Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 100


Ɔfã 100

Adiyisɛm a wɔde maa Joseph Smith Nkɔmhyɛni no ne Sidney Rigdon, wɔ Perrysburg, New York, Ahinime 12, 1833. Ɛnam sɛ anuanom baanu yi afiri wɔn mmusua nkyɛn nna pii nti, wɔnyaa atenka bi maa wɔn.

1–4, Joseph ne Sidney ka asɛmpa no ma akra nkwagyeɛ; 5–8, Wɔde bɛma wɔn wɔ dɔnhwere no ara mu deɛ ɛwɔ sɛ wɔka; 9–12, Ɛwɔ sɛ Sidney yɛ ɔkasamafo na Joseph yɛ ɔdiyifoɔ ne ɔdansedini kɛseɛ; 13–17, Awurade bɛtete nkorɔfoɔ a wɔn akoma mu teɛ, na wɔbɛgye wɔn a wɔyɛ setie no nkwa.

1 Nokorɛ, sei na Awurade se mo, me nnamfo Sidney ne Joseph, mo mmusuafoɔ ho yɛ; wɔn wɔ me nsam, na mɛyɛ wɔn sɛdeɛ ɛyɛ ma me; ɛfiri sɛ me mu na tumi nyina ara wɔ.

2 Ne saa nti, monni m’akyi, na montie afotuo a mede bɛma mo.

3 Hwɛ, na hunu, mewɔ nkorɔfoɔ bebree wɔ saa bea yi, wɔ amantam a atwa ahyia no mu; na wɔbɛbue ɛpono a ɛdi mũ wɔ amantam a atwa ahyia wɔ saa apueɛ asase yi so.

4 Ne saa nti, me, Awurade, ama ho kwan ma woaba saa bea yi; ɛfiri sɛ na ɛfata ma me ɛnam akra nkwagyeɛ nti.

5 Ne saa nti, nokorɛ mese mo, momma mo nne so wɔ saa nkorɔfoɔ yi so; monka adwene a mede bɛhyɛ mo akoma mu no, na moani rennwu wɔ nnipa anim;

6 Ɛfiri sɛ wɔde bɛma mo dɔnhwere no ara, aane, berɛ korɔ no ara mu, deɛ mobɛka.

7 Mmom mmarasɛm a mede ma mo, sɛ biribiara a mode bɛto dwa no momfa nto dwa wɔ me din mu, wɔ anidahɔ akoma mu, wɔ ɔdwoɔ honhom mu, wɔ nneɛma nyina ara mu.

8 Na mema mo saa bɔhyɛ yi sɛ, mmerɛ dodoɔ a moyɛ yei no wɔbɛsoma Sunsum Kronkron no ma biribiara a mobɛka biara no wadi ho adanseɛ.

9 Na ɛfata wɔ me mu sɛ m’akoa Sidney bɛyɛ kasamafoɔ ama saa nkorɔfoɔ yi; aane, nokorɛ, mɛhyɛ wo sɔfoɔ ama saa frɛ yi, mpo sɛ wobɛyɛ kasamafo ama m’akoa Joseph.

10 Na mɛma no tumi ma wabɛyɛ ɔdansedini kɛseɛ.

11 Na mɛma wo tumi na woabɛyɛ kɛseɛ wɔ twerɛsɛm no nkyerɛkyerɛ mu, ama woabɛyɛ kasamafo ama no, na ɔbɛyɛ odiyifoɔ ama wo, ama woahunu nneɛma nyina ara nokorɛ mu, nneɛma a ɛfa m’ahemman ho wɔ asase yi so.

12 Ne saa nti, montoa moakwantuo no so na monni ahurusie wɔ mo akoma mu; ɛfiri sɛ hwɛ, na hunu, meka mo ho mpo de kɔsi awieɛ.

13 Na afei me ma mo asɛm bi ɛfa Sion ho. Wɔbɛgye Sion, ɛmmfa ho sɛ wɔretwe n’aso berɛ tiawa bi.

14 Wo nuanom, me nkoa Orson Hyde ne John Gould, wɔ me nsam; na mmerɛ dodoɔ a wɔdi me mmaransɛm so no wɔbɛgye wɔn nkwa.

15 Ne saa nti, monkyekye moakoma werɛ; ɛfiri sɛ nneɛma nyina ara bɛbom adi aboa ma awie wɔn a wɔnante tenenee mu no yie, na ama asɔre no anya ahoteɛ.

16 Ɛfiri sɛ mɛtete nkorɔfoɔ a wɔn ho te ama me ho, wɔn a wɔbɛsom me tenenee mu;

17 Na wɔn a wɔfrɛ Awurade din nyina ara, na wɔdi ne mmaransɛm soɔ no, wɔbɛgye wɔn nkwa. Mpo saa ara. Amen.