Twerɛnsɛm
Asɔre no Dawurubɔ 2


Asɔre no Dawurubɔ 2

Mormon Nwoma no kyerɛ sɛ yɛn “nyina ara yɛ ade korɔ ma Onyankopɔn,” a “tuntum ne fitaa, akoa ne fahodieni, ɔbarima ne ɔbaa” nyinaa ka ho (2 Nifae 26:33). Wɔ Asɔre no abakɔsɛm nyinaa mu no, wɔabɔ nnipa a wɔfiri abusuakuo ne nipakuo biara mu wɔ aman pii mu asu na wɔatena ase sɛ asɔremma nokorɛfoɔ. Wɔ Joseph Smith nkwa nna mu no, wɔhyɛɛ asɔremma tuntum binom asɔfoɔ maa asɔfodie no. Wɔ Asɔre no abakɔsɛm ahyɛaseɛ no, Asɔre mpanimfoɔ gyaee sɛ wɔde asɔfodie no rema mmarima tuntum a wɔn ase firi Abibirem. Asɔre abakɔsɛm mma nteaseɛ fann mmfa saa nneyɔeɛ yi farebae ho. Na Asɔre no akannifoɔ gye di sɛ wɔhia adiyisɛm firi Onyankopɔn hɔ a ɛbɛma wɔasesa saa nneyɔeɛ yi na wɔde mpaebɔ hwehwɛɛ akwankyerɛ. Saa adiyisɛm yi baa Asɔre no Titenani Spencer W. Kimball hɔ na wɔsii so dua kyerɛɛ Asɔre akannifoɔ afoforɔ wɔ Salt Lake Tɛmpol mu wɔ Ayɛwohomumɔ 1, 1978. Saa adiyisɛm yi yii akwansideɛ biara firii hɔ a ɛfa bɔberɛ ho a kane na ɛfa asɔfodie ho no.

Ɛkɔ Ma Wɔn a Ɛfa Wɔn ho:

Wɔ Ɛbɔ 30, 1978, wɔ Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ no afe-fa Amansan Nhyiamu a ɛtɔ so 148 no, Titenani N. Eldon Tanner, Fotufoɔ a Ɔdi kan wɔ Asɔre no Titenafoɔ a Wɔdi kan no mu no de deɛ ɛtoa soɔ yi too dwa:

Wɔ Ayɛwohomumɔ ahyɛaseɛ wɔ saa afe yi mu no, Titenafoɔ a Wɔdi kan no de too dwa sɛ Titenani Spencer W. Kimball anya adiyisɛm a ɛma kwan ma wɔde asɔfodie tumi no ne tɛmpol nhyira no ma asɔremma mmarima a wɔn ho teɛ wɔ Asɔre no mu nyina ara. Titenani Kimball asrɛ sɛ menka nkyerɛ nhyiamu no sɛ ɔnyaa saa adiyisɛm a, ɛbaa ne so wɔ adwennwene ne mpaebɔ tenten akyire no wɔ adan kronkron mu wɔ tɛmpol kronkron no mu no, ɔde too n’afotufoɔ no anim, ma wɔpenee so na wɔgye too mu. Afei wɔde too Asomafoɔ Dumienu Kuo no anim, ma wɔde anokorɔ gye too mu, na akyire yi no wɔde too Amansan Sodifoɔ a aka no nyina ara anim, maa wɔn nso de anokorɔ gye too mu.

Titenani Kimball asrɛ sɛ seesei menkenkan saa krataa yi:

Ayɛwohomumɔ 8, 1978

Wɔde ma amansan ne borɔno so asɔfodie asomfoɔ nyina ara wɔ Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ a wɔn wɔ wiase nyina ara:

Anuanom Adɔfoɔ:

Berɛ a yɛrehunu sɛ Awurade adwuma no retrɛ wɔ asase so nyina ara no, ɛyɛ yɛn anisɔ sɛ aman pii so nkorɔfoɔ ani agye asɛmpa a asan aba bio no nkransɛm no ho, na wɔabɛdɔm Asɔre no a wɔn dodoɔ rekɔ anim pa ara. Yei kannyann yɛn ma yɛanya ɔpɛ bi sɛ yɛde akwannya ne nhyira a asɛmpa no de ba no bɛma Asɔreba biara a ɔfata.

Ɛnam sɛ yɛnim bɔhyɛ a Asɔre no nkɔmhyɛfoɔ ne titenafoɔ a wɔadi yɛn anim kan no ahyɛ no nti, wɔ Onyankopɔn ɛnni awieɛ nhyehyɛeɛ mu no, yɛn nuanom a wɔfata nyina ara no bɛtumi anya asɔfodie no, na ɛnam sɛ yɛhunu wɔn a wɔde asɔfodie no akame wɔn no nokorɛdie nti, yɛde nsiyɛ asrɛ akyɛre ama yeinom, yɛn nuanom nokorɛfoɔ no, na yɛahwere nnɔnhwere bebree wɔ Tɛmpol Abansorodan no mu asrɛ ɔsoro akwankyerɛ.

Watie yɛn mpaebɔ, na ɔnam adiyisɛm so asi so dua sɛ da a wɔahyɛ ho bɔ dadaada no aba a ɔbarima nokorɛfoɔ a ɔfata biara wɔ Asɔre no mu no bɛtumi anya asɔfodie kronkron no, na wanya tumi sɛ ɔde ɛhokwan kronkron no bɛdi dwuma, na ɔne n’adɔfoɔ anya nhyira biara a ɛfiri mu ba no, a tɛmpol mu nhyira no ka ho. Ne saa nti, wɔbɛtumi ahyɛ Asɔremma mmarima a wɔfata biara asɔfoɔ, ɛmmfa ho ne wɔn nnipa ban anaa wɔn ahosuo. Wɔakyerɛ asɔfodie akannifoɔ no sɛ wɔnni nhyehyɛeɛ no so mfa ahwɛyie mmisabisa wɔn a wɔrebɛgye Aaron anaa Mɛlkisɛdɛk Asɔfodie no asɔfohyɛ no nyina ara, ama nokorɛ mu wɔahunu sɛ wɔfata susudua a wɔahyehyɛ no.

Yɛde anidahɔ ka to dwa sɛ Awurade ada ne pɛ adi afei sɛ ɔbɛhyira ne mma a wɔn wɔ asase so nyina ara, wɔn a wɔbɛtie ne nkoa a wɔama wɔn hokwan no nne, na wɔbɛsiesie wɔn ho agye asɛmpa no nhyira biara.

Yɛn Anokwafoɔ,

Spencer W. Kimball

N. Eldon Tanner

Marion G. Romney

Titenafoɔ a Wɔdi Kan no

Ɛnam sɛ yɛgye Spencer W. Kimbal to mu sɛ nkɔmhyɛni, ɔdehunufoɔ, ne odiyifoɔ, ne titenani ma Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ nti, yɛsusu sɛ yɛn a yɛyɛ mmarahyɛfoɔ kuo no bɛgye adiyisɛm yi ato mu sɛ Awurade asɛm ne ne pɛ. Wɔn a wɔpene so nyina ara, mesrɛ, momma mo nsa nifa so mfa nkyerɛ. Wɔn a wɔtia mfa nsɛnkyerɛnne korɔ no ara.

Abatoɔ a ɛfa saa nsusuiɛ yi ho nyina ara no kɔɔ anokorɔ mu de foaa so.

Salt Lake Ahenkuro, Utah, Ɛbɔ 30, 1978.