Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 104


Ɔfã 104

Adiyisɛm a wɔde maa Nkɔmhyɛni Joseph Smith, wɔ anaa faako a ɛbɛn Kirtland, Ohio, Oforisuo 1834, ɛfa Nkabom Kuo no ho (hwɛ afã 78 ne 82 atifiasɛm). Ɛrekame ayɛ sɛ na saa berɛ yi yɛ Nkabom Kuo no agyinatukuo nhyiamu, a wɔdii nkɔmmɔ faa Asɔre no honam fam nneɛma a ɛhia pa ara ho. Kane nhyiamu a kuo no yɛɛ wɔ Oforisuo 10 no sii gyinaeɛ sɛ wɔbɛgu kuo no. Saa adiyisɛm yi hyɛɛ sɛ mmom wɔnsan nhyehyɛ kuo no bio; ɛwɔ sɛ wɔkyɛ ɛmu agyapadeɛ ma kuo mma no sɛ wɔn sohwɛ-adwuma. Akyire yi, wɔnam Joseph Smith akwankyerɛ so sesaa kasasin “Nkabom Kuo” yɛɛ no “Nhyehyɛeɛ Nkabom” wɔ adiyisɛm no mu.

1–10, Wɔbɛdome ahoteɛfoɔ a wɔto nkabom kuo mmara no; 11–16, Awurade hwɛ N’Ahoteɛfoɔ wɔ ɔno ara Ne kwan so; 17–18, Asɛmpa mmara hwɛ ahiafoɔ so; 19–46, Wɔde anuanom ahodoɔ hwɛsofoɔ-adwuma ne wɔn nhyira to dwa; 47–53, Ɛwɔ sɛ Nkabom kuo a ɛwɔ Kirtland ne kuo a ɛwɔ Sion no kyɛ wɔn mu yɛ wɔn adwuma; 54–66, Wɔhyehyɛ Awurade adekoraeɛ kronkron no sɛ wɔde bɛtintim twerɛsɛm no; 67–77, Nkabom kuo no amansan fotoɔ no bɛyɛ adwuma wɔ adwene korɔ nnyinasoɔ so; 78–86, Ɛwɔ sɛ wɔn a wɔn wɔ nkabom kuo no mu no tua wɔn aka nyina ara, na Awurade bɛgye wɔn afiri sikasɛm nkoasom mu.

1 Nokorɛ mese mo, me nnamfo, mema mo afotuo, ne mmarasɛm bi, ɛfa agyapadeɛ a ɛwɔ kuo no mu nyina ara, deɛ mahyɛ sɛ wɔnhyehyɛ na wɔnkyekyere, sɛ ɛnyɛ nkabom kuo, ne daapem nhyehyɛeɛ ma ɛnyɛ mfasoɔ mma m’asɔre, na ɛnyɛ nkwagyeɛ mma nnipa kɔsi sɛ mɛba—

2 Bɔhyɛ a ɛtim hɔ daa na ɛnnsesa ka ho sɛ, mpɛn dodoɔ a wɔn a mehyɛɛ wɔn no bɛyɛ nokorɛfoɔ no, wɔde nhyira mmɔho mmɔho bɛhyira wɔn;

3 Nanso mpɛn dodoɔ a wɔannyɛ nokorɛfoɔ no, wɔbɛnee nnome.

4 Ne saa nti, mmerɛ dodoɔ a me nkoa no mu bi anni mmaransɛm no so, na wɔnam anibere ne nnaadaa so abu apam no so no, mede nnome yaaya a ɛyɛ den adome wɔn.

5 Ɛfiri sɛ me, Awurade, ahyɛ wɔ m’akoma mu sɛ mpɛn dodoɔ a onipa bi ka nhyehyɛeɛ no ho na wɔbɛhunu no sɛ mmaratofoɔ no, anaa, nsɛm foforɔ mu no, ɔbɛbu apam a ɛkyekyere mo no so no, wɔbɛdome no wɔ n’abrabɔ mu, na mɛma onii a mepɛ atiatia ne so;

6 Ɛfiri sɛ me, Awurade, ɛnsɛ sɛ wɔsi me atwetwe wɔ saa nneɛma yi mu—

7 Na yei nyina ara ama wɔanntumi ammu wɔn a wɔdi bem wɔ mo ntam no fɔ annka wɔn a wɔnntene no ho; na ama wɔn a wɔdi fɔ wɔ mo ntam no anntumi ammfiri mu; esiane sɛ me, Awurade, de animuonyam ahenkyɛ ahyɛ mo bɔ wɔ me nsa nifa so.

8 Ne saa nti, mmerɛ dodoɔ a wɔhunu mo sɛ mmaratofoɔ no, morenntumi nnwane mmfiri m’abufuhyeɛ ho wɔ mo abrabɔ mu.

9 Na sɛ wɔnam mmaratoɔ so twa mo twene a, morenntumi mmfiri Satan akuturuku mu kɔsi ɔgyeɛ da no.

10 Na afei mema mo tumi firi saa dɔnhwere yi sɛ, sɛ wɔhunu onipa bi wɔ mo ntam a ɔka nhyehyɛeɛ no ho sɛ mmaratofoɔ na wannsakyera ammfiri bɔne no ho a, ɛnneɛ mobɛgyae no ama Satan akuturuku no; na ɔrennya tumi sɛ ɔde bɔne bɛba mo so.

11 Ɛyɛ nyansa ma me; ne saa nti, mema mo mmarasɛm bi, sɛ mobɛhyehyɛ mo ho mo ho na moayi onipa biara ne hwɛsofoɔ-adwuma;

12 Ama onipa biara atumi abu ne hwɛsofoɔ adwuma ho nkonta ama me deɛ wɔayi ama no no ho.

13 Ɛfiri sɛ ɛho hia sɛ me, Awurade, ma onipa biara bu akonta, sɛ hwɛsofoɔ wɔ asase so nhyira ho, deɛ mayɛ na masiesie ama m’abɔdeɛ no.

14 Me, Awurade, metrɛɛ ɔsoro mu, na mekyekyeree asase, me nsa ano adwinnie ankasa; na nneɛma a ɛwɔ mu nyina ara yɛ me dea.

15 Na ɛyɛ me botaeɛ sɛ mɛhwɛ m’ahoteɛfoɔ, ɛfiri sɛ nneɛma nyina ara yɛ me dea.

16 Nanso ɛho hia sɛ wɔyɛ no wɔ me ara me kwan so; na hwɛ yei ne kwan a me, Awurade, mahyɛ sɛ mede bɛhwɛ m’ahoteɛfoɔ, ama wɔama ahiafoɔ so, na wɔabrɛ adefoɔ ase.

17 Ɛfiri sɛ asase no adɔre, na deɛ ɛso obiara so, ne deɛ ɛboro so wɔ hɔ; aane, masiesie nneɛma nyina ara, na mama nnipa mma sɛ wɔnni wɔn ho so.

18 Ne saa nti, sɛ onipa biara fa ɔdodoɔ a mayɛ no, na sɛ wammfa bi amma onnibiefoɔ ne ahiafoɔ, sɛdeɛ m’asɛmpa no mmara teɛ a, ɔne atirimuɔdenfoɔ no bɛma wɔn ani so wɔ asamando, wɔ ateetee mu.

19 Na afei, nokorɛ mese mo, ɛfa kuo no agyapadeɛ no ho—

20 Momma wɔmfa bea a m’akoa Sidney Rigdon te seesei no mma no, na ɔnhwɛ asase a wɔyɛ mmoa nwoma wɔ so no so sɛ ne hwɛsofoɔ-dwuma, na ɔmfa nhwɛ ne ho berɛ a ɔreyɛ adwuma wɔ me bobeturo no mu, mpo sɛdeɛ mepɛ, berɛ a mɛhyɛ no no.

21 Na momma wɔnyɛ biribiara sɛdeɛ kuo no afotuo teɛ, ne sɛdeɛ kuo a wɔn wɔ Kirtland no nkabom pene anaa wɔn nne teɛ.

22 Na me, Awurade, de saa hwɛsofoɔ-dwuma ne nhyira yi gu m’akoa Sidney Rigdon so sɛ nhyira wɔ ɔno ne n’asefoɔ a wɔbɛdi n’akyi so;

23 Na mɛma nhyira adɔre wɔ ne so, mmerɛ dodoɔ a ɔbrɛ ne ho ase wɔ m’anim.

24 Na bio, momma wɔmfa asase a m’akoa John Johnson de n’apɛgyadeɛ dada no dii nsesa nyaae no mma m’akoa Martin Harris, sɛ ne hwɛsofoɔ-dwuma, mma ɔno ne n’asefoɔ a wɔbɛba n’akyi;

25 Na mmerɛ dodoɔ a ɔyɛ nokorɛfoɔ no, mɛma nhyira adɔre wɔ ne so ne n’asefoɔ a wɔbɛba n’akyi so.

26 Na momma m’akoa Martin Harris mfa ne sika no mmɔ me nsɛm no ho dawuro, sɛdeɛ m’akoa Joseph Smith, Jun., bɛkyerɛ.

27 Na bio, momma m’akoa Frederick G. Williams mfa bea a ɔte so seesei no.

28 Na momma m’akoa Oliver Cowdery mfa asase a ɛwɔ dan no nkyɛn no, deɛ wɔde bɛyɛ bea a wɔtintim nwoma, a ɛyɛ asase a ɛdi kan, ne asase a ne papa te so no.

29 Na momma me nkoa Frederick G. Williams ne Oliver Cowdery mfa bea a wɔtintim nwoma no ne ɛho nneɛma nyina ara.

30 Na yei bɛyɛ wɔn hwɛsofoɔ-dwuma a wɔde bɛma wɔn.

31 Na mmerɛ dodoɔ a wɔyɛ nokorɛfoɔ no, hwɛ mɛhyira wɔn, na mɛma wɔn nhyira adɔre wɔ wɔn so.

32 Na yei yɛ hwɛsofoɔ-dwuma a mede ama wɔn no ahyɛaseɛ, wɔn ne wɔn asefoɔ a wɔbɛba wɔn akyi.

33 Na mmerɛ dodoɔ a wɔyɛ nokorɛfoɔ no, mɛma nhyira adɔre wɔ wɔn so ne wɔn asefoɔ a wɔbɛba wɔn akyi so, mpo nhyira mmɔho-mmɔho.

34 Na bio, momma m’akoa John Johnson mfa fie a ɔte mu no, ne apɛgyadeɛ no nyina ara gye sɛ asase a wɔakora sɛ wɔde bɛsi me dan no, a ɛka apɛgyadeɛ no ho, ne nsase a wɔde ama m’akoa Oliver Cowdery no.

35 Na mmerɛ dodoɔ a ɔyɛ nokorɛfoɔ no, mɛma nhyira adɔre wɔ ne so.

36 Na ɛyɛ me pɛ sɛ ɔbɛtɔn nsase a wɔagya ato hɔ sɛ wɔde bɛsi m’ahoteɛfoɔ ahenkuro no, sɛdeɛ Honhom no nne bɛda no adi akyerɛ no, ne sɛdeɛ kuo no afotuo a wɔnam wɔn nne so bɛkyerɛ no teɛ.

37 Na yei ne hwɛsofoɔ-dwuma a mede ama no no ahyɛaseɛ, sɛ ɛnyɛ nhyira wɔ ɔno ne n’asefoɔ a wɔbɛba n’akyi so.

38 Na mmerɛ dodoɔ a ɔyɛ nokorɛfoɔ no, mɛma nhyira adɔre wɔ ne so.

39 Na bio, momma wɔmfa adan ne nsase a m’akoa Newel K. Whitney te so seesei no mma no, ne asase ne dan a adwadidan no wɔ so no, ne asase nso a ɛwɔ adwadidan no ntwea so wɔ n’anaafoɔ hɔ, ne asase a wɔyɛ nsõo ho adwuma wɔ so no.

40 Na mede yei nyina ara ama m’akoa Newel K. Whitney sɛ ne hwɛsofoɔ-dwuma, sɛ ɛnyɛ nhyira wɔ ne so ne n’asefoɔ a wɔbɛba wɔ n’akyi no so, ama ayɛ mfasoɔ ama me kuo no adwadidan a mahyehyɛ ama me pɛɛwa a ɛwɔ Kirtland asase so no.

41 Aane, nokorɛ, yei yɛ hwɛsofoɔ-dwuma a mede ama m’akoa N. K. Whitney, mpo adwadidan no nyina ara, ɔno ne ne nanmusifoɔ, ne n’asefoɔ a wɔbɛba wɔ n’akyi no.

42 Na mmerɛ dodoɔ a ɔyɛ nokorɛfoɔ di me mmaransɛm a mede ama no so no, mɛyɛ nhyira mpo mmɔho mmɔho agu ne so.

43 Na bio, momma wɔmfa asase a wɔagya ato hɔ sɛ wɔde bɛsi me dan no mma m’akoa Joseph Smith, Jun., a ne tenten yɛ susudua aduanan na ne tɛtrɛtɛ yɛ dumienu no, ne apɛgyadeɛ a ne papa te so seesei no nso;

44 Na yei yɛ hwɛsofoɔ-dwuma a mede ama no no ahyɛaseɛ, sɛ ɛnyɛ nhyira wɔ ɔno ne ne papa so.

45 Ɛfiri sɛ hwɛ, makora apɛgyadeɛ ama ne papa, sɛ ɔmfa nhwɛ ne ho; ne saa nti wɔbɛbu no sɛ ɔka m’akoa Joseph Smith, Jun., fiefoɔ ho.

46 Na mɛma nhyira adɔre wɔ m’akoa Joseph Smith, Jun., fiefoɔ so, mmerɛ dodoɔ a ɔyɛ nokorɛfoɔ, mpo nhyira mmɔho-mmɔho.

47 Na afei, mema mo mmarasɛm bi fa Sion ho, sɛ wɔremma monnka mo nuanom a wɔn wɔ Sion no ho sɛ nkabom kuo bio, gye sɛ saa kwan yi so—

48 Mosiesie mo ho wie a, wɔbɛfrɛ mo Sion Pɛɛwa a ɛwɔ Kirtland Ahenkuro no Nkabom Kuo. Na sɛ mo nuanom no siesie wɔn ho wie a, wɔbɛfrɛ wɔn Sion Ahenkuro no Nkabom Kuo.

49 Na wɔbɛhyehyɛ wɔn ho wɔ wɔn ankasa wɔn din mu, ne wɔn ara din mu; na wɔbɛyɛ wɔn nnwuma wɔ wɔn ankasa din mu, ne wɔn ara din mu;

50 Na mobɛyɛ mo nnwuma wɔ mo ara ankasa mo din mu, ne mo ara din mu.

51 Na mahyɛ sɛ wɔnyɛ yei mma mo nkwagyeɛ, ne wɔn nkwagyeɛ nso, ɛnam sɛ wɔapam wɔn, ne deɛ ɛbɛba nti.

52 Esiane sɛ wɔabu apam no so ɛnam mmaratoɔ, anibere ne nnaadaa nti—

53 Ne saa nti, wɔagu mo ne mo nuanom nkabom nhyehyɛeɛ no, ɛno nti saa bɛsi saa dɔnhwere yi monka wɔn ho, gye sɛ saa kwan yei so sɛdeɛ mekaaeɛ no, nam bosea so sɛdeɛ saa nhyehyɛeɛ yi agyinatuo bɛpene, sɛdeɛ mo asetena bɛma kwan na agyinatukuo no nne bɛkyerɛ.

54 Na bio, mema mo mmarasɛm ɛfa mo hwɛsofoɔ-dwuma a mayi ama mo no ho.

55 Hwɛ, saa agyapadeɛ yi nyina ara yɛ me dea, ɛnte saa a mo gyedie bɛyɛ kwa, na wɔahunu mo sɛ nyaatwomfoɔ, na moabu apam a mo ne me ayɛ no so;

56 Na sɛ agyapadeɛ no yɛ me dea a, ɛnneɛ moyɛ hwɛsofoɔ; sɛ ɛnte saa a monnyɛ hwɛsofoɔ.

57 Nanso, nokorɛ mese mo, mayi mo sɛ monyɛ hwɛsofoɔ wɔ me fie so, mpo hwɛsofoɔ ampa.

58 Na saa botaeɛ yi nti na mahyɛ mo sɛ monhyehyɛ mo ho mo ho, mpo na montintim me nsɛm, me twerɛsɛm no mahyɛ no, adiyisɛm a mede ama mo no, ne deɛ mede bɛma mo, akyire yi, berɛ ano berɛ ano—

59 Ama wɔasi m’asɔre ne m’ahemman no wɔ asase so, na asiesie me nkorɔfoɔ ama berɛ a me ne wɔn bɛtena, deɛ ɛrennkyɛ ɛbɛba no.

60 Na mobɛsiesie fotoɔ ama mo ho, na moadwira ho ama me din.

61 Na mobɛyi ɔbaako wɔ mo ntam ma wahwɛ fotoɔ no so, na wɔbɛhyɛ no sɔfoɔ ama saa nhyira yi.

62 Na wɔde nsɔano bɛto fotoɔ no ano, na wɔde nneɛma kronkron no nyina ara bɛkɔ fotoɔ hɔ; na onipa biara nni mo ntam a ɔbɛka sɛ ɛyɛ ne dea, anaa ne fã baabiara, ɛfiri sɛ ɛbɛbɔ mu ayɛ mo nyina ara dea.

63 Na mede ma mo firi saa dɔnhwere yi de rekorɔ; na afei monhwɛ sɛ mobɛkɔ so de hwɛsofoɔ-dwuma a mede ama mo no bɛdi dwuma, gye sɛ nneɛma kronkron no, na momfa ntintim saa nneɛma kronkron yi sɛdeɛ maka no.

64 Na wɔde nneɛma kronkron no so mfasoɔ no bɛgu fotoɔ hɔ, na wɔde nsɔano bɛto so; na obiara mmfa nnyɛ biribi anaa rennyi mmfiri fotoɔ no mu, anaa wɔrennsane nsɔano a wɔde bɛto so no, gye sɛ wɔnam nhyehyɛeɛ no nne so, anaa mmarasɛm so.

65 Na saa na mobɛkora nneɛma kronkron no ho mfasoɔ wɔ fotoɔ no mu, ama botaeɛ a ɛyɛ kronkron na ɛho teɛ.

66 Na wɔbɛfrɛ yei Awurade fotoɔ kronkron; na wɔde nsɔano bɛto so ama atumi ayɛ kronkron na wɔate ho ama Awurade.

67 Na bio, wɔbɛsiesie fotoɔ foforɔ, na wɔbɛyi fotosanfoɔ ama wahwɛ fotoɔ no so, na wɔde nsɔano bɛto ano;

68 Na sika biara a monya wɔ mo hwɛsofoɔ-dwuma mu no, a ɛnam mo agyapadeɛ a mede ama mo no nkɔsoɔ so, wɔ adan mu, anaa nsase, anaa anantwie, anaa nneɛma nyina ara mu, gye sɛ deɛ ɛyɛ ntwerɛeɛ kronkron na ɛho te no, a makora ama me ho ama botaeɛ kronkron a ɛho te no, wɔde bɛgu fotoɔ hɔ ntɛm ntɛm so sɛdeɛ wɔnya sika no, ɔhaha, anaa aduonum aduonum, anaa aduonu aduonu, anaa du du, anaa num num.

69 Anaa nsɛm foforɔ mu no, sɛ mo mu nipa biara nya dollar num a momma ɔmfa ngu sikakorabea hɔ; anaa sɛ ɔnya du, anaa aduonu, anaa aduonum a, anaa ɔha, momma ɔnyɛ saa ara;

70 Na mma obiara a ɔwɔ mo ntam nnka sɛ ɛyɛ ne dea; ɛfiri sɛ yei anaa ɛmu fã biara rennyɛ ne dea.

71 Na wɔremmfa ɛmu fã biara nnyɛ biribi, anaa wɔnnyi mmfiri fotoɔ no mu, gye sɛ wɔnam kuo no nne ne adwene korɔ so.

72 Na yei bɛyɛ nhyehyɛeɛ no nne ne adwene korɔ so—sɛ nipa biara a ɔwɔ mo ntam bɛka akyerɛ fotosanfoɔ no sɛ: mehia yei de aboa me wɔ me hwɛsofoɔ-dwuma mu—

73 Sɛ ɛyɛ dollar nnum, anaa sɛ ɛyɛ dollar du, anaa aduonu, anaa aduonum, anaa ɔha, a fotosanfoɔ no bɛma no sika no a ɔhwehwɛ de aboa ne ho wɔ ne hwɛsofoɔ-dwuma mu —

74 Kɔsi sɛ wɔbɛhunu no sɛ mmaratofoɔ, na ada adi pefee wɔ agyinatukuo no anim sɛ ɔnnyɛ hwɛsofoɔ nokorɛfoɔ na ɔnnim nyansa.

75 Nanso berɛ a ɔda so di mũ, na ɔyɛ nokorɛfoɔ ne nyansafoɔ wɔ ne hwɛsofoɔ-dwuma mu no, yei bɛyɛ agyinaehyɛdeɛ ama fotosanfoɔ no, sɛdeɛ fotosanfoɔ no mmfa nnkame no.

76 Nanso wɔ mmaratoɔ mu no, fotosanfoɔ no bɛhyɛ agyinatukuo no ne nhyehyɛeɛ no nne ase.

77 Na ɛba sɛ wɔhunu fotosanfoɔ no sɛ ɔnnyɛ nokorɛfoɔ na ɔnnyɛ hwɛsofoɔ nyansafoɔ a, wɔde no bɛhyɛ agyinatukuo no ne nhyehyɛeɛ no nne tumi ase, na wɔbɛyi no afiri ne tenabea, na wɔde ɔfoforɔ bɛhyɛ n’anan mu.

78 Na bio, nokorɛ mese mo, ɛfa mo aka ho no —hwɛ ɛyɛ me pɛ sɛ mobɛtua mo aka nyina ara.

79 Na ɛyɛ me pɛ sɛ mobɛbrɛ mo ho ase wɔ m’anim, na moanya saa nhyira yi nam mo nsiyɛ ne mo ahobrɛaseɛ ne mo gyedie mpaebɔ so.

80 Na mpɛn dodoɔ a moyɛ nsiyɛfoɔ ne ahobrɛaseɛfoɔ, na moda gyedie mpaebɔ adi no, hwɛ, mɛdwodwo wɔn a mode wɔn ka no akoma, kɔsi sɛ mede deɛ mode bɛgye mo ho no bɛsoma abrɛ mo.

81 Ne saa nti montwerɛ no ntɛmso nkɔ New York na montwerɛ deɛ me Honhom no bɛka akyerɛ mo; na mɛdwodwo wɔn a mode wɔn ka no akoma, ama wɔayi afiri wɔn akoma mu sɛ wɔde amanehunu bɛba mo so.

82 Na mmerɛ dodoɔ a moyɛ ahobrɛaseɛfoɔ ne nokorɛfoɔ no na mofrɛ me din no, hwɛ mɛma mo nkonimdie.

83 Mehyɛ mo bɔ sɛ, wɔbɛyi mo afiri mo nkoasom mu prɛko pɛ.

84 Sɛ monya kwan sɛ mobɛbɔ bosea ɔhaha, anaa mpem mpem, mpo kɔsi sɛ mobɛbɔ bosea a ɛdɔɔso a ɛbɛyi mo afiri nkoasom mu no, ɛyɛ mo akwannya.

85 Na momfa agyapadeɛ a mede ahyɛ mo nsa mu no nsi awowa, saa berɛ yi, nam mo din a mode ma wɔ adwene korɔ anaa kwan foforɔ so, sɛdeɛ ɛyɛ ma mo.

86 Mema mo saa akwannya yi, prɛko pɛ yi; na hwɛ, sɛ mokɔ so yɛ saa nneɛma a mede ato mo anim yi, sɛdeɛ me mmaransɛm teɛ a, saa nneɛma yi nyina ara yɛ me dea, na moyɛ me nhwɛsofoɔ, na owura no remma ho kwan sɛ wɔnsɛe ne fie. Mpo saa ara. Amen.