Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 4


Ɔfã 4

Adiyisɛm a wɔde maae nam Nkɔmhyɛni Joseph Smith so de maa n’agya Joseph Smith Sr., wɔ Harmony, Pennsylvania, Ɔgyefuo 1829.

1–4, Ahoɔden som gye Awurade asomfoɔ; 5–6, Onyamesu ma wɔn fata ɔsom adwuma; 7, Ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ Onyankopɔn nneɛma.

1 Afei hwɛ, adwuma nwanwasoɔ rebɛfiri akɔ nnipa mma ntam.

2 Ɛno nti, O mo a moafiri aseɛ wɔ Onyankopɔn som mu, monhwɛ sɛ mode mo akoma nyina ara, tumi, adwene ne ahoɔden, som no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mobɛgyina tenenee mu wɔ Onyankopɔn anim da a ɛtwa toɔ no.

3 Ɛno nti, sɛ mowɔ ɔpɛ sɛ mobɛsom Onyankopɔn a, wɔafrɛ mo wɔ adwuma no ho;

4 Na hwɛ afuo no ahoa dada sɛ wɔtwa; na hwɛ, deɛ ɔde n’ahoɔden de ne kantankrankyi si mu no, ɔno ara bɛboa ano de asie adekoraeɛ sɛ ɔrennsɛe, mmom ɔde nkwagyeɛ brɛ ne kraa;

5 Na gyedie, anidasoɔ, ɔdɔ mapa ne ɔdɔ, ɛne ani a ɛyɛ koro wɔ Onyankopɔn animuonyam so, ma obi fata adwuma no.

6 Kae gyedie, ahonidie, nimdeɛ, anidahɔ, aboterɛ, onuadɔ, nyamesu, ɔdɔ mapa, ahobrɛaseɛ, nsiyɛ.

7 Bisa, na wobɛnya; bɔ mu na ɛbɛbue ama wo. Amen.