Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 68


Ɔfã 68

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so, wɔ Hiram, Ohio, Obubuo 1, 1831, wɔ mmuaeɛ ma mpaebɔ sɛ Awurade nna n’adwene adi mfa Orson Hyde, Luke S. Johnson, Lyman E. Johnson, ne William E. McLellin ho. Ɛwɔ mu sɛ wɔde saa adiyisɛm yi fa bi maa mmarima nnan yi deɛ, nanso emu nsɛm no fa pii fa Asɔre no nyina ara ho. Wɔ Joseph Smith akwankyerɛ so no, wɔtrɛɛ saa adiyisɛm yi mu berɛ a wɔde baa dwa so wɔ 1835 Nkyerɛkyerɛ ne Apam no mu.

1–5, Mpaninfoɔ no nsɛm a wɔnam Sunsum Kronkron so ka no yɛ twerɛsɛm; 6–12, Ɛsɛ sɛ mpaninfoɔ no ka asɛmpa no na wɔbɔ asu, na nsɛnkyerɛnne bɛdi agyedifoɔ nokorɛfoɔ akyi; 13–24, Aaron mma no mu abakan no bɛtumi asom sɛ Ɔhwɛfoɔ titenani (kyerɛ sɛ, ɔkura titenafoɔ nsafoa sɛ ɔhwɛfoɔ) wɔnam Titenafoɔ a Wɔdi Kan no akwankyerɛ no so; 25–28, Wɔhyɛ awofoɔ sɛ wɔnkyerɛ wɔn mma asɛmpa no; 29–35, Ɛsɛ sɛ Ahoteɛfoɔ di Homeda no nni, wɔde mmɔdenmmɔ yɛ adwuma, na wɔbɔ mpaeɛ.

1 Wɔnam m’akoa, Orson Hyde, asɔfohyɛ so frɛɛ no sɛ ɔmfa Onyankopɔn teasefoɔ Honhom no mmɔ daapem asɛmpa no ho dawuro, mfiri nkorɔfoɔ so nkɔ nkorɔfoɔ so, na ɛmfiri asase so nkɔ asase so wɔ atirimuɔdenfoɔ asafo mu, wɔ wɔn ahyiadan mu, ɔne wɔn redwene na ɔrɛkyerɛkyerɛ twerɛsɛm no nyina ara mu ase akyerɛ wɔn.

2 Na, monhwɛ, na monhunu, yei yɛ mfatoho ma wɔn a wɔahyɛ wɔn asɔfoɔ ama asɔfodie no nyina ara, wɔn a wɔayi wɔn asɛmpatrɛ ama wɔn sɛ wɔmfiri adi nkɔ no—

3 Na yei yɛ mfatoho ma wɔn, sɛ wɔbɛkasa sɛdeɛ Sunsum Kronkron no bɛkanyan wɔn afa.

4 Na biribibiara a wɔbɛka berɛ a Sunsum Kronkron no bɛkanyan wɔn no bɛyɛ twerɛsɛm, ɛbɛyɛ Awurade pɛ, ɛbɛyɛ Awurade adwene, ɛbɛyɛ Awurade asɛm, ɛbɛyɛ Awurade nne, ne Onyankopɔn tumi a ɛkɔ nkwagyeɛ mu.

5 Hwɛ, yei yɛ Awurade bɔhyɛ ma mo, O me nkoa.

6 Ɛno nti, momma mo bo ntɔ mo yam, na mma mo nsuro, ɛfiri sɛ me, Awurade, meka mo ho, na mɛgyina mo akyi; na mobɛdi me ho adanseɛ, mpo Yesu Kristo, sɛ meyɛ Onyankopɔn teasefoɔ no Ba, sɛ na mewɔ hɔ, sɛ mete ase, na merebɛba.

7 Yei yɛ Awurade asɛm ma wo, m’akoa Orson Hyde, ne m’akoa Luke Johnson nso, ne m’akoa Lyman Johnson, ne m’akoa William E. McLellin, ne m’asɔre mpaninfoɔ nokorɛfoɔ nyina ara—

8 Monkɔ wiase nyina ara nkɔka asɛmpa no nkyerɛ abɔdeɛ biara, na monyɛ no wɔ tumi a mede ama mo no mu, mommɔ asu wɔ Agya, ne Ɔba, ne Sunsum Kronkron no din mu.

9 Na deɛ ɔgye die na wɔbɔ no asu no, wɔbɛgye no nkwa, na deɛ ɔnnye nnie no wɔbɛbu no fɔ.

10 Na deɛ ɔgye die no wɔbɛhyira no ama nsɛnkyerɛnne adi n’akyi, mpo sɛdeɛ wɔatwerɛ no.

11 Na mo na wɔbɛma moahunu mmerɛ no nsɛnkyerɛnne, ne Onipa Ba no mmaeɛ no ho nsɛnkyerɛnne;

12 Na dodoɔ no ara a Agya no bɛdi wɔn ho adanseɛ no, mo na wɔbɛma mo tumi sɛ monsɔ wɔn ano mma nkwa a ɛnni awieɛ. Amen.

13 Na afei, deɛ ɛfa nsɛm a ɛka apam ne mmaransɛm no ho nie—

14 Aka sɛ akyire yi, wɔ Awurade mmerɛ a ɛsɛ mu no, wɔbɛyi ahwɛfoɔ foforɔ asi hɔ ama asɔre no, sɛ wɔnsom sɛdeɛ kane deɛ no teɛ;

15 Ɛno nti wɔbɛyɛ asɔfoɔ mpaninfoɔ a wɔfata, na Mɛlkisɛdɛk Asɔfodie Titenafoɔ a Wɔdi Kan no bɛyi wɔn asi hɔ, gye sɛ wɔyɛ Aaron asefoɔ ankasa.

16 Na sɛ wɔyɛ Aaron asefoɔ ankasa a mmara ma ho kwan sɛ wɔyɛ ahwɛfoɔ, sɛ wɔyɛ abakan wɔ Aaron mma mmarima no ntam a;

17 Ɛfiri sɛ abakan no kura saa asɔfodie yi titena hokwan, ne ɛho tumi anaa nsafoa.

18 Onipa biara nni saa diberɛ yi ho kwan wɔ mmara kwan so, sɛ ɔbɛkura saa asɔfodie yi nsafoa, gye sɛ ɔyɛ Aaron aseni ankasa ne n’abakan.

19 Nanso, sɛdeɛ Mɛlkisɛdɛk Asɔfodie sɔfoɔ panin kura tumi sɛ ɔde di dwuma wɔ diberɛ nketewa mu no, ɔbɛtumi adi dwuma wɔ ɔhwɛfoɔ no diberɛ mu wɔ berɛ a Aaron aseni biara nni hɔ, gye sɛ wɔfrɛ no na wɔyi no si hɔ ma saa tumi yi, wɔ Mɛlkisɛdɛk Asɔfodie Titenafoɔ a Wɔdi Kan no nsa ase.

20 Na Aaron aseni ankasa no, nso, ɛsɛ sɛ saa Titenafoɔ-yi yi wɔn, na wɔhunu wɔn sɛ wɔfata, na wɔsra wɔn ngo, na wɔhyɛ wɔn asɔfoɔ wɔ Titenafoɔ no nsa ase, anyɛ saa a wɔnni tumi wɔ mmara kwan so sɛ wɔdi dwuma wɔ wɔn asɔfodie mu.

21 Nanso, esiane sɛ ahyɛdeɛ wɔ hɔ a ɛfa asɔfodie hokwan a wɔn wɔ a ɛfiri agya siane kɔ ɔba so ho kwan nti, wɔtumi gye wɔn ngosra berɛ biara a wɔtumi kyerɛ wɔn abusua ase, anaa sɛ wɔnam adiyisɛm so hunu mu nokorɛ firi Awurade hɔ wɔ Titenafoɔ a wɔabɔ wɔn din dada no nsa ase.

22 Na bio, ɔhwɛfoɔ anaa ɔsɔfo panin a wɔbɛyi no asi hɔ ama saa ɔsom adwuma yi biara nni hɔ a wɔbɛdi n’asɛm anaa wɔbɛbu no fɔ wɔ asɛmmɔne biara ho, gye sɛ wɔyɛ yei wɔ asɔre no Titenafoɔ a Wɔdi kan no anim;

23 Na mmerɛ dodoɔ a wɔbɛhunu sɛ ɔdi fɔ wɔ saa Titenafoɔ yi anim no, ɛnam adanseɛ a wɔnntumi nnye ho kyim so no, wɔbɛbu no fɔ;

24 Na sɛ ɔsakyera a, wɔde bɛkyɛ no, sɛdeɛ asɔre no apam ne mmaransɛm teɛ.

25 Na bio, mmerɛ dodoɔ a awofoɔ wɔ mma wɔ Sion, anaa wɔ ne mpɛɛwa biara a wɔahyehyɛ mu no, a wɔnnkyerɛ wɔn mma wɔnnte nsakyeraeɛ nkyerɛkyerɛ ase, gyedie wɔ Kristo Onyankopɔn teasefoɔ Ba no mu, ne asubɔ ne nsa a wɔde gu soɔ ma Sunsum Kronkron akyɛdeɛ no, berɛ a wɔanya mfeɛ nwɔtwe no, bɔne no bɛgu wɔn awofoɔ tiri so.

26 Ɛfiri sɛ yei bɛyɛ mmara ama Sion mutefoɔ, anaa wɔ ne mpɛɛwa biara a wɔahyehyɛ mu.

27 Na wɔbɛbɔ wɔn mma asu akɔ bɔne fafiri mu berɛ a wɔanya mfeɛ nwɔtwe, na wɔagye nsa a wɔde gu soɔ no.

28 Na wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn mma nso sɛ wɔmmɔ mpaeɛ, na wɔn nante tenenee mu wɔ Awurade anim.

29 Na Sion mutefoɔ no nhyɛ Homeda no nso na wɔnyɛ no kronkron.

30 Na Sion mutefoɔ nso bɛkae wɔn nnwuma, mmerɛ dodoɔ a wɔbɛyi wɔn sɛ wɔnyɛ adwuma, wɔ nokorɛdie biara mu; ɛfiri sɛ wɔbɛkae anihafoɔ no wɔ Awurade anim.

31 Afei, Me, Awurade, Sion mutefoɔ no nnsɔ m’ani yie, ɛfiri sɛ akwadwofoɔ wɔ wɔn mu; na wɔn mma so renyini wɔ atirimuɔdensɛm mu; wɔn mmfa mmɔdemmɔ nso nnhwehwɛ daapem ahonyadeɛ, mmom adifudepɛ ahyɛ wɔn ani so mã.

32 Na ɛnnsɛ sɛ saa nneɛma yinom sisi, na ɛsɛ sɛ wɔyi firi wɔn ntam; ɛno nti, momma m’akoa Oliver Cowdery mfa saa nsɛm yi nkɔ Sion asase so.

33 Na mede mmarasɛm ma mo—ɛne sɛ, deɛ wammɔ ne mpaeɛ wɔ Awurade anim wɔ ne mmerɛ mu no, wɔmma wɔn nkae no wɔ me nkorɔfoɔ temmufoɔ no anim.

34 Saa nsɛm yi yɛ ampa ne nokorɛ; ɛno nti mma mo mmu so, anaa monnyi bi mfiri mu.

35 Hwɛ, Mene Alfa ne Omega, na mereba mpofirim. Amen.