Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 102


Ɔfã 102

Nsɛm a wɔtwerɛeɛ faa Asɔre no agyinatukuo kɛseɛ a ɛdi kan no nhyehyɛeɛ ho, wɔ Kirtland, Ohio, Ogyefuo 17 1834. Mpanimfoɔ Oliver Cowdery ne Orson Hyde na wɔtwerɛɛ anodisɛm a ɛdii kan ankasa no. Nkɔmhyɛni no hwehwɛɛ anodisɛm no mu da a ɛtoa so no, na da a ɛdihɔ no agyinatukuo kɛseɛ no de anokorɔ gyee anodisɛm a wɔasiesie no too mu sɛ Asɔre no “agyinatukuo kɛseɛ no dwumadie-mmarasu.” Wɔ 1835 mu no wɔnam Joseph Smith akwankyerɛ so de nkyekyɛmu 30 de rekɔ 32, a ɛfa Asomafoɔ Dumienu Agyinatukuo ho no kaa ho berɛ a wɔyɛɛ saa ɔfã yi krado sɛ wɔntintim nka Nkyerɛkyerɛ ne Apam no ho no.

1–8, Wɔyi agyinatukuo sɛ wɔnsiesie nsɛm a ɛhia a ɛbɛsɔre wɔ asɔre no mu; 9–18, Wɔde kwan a wɔmfa so nni nsɛm to dwa; 19–23, Agyinatukuo no titenani no na ɔsi gyinaeɛ no; 24–34, Wɔde kwan a wɔfa so kɔ dwantoa wɔ asɛm ho to dwa.

1 Saa da yi amansan agyinatukuo a wɔyɛ asɔfoɔ mpaninfoɔ aduonu nan hyiaa mu wɔ Joseph Smith Jun., fie, nam adiyisɛm so, na wɔkɔɔ so hyehyɛɛ Kristo asɔre agyinatukuo kɛseɛ no, a ɛwɔ sɛ ɛmu nnipa no yɛ asɔfoɔ mpaninfoɔ dumienu, ne otitenani baako anaa baasa sɛdeɛ ɛbɛhia no.

2 Wɔnam adiyisɛm so yii agyinatukuo kɛseɛ ama wɔasiesie nsɛm denden a ɛho hia a ɛbɛtumi asɔre wɔ asɔre no mu, a asɔre no anaa ɔhwɛfoɔ no agyinatukuo nntumi nnsiesie mma afanu no nnya abodwoeɛ.

3 Wɔnam agyinatukuo no nne so gyee Joseph Smith, Jun., Sidney Rigdon ne Frederick G. Williams too mu sɛ titenafoɔ; na agyinatukuo no nam ɛnne korɔ so paa Joseph Smith, Sen., John Smith, Joseph Coe, John Johnson, Martin Harris, John S. Carter, Jared Carter, Oliver Cowdery, Samuel H. Smith, Orson Hyde, Sylvester Smith, ne Luke Johnson, a wɔyɛ asɔfoɔ mpaninfoɔ, sɛ asɔre no daadaa agyinatukuo.

4 Afei wɔbisaa agyinatufoɔ yi a wɔabɔ wɔn din wɔ soro ha yi sɛ wɔgye wɔn nnwuma yi to mu, na wɔbɛdi dwuma wɔ saa dwuma dibea yi sɛdeɛ ɔsoro mmara teɛ anaa; na wɔn nyina ara buaaeɛ sɛ wɔgye wɔn nnwuma no to mu, na wɔbɛhyɛ wɔn dwumadibea no ma sɛdeɛ Onyankopɔn adom a ɔde agu wɔn so no teɛ.

5 Nnipa dodoɔ a wɔn wɔ agyinatukuo no mu no, wɔn a wɔtoo aba wɔ asɔre no din mu, na wɔyɛ de maa asɔre no, de yii agyinatufoɔ a wɔabɔ wɔn din wɔ soro ha yi no yɛ aduanan-mmiɛnsa, sɛdeɛ ɛdisoɔ yi: asɔfoɔ mpaninfoɔ nkron, mpaninfoɔ dunson, asɔfoɔ nnan, ne asɔremma dumiɛnsa.

6 Wɔtoo aba sɛ: agyinatukuo kɛseɛ no nntumi nnya tumi nni dwuma wɔ berɛ a agyinatufoɔ a wɔabɔ wɔn din wɔ soro ha yi no mu nson nnka ho, anaa ananmusifoɔ a wɔayi wɔn a wɔfata no nni hɔ.

7 Saa nson yi bɛnya tumi ayi asɔfoɔ mpaninfoɔ afoforɔ, a wɔn a wɔbɛtumi asusu sɛ wɔfata na wɔbɛtumi adi dwuma wɔ agyinatufoɔ no a wɔnni hɔ no anan mu.

8 Wɔgye too mu sɛ: berɛ biara a kwan bɛda hɔ ɛnam agyinatufoɔ a wɔabɔ wɔn din dada no mu bi wuo nti, anaa sɛ wɔyi no firi dibea mu ɛnam mmaratoɔ nti, anaa sɛ ɔtu kwan firi asɔre no mpɔtam a, otitenani anaa titenafoɔ no bɛyi obi ahyɛ n’anan mu, na amansan agyinatukuo a wɔyɛ asɔfoɔ mpaninfoɔ, a wɔahyia mu wɔ saa botaeɛ yi nti no, de wɔn nne bɛpene so, ma wɔadi dwuma wɔ asɔre no din mu.

9 Asɔre no titenani no, a ɔsan yɛ agyinatukuo no titenani no, wɔnam adiyisɛm so na wɔyi no, na wɔnam asɔremma no nne so gye no to mu wɔ ne dwumadie mu.

10 Na yei yɛ sɛdeɛ ne dwuma dibea no kɛseyɛ teɛ sɛ ɔnhwɛ asɔre no agyinatukuo no so; na ɛyɛ n’akwanya sɛ titenafoɔ afoforɔ baanu bɛboa no, wɔn a wɔayi wɔn wɔ kwan korɔ no ara a wɔfaa so yii no no so.

11 Na sɛ wɔn mu baako anaa wɔn baanu a wɔayi wɔn sɛ wɔmmoa no no nni hɔ a, ɔwɔ tumi sɛ ɔbɛhwɛ agyinatukuo no so wɔ berɛ a ɔnni ɔboafoɔ; na sɛ ɔno ankasa nni hɔ a, titenafoɔ afoforɔ no wɔ tumi sɛ wɔhwɛ so wɔ n’anan mu, sɛ ɛyɛ wɔn baanu anaa wɔn mu biara.

12 Berɛbiara a wɔbɛhyehyɛ Kristo asɔre no agyinatukuo kɛseɛ wɔ ne kwan so no, sɛdeɛ nhwɛsoɔ a adi kan no teɛ no, ɛbɛyɛ agyinatufoɔ dumienu no asɛdeɛ sɛ wɔde nkaneeɛ bɛtwe ntonto, na wɔnam so ahunu deɛ ɛwɔ sɛ ɔdi kan kasa wɔ dumienu no mu, ɛhyɛ aseɛ firi baako, na saa ara kɔsi nkaneeɛ dumienu so.

13 Berɛ biara a agyinatukuo yi bɛhyia mu sɛ wɔreka asɛm biara no, agyinatufoɔ dumienu no bɛhwɛ sɛ ɛyɛ den anaa ɛnnyɛ den; sɛ ɛnnyɛ den a, agyinatufoɔ no mu mmienu pɛ na wɔbɛkasa afa ho, sɛdeɛ kwan a wɔatwerɛ wɔ soro hɔ no teɛ.

14 Nanso sɛ wɔhunu no sɛ ɛyɛ den a, wɔbɛyi nnipa nnan; na sɛ ɛyɛ den paa ara a, nnipa baasia; mmom kwan biara so no ɛnni sɛ wɔyi nnipa boro baasia ma wɔkasa.

15 Deɛ wɔabɔ no kwaadu no, wɔ asɛm biara mu no, wɔ agyinatukuo no fã baako ho kwan, sɛdeɛ wɔbɛsi atɛmdidie ne atɛnkyea ho kwan.

16 Na sɛ wɔhwehwɛ adanseɛ no mu wie a ɛwɔ sɛ agyinatufoɔ a wɔayi wɔn sɛ wɔnkasa no de asɛm no to agyinatukuo no anim, sɛdeɛ asɛm no teɛ ankasa; na ɛwɔ sɛ onipa biara kasa sɛdeɛ pɛpɛyɛ ne atɛntenenee teɛ.

17 Saa agyinatufoɔ a wɔnya nkaneeɛ a wɔtumi kyɛ ma mmienu no, kyerɛ sɛ, 2, 4, 6, 8, 10, ne 12, wɔn na wɔbɛgyina deɛ wɔabɔ no kwaadu no afã, na wɔasi atɛmdidie ne atɛnkyea kwan.

18 Wɔ asɛm biara mu no, deɛ wɔabɔ no kwaadu no ne kwaadubɔfoɔ no wɔ akwanya sɛ wɔkasa ma wɔn ho wɔ agyinatukuo no anim, berɛ a wɔatie adanseɛ no awie na agyinatufoɔ a wɔayi wɔn sɛ wɔnkasa mfa asɛm no ho no akasa awie no.

19 Sɛ wɔtie adanseɛ no wie a, agyinatufoɔ no, kwaadubɔfoɔ ne deɛ wɔabɔ no kwaadu no kasa a, titenani no bɛsi gyinaeɛ sɛdeɛ nteaseɛ a wanya wɔ asɛm no ho teɛ, na wafrɛ agyinatufoɔ dumienu no ma wɔde abatoɔ apene ɛno ara so.

20 Nanso sɛ agyinatufoɔ nkaeɛ no, wɔn a wɔnkasaaɛ no, anaa wɔn mu biara, berɛ a wɔde nokorɛdie atie adanseɛ ne adesrɛdeɛ no awie no, sɛ wɔhunu mfomsoɔ bi wɔ titenani no gyinaeɛ sie no ho a, wɔbɛtumi ada no adi, na wɔbɛdi asɛm no bio.

21 Na sɛ, wɔde ahwɛyie di asɛm no bio, na akyire yi wɔhunu nokorɛ foforɔ bi wɔ asɛm no ho a, wɔbɛsesa gyinaeɛ sie no sɛdeɛ ɛsɛ.

22 Nanso sɛ wɔamma hann foforɔ biara a, gyinaeɛ a ɛdi kan no bɛgyina, na agyinatukuo no fã kɛseɛ no wɔ tumi sɛ wɔma ɛyɛ saa ara.

23 Sɛ ɛyɛ asɛm a ɛyɛ den a ɛfa nkyerɛkyerɛ anaa nyinasosɛm ho, na sɛ wɔntwerɛɛ deɛ ɛdɔɔso yie a ɛbɛma agyinatufoɔ no adwene ayɛ wɔn fann a, titenani no bɛtumi abisa na wanya Awurade adwene wɔ adiyisɛm mu.

24 Asɔfoɔ mpaninfoɔ no, sɛ wɔtu kwan a, wɔn wɔ tumi sɛ wɔfrɛ na wɔhyehyɛ agyinatukuo wɔ yɔbea a ɛwɔ soro hɔ no nsɛsoɔ, ama wɔde asiesie nsɛm denden, sɛ afanu anaa wɔn mu baako bisa a.

25 Na saa asɔfoɔ mpaninfoɔ agyinatukuo no bɛnya tumi de ayi wɔn ara mu baako ama wahwɛ saa agyinatukuo no so berɛ tiawa mu.

26 Ɛbɛyɛ saa agyinatukuo no asɛdeɛ sɛ wɔde nwoma a ɛfa wɔn dwumadie ho bɛsoma, ntɛmso, ne adanseɛ ho amanneɛ a ɛdi mũ a ɛka wɔn atɛn ho, akɔma agyinatukuo kɛseɛ a ɛwɔ Asɔre no Titenafoɔ a Wɔdi Kan no asoɛeɛ.

27 Sɛ agyinatukuo no atɛn no annsɔ afanu no anaa wɔn mu baako ani a, wɔbɛtumi adwane atoa Asɔre no Titenafoɔ a Wɔdi Kan no agyinatukuo kɛseɛ no, na wɔbɛdi asɛm no bio, na wɔbɛtena asɛm no ho, sɛdeɛ nhwɛsoɔ dada a wɔatwerɛ no teɛ, tesɛ deɛ wɔmmuu saa atɛn no.

28 Wɔbɛfrɛ saa asɔfoɔ mpaninfoɔ agyinatukuo a wɔn wɔ amannɔne berɛ a nsɛm denden aba nko ara mu; na ɛnyɛ asɛm biara kɛkɛ anaa deɛ ɛnnyɛ den mma wɔnntumi mmfrɛ saa agyinatukuo yi.

29 Asɔfoɔ mpaninfoɔ a wɔtu kwan anaa wɔn wɔ amannɔne no wɔ tumi sɛ wɔka sɛ ɛhia sɛ wɔfrɛ saa agyinatukuo yi anaa ɛnhia.

30 Nsonsonoeɛ da agyinatukuo kɛseɛ anaa asɔfoɔ mpaninfoɔ a wɔtu kwan kɔ amannɔne, ne agyinatukuo kɛseɛ a wɔtu kwan a ɛyɛ asomafoɔ dumienu no ntam, wɔ wɔn gyinaeɛsie mu.

31 Gyinaeɛsie a ɛdi kan no na wɔbɛtumi asrɛ akɔ ho bio; nanso gyinaeɛsie a ɛtɔ so mmienu no deɛ wɔrenntumi nnsrɛ nnkɔ ho bio.

32 Asɔre no amansan sodifoɔ no nko ara na wɔtumi nya deɛ ɛdi akyire no ho asɛmmisa, sɛ ɛyɛ mmarato asɛm a.

33 Wɔyɛɛ adwene sɛ: otitenani no anaa titenafoɔ a wɔn wɔ Asɔre noTitenafoɔ a Wɔdi Kan no asoɛeɛ no bɛnya tumi de akyerɛ sɛ asɛm biara a wɔkɔ ho dwantoa no, ɛyɛ nokorɛ fata sɛ wɔtie no bio akyire yi a wɔahwehwɛ dwantoa no ne adanseɛ ne ano-asɛm a ɛka ho no mu.

34 Afei agyinatufoɔ dumienu no kɔɔ so bɔɔ ntonto anaa wɔtoo aba, sɛ wɔbɛhunu deɛ ɔbɛdi kan akasa, na deɛ ɛtoa so yi ne deɛ ɛfiri mu baae, wɔn din ne: 1, Oliver Cowdery; 2, Joseph Coe; 3, Samuel H. Smith; 4, Luke Johnson; 5, John S. Carter; 6, Sylvester Smith; 7, John Johnson; 8, Orson Hyde; 9, Jared Carter; 10, Joseph Smith, Sen.; 11, John Smith; 12, Martin Harris.Wɔbɔɔ mpaeɛ wieeɛ no wɔtuu nhyiamu no hyɛɛ da.

Oliver Cowdery,

Orson Hyde,

Atwerɛtwerɛfoɔ