Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 52


Ɔfã 52

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so de maa Asɔre no mpaninfoɔ no, wɔ Kirtland, Ohio, Ayɛwohomumɔ 6, 1831. Nã wɔayɛ nhyiamu wɔ Kirtland, a wɔhyɛɛ aseɛ Ayɛwohomumɔ da a ɛtɔ so mmiɛnsa na wɔwiee da a ɛtɔ so nsia. Saa nhyiamu yi ase na wɔyɛɛ asɔfohyɛ a ɛda nso a ɛdi kan wɔ sɔfo panin dibea mu, na wɔhunuu ahonhom atorɔfoɔ ne nnaadaafoɔ adiyie na wɔkaa wɔn anim.

1–2, Wɔbɛyɛ nhyiamu a ɛdi so no wɔ Missouri; 3–8, Wɔda mpaninfoɔ binom a wɔyiyii wɔn sɛ wɔntu kwan mmɔ mu no adi; 9–11, Ɛsɛ sɛ mpaninfoɔ no kyerɛkyerɛ deɛ asomafoɔ ne Nkɔmhyɛfoɔ no atwerɛ no; 12–21, Wɔn a Honhom no ma wɔn hann no so ayɛyie ne nyansa aba; 22–44, Wɔyi mpaninfoɔ ahodoɔ sɛ wɔnkɔka asɛmpa no wɔ berɛ a wɔretu kwan akɔ Missouri akɔyɛ nhyiamu no.

1 Hwɛ, sei na Awurade ka kyerɛ mpaninfoɔ a wafrɛ wɔn na wapa wɔn wɔ nna a ɛtwa toɔ yi mu, nam ne Honhom nne so—

2 Reka sɛ: Me, Awurade, mɛma moahunu deɛ mɛpɛ sɛ mobɛyɛ, firi saa berɛ yi kɔsi nhyiamu a ɛdi so no, a wɔbɛyɛ no wɔ Missouri, wɔ asase a mɛdwira ho ama me nkorɔfoɔ, a wɔyɛ Yakob asefoɔ nkaeɛ no, ne wɔn a wɔyɛ adedifoɔ sɛdeɛ apam no teɛ.

3 Ɛno nti, nokorɛ mese mo sɛ, ma me nkoa Joseph Smith, Jun., ne Sidney Rigdon ntu kwan berɛ a wɔbɛtumi ayɛ ahoboaboa ntɛm so afiri wɔn afie, na wɔntu kwan nkɔ Missouri asase no so.

4 Na mmerɛ dodoɔ a wɔyɛ nokorɛfoɔ ma me no, wɔbɛma wɔn ahunu deɛ wɔbɛyɛ;

5 Na mmerɛ dodoɔ a wɔyɛ nokorɛfo no, wɔbɛsan nso ama wɔn ahunu mo apɛgyadeɛ asase no.

6 Na mmerɛ dodoɔ a wɔnnyɛ nokorɛfoɔ no wɔbɛtwa wɔn atwene, mpo sɛdeɛ mepɛ, sɛdeɛ ɛyɛ ma me.

7 Na bio, nokorɛ mese mo, momma m’akoa Lyman Wight ne m’akoa John Corrill ntu wɔn kwan ntɛm so.

8 Na m’akoa John Murdock, ne m’akoa Smith nso, ntu wɔn kwan mfa Detroit kwan no so nkɔ saa bea korɔ no ara.

9 Na ma wɔntu kwan mfiri hɔ nka asɛmpa no wɔ kwan so, mma wɔnnka nsɛm foforɔ biara nnka deɛ nkɔmhyɛfoɔ ne asomafoɔ no atwerɛ no ho, ne deɛ wɔnam gyedie mpaebɔ so bɛma Ɔwerɛkyekyefoɔ no akyerɛkyerɛ wɔn.

10 Wɔnkɔ baanu baanu, na saa na wɔnka asɛmpa no wɔ kwan no so wɔ asafo biara mu, na ma wɔmmɔ asu nsuo mu, na wɔmfa wɔn nsa ngu wɔn so wɔ nsuo no nkyɛn.

11 Na sɛdeɛ Awurade seɛ nie, mɛtwa m’adwuma tia wɔ tenenee mu, na nna no reba a mɛsoma atemmuo akɔ nkonimdie mu.

12 Na ma m’akoa Lyman Wight nhwɛ yie, ɛfiri sɛ Satan pɛ sɛ ɔpɔ no sɛ ntɛtɛ.

13 Na hwɛ, deɛ ɔyɛ nokorɛfoɔ no wɔbɛyɛ no sodifoɔ wɔ nneɛma pii so.

14 Na bio, mɛma mo nhwɛsodeɛ wɔ nneɛma nyina ara mu, ama wɔannaadaa mo; ɛfiri sɛ Satan nenam asase no so, na ɔnenam na ɔredaadaa aman no—

15 Ɛno nti deɛ ɔbɔ mpaeɛ a ne honhom abotoɔ no, ɔno ara na magye no ato mu, sɛ ɔdi m’ayɛyɛdeɛ so a.

16 Deɛ ɔkasa a ne honhom abotoɔ no, deɛ ne kasa dwoɔ na ɛma nkɔsoɔ no, sɛ ɔdi m’ayɛyɛdeɛ so a, ɔno ara firi Nyankopɔn.

17 Na bio, deɛ ne ho popo wɔ me tumi ase no, wɔbɛhyɛ no den, na ɔbɛso ayɛyie ne nokorɛ aba, sɛdeɛ adiyisɛm ne nokorɛ a mede ama mo no teɛ.

18 Na bio, deɛ wɔdi ne so nkonim na ɔnnso aba no, mpo sɛdeɛ saa nhwɛsodeɛ yi teɛ no, mmfiri me hɔ.

19 Ɛno nti, ɛnam saa nhwɛsoɔ yi so na mobɛhunu ahonhom wɔ nsɛm biara mu wɔ ɔsorosoro ase nyina ara.

20 Na nna no aba; sɛdeɛ nnipa gyidie teɛ no wɔbɛyɛ ama wɔn.

21 Hwɛ, wɔde saa mmarasɛm yi ama mpaninfoɔ a wapa wɔn no nyina ara.

22 Na bio, nokorɛ mese mo sɛ, momma m’akoa Thomas B. Marsh ne m’akoa Ezra Thayre nso ntu wɔn kwan nka asɛmpa no wɔ kwan no so nkɔ saa asase korɔ no ara so.

23 Na bio, momma m’akoa Isaac Morley ne m’akoa Ezra Booth nso ntu wɔn kwan, nkɔka asɛm no wɔ kwan so wɔ saa asase yi ara so.

24 Na bio, momma me nkoa Edward Partridge ne Martin Harris ne me nkoa Sidney Rigdon ne Joesph Smith, Jun. ntu wɔn kwan.

25 Momma me nkoa David Whitmer ne Harvey Whitlock nso ntu wɔn kwan, nka asɛmpa no wɔ kwan no so nkɔ saa asase korɔ no ara so.

26 Momma me nkoa Parley P. Pratt ne Orson Pratt ntu wɔn kwan, nka asɛmpa no wɔ kwan no so, mpo nkɔ saa asase korɔ no ara so.

27 Momma me nkoa Solomon Hancock ne Simeon Carter nso ntu wɔn kwan nkɔ saa asase korɔ no ara so, nka asɛmpa no wɔ kwan no so.

28 Momma me nkoa Edson Fuller ne Jacob Scott nso ntu wɔn kwan.

29 Momma me nkoa Levi W. Hancock ne Zebedee Coltrin nso ntu wɔn kwan.

30 Momma me nkoa Reynolds Cahoon ne Samuel H. Smith nso ntu wɔn kwan.

31 Momma me nkoa Wheeler Baldwin ne William Carter nso ntu wɔn kwan.

32 Na momma wɔnhyɛ me nkoa Newel Knight ne Selah J. Griffin asɔfoɔ, na wɔn nso ntu wɔn kwan.

33 Aane, nokorɛ mese, momma yeinom ntu wɔn kwan nkɔ bea baako, mfa akwan ahodoɔ so, na onipa baako rensi ne dan wɔ ɔfoforɔ fapem so, anaa ɔntu kwan wɔ ɔfoforɔ anammɔn kwan so.

34 Deɛ ɔyɛ nokorɛfoɔ no, ɔno ara na wɔbɛkora no de aba pii ahyira no.

35 Na bio, mese mo, momma me nkoa Joseph Wakefield ne Solomon Humphrey ntu wɔn kwan nkɔ apueɛ nsase so;

36 Momma wɔne wɔn mmusua nyɛ adwuma, mma wɔnnka nneɛma foforɔ biara nkyɛn nkɔmhyɛfoɔ ne asomafoɔ no, deɛ wɔahunu ne deɛ wɔate ne deɛ wɔgye di kɛse ampa ara, sɛdeɛ nkɔmhyɛ no bɛhyɛ ma.

37 Ɛnam mmaratoɔ nti, momma wɔnnye deɛ wɔde maa Heman Basset no mfiri ne hɔ, na wɔmfa nto Simonds Ryder tiri so.

38 Na bio, nokorɛ mese mo, momma wɔnhyɛ Jared Carter sɔfo, na George James nso wɔnhyɛ no sɔfo.

39 Ma mpaninfoɔ a aka no nwɛn asɔre no, na wɔnka asɛm no wɔ amantam a atwa wɔn ho ahyia no mu; na wɔmfa wɔn ankasa nsa nyɛ adwuma ama abosonsɛm amma anaa wɔannyɛ atirimuɔdensɛm biara.

40 Na ade nyina ara mu no, monkae ɔnnibiefoɔ ne ahiafoɔ, ayarefoɔ ne amanehunufoɔ, ɛfiri sɛ deɛ ɔnnyɛ saa nneɛma yi no nnyɛ me kyidifoɔ.

41 Na bio, ma me nkoa Joseph Smith, Jun., ne Sidney Rigdon ne Edward Partridge nnye akwanya krataa mfiri asɔre no hɔ. Na ma wɔnye bi mma m’akoa Oliver Cowdery nso.

42 Na saa na, mpo sɛdeɛ maka no, sɛ moyɛ nokorɛfoɔ a mobɛhyia abɔ mu abɛdi ahurusie wɔ Missouri asase so, deɛ ɛyɛ mo apɛgyadeɛ asase no, deɛ seesei yi ɛyɛ mo atamfo asase no.

43 Nanso, hwɛ, Me, Awurade, mɛyɛ kuro no ntɛm wɔ ne berɛ mu, na mɛbɔ nokorɛfoɔ no anigyeɛ ne ahurusie abotire.

44 Hwɛ, Mene Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no, na mɛma wɔn so da a ɛtwa toɔ no. Mpo saa ara. Amen.