Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 72


Ɔfã 72

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so, wɔ Kirtland, Ohio, Ɔpɛnimma 4, 1831. Na mpaninfoɔ ne asɔremma bebree ahyia rebɛsua wɔn dwuma na wɔanya nkɔsoɔ bi aka ho wɔ Asɔre no nkyerɛkyerɛ mu. Saa ɔfa yi yɛ adiyisɛm mmiɛnsa mmoano a wɔnyaa no da korɔ. Nkyekyɛmu 1 kɔsi 8 da Newel K. Whitney frɛ sɛ ɔhwɛfoɔ adi. Wɔfrɛɛ no na wɔhyɛɛ no sɔfoɔ, na akyire yi wɔnyaa nkyekyɛmu 9 kɔsi 23, a ɛkyerɛkyerɛ ɔhwɛfoɔ asɛdeɛ mu. Ɛno akyire no, wɔde nkyekyɛmu 24 kɔsi 26 maae, a ɛma akwankyerɛ fa Sion anoboaboa ho.

1–8, Ɛsɛ sɛ mpaninfoɔ no bu wɔn sohwɛ-adwuma ho akonta kyerɛ ɔhwɛfoɔ no; 9–15, Ɔhwɛfoɔ no hwɛ adekorabea no so na ɔhwɛ ɔnnibiefoɔ ne ahiafoɔ; 16–26, Ahwɛfoɔ di adanseɛ fa mpaninfoɔ no mudie ho.

1 Monyɛ aso, na montie Awurade nne, O mo a moahyia abɔ mu, mo a moyɛ m’asɔre asɔfoɔ mpaninfoɔ, mo a wɔde ahemman no ne tumi ama mo.

2 Ɛfiri sɛ nokorɛ sɛdeɛ Awurade seɛ nie, ɛfata ma me sɛ wɔbɛyi ɔhwɛfoɔ ama mo, anaa afiri mo mu, ama asɔre a ɛwɔ Awurade bobeturo fã ha yi.

3 Na nokorɛ, wɔ yei mu no moayɛ nyansadeɛ, ɛfiri sɛ Awurade rehwehwɛ yei afiri hwɛsofoɔ biara nsam, sɛ ɔbɛbu akonta afa ne hwɛsofoɔ-dwuma ho, wɔ mmerɛ mu ne daapem mu.

4 Ɛfiri sɛ deɛ ɔyɛ nokorɛfoɔ ne nyansafoɔ berɛ a ɛsɛ mu no wɔbu no sɛ ɔfata sɛ ɔbɛnya efie kɛseɛ a m’Agya asiesie ama no no adi.

5 Nokorɛ mese mo, m’asɔre mpaninfoɔ a wɔn wɔ me bobeturo mu saa fa ha yi bɛbu wɔn hwɛsofoɔ-dwuma ho akonta akyerɛ ɔhwɛfoɔ no, a mɛyi no wɔ saa me bobeturo mu fã ha yi.

6 Wɔbɛnya saa nneɛma yi wɔ twerɛtohɔ so, na wɔde ama ɔhwɛfoɔ no wɔ Sion.

7 Na wɔbɛda ɔhwɛfoɔ n’asɛdeɛ adi nam mmaransɛm a wɔde ama, ne nhyiamu no nne so.

8 Na afei, nokorɛ mese mo sɛ, m’akoa Newel K. Whitney yɛ onipa a ɛsɛ sɛ wɔyi na wɔhyɛ no sɔfoɔ ma saa tumi yi. Yei ne Awurade mo Nyankopɔn, mo Gyefoɔ pɛ. Mpo saa ara. Amen.

9 Awurade asɛm, a ɛka mmara a wɔde ama no ho, deɛ ɛda ɔhwɛfoɔ no asɛdeɛ adi, deɛ wɔahyɛ no sɔfoɔ ama asɔre a ɛwɔ saa bobeturo no fã ha yi, a nokorɛ ɛyɛ yei—

10 Sɛ ɔnhwɛ Awurade adekorabea no so; na ɔnnyegye asɔre no ntoboa wɔ saa bobeturo no fã ha yi;

11 Na ɔnnye mpaninfoɔ no akontabuo sɛdeɛ wɔahyɛ dada no; na ɔnhwɛ mma wɔn deɛ wɔhia, wɔn a wɔbɛtua deɛ wɔgyeɛ, mmerɛ dodoɔ a wɔn wɔ deɛ wɔde bɛtua;

12 Sɛdeɛ wɔbɛte yei nso ho ama asɔre no yieyɛ, onnibiefoɔ ne ahiafoɔ.

13 Na deɛ ɔnni deɛ ɔde bɛtua no, wɔbɛbu ho akonta na wɔde ahyɛ Sion hwɛfoɔ no nsa, na ɔbɛtua ka no afiri deɛ Awurade de bɛgu ne nsam no mu.

14 Na nokorɛfoɔ adwumayɛ a wɔyɛ wɔ honhom fam nneɛma mu no, wɔ asɛmpa no som mu ne ahemman no mu nneɛma a wɔde ma asɔre no, ne wiase no, bɛyɛ akatua ama ka a wɔde ɔhwɛfoɔ a ɔwɔ Sion no;

15 Ɛkyerɛ sɛ, yei firi asɔre no mu na ɛba, ɛfiri sɛ sɛdeɛ mmara no teɛ no, onipa biara a ɔbɛba Sion no de nneɛma nyina ara bɛgu ɔhwɛfoɔ no anim wɔ Sion.

16 Na afei, nokorɛ mese mo sɛ, esiane sɛ ɔpanin biara a ɔwɔ bobeturo no fã ha yi no wɔ sɛ ɔbu ne hwɛsofoɔ-dwuma ho akonta kyerɛ ɔhwɛfoɔ a ɔwɔ bobeturo no fã ha yi nti—

17 Adansedie nwoma a ɔtemmufoɔ anaa ɔhwɛfoɔ a ɔwɔ bobeturo no fã ha yi de kɔma ɔhwɛfoɔ a ɔwɔ Sion no ma wɔgye onipa biara to mu sɛ ɔnya apɛgyadeɛ, na ɛma nneɛma nyina ara mmuaeɛ, ma wɔgye no sɛ hwɛsofoɔ nyansafoɔ ne odwumayɛni nokorɛfoɔ;

18 Anyɛ saa a ɔhwɛfoɔ a ɔwɔ Sion no rennye no nnto mu.

19 Na afei, nokorɛ mese mo, ɔpanin biara a ɔbɛbu n’akonta akyerɛ ɔhwɛfoɔ a ɔwɔ bobeturo no fã ha yi no, ɛsɛ sɛ asɔre anaa nsɔre no, a ɔyɛ adwuma wɔ mu no di ne ho adanseɛ, sɛdeɛ ɔbɛtumi ama wɔagye ɔno ara ne n’akontaa ato mu wɔ ade nyina ara mu.

20 Na bio, momma me nkoa a wɔayi wɔn sɛ hwɛsofoɔ wɔ atwerɛeɛ so a ɛfa m’ásɔre ho no nnya hokwan sɛ wɔbɛgye mmoa afiri ɔhwɛfoɔ anaa ahwɛfoɔ no hɔ wɔ ade nyina ara mu—

21 Sɛdeɛ wɔbɛtumi abɔ adiyisɛm no ho dawuro, na afiri adi akɔ asase ano; sɛdeɛ wɔn nso bɛtumi anya sika a ɛbɛyɛ mfasoɔ ama asɔre no wɔ ade nyina ara mu;

22 Sɛdeɛ wɔbɛma wɔagye wɔn nso ato mu wɔ ade nyina ara mu, na wɔabu wɔn sɛ hwɛsofoɔ anyansafoɔ.

23 Na afei, hwɛ, yei bɛyɛ mfatoho ama m’asɔre nkorabata ahodoɔ no nyina ara, wɔ asase biara a wɔbɛsi bi wɔ so. Na afei mede me nsɛm no aba awieɛ. Amen.

24 Nsɛm kakra a ɛka ahemman no mu mmara ho, ɛfa asɔremma no ho—wɔn a wɔnam Honhom Kronkron no so ayi wɔn sɛ wɔnkɔ Sion no, ne wɔn a wɔanya akwanya sɛ wɔbɛkɔ Sion no—

25 Momma wɔnnye adansedie nwoma mfiri asɔre mpaninfoɔ baasa hɔ nkɔma ɔhwɛfoɔ no, anaa tumi krataa a ɛfiri ɔhwɛfoɔ no hɔ;

26 Anyɛ saa a deɛ ɔbɛkɔ Sion asase so no, wɔremmu no sɛ ɔyɛ hwɛsofoɔ nyansafoɔ. Yei nso yɛ mfatoho. Amen.