Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 122


Ɔfã 122

Awurade asɛm a ɛbaa Joseph Smith hɔ, berɛ a na ɔyɛ ɔdeduani wɔ Liberty afiase, Missouri, Ɔbɛnem 1839. Saa ɔfã yi yɛ nyi-firi-mu-nsɛm a ɛfiri krataa a wɔtwerɛ kɔmaa Asɔre no wɔ Ɔbɛnem 20, 1839 mu (hwɛ ɔfã 121 atifiasɛm).

1–4, Asase ano bɛbisa Joseph Smith din akyiri kwan; 5–7, Ne haw ne ɔbrɛ nyina ara bɛma no osuahunu na ama ne yiedie; 8–9, Onipa Ba no asiane akɔ yeinom nyina ara ase.

1 Asase ano bɛbisa wo din akyiri kwan, na nkwaseafoɔ bɛdi wo ho fɛw, na asamando bo bɛfu atia wo;

2 Nanso wɔn a wɔn akoma mu teɛ, ne anyansafoɔ, ne animuonyamfoɔ, ne ɔbrapafoɔ no bɛhwehwɛ afotuo, ne tumi, ne nhyira afiri wo nsa mu daadaa.

3 Na wo nkorɔfoɔ remmfa afatwafoɔ adanseɛ so nnane wɔn ho nntia wo da.

4 Ɛwom sɛ wɔn nkɛntɛnsoɔ de wo bɛkɔ amanneɛ mu, ne afiase adaban ne afasuo mu deɛ, nanso wɔbɛma wo anidie; na aka kakra bi na wo nne abɛyɛ huuhu pa ara wɔ wo atamfo mfinifini kyɛn gyata werɛmfoɔ, ɛnam wo tenenee nti; na wo Nyankopɔn bɛgyina w’akyi daa afebɔɔ.

5 Sɛ wɔfrɛ wo sɛ fa amanehunu mu; sɛ wowɔ asiane mu wɔ anuanom atorɔfoɔ ntam; sɛ wowɔ asiane mu wɔ akorɔmfoɔ ntam; sɛ wowɔ asiane mu wɔ asase so anaa ɛpo so;

6 Sɛ wɔde atorɔ kwaadu ahodoɔ nyina ara bɔ wo kwaadu; sɛ w’atamfo ba wo so; sɛ wɔte wo firi w’agya ne wo na ne wo nuanom mmarima ne mmaa ho; na sɛ w’atamfo twe afena te wo firi wo yere, ne wo mma koko mu, na wo babarima panin, a wanya mfeɛ nsia pɛ, sɔ w’ataadeɛ mu, na ɔka sɛ, m’agya adɛn na wonntumi ne yɛn nntena? O, m’agya, deɛn na nnipa yi rekɔyɛ wo? na sɛ afei wɔde afena te no firi wo ho, na wɔtwe wo kɔ afiase, na w’atamfo kyini fa wo ho tesɛ mpataku a wɔrehwehwɛ adwammaa mogya;

7 Na sɛ wɔde wo to amena no mu, anaa awudifoɔ nsa mu, na wɔbu wo kumfɔ; sɛ wɔde wo to ɛpo bunu mu; sɛ asorɔkye bɔ twi pam wo tiri so; sɛ mframa gyampaturudu bɛyɛ wo tamfo; sɛ ɔsoro muna kabii, na ankomadeɛ nyina ara kabom si wo kwan; na ɛboro ne nyina ara so no, sɛ asamando ankasa bue n’apantan trɛ n’ano mu tɛtrɛɛ di w’akyi a, me ba, hunu sɛ saa nneɛma yi nyina ara bɛma wo osuahunu, na ɛbɛyɛ ama wo yieyɛ.

8 Onipa Ba no asiane akɔ yeinom nyina ara ase. So woyɛ kɛseɛ kyɛn no anaa?

9 Ne saa nti, gyina wo kwan so, na asɔfodie no bɛkɔ so aka wo ho; ɛfiri sɛ wɔahyehyɛ wɔn ahyeɛ, wɔrenntumi mpa ho.Wɔnim wo nna, na wɔrennte wo mfeɛ so; ne saa nti, nnsuro deɛ onipa bɛtumi ayɛ, ɛfiri sɛ Onyankopɔn bɛka wo ho daa afebɔɔ.