Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 49


Ɔfã 49

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so, de maa Sidney Rigdon, Parley P. Pratt, ne Leman Copley, wɔ Kirtland, Ohio, Kɔtɔnimma 7, 1831. Nã Leman abam asɛmpa no, nanso na ɔdaso gye n’asɔre dada Shakers (United Society of Believers in Christ’s Second Appearing) nkyerɛkyerɛ bi di. Shakerfoɔ gyidie no bi ne sɛ Kristo Mmaeɛ a ɛtɔ so Mmienu no anya aba dada, na Ɔbaae wɔ ɔbaa Ann Lee nsɛsoɔ. Na wɔn nnsusu sɛ nsuo mu asubɔ ho hia. Na wɔpo awareɛ na na wɔn wɔ gyedie wɔ sugyadie asetena korakora mu. Na Shakerfoɔ no bi bara mogyanam weɛ. Ɔretwerɛ saa adiyisɛm yi nnianim no, Joseph Smith abakɔsɛm ka sɛ, “Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛnya nteaseɛ a ɛdi mũ yie ɛfa asɛm yi ho no, mebisaa Awurade, na menyaa deɛ ɛtoa so yi”. Adiyisɛm no kyerɛɛ Shaker kuo no nhyɛaseɛ adwene no bi sɛ ɛnyɛ. Anuanom a wɔaka wɔn ho asɛm dada no de adiyisɛm a wɔatwerɛ no bi kɔkyerɛɛ Shaker asafo no (a na wɔbɛn Cleveland, Ohio), na wɔkekan ne nyina ara kyerɛɛ wɔn, nanso wɔpooe.

1–7, Da ne dɔnhwere a Kristo de bɛba no wɔrennhunu kɔsi sɛ Ɔbɛba; 8–14, Ɛsɛ sɛ nnipa sakyera, gye asɛmpa no di, na wɔyɛ setie ma ayɛyɛdeɛ no ama wɔanya nkwagyeɛ; 15–16, Onyankopɔn na ahyehyɛ awareɛ; 17–21, Mogyanam die yɛ; 22–28, Sion bɛyɛ frɔmfrɔm na Lamanfoɔ no bɛhane sɛ nhyerɛne no ansa na Mmaeɛ a Ɛtɔ so Mmienu no aba.

1 Montie m’asɛm, me nkoa Sidney, ne Parley, ne Leman; na hwɛ, nokorɛ mese mo sɛ, mema mo mmarasɛm sɛ monkɔ nkɔka m’asɛmpa a moanya, mpo sɛdeɛ monyaa no no, nkyerɛ Shakerfoɔ no.

2 Hwɛ, mese mo sɛ, wɔpɛ sɛ wɔhunu nokorɛ no fã bi, na nnyɛ ne nyina ara, esiane sɛ wɔnntene wɔ m’anim na ɛho hia sɛ wɔsakyera.

3 Ɛno nti, meresoma mo, me nkoa Sidney ne Parley, sɛ monkɔ ka asɛmpa no nkyerɛ wɔn.

4 Na wɔnyi m’akoa Leman mma saa adwuma yi, ama watumi ne wɔn adwene, nnyɛ sɛdeɛ wanya afiri wɔn hɔ no teɛ, mmom tesɛ deɛ me nkoa bɛkyerɛkyerɛ no; na sɛ ɔyɛ saa a mɛhyira no, anyɛ saa a ɔrennya nkɔsoɔ.

5 Sɛdeɛ Awurade seɛ nie; na mene Onyankopɔn, na masoma me dɔ Ba a Mewoo no Korɔ aba wiase ama wiase nkwagyeɛ, na mahyɛ sɛ deɛ ɔgye no no wɔbɛgye no, na deɛ wannye no no wɔbɛbu no fɔ—

6 Na wɔayɛ Onipa Ba no mpo sɛdeɛ wɔpɛ; na wafa ne tumi wɔ n’animuonyam mu wɔ nsa nifa so, na ɔdi hene seesei wɔ soro, na ɔbɛdi hene kɔsi sɛ ɔbɛsiane aba asase so na ɔde atamfo nyina ara bɛhyɛ ne nan ase, na saa berɛ no abɛn—

7 Me, Awurade Nyankopɔn na maka; nanso dɔn no ne da no deɛ onipa biara nnim, abɔfoɔ a wɔn wɔ soro mpo nnim, na wɔrennhunu kɔsi sɛ ɔbɛba.

8 Ɛno nti, mɛpɛ sɛ nnipa nyina ara bɛsakyera, esiane sɛ obiara hyɛ bɔne ase, gye sɛ wɔn a makora ama me ho, nnipa kronkron a monnim.

9 Ɛno nti, mese mo sɛ masoma ma wɔde me daapem apam ama mo, mpo deɛ ɛwɔ hɔ firi ahyɛaseɛ no.

10 Na deɛ mahyɛ ho bɔ no, saa ara na mama aba mu na aman a wɔn wɔ asase so no bɛkoto no; na, sɛ wɔn ankasa anyɛ a, wɔbɛba fam, ɛfiri sɛ deɛ ɛno ankasa ama ne ho so seesei no, wɔbɛbrɛ no ase wɔ tumi mu.

11 Ɛno nti, mema mo mmarasɛm sɛ monkɔ saa nkorɔfoɔ yi mu, na monka nkyerɛ wɔn sɛ, sɛdeɛ me tete somafoɔ Peter kaaeɛ no:

12 Monnye Awurade Yesu din nni, deɛ na ɔwɔ asase so no, ne deɛ ɔbɛba no, mfitiaseɛ ne awieɛ no;

13 Monsakyera na wɔmmɔ mo asu wɔ Yesu Kristo din mu, sɛdeɛ mmarasɛm kronkron no teɛ, mma mo bɔne fafiri;

14 Na obiara a ɔyɛ yei no bɛnya Sunsum Kronkron akyɛdeɛ no, nam nsa a asɔre mpaninfoɔ no de gu soɔ no so.

15 Na bio, nokorɛ mese mo sɛ, obiara a ɔsi awareɛ ho kwan no mmfiri Onyankopɔn, esiane sɛ Onyankopɔn na ahyehyɛ awareɛ ama nipa.

16 Ɛno nti, ɛyɛ mmara kwan so sɛ ɔnya yere baako, na wɔn baanu ayɛ ɔhonam baako, na yei nyina ara sɛdeɛ ɛbɛtumi ahyɛ botae a wɔde bɔɔ asase no mã;

17 Na wɔatumi de nnipa dodoɔ a ɛsɛ ahyɛ no mã, sɛdeɛ n’adebɔ teɛ ansa na wɔrebɔ wiase.

18 Na obiara a ɔtua mogyanam die, sɛ mma nipa nni bie no mmfiri Onyankopɔn;

19 Ɛfiri sɛ, hwɛ, wuram mmoa ne ewiem nnomaa, ne deɛ ɛfiri asase mu ba no, wɔahyehyɛ sɛ onipa mfa nyɛ aduane ne aduradeɛ, na ama wɔatumi anya no mmorosoɔ.

20 Nanso wɔnhyehyɛɛe sɛ nipa baako nya ne ho nsene ɔfoforɔ, ɛno nti wiase da bɔne mu.

21 Na mmusuo nka onipa a ɔka mogya gu anaa ɔsɛe nam a ɔnnhia.

22 Na bio, nokorɛ mese mo sɛ, Onipa Ba no remma wɔ ɔbaa nsɛsoɔ, anaa sɛ ɔbarima a ɔretu kwan wɔ asase so.

23 Ɛno nti, mma wɔnnaadaa mo, mmom monkɔ so wɔ nokorɛdie mu, nhwɛ kwan sɛ wɔbɛwoso ɔsoro, na asase ahinhim na atɔ ntintan adi akɔneaba sɛ nsaboni, na wɔbɛmema mmonhwa so, na wɔbɛbrɛ mmepɔ ase, na ama bea kokwarikokwari abɛyɛ torontorom—na yeinom nyina ara bɛsi berɛ a ɔbɔfoɔ no bɛhyɛn ne totorobɛnto no.

24 Nanso ansa na Awurade da kɛseɛ no bɛba no, Yakob bɛyɛ frɔmfrɔm wɔ ɛserɛ no so, na Lamanfoɔ no bɛhane sɛ nhyerɛnne no.

25 Sion bɛyɛ frɔmfrɔm wɔ mmepɔ no so na ɔbɛdi ahurusi wɔ mmepɔ no so, na wɔbɛboaboa wɔn ho aba bea a mayi no so.

26 Hwɛ, mese mo, monkɔ sɛdeɛ mahyɛ mo no; monsakyera mfiri mo bɔne nyina ara ho; mommisa na mobɛnya; mommɔ mu na ɛbɛbue ama mo.

27 Hwɛ, mɛdi moanim na mabɔ mo kyidɔm; na mɛwɔ mo mfinimfini, na wɔremma moani nnwu.

28 Hwɛ, mene Yesu Kristo, na mereba mpofirim. Mpo saa ara. Amen.