Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 85


Ɔfã 85

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so, wɔ Kirtland, Ohio, Obubuo 27, 1832. Saa fã yi yɛ nyi-firi-mu-nsɛm a ɛfiri Nkɔmhyɛni no nwoma a wɔtwerɛ kɔmaa William W. Phelps, a na ɔte Independence, Missouri. Yei yɛ mmuae a ɛfa Ahoteɛfoɔ no ho, wɔn a na wɔatu akɔ Sion nanso na wɔnnii mmarasɛm a ɛkyerɛ sɛ wɔmfa wɔn agyapadeɛ mmɔ afɔreɛ na ɛnam saa nti wɔnnyaa wɔn apɛgyadeɛ sɛdeɛ Asɔre no nhyehyɛeɛ teɛ.

1–5, Wɔnam afɔrebɔ so bɛnya apɛgyadeɛ wɔ Sion; 6–12, Otumfoɔ ne ɔhoɔdenfoɔ bi bɛma Ahoteɛfoɔ no wɔn apɛgyadeɛ wɔ Sion.

1 Ɛyɛ Awurade twerɛtwerɛfoɔ, a wayi no, asɛdeɛ sɛ ɔbɛkora abakɔsɛm, ne asɔre mu no nyina ara twerɛtohɔ a ɛfa nneɛma biara a ɛsisi wɔ Sion, ne wɔn a wɔde wɔn agyapadeɛ bɔ afɔreɛ nyina ara ho, a wɔnam mmara kwan so gye apɛgyadeɛ firi ɔhwɛfoɔ no hɔ;

2 Ɛne wɔn abrabɔ su nso, wɔn gyedie, ne wɔn nnwuma; ne awaefoɔ no nso a akyire yi wɔnya wɔn apɛgyadeɛ wie a wɔwae.

3 Ɛne Onyankopɔn pɛ ne ne mmarasɛm bɔ abira wɔn a wɔmmfa afɔrebɔ so nnya wɔn apɛgyadeɛ, sɛdeɛ ne mmara a ɔde ama no teɛ, sɛdeɛ ɔbɛtumi ama ne nkorɔfoɔ atua ntotosoɔ du du, de asiesie wɔn ama awerɛtɔ ne ɔhyeɛ da no, wɔbɛtwerɛ wɔn din wɔ Onyankopɔn nkorɔfoɔ mu.

4 Ɛnni sɛ wɔkora wɔn anatoɔ, anaa wɔnya wɔ faako a wɔbɛtumi ahunu wɔ asɔre no twerɛtohɔ anaa abakɔsɛm biara mu.

5 Wɔrennhunu wɔn din, anaa wɔn agyanom din, na wɔrenntwerɛ wɔn mma din wɔ Onyankopɔn mmara nwoma no mu, Asafo Awurade na ɔseɛ.

6 Aane, sei na nne ketewa no seɛ, deɛ ɛwesewese fa adeɛ nyina ara mu na ɛfiti mu no, a mpɛn pii no ɛma me nnompe woso berɛ a ɛda ne ho adi ka sɛ:

7 Na ɛbɛba sɛ me, Awurade Nyankopɔn, mɛsoma otumfoɔ ne ɔhoɔdenfoɔ bi, a ɔkura tumi ahempoma wɔ ne nsam, a wɔafira no hann aduradeɛ, deɛ n’ano bɛka nsɛm, ɛnni awieɛ nsɛm; na n’ayamdeɛ bɛyɛ nokorɛ asubura, a wɔde bɛsiesie Onyankopɔn fie, na wɔnam ntonto so ahyehyɛ ahoteɛfoɔ a wɔahunu wɔn din no apɛgyadeɛ, ne wɔn agyanom din, ne wɔn mma din, a wɔatwerɛ wɔ Onyankopɔn mmara nwoma no mu no;

8 Nanso saa nipa a Onyankopɔn frɛeɛ na ɔyii no no, deɛ ɔtene ne nsa de ma Onyankopɔn apam adaka no gyina pintinn no, nam owuo bɛmma ano bɛhwe ase, tesɛ dua a anyinam bɛmma nnannam abɔ no.

9 Na wɔn a wɔannhunu sɛ wɔatwerɛ wɔn din wɔ nkaeɛ nwoma mu no nyina ara rennya apɛgyadeɛ saa da no, mmom wɔbɛtwitwa wɔn mu, na wɔbɛyi wɔn kyɛfa ama wɔn wɔ annye anniefoɔ ntam, faako a benabɔ ne setwɛre wɔ no.

10 Saa nneɛma yi ɛnnyɛ me ara na meka; ne saa nti, sɛdeɛ Awurade ka no, ɔbɛhyɛ no ma nso.

11 Na wɔn a wɔkura Asɔfodie Kɛseɛ no, a wɔannhunu sɛ wɔatwerɛ wɔn din wɔ mmara nwoma no mu, anaa wɔn a wɔawae, anaa wɔatwa wɔn afiri asɔre no mu no, ne wɔn a wɔkura asɔfodie ketewa no, anaa asɔremma no, saa da no wɔrennya apɛgyadeɛ wɔ Ɔsorosoroni n’ahoteɛfoɔ no ntam;

12 Ne saa nti, wɔbɛyɛ wɔn sɛdeɛ wɔyɛɛ ɔsɔfoɔ no mma no, sɛdeɛ wɔbɛhunu sɛ wɔatwerɛ wɔ Esra nwoma no mu ti a ɛtɔ so mmienu ne nkyekyɛmu a ɛtɔ so aduosia baako ne mmienu no.