Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 50


Ɔfã 50

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so, wɔ Kirtland, Ohio, Kɔtɔnimma 1831. Joseph Smith abakɔsɛm ka sɛ na mpaninfoɔ no binom nnte ahonhom ahodoɔ a wɔada wɔn ho adie baabiara no ase, na wɔmaa saa adiyisɛm yi sɛ mmuaeɛ maa n’asɛmmisa soronko a ɛfa asɛm yi ho. Na deɛ wɔfrɛ no honhom mu nneyɛɛe no nnyɛ adeɛ a ɛho yɛ na wɔ asɔremma no ntam, a na ebinom ka sɛ wɔnya anisoadehunu ne adiyisɛm.

1–5, Atorɔ ahonhom bebree atrɛ wɔ asase so; 6–9, Mmusuo nka nyaatwomfoɔ ne wɔn a wɔatwa wɔn afiri asɔre no mu; 10–14, Ɛwɔ sɛ mpaninfoɔ no fa Honhom no so ka asɛmpa no; 15–22, Ɛhia sɛ asɛnkafoɔ ne atiefoɔ no fa Honhom no so nya hann; 23–25, Deɛ ɛmma nkɔsoɔ no mmfiri Onyankopɔn hɔ; 26–28, Wɔn a wɔyɛ nokorɛfoɔ no wɔ ade nyina ara; 29–36, Wɔn a wɔn ho te nya mpaebɔ ho mmuaeɛ; 37–46, Kristo yɛ Odwanhwɛfo Pa no ne Israel Ɔboɔ no.

1 Montie, O m’asɔre mpaninfoɔ, na monyɛ aso mma Onyankopɔn teasefoɔ no nne; na montie nyansasɛm a wɔde bɛma mo no yie, sɛdeɛ moabisa na mo adwene akɔ bɛnkorɔ mu ɛfa asɔre no ho, ne ahonhom a atrɛ akɔ asase so baabiara no.

2 Hwɛ, nokorɛ mese mo sɛ, ahonhom bebree wɔ hɔ a wɔyɛ atorɔ honhom, a wɔafiri adi akɔ asase so, redaadaa wiase.

3 Na Satan nso ahwehwɛ sɛ ɔbɛdaadaa mo, ama wadi mo so nkonim.

4 Hwɛ, Me, Awurade, ahwɛ mo, na mahunu akyiwadeɛ a ɛwɔ asɔre a ɛbɔ me din no mu.

5 Nanso nhyira ne wɔn a wɔyɛ nokorɛfoɔ na wɔgyina mu no, sɛ wɔte aseɛ anaa wɔawuo, ɛfiri sɛ wɔbɛnya nkwa a ɛnni awieɛ.

6 Nanso mmusuo nka wɔn a wɔyɛ nnaadaafoɔ ne nyaatwomfoɔ, ɛfiri sɛ, sɛdeɛ Awurade seɛ nie, mede wɔn bɛba atemmuo mu.

7 Hwɛ, nokorɛ mese mo, nyaatwomfoɔ wɔ mo mu, a wɔadaadaa ebinom, na yei ama ɔtamfo no tumi; nanso wɔbɛsan agye wɔn bio;

8 Nanso wɔbɛhunu nyaatwomfoɔ no na wɔbɛtwa wɔn atwene, sɛ wɔte ase anaa wɔawuo, mpo sɛdeɛ mepɛ; na mmusuo nka wɔn a wɔtwa wɔn twene firi asɔre no mu, ɛfiri sɛ wiase adi wɔn so nkonim.

9 Ɛno nti, ma onipa biara nhwɛ yie ama wannyɛ deɛ ɛnni nokorɛ ne tenenee mu wɔ m’anim.

10 Na afei, Awurade nam Honhom no so se n’asɔre mpaninfoɔ no sɛ, mommra na yɛmmɔ mu nnwene, sɛdeɛ mobɛte aseɛ;

11 Momma yɛnnwene mpo sɛdeɛ onipa ne ne nua yiyi atɛn anim ne anim.

12 Afei, sɛ onipa dwennwene a onipa te no aseɛ, ɛfiri sɛ ɔdwennwene sɛ onipa; mpo saa ara na Me, Awurade, ne mo bɛdwennwene sɛdeɛ mobɛte aseɛ.

13 Ɛno nti, Me Awurade bisa mo saa asɛm yi—deɛn ho nti na wɔhyɛɛ mo asɔfoɔ?

14 Sɛ momfa Honhom no so nka m’asɛmpa no, mpo Ɔwerɛkyekyefoɔ no a wɔsomaa no sɛ ɔnkyerɛ nokorɛ no.

15 Na afei monyaa ahonhom a moannte wɔn aseɛ, na mogyee wɔn sɛ wɔfiri Onyankopɔn no; wɔ yei mu no modi bem anaa?

16 Hwɛ mo ara ankasa momma saa asɛmmisa yi ho mmuaeɛ; nanso, mɛhunu mo mmɔbɔ; onii a ɔyɛ mmerɛ wɔ mo ntam no, wɔbɛhyɛ no den akyire yi.

17 Nokorɛ mese mo, deɛ mahyɛ no sɔfoɔ na masoma no sɛ ɔmfa Ɔwerɛkyekyefoɔ no so nkɔka nokorɛ asɛm no, wɔ nokorɛ Honhom mu no, so ɔnam nokorɛ Honhom no so ka asɛmpa no anaa ɔnam kwan foforɔ bi so?

18 Na sɛ ɛyɛ kwan foforɔ bi so a, ɛnneɛ ɛmmfiri Onyankopɔn.

19 Na bio, deɛ ɔgye nokorɛ asɛm no, so ɔgye no wɔ nokorɛ Honhom no so anaa kwan foforɔ bi so?

20 Sɛ ɛyɛ kwan foforɔ bi so a, ɛnneɛ ɛmmfiri Onyankopɔn.

21 Ne saa nti, adɛn nti na monntumi nnteaseɛ na monnhunu sɛ deɛ ɔnam nokorɛ Honhom no so gye asɛm no, ɔgye no wɔ berɛ a wɔnam nokorɛ Honhom no so ɛka no?

22 Ɛno nti, deɛ ɔka asɛmpa no, ne deɛ ɔgye no te wɔn ho ase, na wɔn baanu nya nkɔsoɔ na wɔdi ahurusie bɔ mu.

23 Na deɛ ɛmma nkɔsoɔ no mmfiri Onyankopɔn hɔ, na ɛyɛ sum.

24 Na deɛ ɛfiri Onyankopɔn no yɛ hann; na deɛ ɔgye hann, na ɔkɔ so wɔ Onyankopɔn mu no, nya hann bebree, na saa hann no kɔso hyerɛn na ɛhyerɛn kɔsi da a ɛdi mũ mu.

25 Na bio, nokorɛ mese mo, na meka yei ama moahunu nokorɛ no, sɛdeɛ mobɛtumi ataataa esum ma afiri mo ntam;

26 Deɛ Onyankopɔn ahyɛ no sɔfoɔ na wasoma no no, wɔayi no sɛ ɔnyɛ kɛseɛ pa ara, ɛmmfa ho sɛ ɔno na ɔyɛ kumaa pa ara ne obiara somfoɔ.

27 Ɛno nti, ɔno na nneɛma nyina ara yɛ ne dea; ɛfiri sɛ nneɛma nyina ara hyɛ n’ase, deɛ ɛwɔ soro ne asase so, nkwa no ne hann no, Honhom no ne tumi no, a Agya no de ne pɛ nam ne Ba Yesu Kristo so de asoma no.

28 Nanso onipa biara nnyɛ nneɛma nyina ara so wura, gye sɛ wɔdwira no na wɔte ne ho firi bɔne nyina ara ho.

29 Na sɛ modwira mo ho na mote mo ho firi bɔne nyina ara ho a, mobɛbisa biribiara a mopɛ wɔ Yesu din mu na wɔbɛyɛ.

30 Nanso monhunu yei, wɔbɛ kyerɛ mo deɛ mobɛbisa; na ɛsiane sɛ wɔayi mo sɛ monyɛ atire nti, ahonhom no bɛhyɛ mo ase.

31 Ɛno nti, ɛbɛba sɛ, sɛ mohunu sɛ honhom bi ada ne ho adi na monntumi nnte aseɛ a, na sɛ monnya saa honhom no a, mommisa Agya no wɔ Yesu din mu; na sɛ wamma mo saa honhom no a, ɛnneɛ monhunu sɛ ɛmmfiri Onyankopɔn.

32 Na wɔbɛma mo tumi wɔ saa honhom no so; na momfa nne kɛseɛ mmɔ dawuro ntia honhom no sɛ ɛmmfiri Onyankopɔn—

33 Mommfa animka dennen mmɔ kwaadu, ama wɔanni mo so nkonim, anaa mommfa ahomasoɔ anaa ahurusie, ama wɔanni mo so.

34 Onii a ɔnya firi Onyankopɔn hɔ no, ma no nhunu sɛ ɛfiri Onyankopɔn; na ɔnni ahurisie sɛ Onyankopɔn abu no sɛ ɔfata sɛ ɔnya.

35 Na monyɛ setie na monyɛ saa nneɛma a mo nsa aka yi, ne deɛ mobɛnya akyire yi—na Agya no de ahemman no ama mo, ne tumi a mode bɛdi nkonim wɔ nneɛma nyina ara a ɛmmfiri no no so—

36 Na hwɛ, nokorɛ mese mo sɛ, nhyira ne mo a seesei moretie saa me nsɛm yi afiri m’akoa ano, esiane sɛ wɔde mo bɔne akyɛ mo.

37 Ma m’akoa Joseph Wakefield, a ɔsɔ m’ani yie no, ne m’akoa Parley P. Pratt nkɔ nsɔre no ntam na wɔmfa kasakyerɛ nhyɛ wɔn den;

38 Ne m’akoa John Corril nso, anaa me nkoa dodoɔ no ara a wɔahyɛ wɔn asɔfoɔ wɔ saa dibea yi mu, na momma wɔnyɛ adwuma wɔ me bobeturo no mu; na mma momma obiara nnsi wɔn kwan wɔ deɛ mede ama wɔn sɛ wɔnyɛ no ho—

39 Ɛno nti, wɔ yei mu no m’akoa Edward Partridge nni bem; nanso ma ɔnsakyera na wɔde bɛkyɛ no.

40 Hwɛ, moyɛ mmɔfra nketewa na monntumi nnyina nneɛma nyina ara ano seesei; ɛsɛ sɛ monyini wɔ adom ne nokorɛ nimdeɛ mu.

41 Monnsuro, mmɔfra nketewa, ɛfiri sɛ moyɛ medea, na madi wiase so nkonim, na moka wɔn a Agya no de ama me no ho;

42 Na wɔn a Agya no de ama me no mu biara rennyera.

43 Na Agya no ne me yɛ baako. Mewɔ Agya no mu na Agya no wɔ me mu; na ɛnam sɛ moagye me nti, mowɔ me mu na mewɔ mo mu.

44 Ɛno nti, mewɔ mo mfinimfini, na mene odwanhwɛfo pa no, ne Israel boɔ no. Na deɛ ɔsi ne dan wɔ saa botan yi so no rennhwe ase da.

45 Na da no reba a mobɛte me nne na mobɛhunu me, na mobɛhunu sɛ mete ase.

46 Ne saa nti, monwɛn, sɛdeɛ mobɛyɛ krado. Mpo saa ara. Amen.