Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 127


Ɔfã 127

Krataa a ɛfiri Joseph Smith Nkɔmhyɛni no hɔ de ma Nna a Ɛdi Akyire yi Ahoteɛfoɔ wɔ Nauvoo, Illinois, ɛfa akwankyerɛ wɔ awufo asubɔ ho, wɔtwerɛɛ wɔ Nauvoo, Ɛbɔ 1, 1842.

1–4, Joesph Smith di ahurusie wɔ ɔtaa ne amanehunu mu; 5–12, Ɛwɔ sɛ wɔkora nwoma a ɛfa awufoɔ asubɔ ho.

1 Esiane sɛ Awurade ayi akyerɛ me sɛ m’atamfo, a wɔn wɔ Missouri ne saa Man yi mu no rehwehwɛ me bio; na esiane sɛ wɔretaa me a botae biara nnim, na wɔnni sunsum ketewa bi anaa atɛntenenee ahosuo, anaa deɛ ɛyɛ nokorɛ wɔ wɔn afa a wɔde bɛpia wɔn kwaadu bɔ so de atia me; na mpɛn dodoɔ a wɔn ntwatosoɔ nyina ara gyina atorɔ a ɛyɛ tuntunkobire so nti, madwene ahunu sɛ ɛfata na ɛyɛ nyansa ma me sɛ mefiri saa bea yi berɛ tiawa bi, ɛnam me ara m’ahobanbɔ ne saa nkorɔfoɔ yi ahobanbɔ nti. Mɛka akyerɛ wɔn a me ne wɔn wɔ adwuma yɛ no sɛ mede m’akyiri agya ananmusifoɔ ne atwerɛtwerɛfoɔ no, na wɔbɛyɛ adwuma no nyina ara ntɛmso ne kwan a ɛfata so, na wɔbɛhwɛ atɔn m’agyapadeɛ, anaa biribi foforɔ, sɛdeɛ tebea no bɛkyerɛ, anaa sɛdeɛ asetena no bɛkyerɛ, de atua maka nyina ara wɔ berɛ a ɛsɛ mu. Sɛ mete sɛ ahum no atwam kɔ koraa a, afei mɛsan m’akyiri aba mo nkyɛn bio.

2 Ɛfa asiane a wɔafrɛ me sɛ mefa mu no deɛ, mehunu no sɛ ade ketewa bi, ɛfiri sɛ onipa anibere ne n’abufuhyeɛ ayɛ me asetena me nkwa nna nyina ara; na deɛ ama ɛte saa no yɛ me ahintasɛm, ebia firi wiase fapem no wɔyii me maa botaeɛ papa, anaa bɔne bi, sɛdeɛ mobɛhunu no biara. Mo ara mommu ho atɛn. Onyankopɔn nim saa nneɛma yi nyina ara, sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne. Nanso, bunu mu asudware ne adeɛ a akokwa me. Na ne nyina ara abɛyɛ me su a ɛtɔ so mmienu ama me; na mete nka sɛ Paulo, sɛ mɛdi ahurusie wɔ amanehunu mu; ɛfiri sɛ bɛsi saa berɛ yi m’agyanom Nyankopɔn agye me afiri wɔn nyina ara nsa mu, na ɔbɛgye me firi nnɛ de rekɔ; na hwɛ, na hunu, mɛdi m’atamfo nyina ara so nkonim, ɛfiri sɛ Awurade Nyankopɔn na waka.

3 Ne saa nti, momma ahoteɛfoɔ no nyina ara nni ahurusie, na wɔn ani nye pa ara; ɛfiri sɛ Israel Nyankopɔn yɛ wɔn Nyankopɔn, na ɔbɛsusu akatua a ɛfata agu wɔn nhyɛsofoɔ nyina ara tiri so.

4 Na bio, nokorɛ sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Momma me tɛmpol ho adwuma no, ne nnwuma a mayi ama mo nyina ara no, monkɔ so na monnyae; na momma mo nsiyɛ, mo animia, mo aboterɛ, ne mo nnwuma mmɔho mmienu, na kwan biara so no morenhwere mo akatua, Asafo Awurade na ɔseɛ. Na sɛ wɔtaataa mo a, saa ara na wɔtaataa nkɔmhyɛfoɔ ne nnipa ateneneefoɔ a wɔadi mo anim kan no. Na akatua wɔ yei nyina ara ho wɔ soro.

5 Na bio, mema mo asɛm bi ɛfa mo awufoɔ asubɔ ho.

6 Nokorɛ, sɛdeɛ Awurade se mo ɛfa mo awufoɔ ho nie: Sɛ mo mu bi bɔ asu ma mo awufoɔ a, monyi abasɛm twerɛfoɔ, na momma ɔnyɛ mo asubɔ ho dansefoɔ; momma ɔmfa n’aso ntie, ama wadi adanseɛ nokorɛ mu, Awurade na ɔseɛ;

7 Ama wɔ mo atwerɛtwerɛ nyina ara mu no wɔatwerɛ no wɔ soro; biribiara a mobɛkyekyere wɔ asase so no, wɔbɛkyekyere no wɔ soro; biribiara a mobɛsane wɔ asase so no, wɔasane wɔ soro;

8 Ɛfiri sɛ mereyɛ de nneɛma bebree asan aba asase so bio, ɛfa asɔfodie no ho, Asafo Awurade na ɔseɛ.

9 Na bio, momma wɔnhyehyɛ twerɛtohɔ no ne kwan so, ama wɔde ahyɛ me tɛmpol kronkron no nwoma korabea mu, ama wɔde ayɛ nkaeɛ firi awoɔntoatoasoɔ so de kɔ awoɔntoatoasoɔ so, asafo Awurade na ɔseɛ.

10 Mɛka akyerɛ ahoteɛfoɔ no nyina ara, sɛ mewɔ ɔpɛ, a ɛyɛ ɔpɛ kɛseɛ pa ara sɛ mɛma wɔn nkyerɛkyerɛ afiri asɛnkadwa yi so afa awufoɔ asubɔ ho, Homeda a ɛreba yi. Nanso esiane sɛ ɛnni me tumi mu sɛ mɛyɛ saa nti, mɛtwerɛ Awurade asɛm berɛ ano berɛ ano, afa saa asɛm no ho, na mede yei, ne nsɛm afoforɔ bebree, bɛgu krataa so asoma abrɛ mo.

11 Afei mewie me krataa no saa berɛ yi, ɛfiri sɛ mmerɛ nni hɔ; na ɔtamfo no ayɛ krado, na sɛdeɛ Agyenkwa no kaaeɛ no, wiase sodifoɔ no reba, nanso ɔnni tumi biara wɔ me so.

12 Hwɛ, mebɔ Onyankopɔn mpaeɛ sɛ wɔbɛgye mo nyina ara nkwa. Na mede me din hyɛ aseɛ sɛ mo akoa wɔ Awurade mu, nkɔmhyɛni ne ɔdehunufoɔ ma Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ.

Joseph Smith.