Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 108


Ɔfã 108

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so, wɔ Kirtland, Ohio, Ɔpɛnimma 26, 1835. Wɔnyaa saa adiyisɛm yi ɛnam Lyman Sherman adesrɛ so, ɔno a wɔahyɛ no sɔfoɔ sɛ aduɔsonni dada na ɔde adesrɛ aba Nkɔmhyɛni no hɔ repɛ adiyisɛm ama wahunu n’asɛdeɛ.

1–3, Wɔde Lyman Sherman bɔne kyɛ no; 4–5, Wɔbɛkan no aka Asɔre mpaninfoɔ a wɔdi kan no ho; 6–8, Wɔfrɛ no sɛ ɔnka asɛmpa no na ɔnhyɛ ne nuanom no den.

1 Nokorɛ sɛdeɛ Awurade se wo, m’akoa Lyman nie: Wɔde wo bɔne akyɛ wo, esiane sɛ woayɛ setie ama me nne ɛfiri sɛ woaba ha saa anɔpa yi sɛ worebɛgye afotuo afiri deɛ mayi no no hɔ.

2 Ne saa nti, ma wo kra nhome ɛfa wo honhom mu gyinabea ho, na mma wo ne me nne nni asie bio.

3 Na sɔre na yɛ ahwɛyie paa ara firi nnɛ rekɔ wɔ w’apam kora ho, deɛ woayɛ na woyɛ no, na wɔde nhyira mmorosoɔ bɛhyira wo.

4 Fa aboterɛ twɛn kɔsi sɛ me nkoa bɛfrɛ nhyia kronkron no, afei wɔbɛkae wo ne me mpaninfoɔ a wɔdi kan no, na wo ne me mpaninfoɔ nkaeɛ a mayi wɔn no bɛnya hokwan nam asɔfohyɛ so.

5 Hwɛ, yei ne Agya no bɔhyɛ a ɔde ma wo, sɛ wokɔ so yɛ nokorɛfoɔ a.

6 Na ɛbɛhyɛ mã wɔ wo so wɔ saa da no a wobɛnya hokwan sɛ wobɛka m’asɛmpa baabibiara a mɛsoma wo, firi saa berɛ yi ne saa berɛ no de rekɔ.

7 Ne saa nti, hyɛ wo nuanom den wɔ wo nkɔmmɔdie nyina ara mu, wɔ wo mpaebɔ nyina ara mu, wɔ wo kasakyerɛ nyina ara mu, ne wo nneyɛeɛ nyina ara mu.

8 Na hwɛ, na hunu, meka woho sɛ mɛhyira wo na magye wo afebɔɔ. Amen.