Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 33


Ɔfã 33

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so de maa Ezra Thayre ne Northrop Sweet, wɔ Fayette, New York, Ahinime 1830. Ɔreda saa adiyisɛm yi nnianim adi no, Joseph Smith abakɔsɛm si so dua sɛ “Awurade … ayɛ krado daa sɛ ɔbɛkyerɛ wɔn a wɔde nsiyɛ hwehwɛ wɔ gyidie mu no adeɛ.”

1–4, Wɔafrɛ adwumayɛfoɔ sɛ wɔmfa asɛmpa no nto dwa dɔn a ɛtɔ so dubaako no mu; 5–6, Wɔakyekyere Asɔre no, na wɔbɛboaboa wɔn a wɔayi wɔn no ano; 7–10, Monsakyera, na ɔsoro ahemman no abɛn; 11–15, Wɔsi Asɔre no wɔ ɔbotan no so; 16–18, Monsiesie mo ho mma Ayeforɔkunu no.

1 Hwɛ, mese mo, me nkoa Ezra ne Northrop, sɛ mommue mo aso mu na montie mo Awurade mo Nyankopɔn no nne, ɔno a n’asɛm wɔ nkwa na ɛwɔ tumi, na tumi wɔ mu, ano namnam sene afena anofanu, a ɛrepaapae akwaa ne ekyim mu, ɔkra ne honhom no; na ɔhunu adwene mu ne akoma mu nsusuiɛ.

2 Ɛfiri sɛ nokorɛ, nokorɛ, mese mo sɛ wɔafrɛ mo sɛ momma mo nne so te sɛ totorobɛnto nnyegyeɛ, na momfa m’asɛmpa no nto dwa wɔ awoɔntoatoasoɔ a wɔakyea na wɔakontono mu.

3 Na hwɛ, afuo no ahoa dada sɛ wɔtwa; na ɛyɛ dɔn a ɛtɔ so dubaako no, ne berɛ a ɛtwa toɔ a mɛfrɛ adwumayɛfoɔ wɔ me bobeturo no mu.

4 Na me bobeturo no mu baabiara aporɔ; na obiara nni hɔ a ɔyɛ papa gye sɛ kakraa bi; na wɔfom wɔ akwan hodoɔ so ɛnam asɔfotorosɛm nti, na wɔn nyina ara wɔ adwene a aporɔ.

5 Na nokorɛ, nokorɛ, mese mo, sɛ asɔre yi na makyekyere na mafrɛ afiri ɛserɛ so.

6 Na mpo saa ara na mɛboaboa wɔn a mayi wɔn no ano afiri asase afanan nyina ara, mpo dodoɔ no ara a wɔbɛgye me adie, na wɔbɛtie me nne no.

7 Aane, nokorɛ, nokorɛ, mese mo, sɛ afuo no ahoa dada sɛ wɔbɛtwa; ɛno nti, monto mo nkantankrankyi, na momfa mo tumi, mo adwene, ne mo ahoɔden nyina ara ntwa.

8 Mommue mo ano, na wɔbɛhyɛ no ma, na mpo mobɛyɛ tesɛ Nifae wɔ tete mmerɛ mu no, a otuu kwan firii Yerusalem kɔɔ ɛserɛ so no.

9 Aane, mommue mo ano na mma monnyae, na wɔbɛkyekyere afiafi bebree agugu mo akyi, na hwɛ, meka mo ho.

10 Aane, mommue mo ano na wɔbɛhyɛ no mã, monka sɛ: Monsakyera mo adwen, monsakyera mo adwen, na monsiesie Awurade kwan no, na momma n’anammɔn kwan ntene; ɛfiri sɛ ɔsoro ahemman no abɛn;

11 Aane, monsakyera na mommɔ asu, mo mu biara, na monnya bɔne fafiri; aane, na wɔmmɔ mu asu mpo wɔ nsuo mu, na akyire yi no ogya ne Sunsum Kronkron asubɔ no bɛba.

12 Hwɛ, nokorɛ, nokorɛ, mese mo, yei ne m’asɛmpa no; na monkae sɛ ɛsɛ sɛ wɔnya gyedie wɔ me mu, ɛnte saa a ɔkwan biara nni hɔ sɛ wɔbɛtumi agye wɔn nkwa;

13 Na wɔ saa ɔbotan yi so na mɛsi m’asɔre; aane, wɔ saa botan yi so na wɔde mo asi, na sɛ motoa so a, asamando apono renni mo so nkonim.

14 Na monkae asɔre no ahyɛdeɛ ne apam no, na monni so.

15 Na obiara a ɔwɔ gyidie no, monhyɛ no den wɔ m’asɔre mu, nam nsa a wɔde gu soɔ no so, na mede Sunsum Kronkron akyɛdeɛ no bɛma wɔn.

16 Na Mormon Nwoma no ne twerɛ kronkron no yɛ me na mede ama sɛ ɛnyɛ mo nkyerɛkyerɛ; na me Honhom tumi no na ɛma nneɛma nyina ara nkwa.

17 Ɛno nti, monyɛ nokorɛfoɔ, mmɔ mpaeɛ berɛbiara, nsiesie mo nkanea ma ɛnnɛre, na ngo nka mo ho, ama moayɛ ahoboa wɔ berɛ a Ayeforɔkunu no bɛba no—

18 Na hwɛ, nokorɛ, nokorɛ, mese mo sɛ, mereba ntɛm so. Mpo saa ara. Amen.