Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 110


Ɔfã 110

Anisoadehunu a wɔdaa n’adi kyerɛɛ Joseph Smith Nkɔmhyɛni no ne Oliver Cowdery wɔ tɛmpol no mu wɔ Kirtland, Ohio, Oforisuo 3, 1836. Na saa berɛ yi yɛ Homeda nhyiamu ase. Joseph Smith abakɔsɛm kyerɛ sɛ: “Awiaberɛ no, meboaa Titenafoɔ afoforɔ no ma wɔkyekyɛɛ Adidi Kronkron no maa Asɔre no, berɛ a yɛnya firii Dumienu no hɔ wieɛ no, wɔn a na ɛyɛ wɔn akwanya sɛ wɔdi dwuma wɔ twerɛpono kronkron no ho saa da yi. Meyɛɛ saa som yi maa me nuanom no wieɛ no, mekɔɔ ɔsɛnkafoɔ adwa no ho, na wɔasiane nkataanim no mu, na me ne Oliver Cowdery kotooe wɔ obuo ne kommyɛ mpaebɔ mu. Yɛsɔre firii mpaebɔ mu no, wɔbuee saa anisoadehunu a ɛtoa so yi maa yɛn baanu.”

1–10, Awurade Yehowa da ne ho adi wɔ animuonyam mu na ɔgye Kirtland Tɛmpol no to mu sɛ Ne fie; 11–12, Mose ne Elia da wɔn ho adi na wɔde wɔn nsafoa ne asɛmpa mmerɛ ma; 13–16, Elia san ba na ɔde n’asɛmpa berɛ ano nsafoa ma sɛdeɛ Malaki hyɛɛ ho bɔ no.

1 Wɔyii nkataanim no firii yɛn adwene mu, na wɔbuee yɛn nteaseɛ ani.

2 Yɛhunuu Awurade sɛ ɔgyina ɔsɛnkafoɔ adwa nsamsoɔ no so, wɔ yɛn anim; na wɔde sika kɔkɔɔ mapa adwinneɛ asam ne nan ase, a n’ahosuo tesɛ ɛtɔn.

3 N’ani tesɛ ogyaframa; ne tiri so nwi yɛ fitaa tesɛ sukyerɛma korɔgyeen; n’anim hwɛbea hyerɛn boro sɛdeɛ owia hyerɛn; na ne nne tesɛ asuo akɛseɛ a ɛrebɔ kirididi nnyegyeɛ, mpo Yehowa nne, a ɛreka sɛ:

4 Mene deɛ ɔdikan ne deɛ ɔdi akyire no; Mene deɛ ɔte ase; Mene deɛ wɔkuu no no; Mene mo dimafoɔ wɔ Agya no nkyɛn.

5 Hwɛ wɔde mo bɔne akyɛ mo; mo ho te wɔ m’anim; ne saa nti, momma mo tiri so na monni ahurusie.

6 Momma mo nuanom akoma nni ahurusie, na momma me nkorɔfoɔ nyina ara akoma nni ahurusie, wɔn a wɔde wɔn ahoɔden asi fie yi ama me din.

7 Ɛfiri sɛ hwɛ magye fie yi ato mu, na me din bɛtena ha; na mɛda me ho adi mmɔborɔhunu mu akyerɛ me nkorɔfoɔ wɔ saa fie yi mu.

8 Aane, mɛda me ho adi akyerɛ me nkoa, na mede me ara me nne bɛkasa akyerɛ wɔn, sɛ me nkorɔfoɔ yi bɛdi me mmaransɛm so, na wɔanngu saa fie kronkron yi ho fi a.

9 Aane mpempem ne mpempem du du akoma bɛdi ahurusie kɛseɛ ɛnam nhyira a wɔbɛhwie agu wɔn so, ne akyɛdeɛ kronkron a wɔde akyɛ me nkoa wɔ saa fie yi mu nti.

10 Na saa fie yi atenka pa bɛtrɛ akɔ amannɔne nsase so; na yei ne nhyira a wɔbɛhwie agu me nkorɔfoɔ tiri so ahyɛaseɛ. Mpo saa ara. Amen.

11 Saa anisoadehunu yi baa awieɛ no, ɔsoro buee bio maa yɛn; na Mose daa ne ho adi wɔ yɛn anim, na ɔde nsafoa a wɔde bɛboaboa Israel ano afiri asase afanan hyɛɛ yɛn nsa, ne deɛ wɔde bɛdi mmusuakuo du no anim afiri atifi asase so.

12 Na yei akyiri no, Elia daa ne ho adi, na ɔde Abraham asɛmpa berɛ no hyɛɛ yɛn nsa, na ɔkaa sɛ yɛn ne yɛn asefoɔ mu na wɔbɛhyira awoɔntoatoasoɔ a wɔdi yɛn akyi nyina ara.

13 Saa anisoadehunu yi baa awieɛ no, anisoadehunu kɛseɛ foforɔ a ɛyɛ animuonyam wɔ mu baa yɛn so; na Elia nkɔmhyɛni no a wɔfaa no kɔɔ soro a wannka owuo annhwɛ no bɛgyinaa yɛn anim, na ɔkaa sɛ:

14 Hwɛ, berɛ no aba awie, deɛ Malaki de n’ano kaaeɛ no—ɔno a ɔdii adanseɛ sɛ wɔbɛsoma ɔno [Elia], ansa na Awurade da kɛseɛ a ɛyɛ hũ no bɛba—

15 Sɛ ɔbɛdane agyanom akoma akɔ mma no so, na mma no akoma akɔ agyanom so, ama wɔammfa nnome ammɔ asase mũ no nyina ara—

16 Ne saa nti, wɔde saa asɛmpa berɛ yi nsafoa ahyɛ mo nsa; na ɛnam yei so no mobɛhunu sɛ Awurade da kɛseɛ na ɛyɛ hu no abɛn, mpo ɛwɔ apono ano.