaa wiase a ɛbɛba no mu.

53 Na, nokorɛ mese mo, sɛ ɛyɛ me pɛ sɛ mobɛyɛ ntɛm akyerɛ me twerɛsɛm no ase, na moanya abakɔsɛm ho nimdeɛ, ne aman, ne ahemman, ne Onyankopɔn ne nnipa mmara ho, na yei nyina ara Sion nkwagyeɛ nti. Amen.