Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 3


Ɔfã 3

Adiyisɛm a wɔde maa Nkɔmhyɛni Joseph Smith, wɔ Harmony Pennsylvania, Kutawonsa 1828, a ɛfa kratafa 116 a ɛyɛ nsa-ano atwerɛ nkyerɛaseɛ a ɛyera firii Mormon Nwoma no fa a ɛdi kan, deɛ wɔfrɛɛ no “Lihae Nwoma” no ho. Nkɔmhyɛni no de amemenemfe maa saa nkratafa yi nhwɛsoɔ firii ne nsa kɔɔ Martin Harris deɛ mu, ɔno a ɔsomm sɛ ɔtwerɛfoɔ berɛ tiawa mu wɔ Mormon Nwoma no nkyerɛaseɛ mu. Wɔnam Urim ne Tumim no so na wɔde adiyisɛm yi maae. (1:21–23.) (Hwɛ ɔfa 10.)

1–4, Awurade kwan yɛ nkyimiiɛ baako a ɛnni awieɛ; 5–15, Ɛsɛ sɛ Joseph Smith sakyera anyɛ saa a ɔbɛhwere akyɛdeɛ a wɔde kyerɛ aseɛ no; 16–20, Mormon nwoma no ba bɛgye Lihae asefoɔ no.

1 Onyankopɔn nnwuma, ne tirimpɔ, ne ne botae nntumi nnyɛ basaa, na kantom atumi ayɛ kwa.

2 Ɛnam sɛ Onyankopɔn nnante ɔkwan kɔntɔnkye so, na ɔnnane ne ho nkɔ nsa nifa anaa benkum so, na ɔnnsesa mmfiri nea waka ho nti, n’akwan yɛ tee, na ɛyɛ nkyinsoɔ baako a ɛnni awieɛ.

3 Kae, kae sɛ ɛnnyɛ Onyankopɔn adwuma na ɛyɛ basaa, na ɛyɛ nnipa adwuma;

4 Ɛte saa sɛ onipa bi bɛnya adiyisɛm bebree, anya tumi ayɛ nnwuma akɛseɛ, na sɛ ɔhoahoa ne ho wɔ ɔno ara ahoɔden mu, na ɔmmfa Onyankopɔn afotuo nnyɛ hwee, na ɔdi deɛ n’ankasa pɛ kakyerɛ no ne honam mu akɔnnɔ so a, ɛsɛ sɛ ɔhwe ase na ɔgye tenenee Nyankopɔn awerɛtɔ wɔ ne so.

5 Hwɛ, wɔde saa nneɛma yi ahyɛ wo nsa, na sɛn na na wo mmaransɛm yɛ den fa; na afei sɛ woammfom yeinom a, kae bɔhyɛ nso a wɔhyɛ maa wo no.

6 Na hwɛ, mprɛ dodoɔ a, woafom me mmaransɛm ne Onyankopɔn mmara no, na woakɔ so ama nnipa adaadaa woɔ.

7 Na hwɛ, na ɛnnsɛ sɛ anka wosuro onipa sene Onyankopɔn. Ɛwɔ mu sɛ nnipa mmfa Onyankopɔn afotuo nnyɛ hwee, na ɔkyiri ne nsɛm—

8 Nanso, ɛsɛ sɛ anka woyɛ nokorɛfoɔ; na anka ɔbɛtene ne nsa agyina w’akyi atia ɔtamfo no agyan a ɛredɛre nyina ara; na anka berɛbiara waka wo ho wohaw mu.

9 Hwɛ, wone Joseph, na wɔayi wo sɛ wobɛyɛ Awurade no adwuma, nanso ɛnam mfomsoɔ so, sɛ woannyɛ ahwɛyie a wobɛhwe ase.

10 Nanso kae, Onyankopɔn yɛ mmɔborɔhunufoɔ; ɛno nti, sakyera wɔ deɛ woayɛ a ɛne mmaransɛm a mede maa wo no bɔ abira, na woda so ara yɛ deɛ wɔayi no, a wɔafrɛ wo adwuma no ho bio;

11 Gye sɛ woyɛ yei, wɔbɛyi wo ama na wabɛyɛ sɛ nnipa biara, a wonni akyɛdeɛ biara bio.

12 Na berɛ a woyii deɛ Onyankopɔn maa wo ani ne tumi kyerɛɛ aseɛ maae no, woyii deɛ ɛyɛ kronkron de too nipa bɔnefoɔ nsam,

13 Deɛ wabu Onyankopɔn afotuo animtia, na wabu bɔhyɛ kronkron kɛseɛ a ɔyɛɛ no wɔ Onyankopɔn anim so, na ɔde ne ho too n’ankasa atemmuo so na ɔhoahoaa ne ho wɔ n’ankasa nyansa mu.

14 Na yei nti na woahwere wo dibea berɛ tiawa yi mu—

15 Ɛnam sɛ, woama ho kwan ama wɔatiatia wo kwankyerɛfoɔ afotuo so afiri mfitiaseɛ no.

16 Nanso, m’adwuma bɛfiri akɔ, sɛnea Agyenkwa no ho nimdeɛ aba wiase, nam Yudafoɔ adansedie so no, mpo saa ara na Agyenkwa no ho nimdeɛ bɛba me nkorɔfoɔ hɔ—

17 Na akɔ Nifaefoɔ, ne Yakobfoɔ, ne Yosefoɔ ne Zoramfoɔ hɔ, nam wɔn agyanom adansedie so—

18 Na saa adansedie yi bɛba Lamanfoɔ nimdeɛ mu, ne Lemuelfoɔ, ne Ismaelfoɔ, wɔn a wɔtɔɔ ape wɔ annye annie mu, ɛnam wɔn agyanom amumuyɛ nti, wɔn a Awurade ama ho kwan sɛ wɔnsɛe wɔn nuanom Nifaefoɔ no, ɛnam wɔn amumuyɛ ne wɔn akyiwadeɛ nti.

19 Na ɛnam saa botaeɛ yi nti na wɔkoraa saa mprɛte yi, a ɛkura saa twerɛtohɔsɛm yi—sɛdeɛ Awurade bɔhyɛ a ɔhyɛɛ ne nkorɔfoɔ no bɛtumi aba mu.

20 Sɛdeɛ Lamanfoɔ no bɛba wɔn agyanom nimdeɛ mu, na wɔahunu Awurade bɔhyɛ, na wɔagye asɛmpa no adi, na wɔde wɔn ho ato Yesu Kristo nnwumapa so, na wɔahyɛ wɔn animuonyam nam gyedie wɔ ne din mu, na saa ɛnam wɔn nsakyeraeɛ so wɔanya ɔgyeɛ. Amen.