Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 35


Ɔfã 35

Adiyisɛm a wɔde maa Joseph Smith Nkɔmhyɛni no ne Sidney Rigdon, wɔ Fayette, New York, anaa wɔ bea bi a ɛbɛn hɔ, Ɔpɛnimma 7, 1830.Saa berɛ yi, na Nkɔmhyɛni no de ne ho ahyɛTwerɛ Kronkron no nkyerɛaseɛ dwuma no mu, a ɛrekame ayɛ sɛ ɔyɛ no dabiara. Wɔhyɛɛ nkyerɛaseɛ dwuma no ase firii Ayɛwohomumɔ 1830, na na Oliver Cowdery ne John Whitmer asom sɛ atwerɛtwerɛfoɔ. Esiane sɛ na wɔafrɛ wɔn seesei sɛ wɔnni dwuma foforɔ bi nti, wɔnam ɔsoro yie so frɛɛ Sidney Rigdon sɛ ɔnsom sɛ Nkɔmhyɛni no twerɛfoɔ wɔ saa adwuma yi mu (hwɛ nkyekyɛmu a ɛtɔ so 20). Wɔ saa adiyisɛm yi nnianim mu no, Joseph Smith abakɔsɛm no kyerɛ sɛ: “Ɔpɛnimaa bosome mu no, Sidney Rigdon [firi Ohio] baaeɛ bɛbisaa Awurade hɔ asɛm, na ɔne Edward Partridge na ɛbaae … Saa anuanom yinom bɛduruui berɛ kakraa bi akyi no, sei na Awurade kaaeɛ.”

1–2, Sɛdeɛ nnipa bɛtumi abɛyɛ Nyankopɔn mma; 3–7, Wɔfrɛ Sidney Rigdon sɛ ɔmmɔ asu na ɔmfa Sunsum Kronkron no mma; 8–12, wɔnam gyedie so yɛ nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ; 13–16, Awurade nkoa nam Honhom no tumi so bɛposa aman no; 17–19, Joseph Smith kura ahintasɛm nsafoa no; 20–21, Wɔn a wɔayi wɔn no bɛtumi agyina Awurade mmaeɛ da no ano; 22–27, Wɔbɛgye Israel nkwa.

1 Montie Awurade mo Nyankopɔn nne, mpo Alfa ne Omega, mfitiaseɛ ne awieɛ no, ɔno a ne kwan yɛ nkyimiiɛ baako a ɛnni awieɛ no, ɔte saa nnɛ tesɛ nnora, ne afebɔɔ.

2 Mene Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no, deɛ wɔbɔɔ no asɛnnua mu maa wiase bɔne, mpo maa dodoɔ no ara a wɔbɛgye me din adie no, sɛdeɛ wɔbɛtumi abɛyɛ Onyankopɔn mma mmarima, mpo baako wɔ me mu tesɛ deɛ meyɛ baako wɔ Agya no mu, tesɛ deɛ Agya no yɛ baako wɔ me mu no, ama yɛatumi ayɛ baako.

3 Hwɛ, nokorɛ, nokorɛ, mese wo m’akoa Sidney, mahunu wo ne wo nnwuma. Mate wo mpaebɔ, na masiesie wo ama adwuma kɛseɛ bi.

4 Nhyira ne wo, ɛfiri sɛ wobɛyɛ nneɛma akɛseɛ. Hwɛ wɔsomaa wo kɔɔe, mpo tesɛ Yohane, sɛ kɔsiesie m’anim kwan no, ne Elia a ɔbɛba no, nanso na wonnim.

5 Wode nsuo na bɔɔ asu kɔɔ nsakyeraeɛ mu, nanso wɔannye Honhom Kronkron no.

6 Nanso seesei mema wo mmarasɛm bi, wode nsuo bɛbɔ asu, na wɔbɛnya Sunsum Kronkron nam nsa a wɔde gu soɔ so, mpo tesɛ tete asomafoɔ no.

7 Na ɛbɛba sɛ adwuma kɛseɛ bi bɛba asase no so, mpo wɔ Amanamanmufoɔ no ntam, ɛfiri sɛ wɔn nkwaseadeɛ ne wɔn akyiwadeɛ bɛda adi wɔ nnipa nyina ara ani so.

8 Ɛfiri sɛ Mene Onyankopɔn, na m’abasa nnyɛ tiawa; na mɛkyerɛ anwanwadeɛ, nsɛnkyerɛnne, ne ahodwirideɛ, akyerɛ obibiara a ɔgye me din die no.

9 Na obiara a ɔbɛbisa wɔ gyedie mu no, ɔbɛtutu ahonhommɔne; ɔbɛsa ayarefoɔ yareɛ; ɔbɛma anifirafoɔ ahunu adeɛ, asotifoɔ ate asɛm, emumu akasa, na apakye anante.

10 Na berɛ no reba ntɛmso a wɔbɛda nneɛma akɛseɛ adi akyerɛ nnipa mma.

11 Nanso sɛ gyedie nka ho a wɔrenntumi nna biribiara adi nnkyerɛ, gye sɛ ɔsɛeɛ wɔ Babel so, ɔno a wama aman nyina ara anom n’adwamammɔ abufuhyeɛ nsã no.

12 Na obiara nni hɔ a ɔyɛ deɛ ɛtene gye wɔn a wɔayɛ krado sɛ wɔbɛgye m’asɛmpa no mahyɛ a, mede asoma akɔma saa awoɔntoatoasoɔ yi no.

13 Ɛno nti, mefrɛ wiase nneɛma a ɛyɛ mmerɛ, wɔn a wɔnni nimdeɛ na wɔbu wɔn animtia no, sɛ wɔmfa me Honhom tumi so mposa aman no.

14 Na wɔn abasa bɛyɛ m’abasa, na mɛyɛ wɔn nkatasoɔ ne wɔn kyɛm; mɛbɔ wɔn asene abɔsoɔ, na wɔbɛko mmarima mu ama me; na wɔn atamfo bɛgu wɔn nan ase, na mɛma afena agu ama wɔn, na menam m’abuhuro gya so bɛkora wɔn.

15 Na ahiafoɔ ne wɔn a wɔdwoɔ no, wɔbɛka nsɛmpa no akyerɛ wɔn, na wɔbɛhwɛ me mmaeɛ mmerɛ no kwan, ɛfiri sɛ abɛn pa ara—

16 Na wɔbɛsua borɔdɔma dua ho abɛbusɛm no, ɛsiane sɛ seesei mpo ahuhuro berɛ abɛn.

17 Na masoma m’asɛmpa no mahyɛ no ma afiri kɔ nam m’akoa Joseph nsa so; na wɔne mmerɛyɛ mu no mahyira no;

18 Na mede ahintasɛm nsafoa a ɛfa nneɛma a wɔasɔ ano no ama no, mpo nneɛma a na ɛwɔ hɔ firi wiase fapem, ne nneɛma a ɛbɛba firi saa berɛ yi kɔsi me mmaeɛ no, sɛ ɔtena me mu a, nanso sɛ wannyɛ saa a, mede ɔfoforɔ bɛsi n’anan mu.

19 Ɛno nti, hwɛ ne so ama ne gyedie annyɛ kwa, na wɔde bɛma nam Ɔwerɛkyekyefoɔ no so, Sunsum Kronkron no, deɛ ɔnim nneɛma nyina ara no.

20 Na mema wo mmarasɛm bi― wobɛtwerɛ ama no; na wɔde twerɛsɛm no bɛma, mpo tesɛ deɛ afiri me ara me koko mu, ama wɔn a mayi wɔn no nkwagyeɛ.

21 Ɛfiri sɛ wɔbɛte me nne, na wɔbɛhunu me, na wɔrenna, na wɔbɛtumi agyina me mmaeɛ da no ano; ɛfiri sɛ wɔbɛyɛ wɔn kronkron tesɛ deɛ meyɛ kronkron no.

22 Na afei mese wo sɛ, wo ne no ntena, na ɔne wo bɛtu kwan; mmpo no, na ampa ara, saa nneɛma yi bɛba mu.

23 Na mpɛn dodoɔ ara a monntwerɛ no, hwɛ, wɔde bɛma no ahyɛ nkɔm; na wobɛka m’asɛmpa no na woadwane atoa nkɔmhyɛfoɔ kronkron no ma wɔafoa ne nsɛm a wɔde bɛma no no so.

24 Di mmaransɛm ne apam a wɔde ahyɛ wo no nyina ara so; na mɛma ɔsoro awoso ama wo yieyɔ nti, na Satan ho bɛpopo, na Sion bɛdi ahurisie wɔ mmepɔ no so na ɔbɛyɛ frɔmfrɔm;

25 Na wɔbɛgye Israel wɔ me ara me mmerɛ a ɛsɛ mu; na ɛnam nsafoa a mede ama wɔn no so bɛdi wɔn kan, na wɔnnyɛ basaa koraa bio.

26 Momma moakoma so na moani nnye, mogyeɛ retwe bɛn.

27 Monnsuro, kuo ketewa, ahemman no yɛ mo dea kɔsi sɛ mɛba. Hwɛ, mereba mpofirim. Mpo saa ara. Amen.