Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 124


Ɔfã 124

Adiyisɛm a wɔde maa Joseph Smith Nkɔmhyɛni no, wɔ Nauvoo, Illinois, Ɔpɛpɔn 19, 1841. Esiane ɔtaae a ɛredɔɔso ne yɔbea a mmara mma ho kwan a ɔmanmufoɔ asomfoɔ de retia wɔn no nti, wɔhyɛɛ Ahoteɛfoɔ no maa wɔfirii Missouri. Okum ho nhyɛ a Lilburn W. Boggs, Missouri amrado de too dwa, wɔ Ahinime 27, 1841 no, amma wɔannya akwanya foforɔ biara. Wɔ 1841, mu berɛ a wɔde saa adiyisɛm yi maaeɛ no, na Ahoteɛfoɔ no akyekyere Nauvoo kuropɔn no wɔ baabi a na Commerce Illinois kane akuraa no wɔ no, na aha na wɔhyehyɛɛ Asɔre no asoɛeɛ.

1–14, Wɔhyɛ Joseph Smith sɛ ɔmmɔ asɛmpa no ho dawuro obuo mu nkyerɛ Amerika man-panin, amradofoɔ, ne aman sodifoɔ nyina ara; 15–21, Wɔhyira Hyrum Smith, David W. Patten, Joseph Smith Sr. ne afoforɔ wɔ ateasefoɔ ne awufoɔ mu ɛnam wɔn nokorɛdie ne wɔn ahonidie nti; 22–28, Wɔhyɛ Ahoteɛfoɔ no sɛ wɔnsi fie a wɔde bɛgye ahɔhoɔ ɛne Tɛmpol wɔ Nauvoo; 29–36, Ɛwɔ sɛ wɔyɛ awufoɔ asubɔ wɔ tɛmpol mu; 37–44, Awurade nkorɔfoɔ si tɛmpol daa ma wɔde ayɛ ayɛyɛdeɛ kronkron; 45–55, Wɔyi Jackson Tɛmpol sie asɛdeɛ no firi Ahoteɛfoɔ no so esiane wɔn atamfo nhyɛsoɔ nti; 56–83, Wɔma akwankyerɛ fa Nauvoo Fie no sie ho; 84–96, Wɔfrɛ Hyrum Smith sɛ ɔnyɛ agya panin, sɛ ɔnnye nsafoa, na ɔnyina Oliver Cowdery ananmu; 97–122, Wɔtu William Law ne afoforɔ fo wɔ wɔn nnwuma mu; 123–145, Wɔbobɔ amansan ne mantam mu asomfoɔ din, na wɔkyerɛ wɔn asɛdeɛ ne wɔn akuo a wɔdɔm.

1 Nokorɛ, sɛdeɛ Awurade se wo, m’akoa Joseph Smith nie, m’ani sɔ w’afɔrebɔ ne w’anisɔ, a woayɛ no yie; na saa botaeɛ yi nti na matete wo, ama mada me nyansa adi nam asase so nneɛma a ɛyɛ mmrɛ so.

2 Wo mpaebɔ sɔ ani wɔ m’anim; na ɛho mmuaeɛ no mese wo seesei sɛ wɔafrɛ wo ntɛmpa yi ara sɛ fa obuo bɔ m’asɛmpa no ho dawuro, ne saa pɛɛwa yi a madua sɛ ɛbɛyɛ Sion tweatiboɔ, deɛ wɔbɛpɔ ho ma ayɛ hyɛnhyɛn sɛ ahemfie nsɛsoɔ.

3 Wɔbɛbɔ saa dawuro yi akyerɛ wiase ahemfo nyina ara, wɔ n’afanan nyina ara so, akyerɛ ɔmanpanin onimuonyamfoɔ a wɔayi no no, ne amrado nimdefoɔ wɔ ɔman a wote mu no, ne asase so aman a wɔabɔ ahwete no nyina ara.

4 Ma wɔntwerɛ no wɔ ɔdwoɔ honhom mu, nam Sunsum Kronkron no tumi so, deɛ wɔde bɛma wo berɛ a wobɛtwerɛ yei no;

5 Ɛfiri sɛ wɔde bɛma wo nam Sunsum Kronkron no so ma woahunu me pɛ ɛfa saa ahemfo ne atumfoɔ no ho, mpo deɛ ɛbɛba wɔn so berɛ bi a ɛbɛba no mu.

6 Ɛfiri sɛ, hwɛ, merebɛsrɛ wɔn ma wɔde wɔn adwene akɔ Sion hann ne n’animuonyam so, ɛfiri sɛ berɛ a wɔahyehyɛ no aso sɛ wɔbɛyɛ no adom.

7 Ne saa nti, fa dawurubɔ kɛseɛ, ne w’adanseɛ srɛ wɔn, na nnsuro wɔn, ɛfiri sɛ wɔte sɛ ɛserɛ, na wɔn animuonyam nyina ara tesɛ ne nhwiren a ɛrennkyɛ ɛbɛte atɔ fam, ama wɔannya anoyie biara nso—

8 Na ama mabɛsra wɔn wɔ asotwe da no mu, berɛ a mɛyi m’anim nkataanim no, ama mɛyi nhyɛsofoɔ no kyɛfa wɔ nyaatwomfoɔ ntam, faako a setwɛre wɔ no, sɛ wɔpo me nkoa ne m’adanseɛ a mada no adi akyerɛ wɔn no a—

9 Na bio, mɛsra wɔn na madwodwo wɔn akoma, wɔn mu dodoɔ no ara ama mo yieyɛ, ama moanya adom wɔ wɔn ani so, ama wɔaba nokorɛ hann no ho, na Amanamanmufoɔ no aba Sion mmasoɔ anaa ne pagya ho.

10 Ɛfiri sɛ m’asotwe da no reba ntɛm so, wɔ dɔnhwere a monnwene ho mu; na ɛhefa na ɛbɛyɛ ahobanbɔ ama me nkorɔfoɔ, ne dwanekɔbea ama wɔn a wɔbɛka wɔ wɔn mu no?

11 Monyane, O asase so ahemfo! Mommra, O, mommra, momfa mo sika kɔkɔɔ ne mo dwetɛ, mmɛboa me nkorɔfoɔ, mma Sion mma-mmaa fie.

12 Na bio, nokorɛ mese wo, ma m’akoa Robert B. Thompson mmoa wo ma wontwerɛ saa dawurubɔ yi, ɛfiri sɛ ɔsɔ m’ani yie, na ɛwɔ sɛ ɔka wo ho.

13 Ne saa nti, ma ɔntie w’afotuo, na mede nhyira mmɔho mmɔho bɛhyira no; ma ɔnyɛ nokorɛfoɔ na ɔnni nokorɛ wɔ nneɛma nyina ara mu mfiri nnɛ de rekɔ, na ɔbɛyɛ kɛseɛ wɔ m’ani so;

14 Nanso ma ɔnkae sɛ mɛhwehwɛ ne hwɛsofoɔ-adwuma afiri ne nsam.

15 Na bio, nokorɛ mese wo, nhyira ne m’akoa Hyrum Smith; na me, Awurade, medɔ no esiane n’akoma mu mudie nti, na esiane sɛ ɔdɔ deɛ ɛtene wɔ m’anim, Awurade na ɔseɛ.

16 Bio, ma m’akoa John C. Bennett mmoa wo wɔ w’adwuma a woresoma m’asɛm akɔ asase so ahemfo ne nkorɔfoɔ hɔ, na ɔnnyina wo nkyɛn, mpo wo m’akoa Joseph Smith, wɔ amanehunu berɛ mu; na sɛ ɔgye afotuo a n’akatua remmɔ no.

17 Na ɛnam ne dɔ nti ɔbɛyɛ kɛseɛ, na sɛ ɔyɛ yei a ɔbɛyɛ me dea, Awurade na ɔseɛ. Mahunu adwuma a wayɛ, a sɛ ɔkɔ so yɛ a megye to mu, na mede nhyira ne animuonyam kɛseɛ bɛhyɛ no ahenkyɛ.

18 Na bio, mese wo sɛ ɛyɛ me pɛ sɛ m’akoa Lyman Wight bɛkɔ so aka asɛmpa no ama Sion, wɔ ɔdwoɔ honhom mu, na ɔda me adi wɔ wiase anim; na mede no bɛtu tesɛ deɛ ɔwɔ ɔkɔdeɛ ntaban so; na ɔbɛnya animuonyam ne anidie ama ne ho ne me din.

19 Ama sɛ ɔwie n’adwuma a magye no ama me ho, mpo tesɛ deɛ meyɛɛ m’akoa David Patten no, deɛ ɔka me ho saa berɛ yi, ne m’akoa Edward Partridge nso, ne m’akoa Joseph Smith, Sen. a n’ani afi no nso, a ɔte Abraham nsa nifa no, na nhyira ne kronkron ne no, ɛfiri sɛ ɔyɛ me dea.

20 Na bio, nokorɛ mese wo sɛ, m’akoa George Miller nni nnaadaa su biara; wɔbɛtumi anya awerɛhyɛmu wɔ ne mu esiane n’akoma mu mudie nti; na ɔdɔ a ɔwɔ ma m’adanseɛ nti, me, Awurade, medɔ no.

21 Ne saa nti mese wo, mesɔ ɔhwɛfoɔ diberɛ ano wɔ ne tiri so, tesɛ m’akoa Edward Partridge, ama wagye me fie afɔrebɔ, ama ɔde nhyira agu ahiafoɔ a wɔn wɔ me nkorɔfoɔ mu tiri so, Awurade na ɔseɛ. Mma obiara mmu m’akoa George animtia, ɛfiri sɛ ɔbɛma me anidie.

22 Ma m’akoa George, ne m’akoa Lyman, ne m’akoa John Snider, ne afoforɔ nsi fie mma me din, deɛ m’akoa Joseph Smith bɛkyerɛ wɔn no, wɔ bea a ɔbɛkyerɛ wɔn no nso.

23 Na ɛbɛyɛ ahɔhodan, efie a ahɔhoɔ bɛfiri akyirikyiri aba abɛsoɛ wɔ mu; ne saa nti momma ɛnyɛ efie papa, a ɛbɛfata sɛ wɔgye to mu, ama ɔkwantuni a wabrɛ no atumi anya apomden ne ahobanbɔ berɛ a ɔredwennwene Awurade asɛm no ho; ne tweatiboɔ a mayi ama Sion no.

24 Sɛ wɔsi saa fie yi ma me din, na sɛ amrado a wɔbɛyi no no amma ade fi biara amma so a, ɛbɛyɛ apomden tenabea. Ɛbɛyɛ kronkron, anyɛ saa a Awurade wo Nyankopɔn renntena mu.

25 Na bio, nokorɛ mese mo, momma m’ahoteɛfoɔ nyina ara mfiri akyirikyiri mmra.

26 Na monsoma abɔfoɔ ahoɔharefoɔ, aane, abɔfoɔ a wɔayi wɔn, na monka nkyerɛ wɔn sɛ: Mommra, momfa mo sika kɔkɔɔ, ne mo dwetɛ, ne mo aboɔ a ɛsom boɔ, ne mo tete nneɛma a ɛsombo nyina ara; wɔn a n nimdeɛ fa tete nneɛma a ɛsombo ho nyina ara, a wɔbɛba no mmra, na wɔmfa adaka dua, ne kwabɔhorɔ, ne pepeaa, ne sɛsɛ, ne asase so nnua a ɛsom boɔ nyina ara.

27 Na momfa dadeɛ, ne kɔbere, ne yaawa, ne dadefufuo, ne mo asase so nneɛma a ɛsom boɔ nyina ara ; na monsi fie mma me din, mma Ɔsorosoroni no ntena mu.

28 Ɛfiri sɛ bea biara nni asase so a ɔbɛtumi aba na wasan de deɛ ayera no abrɛ mo bio, anaa deɛ wayi kɔ no, mpo asɔfodie no mahyɛ no.

29 Ɛfiri sɛ asubɔ-kyɛnsee nni asase so, a wɔn a wɔyɛ m’ahoteɛfoɔ no bɛtumi abɔ asu ama wɔn a wɔawuwuo no—

30 Ɛfiri sɛ wɔyɛ saa ayɛyɛdeɛ yi wɔ me fie, na ɛrenntumi nnsɔ m’ani, gye sɛ mo hia nna mu, berɛ a morenntumi nnsi fie mma me.

31 Nanso mehyɛ mo, m’ ahoteɛfoɔ nyina ara, sɛ monsi fie mma me; na mema mo mmerɛ a ɛdɔɔso a mode bɛsi fie ama me; na wɔ saa berɛ yi mu no mo asubɔ bɛsɔ m’ani.

32 Nanso hwɛ, saa mmerɛ yi twa mu a mo awufoɔ asubɔ rennsɔ m’ani; na sɛ moannyɛ yeinom na saa mmerɛ yi twa mu a wɔbɛpo mo sɛ asɔre, ne mo awufoɔ, Awurade mo Nyankopɔn na ɔseɛ.

33 Na nokorɛ mese mo sɛ, akyire yi a moanya mmerɛ a ɛdɔɔso a mode bɛsi dan ama me, faako a wɔyɛ awufoɔ asubɔ ayɛyɛdeɛ no, a ɛno nti wɔhyehyɛɛ yei firii wiase fapem no, mo awufoɔ asubɔ renntumi nnsɔ m’ani;

34 Na ɛno mu na wɔhyɛ onipa sɔfoɔ ma asɔfodie kronkron no nsafoa, ama moanya anidie ne animuonyam.

35 Na saa berɛ yi akyi no, mo awufoɔ asubɔ, a wɔn a wɔabɔ apete wɔ amannɔne no yɛ no, nnsɔ m’ani, Awurade na ɔseɛ.

36 Ɛfiri sɛ wɔahyehyɛ sɛ wɔ Sion, ne ne mpɛɛwa mu, ne Yerusalem, saa mmeammea a mayi ama sɛ dwanekɔbea no, na ɛbɛyɛ mmeammea a mommɔ asu mma mo awufoɔ.

37 Na bio, nokorɛ mese mo, ɛbɛyɛ dɛn na mo nhohoroho asɔ m’ani, gye sɛ moyɛ no wɔ fie a moasi ama me mu?

38 Na yei nti na mehyɛɛ Mose sɛ ɔnsi tenabea, a wɔde bɛka wɔn ho wɔ ɛserɛ no so, na ɔnsi fie wɔ bɔhyɛ asase no so, ama wɔayi saa ayɛyɛdeɛ no a wɔde ahinta ansa na wɔrebɛyɛ wiase no adi akyerɛ.

39 Ne saa nti, nokorɛ mese mo sɛ mo ngosra, ne mo nhohoroho, ne mo awufoɔ asubɔ, ne mo nhyia kronkron, ne mo ayɛyɛdeɛ a moyɛ de kae Lewi mma mmarima afɔrebɔ, ne mo adiyisɛm wɔ mmeammea kronkron pa ara no, faako a monya mo nkitahodie no, ne mo mmara ne atemmuo ɛfa adiyisɛm no ahyɛaseɛ ne Sion fapem, ne animuonyam, anidie, ne akyɛdeɛ kronkron ma ne nkorɔfoɔ nyina ara no, wɔnam me fie kronkron so ayɛyɛdeɛ na wɔde si no pi, deɛ wɔhyɛ me nkorɔfoɔ daa sɛ wɔnsi mma me din kronkron no.

40 Na nokorɛ mese mo, momma wɔnsi saa fie yi mma me din, ama mada m’ayɛyɛdeɛ adi wɔ mu akyerɛ me nkorɔfoɔ;

41 Na ɛfata ma me sɛ mɛda nneɛma a wɔde ahinta ansa na wɔrebɛto wiase fapem no adi kyerɛ m’asɔre, nneɛma a ɛfa asɛmpa berɛ ano mahyɛ no ho.

42 Na mɛkyerɛ m’akoa Joseph nneɛma biara a ɛfa saa fie yi ho, ne asɔfodie a ɛka ho, ne faako a wɔbɛsi no.

43 Na mobɛsi no wɔ faako a moadwene ho sɛ mobɛsi no no, ɛfiri sɛ ɛhɔ ne bea a mayi sɛ monsi.

44 Sɛ mode mo ahoɔden nyina ara yɛ adwuma a, mɛdwira saa bea no ho ama ayɛ kronkron.

45 Na sɛ me nkorɔfoɔ bɛtie me nne, ne me nkoa a mɛyi wɔn sɛ wɔnni wɔn anim no nne a, hwɛ, nokorɛ mese mo, wɔrennyi wɔn mmfiri wɔn tenabea.

46 Nanso sɛ wɔrenntie me nne, anaa saa nnipa yi a mayi wɔn yi nne a, wɔrennhyira wɔn, esiane sɛ wɔgu m’asase ho fi, ne m’ayɛyɛdeɛ, ne me nhyehyɛeɛ, ne me nsɛm kronkron a mede ama wɔn no.

47 Na sɛ ɛba sɛ, sɛ mosi fie ma me din, na moannyɛ nneɛma a meka no a, menni ntam a me ne mo aka no so, na meremma bɔhyɛ a mohwehwɛ firi me nsa mu no mma mu, Awurade na ɔseɛ.

48 Na wɔ nhyira ananmu no, monam mo ara mo nnwuma so de nnome, abufuhyeɛ, abuhuro, ne atemmuo ba mo ara ankasa mo tiri so, nam mo nkwaseasɛm so, ne mo akyiwadeɛ nyina ara so, deɛ moayɛ wɔ m’anim no, Awurade na ɔseɛ.

49 Nokorɛ, nokorɛ, mese mo, sɛ mema nnipa mma mu bi mmarasɛm sɛ wɔnyɛ adwuma bi mma me din, na saa nnipa mma no de wɔn ahoɔden nyina ara ne deɛ wɔn wɔ nyina ara yɛ saa adwuma no, na wɔannyae wɔn nsiyɛ, na sɛ wɔn atamfo ba wɔn so na wɔbɛsi adwuma a wɔreyɛ no ho kwan a, hwɛ, ɛbɛyɛ me pɛ sɛ merennhwehwɛ saa adwuma no mmfiri saa nnipa mma no nsa mu bio, na mmom mɛgye wɔn afɔdeɛ ato mu.

50 Na mede saa mmara ne mmarasɛm kronkron no ho amumuyɛ ne mmarato ho asotwe bɛba wɔn a wɔasi m’adwuma ho kwan no tiri so, kɔsi awoɔntoatoasoɔ mmiɛnsa ne nnan no so, mmerɛ dodoɔ a wɔnnsakyera, na wɔtan me no, Awurade Nyankopɔn na ɔseɛ.

51 Ne saa nti ɛnam yei so na magye wɔn a mahyɛ wɔn sɛ wɔnkyekyere kuro na wɔnsi fie mma me din no afɔdeɛ ato mu, wɔ Jackson County, Missouri, a wɔn atamfo sii wɔn ho kwan no, Awurade mo Nyankopɔn na ɔseɛ.

52 Na mede atemmuo, abufuhyeɛ, ne abuhuro, agyaadwoɔ, ne ahometeɛ, ne setwɛre bɛgu wɔn tiri so, kɔsi awoɔntoatoasoɔ mmiɛnsa ne nnan no so, mmerɛ dodoɔ a wɔnnsakyera, na wɔtan me, Awurade mo Nyankopɔn na ɔseɛ.

53 Na mede yei yɛ nhwɛsoɔ ma mo, ama mo awerɛkyekyerɛ ɛfa wɔn a wɔahyɛ wɔn sɛ wɔnyɛ adwuma bi na wɔn atamfo nsa ne nhyɛsoɔ asi ho kwan no nyina ara, Awurade mo Nyankopɔn na ɔseɛ.

54 Na mene Awurade mo Nyankopɔn, na mɛgye mo nuanom a wɔn akoma mu teɛ, na wɔakunkum wɔn wɔ Missouri asase so no nyina ara, Awurade na ɔseɛ.

55 Na bio, nokorɛ mese mo, mehyɛ mo bio sɛ monsi fie mma me din, mpo wɔ saa bea yi, ama moatumi akyerɛ me sɛ moyɛ nokorɛfoɔ wɔ biribibiara a mɛhyɛ mo no mu, ama matumi ahyira mo, na mede anidie, ɔnnwuo tebea, ne nkwa a ɛnni awieɛ ahyɛ mo ahenkyɛ.

56 Na afei mese mo, ɛfa me fie a wɔsoɛ mu no deɛ mahyɛ mo sɛ monsi mma ahɔhoɔ nna mu ho no, momma wɔnsi mma me din, na momfa me din nto so, na momma m’akoa Joseph ne ne fie ntena hɔ, firi awoɔntoatoasoɔ so kɔsi awoɔntoatoasoɔ so.

57 Na mede saa ngosra yi agu ne tiri so, ama wɔde ne nhyira nso agu n’asefoɔ a wɔbɛba n’akyiri tiri so.

58 Na sɛdeɛ meka kyerɛɛ Abraham no ɛfa asase mmusuakuo ho no, mpo saa ara na meka kyerɛ m’akoa Joseph: Wo mu ne w’asefoɔ mu na wɔbɛhyira asase so abusuakuo no.

59 Ne saa nti, momma m’akoa Joseph ne n’asefoɔ a wɔbɛba n’akyiri nya bea wɔ saa fie no mu, firi awoɔntoatoasoɔ so kɔ awoɔntoatoasoɔ so, daa afebɔɔ, Awurade na ɔseɛ.

60 Na momma wɔmfrɛ saa fie no Nauvoo Fie; na momma ɛnyɛ anigyeɛ tenabea mma onipa, ne ahomegyebea mma ɔkwantuni a wabrɛ, ama wadwene Sion animuonyam ho, ne saa tweatiboɔ no ara animuonyam ho;

61 Ama wagye afotuo afiri wɔn a mayi wɔn asi hɔ sɛ wɔnyɛ sɛ afifideɛ a wɔagye din, ne awɛmfoɔ wɔ n’afasuo so.

62 Hwɛ, nokorɛ mese mo, momma m’akoa George Miller, ne m’akoa Lyman Wight, ne m’akoa John Snider, ne m’akoa Peter Haws, nhyehyɛ wɔn ho wɔn ho, na wɔnyi wɔn mu baako ma ɔnyɛ titenani wɔ wɔn kuo no so mma botae nti a wɔresi saa fie no.

63 Na wɔbɛyɛ dwumadie-mmara, a wɔnam so bɛgye dwetire de asi saa fie no.

64 Na wɔrennye dwetire a ɛnnuru dɔla aduonum sɛ kyɛfa wɔ saa fie no sie mu, na wɔbɛma wɔn kwan sɛ wɔnnye dɔla mpem dunum mfiri sika a onipa biara de ahyɛ fie no sie mu.

65 Nanso wɔremma wɔn kwan mma wɔnnye dwetire a ɛboro dɔla mpem dunum mmfiri onipa baako biara hɔ.

66 Wɔremma wɔn kwan mma wɔnnye dwetire a ɛnnuru dɔla aduonum sɛ kyɛfa mmfiri onipa baako biara hɔ wɔ saa fie no mu.

67 Na wɔremma wɔn kwan mma wɔnnye onipa biara sɛ dwetire kurafoɔ wɔ saa fie no mu, gye sɛ onii no tua sika no gu wɔn nsam berɛ a ɔgye dwetire no.

68 Na sika dodoɔ a ɔbɛtua agu wɔn nsa mu no na ɛbɛkyerɛ dwetire a ɔbɛgye wɔ saa fie no mu; na sɛ wanntua biribiara anngu wɔn nsa mu a ɔrennya kyɛfa biara wɔ saa fie no mu.

69 Na sɛ obi tua sika gu wɔn nsa mu a ɛbɛyɛ kyɛfa wɔ saa fie no mu, ama ne ho, ne n’awoɔntoatoasoɔ a wɔbɛba n’akyiri, firi awoɔntoatoasoɔ so kɔsi awoɔntoatoasoɔ so, mmerɛ dodoɔ a ɔno ne n’adedifoɔ no bɛsɔ saa dwetire no a wɔabɔ no mu, na wɔnntɔn anaa wɔmmfa wɔn ankasa ara pɛ ne nneyɛɛe so mma saa dwetire no mmfiri wɔn nsa mu nnkɔ, sɛ mobɛyɛ me pɛ a, Awurade mo Nyankopɔn na ɔseɛ.

70 Na bio, nokorɛ mese mo, sɛ m’akoa George Miller, ne m’akoa Lyman Wight, ne m’akoa John Snider, ne m’akoa Peter Haws, nya dwetire biara wɔ wɔn nsa mu, wɔ sika afam, anaa agyapadeɛ afam a ɛno mu wɔnya ɛho sika a ɛne no yɛ pɛ a, wɔremmfa saa dwetire no mu kyɛfa biara nnyɛ ade foforɔ biara, gye saa fie no nko ara.

71 Na sɛ wɔde saa dwetire no mu kyɛfa kɔ baabi foforɔ, a ɛnnyɛ fie no mu, a dwetire kurafoɔ no mmpene so, na sɛ wɔanntua no mmɔho nnan amma saa dwetire a akɔ baabi foforɔ, a ɛnnyɛ fie no mu a, wɔbɛdome wɔn, na wɔbɛyi wɔn afiri wɔn tenabea, Awurade Nyankopɔn na ɔseɛ; ɛfiri sɛ me, Awurade, meyɛ Onyankopɔn, na wɔrenntumi nnsi me atwetwe wɔ saa nneɛma yi mu biara ho.

72 Nokorɛ mese mo, momma m’akoa Joseph ntua dwetire nto wɔn nsa mu mma sɛ wɔsi saa fie no, sɛdeɛ ɛyɛ ma no; nanso m’akoa Joseph nntumi nntua mmoro dɔla mpem dunum sɛ dwetire wɔ saa fie no mu, anaa deɛ ɛsua sen dɔla aduonum; anaa onipa foforɔ biara, Awurade na ɔseɛ.

73 Na afoforɔ nso wɔ hɔ a wɔpɛ sɛ wɔhunu me pɛ fa wɔn ho, ɛfiri sɛ wɔabisa afiri me nsa mu.

74 Ne saa nti, mese mo ɛfa m’akoa Vinson Knight ho, sɛ ɔbɛyɛ me pɛ a ma ɔmfa dwetire nhyɛ saa fie no mu mma ne ho, ne n’awoɔntoatoasoɔ a ɛbɛba n’akyiri, firi awoɔntoatoasoɔ so kɔsi awoɔntoatoasoɔ so.

75 Na ma ɔmma ne nne so tententene ne dennennen, wɔ nkorɔfoɔ no ntam, na ɔnsrɛ onnibiefoɔ ne ahiafoɔ no yiedie; na mma no nni hwammɔ, anaa mma n’akoma nntɔ piti; na mɛgye n’afɔdeɛ ato mu, ɛfiri sɛ ɛremma me hɔ tesɛ Kain afɔdeɛ no, ɛfiri sɛ ɔbɛyɛ me dea, Awurade na ɔseɛ.

76 Momma n’abusua nni ahurisie na wɔnnane wɔn akoma mfiri amanehunu ho; na mayi no asra no ngo, na wɔbɛdi no nni wɔ ne fie mu, ɛfiri sɛ mede ne bɔne nyina ara bɛkyɛ no, Awurade na ɔseɛ. Amen.

77 Nokorɛ mese mo, momma m’akoa Hyrum mfa dwetire nhyɛ saa fie no mu sɛdeɛ ɛyɛ ma no mma ne ho, ne n’awoɔntoatoasoɔ a wɔbɛba n’akyiri, firi awoɔntoatoasoɔ so kɔsi awoɔntoatoasoɔ so.

78 Momma m’akoa Isaac Galland mfa sika nhyɛ saa fie no mu; na me, Awurade, me dɔ no ɛnam adwuma a wɔayɛ nti, na mede ne bɔne nyina ara bɛkyɛ no; ne saa nti, momma wɔnkae no sɛ ɔwɔ kyɛfa wɔ saa fie no mu firi awoɔntoatoasoɔ so kɔsi awoɔntoatoasoɔ so.

79 Momma wɔnyi m’akoa Isaac Galland wɔ mo mu, na wɔmfa m’akoa Williams Marks so nhyɛ no sɔfoɔ, na ɔnhyira no, ma ɔne m’akoa Hyrum nkɔyɛ adwuma a m’akoa Joseph bɛda no adi akyerɛ wɔn no, na wɔbɛhyira wɔn pa ara.

80 Momma m’akoa Williams Marks ntua dwetire nhyɛ saa fie no mu, sɛdeɛ ɛyɛ ma no, mma ne ho, ne n’awoɔntoatoasoɔ a wɔbɛdi n’akyiri, firi awoɔntoatoasoɔ so kɔsi awoɔntoatoasoɔ so.

81 Momma m’akoa Henry G. Sherwood ntua dwetire nhyɛ saa fie no mu, sɛdeɛ ɛyɛ ma no, mma ne ho ne n’asefoɔ a wɔbɛba n’akyi, firi awoɔntoatoasoɔ so kɔsi awoɔntoatoasoɔ so.

82 Momma m’akoa William Law ntua dwetire nhyɛ saa fie no mu, mma ne ho ne n’asefoɔ a wɔbɛba n’akyiri, firi awoɔntoatoasoɔ so kɔsi awoɔntoatoasoɔ so.

83 Sɛ ɔbɛyɛ me pɛ a mma ɔmmfa n’abusua nnkɔ apueɛ afa mu nsase so, mpo Kirtland; nanso, me, Awurade, mɛkyekyere Kirtland, nanso me, Awurade, asiesie mpireka ama ɛmutefoɔ no ara.

84 Na ɛfa m’akoa Almon Babbitt ho no, nneɛma pii wɔ ne ho a ɛnnsɔ m’ani yie; hwɛ, ɔhwehwɛ sɛ wɔbɛtie n’afotuo, mmom ɛnnyɛ afotuo a mahyehyɛ, mpo ɛyɛ m’Asɔre Titenafoɔ deɛ no; na wasi sika kɔkɔɔ nantwieba asi hɔ sɛ me nkorɔfoɔ nsom.

85 Mma onipa biara a waba ha sɛ ɔrebɛbɔ mmɔden adi me mmaransɛm so no mmfiri saa bea yi nnkɔ.

86 Sɛ wɔte ha a momma wɔntena mma me; na sɛ wɔwu a momma wɔnwu mma me; ɛfiri sɛ wɔbɛgye wɔn ahome afiri wɔn nnwuma nyina ara ho wɔ ha, na wɔbɛtoa wɔn nnwuma so.

87 Ne saa nti, momma m’akoa William mfa ne werɛ nhyɛ me mu, na ɔnyae sɛ ɔsuro ɛfa n’abusua ho, esiane yareɛ a ɛwɔ asase no so nti. Sɛ modɔ me a, monni me mmaransɛm so; na yareɛ a ɛwɔ asase no so bɛdane animuonyam ama mo.

88 Momma m’akoa William mfa nne kɛseɛ, ne anigyeɛ kɛseɛ nkɔ na ɔmmɔ me daapem asɛmpa no ho dawuro, sɛdeɛ Honhom no bɛkanyan no afa, nkyerɛ Warsaw mutefoɔ, ne Carthage mutefoɔ nso, ne Burlington mutefo, ne Madison mutefoɔ nso, na ɔmfa aboterɛ ne nsiyɛ ntwɛn sɛ ɔbɛnya akwankyerɛ foforɔ wɔ m’amansan nhyiamu no ase, Awurade na ɔseɛ.

89 Na sɛ ɔbɛyɛ me pɛ a, momma ɔntie m’akoa Joseph afotuo mfiri saa berɛ yi de rekɔ, na ɔmfa ne mfasoɔ mmoa ahiafoɔ yiedie, na ɔmfa nto dwa m’asɛm kronkron no nkyerɛaseɛ foforɔ no mma asase sotefoɔ no.

90 Na sɛ ɔbɛyɛ yei a mede nhyira mmɔho mmɔho bɛhyira no, ama wɔrenngya no, anaa wɔrennhunu n’asefoɔ sɛ wɔresrɛ paanoo.

91 Na bio, mese mo, momma wɔnyi m’akoa William, nhyɛ no sɔfoɔ, na wɔnsra no ngo, sɛ fotufoɔ mma m’akoa Joseph, na ɔnhyɛ m’akoa Hyrum ananmu, ama m’akoa Hyrum afa Asɔfodie ne Agyapanin diberɛ, deɛ n’agya nam nhyira ne hokwan so yi maa no no;

92 Ama ɛfiri nnɛ de rekɔ no wakura agyapanin nsafoa de nhyira agu me nkorɔfoɔ nyina ara tiri so.

93 Ama obiara a ɔbɛhyira no no wɔahyira no, na obiara a ɔbɛdome no no wɔadome no; ama biribiara a ɔbɛkyekyere wɔ asase so no wɔakyekyere no wɔ soro; na biribiara a ɔbɛsane wɔ asase so no wɔasane wɔ soro.

94 Na firi saa berɛ yi de rekɔ no mayi no sɛ ɔnyɛ nkɔmhyɛni, ɔdehunufoɔ, ne ɔdiyifoɔ mma m’asɔre, ɛne m’akoa Joseph;

95 Ama ɔne m’akoa Joseph nso abɔ mu adi dwuma; na ama wanya afotuo afiri m’akoa Joseph hɔ, ɔno na ɔbɛkyerɛ no nsafoa a ɔbɛfa so abisa na wanya, na ama wɔde nhyira korɔ no ara, ne animuonyam, ne anidie, ne asɔfodie, ne asɔfodie akyɛdeɛ no ahyɛ no ahenkyɛ, deɛ wɔde guu onii a na wɔfrɛ no m’akoa Oliver Cowdery so no;

96 Ama m’akoa Hyrum atumi adi adanseɛ afa nneɛma a mɛkyerɛ no no ho, ama wɔanya ne din ho nkaeɛ anidie mu afiri awoɔntoatoasoɔ so akɔ awoɔntoatoasoɔ so, daa afebɔɔ.

97 Momma m’akoa William Law nso nya nsafoa a ɔnam so bɛtumi abisa na wanya nhyira; momma ɔmmrɛ ne ho ase wɔ m’anim, na ɔnkwati nnaadaa, na ɔbɛnya me Honhom, mpo Ɔwerɛkyekyefoɔ no, deɛ ɔbɛda nneɛma nyina ara ho nokorɛ adi akyerɛ no no, na ɔde bɛma no wɔ dɔnhwere no ara mu, deɛ ɔbɛka.

98 Na saa nsɛnkyerɛnne yi bɛdi n’akyi—ɔbɛsa ayarefoɔ yareɛ, ɔbɛtutu ahonhom bɔne, na wɔbɛgye no afiri wɔn a wɔbɛma no awuduro nsa mu;

99 Na wɔbɛdi n’anim wɔ akwan a awɔ a wɔn wɔ ɛborɔ wɔ so, na wɔnntumi nnka ne nantini, na ɔbɛforo akɔ soro wɔ n’adwene nsusuiɛ mu tesɛ deɛ ɔwɔ ɔkɔdeɛ ntaban so.

100 Na sɛ ɛyɛ me pɛ sɛ ɔbɛnyane awufoɔ a, mma ɔnnsi ne nne ho kwan.

101 Ne saa nti, momma m’akoa William ntea mu kɛseɛ na mma no ntwentwɛn ne nan ase, ɔmfa anigyeɛ ne ahurusie, ne hosana mma deɛ ɔte ahennwa no so daa afebɔɔ, Awurade mo Nyankopɔn na ɔseɛ.

102 Hwɛ, mese mo, mede asɛmpatrɛdwuma bi asie ato hɔ ama m’akoa William, ne m’akoa Hyrum, ama wɔn nko ara, na momma m’akoa Joseph ntena fie, ɛfiri sɛ wɔhia no. Nkaeɛ no mɛda no adi akyerɛ mo akyire yi. Mpo saa ara. Amen.

103 Na bio, nokorɛ mese mo, sɛ m’akoa Sidney bɛsom me na wayɛ fotufoɔ ama m’akoa Joseph a, momma no nsɔre na ɔmmra mmɛgyina ne frɛ diberɛ mu, na ɔmmrɛ ne ho ase wɔ m’anim.

104 Na sɛ ɔbɛma me afɔdeɛ a ɛfata, ne anisɔ, na ɔkɔ so ne me nkorɔfoɔ tena hɔ a, hwɛ, me, Awurade mo Nyankopɔn, bɛsa no yareɛ na ɔbɛnya ayaresa; na ɔbɛma ne nne so bio wɔ mmepɔ no so, na wayɛ kasamafoɔ wɔ m’anim.

105 Momma ɔmmra na ɔne n’abusua ntena mpɔtam a m’akoa Joseph te no.

106 Na n’akwantuo nyina ara mu no, ɔmma ne nne so tesɛ totorobɛnto nnyegyeɛ, na ɔmmɔ asase sotefoɔ no kɔkɔ ama wɔadwane abufuhyeɛ a ɛbɛba no.

107 Momma ɔmmoa m’akoa Joseph, na momma m’akoa William nso mmoa m’akoa Joseph, ma ɔnyɛ dawurubɔ a nokorɛ wɔ mu nkyerɛ asase so ahemfo, mpo sɛdeɛ maka akyerɛ no dada no.

108 Sɛ m’akoa Sidney bɛyɛ me pɛ a, mma ɔnnyi n’abusua mmfiri apueɛ nsase no so, mmom ɔnsesa wɔn tenabea, mpo sɛdeɛ maka no.

109 Hwɛ, ɛnnyɛ me pɛ sɛ ɔbɛhwehwɛ banbɔ ne dwanekɔbea wɔ kuropɔn a mayi ama mo no no mu, mpo Nauvoo kuropɔn no.

110 Nokorɛ mese mo, mpo seesei, sɛ ɔbɛtie me nne a, ɛbɛsi no yie. Mpo saa ara. Amen.

111 Na bio, nokorɛ mese mo, momma m’akoa Amos Davies ntua sika nto wɔn a mayi wɔn sɛ wɔnsi fie a wɔsoɛ mu no nsa mu, mpo Nauvoo Fie no.

112 Momma ɔnyɛ yei sɛ ɔpɛ sɛ ɔnya kyɛfa a; na ɔntie m’akoa Joseph afotuo, na ɔmfa ɔno ankasa nsa nyɛ adwuma ama nnipa anya awerɛhyɛmu wɔ ne mu.

113 Na berɛ a ɔbɛkyerɛ sɛ ɔyɛ nokorɛfoɔ wɔ nneɛma biara a wɔde bɛhyɛ ne nsa mu no, aane, mpo nneɛma kakraa bi no, wɔbɛyɛ no sodifoɔ wɔ bebree so;

114 Ɛno nti ma ɔmmrɛ ne ho ase ama wɔama no so. Mpo saa ara. Amen.

115 Na bio, nokorɛ mese mo, sɛ m’akoa Robert D. Foster bɛtie me nne a, ɔnsi fie mma m’akoa Joseph, sɛdeɛ ahyemdie a ɔne no ayɛ no teɛ, tesɛ ɔpono no a ɛbɛbue ama no berɛ ano berɛ ano no.

116 Na ma no nsakyera mfiri ne nkwaseadeɛ nyina ara ho, na ɔmfa ɔdɔ mapa mfira; na ɔnnyae sɛ ɔyɛ bɔne, na ɔmfa ne kasa dennen nyina ara nto nkyɛn;

117 Na ɔntua sika ngu Nauvoo Fie no kuo no nsam, mma ne ho ne n’awoɔntoatoasoɔ a ɛbɛba n’akyiri, firi awoɔntoatoasoɔ so de kɔ awoɔntoatoasoɔ so;

118 Na ɔntie me nkoa Joseph, ne Hyrum, ne William Law, ne wɔn a wɔama wɔn tumi a mafrɛ wɔn sɛ wɔnto Sion fapem no afotuo; na ɛbɛsi no yie daa afebɔɔ. Mpo saa ara. Amen.

119 Na bio, nokorɛ mese mo, mma onipa biara nntua sika mma Nauvoo Fie no kuo no gye sɛ ɔyɛ Mormon Nwoma, ne adiyisɛm a mede ama mo no gyedini, Awurade mo Nyankopɔn na ɔseɛ;

120 Ɛfiri sɛ deɛ ɛdɔɔso anaa ɛsua sene yei no firi bɔne mu, na nnome na ɛbɛdi akyire, na ɛnnyɛ nhyira, Awurade mo Nyankopɔn na ɔseɛ. Mpo saa ara. Amen.

121 Na bio, nokorɛ mese mo, momma Nauvoo Fie no kuo no nnya akatua a ɛfata mma wɔn nnwuma biara a wɔyɛ de si Nauvoo Fie no; na momma wɔn akatua nyɛ sɛdeɛ wɔbɛgye ato mu wɔ wɔn ara wɔn ntam, ɛwɔ sika afam.

122 Na momma onipa biara a ɔtua dwetire no mfa ne kyɛfa wɔ wɔn akatua no mu, sɛ ɛbɛhia a, na ɔmfa mmoa wɔn, Awurade na ɔseɛ; anyɛ saa a wɔbɛbu wɔn nnwuma no sɛ wɔn wɔ dwetire wɔ saa fie no mu. Mpo saa ara. Amen.

123 Nokorɛ mese mo, afei mede ma mo diberɛ-kurafoɔ a moka m’Asɔfodie no ho, ama moakura nsafoa a ɛfa ho no, mpo Asɔfodie no wɔ Mɛlkisɛdɛk kwan so, a ɛwɔ me Ba a Mewoo no Korɔ no kwan so.

124 Deɛ ɛdi kan, mede Hyrum Smith ma mo sɛ ɔnyɛ agyapanin mma mo na ɔnkura m’asɔre nsɔano nhyira, mpo Honhom Kronkron bɔhyɛ no, a wɔnam so sɔ mo ano kɔsi ɔgyeɛ da no, ama moannhwe ase wɔ mpo dɔnhwere a sɔhwɛ bɛba mo so no.

125 Mede ma wo m’akoa Joseph sɛ yɛ titenani panin wɔ m’asɔre no nyina ara so, na yɛ asekyerɛni, ɔdiyifoɔ, ɔdehununi, ne nkɔmhyɛni.

126 Mede m’akoa Sidney Rigdon ne m’akoa William Law ma wo sɛ afotufoɔ, ama yeinom ayɛ kuo ne Titenafoɔ a Wɔdi Kan, na wɔanya adiyisɛm ama asɔre mũ no nyina ara.

127 Mede ma wo m’akoa Brigham Young sɛ yɛ titenani wɔ Dumienu agyinatukuo a wɔtu kwan no so;

128 Saa Dumienu yi kura nsafoa a wɔdebue ahemman no tumi so wɔ asase afanan nyina ara so, na ɛno akyire no wɔde m’asɛm no bɛsoma akɔma abɔdeɛ biara.

129 Wɔn ne Heber C. Kimball, Parley P. Pratt, Orson Pratt, Orson Hyde, William Smith, John Taylor, John E. Page, Wilford Woodruff, Willard Richards, George A. Smith;

130 Mafa David Patten ama me ho; hwɛ, n’asɔfodie no onipa biara nnye mmfiri ne hɔ; nanso, nokorɛ mese mo, wɔbɛtumi ayi ɔfoforɔ asi n’ananmu ama saa ɔfrɛ korɔ no ara.

131 Na bio, mese mo, mema mo agyinatukuo kɛseɛ, sɛ Sion tweatiboɔ—

132 Wɔn din ne, Samuel Bent, Henry G. Sherwood, George W. Harris, Charles C. Rich, Thomas Grover, Newel Knight, David Dort, Dunbar Wilson—mafa Seymour Brunson ama me ho; onipa biara nnye n’asɔfodie mmfiri ne hɔ, nanso wɔbɛtumi ayi ɔfoforɔ asi n’ananmu ama asɔfodie korɔ no ara; na nokorɛ mese mo, momma wɔnhyɛ m’akoa Aaron Jackson sɔfoɔ mma saa ɔfrɛ yi wɔ n’ananmu—David Fullmer, Alpheus Cutler, William Huntington.

133 Na bio, mema mo m’akoa Don C. Smith sɛ ɔnyɛ titenani wɔ asɔfoɔ mpaninfoɔ kuo no so;

134 Saa ayɛyɛdeɛ a wɔahyehyɛ ama botae a wɔn a wɔbɛyi no bɛfata faakotena titenafoɔ anaa nkoa wɔ mpɛɛwa ahoroɔ a ahwete wɔ amannɔne no so;

135 Na wɔn nso bɛtumi atu kwan sɛ wɔpɛ a, nanso wɔnhyɛ wɔn asɔfoɔ mmom mma faakotena titenafoɔ; yei ne wɔn frɛ no diberɛ, Awurade mo Nyankopɔn na ɔseɛ.

136 Mema no Amasa Lyman ne Noah Packard sɛ afotufoɔ, ama wɔatumi ahwɛ m’asɔre asɔfoɔ mpaninfoɔ kuo no so, Awurade na ɔseɛ.

137 Na bio, mese mo, mema mo John A. Hicks, Samuel Williams, ne Jesse Baker, a wɔn wɔ asɔfodie a wɔde bɛhwɛ mpaninfoɔ kuo no so, deɛ ɛyɛ kuo a wɔahyehyɛ ama faakotena asomfoɔ no; nanso wɔbɛtumi atu kwan, mmom wɔahyɛ wɔn asɔfoɔ sɛ wɔnyɛ faakotena asomfoɔ, Awurade na ɔseɛ.

138 Na bio, mema mo Joseph Young, Josiah Butterfield, Daniel Miles, Henry Herriman, Zera Pulsipher, Levi Hancock, James Foster, sɛ wɔnhwɛ aduɔsɔn kuo no so;

139 Wɔahyehyɛ saa kuo no ama mpaninfoɔ a wɔtu kwan kɔdi adanseɛ fa me din ho wɔ wiase nyina ara mu, baabiara a agyinatukuo kɛseɛ akwantufoɔ, m’asomafoɔ no, bɛsoma wɔn sɛ wɔnkɔsiesie kwan wɔ m’anim no.

140 Nsonsonoeɛ a ɛda saa kuo yi ne mpaninfoɔ kuo no ntam ne sɛ ɛwɔ sɛ baako tu kwan berɛ biara, na baako no nso hwɛ nsɔre no so berɛ ano berɛ ano; baako wɔ asɛdeɛ sɛ ɔhwɛ asɔre no so berɛ ano berɛ ano, na baako no nni asɛdeɛ biara sɛ ɔhwɛ asɔre no so, Awurade mo Nyankopɔn na ɔseɛ.

141 Na bio, mese mo, mema mo m’akoa Vinson Knight, Samuel H. Smith, ne Shadrach Roundy, sɛ ɔbɛgye a, sɛ wɔnhwɛ ɔhwɛfoɔ ne n’aboafoɔ no so; saa ɔhwɛfoɔ ne n’aboafoɔ kuo no ho nimdeɛ no, wɔde ama mo wɔ Nkyerɛkyerɛ ne Apam nwoma no mu.

142 Na bio, mese mo, mema mo Samuel Rolfe ne n’afotufoɔ sɛ asɔfoɔ titenafoɔ, ne akyerɛkyerɛfoɔ no titenani ne n’afotufoɔ, ne deaconfoɔ titenani ne n’afotufoɔ nso, ne pɛɛwa titenani ne n’afotufoɔ nso.

143 Mede diberɛ yi a ɛwɔ soro ha yi ama mo, ne ɛho nsafoa, sɛ ɛnyɛ mmoa ne nnisoɔ, mma ɔsom adwuma no ne m’ahoteɛfoɔ no pɛyɛ.

144 Na mema mo mmarasɛm foforɔ bi, sɛ momfa nnipa nhyehyɛ saa diberɛ yi nyina ara mu na monnye din a maka ho asɛm no nto mu, anaa mompo wɔ amansan nhyiamu ase;

145 Na monsiesie adan mma saa diberɛ yi nyina ara wɔ me fie berɛ a mobɛsi yei ama me din no, Awurade mo Nyankopɔn na ɔseɛ. Mpo saa ara. Amen.