Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 138


Ɔfã 138

Anisoadehunu a wɔde maa Titenani Joseph F. Smith wɔ Salt Lake Ahenkuro mu, Utah, wɔ Ɔpɛnimma 3, 1918. Wɔ ne kasa a ɛdi kan wɔ Asɔre no Afe-fã Amansan Nhyiamu mu, wɔ Ɔpɛnimma 4, 1918 no, Titenani Smith de too dwa sɛ wanya nkitahodie kronkron bebree abosome a abɛsene kɔ no mu. Ɛmu baako a Titenani no anya wɔ da a abɛsene no mu no, ɛfa Agyenkwa no nsrahwɛ wɔ awufoɔ ahonhom no nkyɛn berɛ a na Ne nipadua wɔ damena mu no. Wɔwiee nhyiamu no ara pɛ na wɔtwerɛɛe. Wɔ Ahinime 31, 1918 no, wɔde maa afotufoɔ a wɔn wɔ Titenafoɔ a Wɔdi Kan no mu, Agyinatufoɔ Dumienu no, ne Agyapanin no, na wɔde adwenkorɔ gye too mu.

1–10, Titenani Joseph F. Smith dwene Petro ntwerɛeɛ no ne Awurade nsrahwɛ wɔ honhom wiase no ho; 11–24, Titenani Smith hunu awufoɔ ateneneefoɔ no nhyiamu wɔ paradise ne Kristo nyamedwuma wɔ wɔn ntam; 25–37, Ɔhunu kwan a wɔfaa so hyehyɛɛ asɛmpaka no wɔ ahonhom no ntam; 38–52, Ɔhunu Adam, Hawa, ne nkɔmhyɛfoɔ kronkron no mu pii wɔ honhom wiase no mu, a wɔhwɛɛ wɔn honhom tebea ansa na owusɔreɛ no bɛba no sɛ nkoasom; 53–60, Ateneneefoɔ awufoɔ wɔ saa mmerɛ yi mu no gu so reyɛ wɔn adwuma wɔ ahonhom wiase.

1 Wɔ Ahinime da a ɛtɔ so mmiɛnsa, wɔ afe apem ahankron ne dunwɔtwe mu no, na mete me dan mu a na meredwennwene twerɛsɛm no ho;

2 Na na meresusu ɔgyeɛ no mpata kɛseɛ no a Onyankopɔn Ba no yɛɛe maa wiase gyeɛ no ho;

3 Ɛnne ɔdɔ nwanwasoɔ kɛseɛ a Agya no ne Ɔba no ada no adi wɔ Ɔgyefoɔ no mmaeɛ wɔ wiase yi mu;

4 Na ɛnam ne mpata no, ne asɛmpa no nnyinasosɛm ho setie so na wɔbɛtumi agye adasamma nkwa.

5 Berɛ a na megu so reyɛ yei no, m’adwene dane kɔɔ ɔsomafoɔ Petro ntwerɛeɛ no so, a ɔde kɔmaa tete ahoteɛfoɔ a na wɔabɔ ahweteɛ wɔ Ponto, Galatia, Kapadokia, ne Asia afaafa afoforɔ nyina ara, faako a na wɔaka asɛmpa no, wɔ Awurade asɛnnuamubɔ akyire no.

6 Mebuee Twerɛ Kronkron no mu na mekann Petro nwoma a ɛdi kan no ti mmiɛnsa ne nnan, na mekenkaneeɛ no menyaa nkannyan kɛseɛ, kyɛn sɛdeɛ na manya da wɔ akenkansɛm a ɛtoa so yi ho:

7 “Ɛfiri sɛ Kristo nso hunuu bɔne ho amaneɛ prɛko, deɛ ɔtene hunu maa wɔn a wɔnntene, sɛ ɔde yɛn bɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn. Wɔkum no honam mu, na wɔmaa no tenaa ase honhom mu:

8 “Ɛno mu nso na ɔkɔ kɔkaa asɛm no kyerɛɛ ahonhom a wɔn wɔ afiase;

9 “A tete no wɔyɛɛ asoɔdenfoɔ, ɛberɛ a Onyankopɔn abodwokyɛre twɛneeɛ, Noa nna a wɔyɛɛ adaka no mu. Emu na akra kakraabi a wɔsi baawɔtwe nyaa nkwa nsuo no mu.” (1 Petro 3:18–20.)

10 “Na yei nti na wɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ awufoɔ nso, na wɔabu wɔn atɛn sɛ nnipa a wɔn wɔ honam mu, na wɔatena ase sɛdeɛ Onyankopɔn te wɔ honhom mu.” (1 Petro 4:6.)

11 Berɛ a meredwennwene saa nneɛma a wɔatwerɛ yi ho no, wɔbuee me nteaseɛ ani, na Awurade honhom baa me so, na mehunuu awufoɔ akuoakuo, nketewa ne akɛseɛ nyina ara.

12 Na na ateneneefoɔ ahonhom buburugyaa aboaboa wɔn ano akuoakuo abɔ mu wɔ bea baako, wɔn a na wɔayɛ nokorɛfoɔ fa Yesu ho adansedie no mu berɛ a na wɔn wɔ deɛ ɛwuo asetena mu no;

13 Na wɔabɔ afɔdeɛ wɔ Onyankopɔn Ba no afɔdeɛ kɛseɛ no nsɛsoɔ, na wɔahunu amanneɛ wɔ wɔn Gyefoɔ no din mu.

14 Na yeinom nyina ara afiri owuo asetena yi mu, a wɔn wɔ anidasoɔ pintinn wɔ animuonyam wusɔreɛ mu, a ɛnam Agya Nyankopɔn adom ne Ne Ba a Ɔwoo no Korɔ, Yesu Kristo so no.

15 Mehunuu sɛ na ɛdɛ ne anigyeɛ ahyɛ wɔn ma, na na wɔredi ahurisie abɔ mu ɛfiri sɛ na wɔn ɔgyeɛ da no aba.

16 Na wɔahyia mu a wɔretwɛn Onyankopɔn Ba no mmaeɛ wɔ honhom wiase, sɛ ɔde ɔgyeɛ a ɛfiri owuo mpokyerɛ mu no bɛto dwa.

17 Wɔde wɔn mfuturo a adeda no bɛsan aba pɛpɛyɛ tebea mu, dompe bɛkɔ ne dompe mu, ne ntini ne honam a ɛwɔ ho no, honhom ne honamdua no bɛka abɔ mu a wɔn mu renntete bio, ama wɔanya ɛdɛ mahyɛ.

18 Berɛ a saa nnipa buburugyaa yi retwɛn na wɔredi nkɔmmɔ, na wɔredi ahurisie wɔ wɔn gyeɛ wɔ owuo mpokyerɛ mu no, Onyankpɔn Ba no pueeɛ, na ɔde ɔgyeɛ too dwa maa nnommum a wɔadi nokorɛ no;

19 Na ɛhɔ no ɔkaa daapem asɛmpa no kyerɛɛ wɔn, ne owusɔreɛ nkyerɛkyerɛ, ne gye a wɔbɛgye adasamma afiri ahweaseɛ no ne ankorɛankorɛ bɔne mu nam nsakyeraeɛ so.

20 Nanso atirimuɔdenfoɔ no hɔ deɛ wannkɔ, na wɔn a wɔnni nyamesu ne wɔn a wɔannsakyera a wɔguu wɔn ho fi berɛ a na wɔn wɔ honam mu no, wamma ne nne so annkyerɛ wɔn;

21 Na atuatefoɔ a wɔpoo tete nkɔmhyɛfoɔ no adanseɛ ne wɔn kɔkɔbɔ no nso annhunu n’anim, na wɔahwɛ n’anim.

22 Faako a na yeinom wɔ no, na esum di hene nanso ateneneefoɔ no ntam deɛ na asomdwoeɛ wɔ hɔ;

23 Na ahoteɛfoɔ no dii ahurisie wɔ wɔn gyeɛ mu, na wɔbuu kotodwe na wɔgyee Onyankopɔn Ba no too mu sɛ wɔn Gyefoɔ ne wɔn Agyenkwa firi owuo ne ɔbonsam gya nkɔnsɔnkɔsɔn mu.

24 Wɔn anim hwɛbea hyerɛnnee, na hann a ɛfiri Awurade anim no baa wɔn so, na wɔtoo ayeyie nnwom maa ne din kronkron no.

25 Ɛyɛɛ me nwanwa, ɛfiri sɛ metee aseɛ sɛ Agyenkwa no de bɛyɛ mfeɛ mmiɛnsa na ɛyɛɛ ne nyamedwuma no wɔ Yudafoɔ no ne wɔn a wɔyɛ Israel fiefoɔ no ntam, na ɔperee sɛ ɔbɛkyerɛ wɔn daapem asɛmpa no na wafrɛ wɔn aba nsakyeraeɛ mu;

26 Na, ne nnwuma akɛseɛ, ɛne anwanwadeɛ, ne nokorɛ a ɔbɔɔ ho dawuro, wɔ tumi kɛseɛ ne tumidie mu no nyina ara akyiri no, kakraa bi pɛ na wɔtiee ne nne, na wɔdii ahurisie wɔ n’anim, na wɔnyaa nkwagyeɛ firii ne nsa mu.

27 Nanso ne nyamedwuma wɔ wɔn a wɔawuwuo no mu yɛɛ berɛ tiawa, a na ɛtwa asɛnnuamubɔ ne ne wusɔreɛ no ntam;

28 Na medwennwenee Petro nsɛm no ho—a ɔkaa sɛ Onyankopɔn Ba no kaa asɛmpa no kyerɛɛ ahonhom a wɔn wɔ afiase, a tete no wɔyɛɛ asoɔdenfoɔ, berɛ a Onyankopɔn abodwokyɛre twɛneeɛ, Noa nna no mu—ne sɛdeɛ ɛyɛɛe a ɔtumi kaa asɛmpa no kyerɛɛ saa ahonhom no na ɔyɛɛ adwuma a ɛhia wɔ wɔn ntam wɔ berɛ tiawa saa mu.

29 Na berɛ a meredwennwene ho no, wɔbuee m’ani, na wɔkanyanee me nteaseɛ, na metee aseɛ sɛ Awurade ankasa annkɔ atirimuɔdenfoɔ ne asoɔdenfoɔ no a wɔpoo nokorɛ no ntam annkɔ kyerɛkyerɛ wɔn;

30 Mmom hwɛ, ɔhyehyɛɛ ne dɔm firii ateneneefoɔ no ntam na ɔyii abɔfoɔ, maa wɔn tumi ne tumidie, na ɔmaa wɔn asodie sɛ wɔnkɔ na wɔmfa asɛmpa hann no nkɔma wɔn a na wɔn wɔ esum mu, mpo mma nnipa ahonhom nyina ara; na sei na wɔfaa so kaa asɛmpa no kyerɛɛ awufoɔ no.

31 Na abɔfoɔ a wɔayi wɔn no firii adi kɔbɔɔ Awurade anisɔ da no ho dawuro na wɔde ɔgyeɛ too dwa maa nnommumfoɔ a na wɔakyekyere wɔn no, mpo maa wɔn a wɔbɛsakyera afiri wɔn bɔne ho na wɔagye asɛmpa no nyina ara no.

32 Na sei na wɔfaa so kaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn a wɔwuwuui wɔ wɔn bɔne mu, a wɔannya nokorɛ no ho nimdeɛ, anaa wɔ wɔn mmaratoɔ mu, ɛnam sɛ wɔpoo nkɔmhyɛfoɔ no nti.

33 Wɔkyerɛkyerɛɛ yeinom gyedie wɔ Onyankopɔn mu, bɔne ho nsakyeraeɛ, asubɔ a wɔgyina mu yɛ dema afoforɔ de nya bɔne fafiri, Sunsum Kronkron akyɛdeɛ a ɛnam nsa wɔde gu soɔ so no.

34 Ne asɛmpa no nnyinasosɛm foforɔ biara a ɛhia sɛ wɔhunu ama wɔafata sɛ wɔbu wɔn atɛn sɛ nnipa a wɔn wɔ honam mu na wɔatena ase sɛdeɛ Onyankopɔn te wɔ Honhom mu.

35 Ɛno nti wɔdaa no adi kyerɛɛ awufoɔ no, nketewa ne akɛseɛ nyina ara, abɔnefoɔ ne nokorɛdifoɔ nso, sɛ wɔayɛ ɔgyeɛ nam Nyankopɔn Ba no afɔdeɛ wɔ asɛnnua no so.

36 Saa na wɔdaa no adi sɛ yɛn Gyefoɔ no dii ne mmerɛ wɔ ahonhom wiase hɔ wɔ n’akwantuo no mu, de yɛɛ nkyerɛkyerɛ, ne ahosiesie maa nkɔmhyɛfoɔ nokorɛfoɔ no ahonhom a wɔdii ne ho adanseɛ wɔ honam mu no;

37 Ama wɔatumi de ɔgyeɛ nkransɛm no akɔma awufoɔ no nyina ara, wɔn a ɔno ankasa anntumi annkɔ wɔn nkyɛn no, esiane wɔn atuateɛ ne wɔn mmaratoɔ nti, ama wɔafa ne nkoa no som so atumi ate ne nsɛm no.

38 Wɔ atitire ne atumfoɔ no a wɔhyiaae wɔ saa ateneneefoɔ asafomma kɛseɛ yi ntam no na Agya Adam, Deɛ Wadi Nna pii a ɔyɛ obiara agya no ka ho bi.

39 Ɛne yɛn Maame animuonyamfoɔ Hawa, ne ne mma mmaa nokorɛfoɔ pii a wɔatena ase wɔ mfeɛ pii mu na wɔasom Onyankopɔn nokorɛfoɔ ne teasefoɔ no.

40 Habel, mogyadansefoɔ a ɔdi kan no wɔ hɔ, ne ne nua Set, atumfoɔ no mu baako, deɛ ne nsɛsoɔ tesɛ n’agya, Adam no.

41 Noa, deɛ ɔmaa nsuyire ho kɔkɔbɔ no; Sem, ɔsɔfoɔ panin kɛseɛ no; Abraham, nokorɛdifoɔ Agya no; Isak, Yakob, ne Mose, Israel mmarahyɛfoɔ kɛseɛ no;

42 Na Yesaia nso wɔ hɔ, deɛ ɔnam nkɔmhyɛ so bɔɔ dawuro sɛ wɔasra Ɔgyefoɔ no ngo sɛ ɔnkyekyere wɔn a wɔn akoma abubuo no werɛ, sɛ ɔmmɔ fahodie ho dawuro nkyerɛ nnommumfoɔ no, ne afiase mmueɛ mma wɔn a wɔakyekyere wɔn no.

43 Afei nso, Hesekiel, a wɔkyerɛɛ no nnompe a ɛho akokwa wɔ bonhwa kɛseɛ bi mu wɔ anisoadehunu mu, deɛ wɔde honam bɛdura ho, na wɔafiri adi aba bio wɔ awufoɔ wusɔreɛ mu, sɛ akra ateasefoɔ;

44 Daniel, a ɔhunuui na ɔhyɛɛ nkɔm faa Onyankopɔn ahemman no nkyekyereɛ ho wɔ nna a ɛdi akyire no mu, a wɔnnsɛe no bio da anaa wɔremmfa mma nnipa foforɔ no;

45 Elia, a na ɔne Mose wɔ Nsakyeraeɛ Bepɔ no so;

46 Ne Malaki, nkɔmhyɛni no a ɔdii adanseɛ faa Elia mmaeɛ ho no—deɛ Moronae nso kaa ne ho asɛm kyerɛɛ Nkɔmhyɛni Joseph Smith no, de too dwa sɛ ɛwɔ sɛ ɔba ansa na wɔde Awurade da kɛseɛ a ɛyɛ hu no ahyɛnmu no─ nso wɔ hɔ bi.

47 Na ɛwɔ sɛ nkɔmhyɛni Elia dua bɔhyɛ a wɔde hyɛɛ wɔn agyanom no wɔ mma no akoma mu,

48 Ɛno na ɛkyerɛ adwuma kɛseɛ a na wɔrebɛyɛ wɔ Awurade tɛmpol mu asɛmpa berɛ mu mahyɛ no mu, ayɛ ɔgyeɛ ama awufoɔ, ayɛ mma nsɔano ama wɔn awofoɔ, anyɛ saa a wɔde nnome bɛbɔ asase no nyina ara ma asɛe korakora wɔ ne mmaeɛ no.

49 Yeinom nyina ara ɛne dodoɔ no ara, mpo na nkɔmhyɛfoɔ a wɔtenaa Nifaefoɔ no ntam na wɔdii Onyankopɔn Ba no mmaeɛ ho adanseɛ no fraa mu wɔ nhyiamu kɛseɛ no mu a na wɔretwɛn wɔn gyeɛ,

50 Ɛfiri sɛ na awufoɔ no ahwɛ mmerɛ tenten a na wɔn ahonhom nni wɔn nnipadua no mu sɛ nkoasom.

51 Awurade kyerɛɛ yeinom adeɛ, na ɔmaa wɔn tumi sɛ wɔmfiri awufoɔ mu mfiri adi, ne wusɔreɛ akyiri no, na wɔnwura n’Agya ahemman mu, ɛhɔ na wɔde ɔnnwuo tebea ne nkwa a ɛnni awieɛ bɛhyɛ wɔn ahenkyɛ.

52 Na wɔbɛtoa wɔn adwuma so firi saa berɛ no de rekorɔ sɛdeɛ Awurade ahyɛ ho bɔ no, na wɔbɛnya nhyira biara a wɔakora ama wɔn a wɔdɔ no no mu kyɛfa.

53 Nkɔmhyɛni Joseph Smith, ne me Papa, Hyrum Smith, Brigham Young, John Taylor, Wilford Woodruff, ne ahonhom afoforɔ a wɔsom bo a wɔkoraa wɔn sɛ wɔmfiri adi mmra wɔ mmerɛ mahyɛ mu na wɔmmɛka ho nto nna a ɛdi akyire adwuma kɛseɛ no fapem,

54 Ɛne tɛmpol sie ne ayɛyɛdeɛ ho dwumadie a wɔyɛ no wɔ mu de gye awufoɔ no—nso wɔ honhom wiase hɔ bi.

55 Mehunuu sɛ wɔn a wɔyii wɔn ahyɛaseɛ no sɛ wɔmmɛyɛ sodifoɔ wɔ Onyankopɔn Asɔre no mu nso wɔ animuonyamfoɔ ne atitire no ntam.

56 Mpo ansa na wɔrebɛwo wɔn no, wɔ ne afoforɔ pii nyaa wɔn adesua a ɛdi kan wɔ ahonhom no wiase na wɔsiesiee wɔn sɛ wɔmfiri adi mmra wɔ Awurade berɛ a ɛsɛ mu mmɛyɛ adwuma wɔ ne bobeturo no mu ama nnipa akra anya nkwagyeɛ.

57 Mehunuu sɛ saa asɛmpa berɛ mpanin nokorɛfoɔ no, sɛ wɔfiri ewuo asetena yi mu a, wɔtoa wɔn nnwuma so ka nsakyeraeɛ ne ɔgyeɛ asɛmpa no a ɛnam Onyankopɔn Ba a Ɔwoo no Korɔ no afɔdeɛ no so, wɔ wɔn a wɔn wɔ esum mu na wɔhyɛ bɔne nkoasom ase wɔ awufoɔ ahonhom wiase kɛseɛ no mu.

58 Awufoɔ a wɔsakyera no wɔbɛgye wɔn, nam setie a wɔyɛ ma ayɛyɛdeɛ a ɛwɔ Onyankopɔn fie no mu,

59 Na akyire yi a wɔatua wɔn mmarato ho asotwe awie, na wɔahohoro wɔn ho ma wɔn ho ate no, wɔbɛnya akatua sɛdeɛ wɔn nnwuma teɛ, ɛfiri sɛ wɔyɛ nkwagyeɛ adedifoɔ.

60 Na saa na wɔyii awufoɔ gyeɛ ho anisoadehunu kyerɛɛ me, na medi adanseɛ, na menim sɛ saa adanseɛ yi yɛ nokorɛ, nam yɛn Awurade ne yɛn Agyenkwa, Yesu Kristo nhyira so, mpo saa ara. Amen.