Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 39


Ɔfã 39

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so maa James Covel, wɔ Fayette, New York, Ɔpɛpɔn 5 1831. James Covel, a na ɔyɛ Methodist sɔfoɔ no bɛyɛ mfeɛ aduanan no, ne Awurade yɛɛ apam sɛ ɔbɛdi mmara biara a Awurade de bɛma no nam Joseph Nkɔmhyɛni no so.

1–4, Ahoteɛfoɔ no wɔ tumi sɛ wɔbɛyɛ Nyankopɔn mma; 5–6, Deɛ wagye asɛmpa no agye Kristo; 7–14, Wɔhyɛ James Covel sɛ ɔmmɔ asu na ɔnyɛ adwuma wɔ Awurade bobeturo no mu; 15–21, Ɛsɛ sɛ Awurade nkoa no ka asɛmpa no ansa na Mmaeɛ a ɛtɔ so Mmienu no aba; 22–24, Wɔn a wɔgye asɛmpa no, wɔbɛboa wɔn ano wɔ mmerɛ ne mmerɛsanten mu.

1 Yɛ aso na tie deɛ ɔfiri daapem kɔsi daapem nyina ara so no nne, Me Ara Kokuroko no, mpo Yesu Kristo—

2 Wiase hann ne nkwa, hann a ɛhyerɛn wɔ sum mu, na esum no annte no aseɛ no;

3 Ɔno korɔ no a ɔbaa wɔ berɛ mpɔmpɔnsoɔ mu no wɔ me ara me deɛ mu, na me ara me deɛ annye me no;

4 Nanso dodoɔ a wɔgyee me no, memaa wɔn tumi sɛ wɔmmɛyɛ me mma mmarima; na mpo saa ara na mɛma dodoɔ a wɔbɛgye me no, tumi sɛ wɔmmɛyɛ me mma mmarima.

5 Na nokorɛ, nokorɛ, mese wo, deɛ ɔgye m’asɛmpa no, gye me; na deɛ ɔnnye m’asɛmpa no, nnye me.

6 Na m’asɛmpa nie—adwensakyera ne nsuo asubɔ, na ɛno akyi, ogya ne Sunsum Kronkron asubɔ aba, mpo Ɔwerɛkyekyefoɔ no, deɛ ɔyi nneɛma nyina ara kyerɛ, na ɔkyerɛkyerɛ ahemman n’asomdwoeɛ nneɛma no.

7 Na afei, hwɛ, mese wo, m’akoa James, mahwɛ wo nnwuma na menim wo.

8 Na nokorɛ mese wo, wo akoma tene wɔ m’anim saa berɛ yi; na, hwɛ, mede nhyira kɛseɛ agu wo tiri so;

9 Nanso, woadi awerɛhoɔ kɛseɛ, ɛfiri sɛ woapo me mmerɛ pii ɛnam ahantan ne wiase dadwen nti.

10 Nanso, hwɛ, wo gyeɛ nna aba, na sɛ wobɛtie me nne a ɛreka akyerɛ wo sɛ: Sɔre na ma wɔmmɔ wo asu, na hohoro wo bɔne, na frɛ me din, na wobɛnya me Honhom, ɛne nhyira a ɛyɛ kɛseɛ kyɛn deɛ woahunu da.

11 Na sɛ woyɛ yei a, masiesie adwuma a ɛyɛ kɛseɛ kyɛn yei ama wo. Wobɛka asɛmpa no mahyɛ no, a mede asoma akɔ wɔ nna a ɛtwa toɔ yi mu, m’apam a mede asoma akɔ sɛ wɔnkɔgye me nkorɔfoɔ ne mprenu so, wɔn a wɔfiri Israel fie no.

12 Na ɛbɛba sɛ tumi bɛba wo so; wobɛnya gyedie kɛseɛ, na mɛka wo ho na mɛdi w’anim kan.

13 Wɔafrɛ wo sɛ yɛ adwuma wɔ me bobeturo mu, na si m’asɔre, na fa Sion firi adi bra, sɛdeɛ ɛbɛdi ahurisie wɔ mmepɔ no so na ayɛ frɔmfrɔm.

14 Hwɛ, nokorɛ, nokorɛ, mese wo sɛ, wɔmfrɛɛ wo sɛ kɔ apueɛ aman mu, mmom wɔafrɛ wo sɛ kɔ Ohio.

15 Na mmerɛ dodoɔ a me nkorɔfoɔ bɛboaboa wɔn ho ano wɔ Ohio no, makora nhyira bi a wɔnhunuu ne nsɛsoɔ wɔ nnipa mma mu, na wɔbɛhwie agu wɔn tiri so. Na nnipa bɛfiri hɔ akɔ aman nyina ara mu.

16 Hwɛ, nokorɛ, nokorɛ, mese wo sɛ, nkorɔfoɔ a wɔn wɔ Ohio no frɛ me wɔ gyedie mu, na wɔdwen sɛ mɛyi me nsa afiri atemmuo a mede bɛba aman so no, nanso meremmpo m’asɛm.

17 Ɛno nti fa w’ahoɔden hyɛ aseɛ di dwuma na frɛ adwumayɛfoɔ nokorɛfoɔ bra me bobeturo mu, sɛdeɛ wɔbɛtwitwa ne nnua ho, mmerɛ a ɛtwa toɔ.

18 Na mmerɛ dodoɔ a wɔsakyera wɔn adwen na wɔgye m’asɛmpa no mahyɛ no, na wɔte wɔn ho no, mɛtwɛn me nsa wɔ atemmuo mu.

19 Ɛno nti, kɔ, na fa nne kɛseɛ tea mu ka sɛ: Ɔsoro ahemman no abɛn; tea mu ka sɛ: Hosiana! Nhyira nka Ɔsorosoro Nyankopɔn no din.

20 Kɔ na fa nsuo bɔ asu, na siesie kwan to m’anim ma me mmaeɛ no;

21 Ɛfiri sɛ mmerɛ no abɛn; da no anaa dɔnhwere no, nipa biara nnim; nanso ɛbɛba ampa ara.

22 Na deɛ ɔgye saa nneɛma yi no gye me; na wɔbɛboaboa wɔn ano mmerɛ mu ne mmerɛsanten mu.

23 Na bio, ɛbɛba sɛ dodoɔ a wode nsuo bɛbɔ wɔn asu no, wode wo nsa bɛgu wɔn so, na wɔbɛnya Sunsum Kronkron akyɛdeɛ no, na wɔbɛhwɛ me mmaeɛ ho nsɛnkyerɛnne no anim, na wɔbɛhunu me.

24 Hwɛ, mereba mpofirim. Mpo saa ara. Amen.