Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 137


Ɔfã 137

Anisoadehunu a wɔde maa Joseph Smith Nkɔmhyɛni no wɔ Kirtland Tɛmpol mu, Ohio, Ɔpɛpɔn 21, 1836. Na saa berɛ yi yɛ ayɛyɛdeɛ ho dwumadie a wɔde reyɛ krado ama tɛmpol no nteho.

1–6, Nkɔmhyɛni no hunu ne nua Alvin wɔ sɛlɛstia ahemman mu; 7–9, Wɔda awufoɔ nkwagyeɛ nkyerɛkyerɛ no adi; 10, Wɔgye mmɔfra nyina ara nkwa wɔ sɛlɛstia ahemman mu.

1 Ɔsorosoro buee wɔ yɛn so, na mehunuu Onyankopɔn sɛlɛstia ahemman no, ne n’animuonyam no, sɛ na mewɔ honam mu anaa menni honam mu o, merenntumi nnkyerɛ.

2 Mehunuu ɔpono a ɛyɛ fɛ boro so no, a wɔn a wɔbɛnya ahemman no bɛwura mu no, a ɛte sɛ gyaframa a etwa kɔntɔnkrɔn;

3 Ɛnne Onyankopɔn gya framfram ahennwa no nso, deɛ na Agya ne Ɔba no te soɔ no.

4 Mehunuu saa ahemman no borɔno-akwan fɛɛfɛ, a ɛte sɛ deɛ wɔde sika kɔkɔɔ na ayɛ.

5 Mehunuu Agya Adam ne Abraham; ne me papa ne me maame; ne me nua Alvin, a wawu dadaada no;

6 Na sɛdeɛɛ ɛyɛɛe a ɔnyaa apɛgyadeɛ wɔ ahemman no mu no yɛɛ me nwanwa, esiane sɛ ɔfirii asetena yi mu ansa na Awurade retene ne nsa sɛ ɔbɛboaboa Israel berɛ a ɛtɔ so mmienu no, na wammɔ asu annkɔ bɔne fafiri mu.

7 Sei na Awurade nne a ɛbaa me hɔ no kaaeɛ: Wɔn a wɔwuui a wɔannya saa asɛmpa yi ho nimdeɛ no nyina ara no, wɔn a sɛ wɔmaa wɔn kwan tenaa ase a anka wɔgyeeɛ no bɛnya Onyankopɔn sɛlɛstia ahemman no;

8 Wɔn nso a firi saa berɛ yi de rekorɔ wɔbɛwuwu a wɔnni ɛho nimdeɛ no, wɔn a anka wɔde wɔn akoma nyina ara bɛgye no, bɛnya saa ahemman no;

9 Ɛfiri sɛ me Awurade, mɛbu nnipa nyina ara atɛn sɛdeɛ wɔn nnwuma teɛ sɛdeɛ wɔn akoma apɛdeɛ teɛ.

10 Na mehunuu nso sɛ mmɔfra a wɔwuwu ansa na wɔduru akontabuo mfeɛ so nyina ara no, wɔagye wɔn nkwa wɔ ɔsoro sɛlɛstia ahemman no mu.