Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 109


Ɔfã 109

Mpaebɔ a wɔbɔɔe berɛ a wɔtee tɛmpol a ɛwɔ Kirtland, Ohio, ho no, Ɔbɛnem 27, 1836. Sɛdeɛ nsɛm a Nkɔmhyɛni no twerɛɛe no kyerɛ no, wɔde saa mpaebɔ yi maa no nam adiyie so.

1–5, Wɔsii Kirtland Tɛmpol no sɛ bea a Onipa Ba no bɛba nsrahwɛ; 6–21, Ɛwɔ sɛ ɛyɛ mpaebɔ fie, akɔmkyene fie, gyedie fie, adesua fie, animuonyam fie, nhyehyɛeɛ pa fie, ne Onyankopɔn fie; 22–33, Ma wɔn a wɔnnsakyera na wɔkasa tia Awurade nkorɔfoɔ no ani nnwu; 34–42, Ma ahoteɛfoɔ no mfiri adi wɔ tumi mu nkɔboaboa teneneefoɔ no ano nkɔ Sion; 43–53, Ma wɔnnye Ahoteɛfoɔ no mfiri nneɛma huuhu a wɔbɛhwie agu atirimuɔdenfoɔ no so nna a ɛtwa toɔ no mu; 54–58, Ma aman ne nkorɔfoɔ ne nsɔre nsiesie wɔn ho mma asɛmpa no; 59–67, Ma wɔnnye Yudafoɔ, Lamanfoɔ no, ne Israel nyina ara; 68–80, Ma wɔnhyɛ Ahoteɛfoɔ no animuonyam ne anidie ahenkyɛ na wɔnnya nkwagyeɛ a ɛnni awieɛ.

1 Aseda nka wo din, O Awurade Israel Nyankopɔn, wo a wokora apam na woda mmɔborɔhunu adi kyerɛ wo nkoa a wɔde wɔn akoma nyina ara nante tenenee mu wɔ w’anim—

2 Wo a woahyɛ wo nkoa sɛ wɔnsi dan mma wo din wɔ saa bea yi [Kirtland].

3 Na afei woahunu, O Awurade, sɛ wo nkoa ayɛ sɛdeɛ wo mmarasɛm teɛ.

4 Na afei Agya Kronkron, yɛsrɛ wo wɔ Yesu Kristo din mu, Ɔba a ɔda wo koko mu, ɔno a ne din mu nko ara na wɔbɛtumi de nkwagyeɛ ama nnipa mma, yɛsrɛ wo, O Awurade, sɛ gye dan yi to mu, yɛn nsa ano adwuma mu adwinneɛ, deɛ wohyɛɛ yɛn, wo nkoa, sɛ yɛnsi no.

5 Ɛfiri sɛ wonim sɛ yɛayɛ saa adwuma yi wɔ amanehunu kɛseɛ mu; na wɔ yɛn hia mu no yɛde yɛn ahodeɛ bi ama ma wɔde asi fie ama wo din, sɛdeɛ Onipa Ba no bɛnya baabi ada ne ho adi akyerɛ ne nkorɔfoɔ.

6 Na sɛdeɛ woaka wɔ adiyisɛm bi mu, a wɔde maa yɛn, a wofrɛɛ yɛn wo nnamfo, na wokaa sɛ—Momfrɛ mo nhyia kronkron no, sɛdeɛ mahyɛ mo no;

7 Na esiane sɛ ɛnyɛ obiara na ɔwɔ gyedie nti, momfa nsiyɛ nhwehwɛ na monkyerɛkyerɛ mo ho mo ho anyansasɛm; aane monhwehwɛ anyansasɛm mfiri nwoma a ɛyɛ papa pa ara mu; monhwehwɛ nimdeɛ, mpo momfa adesua ne gyedie nso;

8 Monhyehyɛ mo ho mo ho; monsiesie adehiadeɛ biara; na monsi fie, mpo mpaebɔ fie, akɔmkyene fie, gyedie fie, adesua fie, animuonyam fie, nhyehyɛe pa fie, Onyankopɔn fie;

9 Sɛdeɛ mo fiba bɛwɔ Awurade din mu; na mo adifiri nso bɛwɔ Awurade din mu; ama mo nkyea nyina ara awɔ Awurade din mu, deɛ moyɛ ma mo nsa so kyerɛ Ɔsorosoroni no.

10 Na afei, Agya Kronkron, yɛsrɛ wo sɛ fa w’adom boa yɛn, wo nkorɔfoɔ, wɔ yɛn nhyia kronkron frɛ mu, sɛdeɛ wɔbɛyɛ ama wo anidie na ama woagye ato mu;

11 Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛhunu yɛn sɛ yɛfata, wɔ w’anim, ama yɛanya bɔhyɛ a wode maa yɛn, wo nkorɔfoɔ, wɔ adiyisɛm mu no mahyɛ;

12 Ama w’animuonyam abɛgu wo nkorɔfoɔ so, ne wo fie so, deɛ yɛrete ho ama wo seesei no, ama wɔadwira ho na wɔahyira so ayɛ no kronkron, na ama w’anim kronkron akɔso atena saa fie yi mu;

13 Na ama obiara a ɔbɛwura Awurade fie aboboano mu no atumi ate wo tumi nka, na ahyɛ no ama wahunu sɛ woate ho, na ɛyɛ wo fie, wo kronkronbea.

14 Na ma kwan, Kronkron Agya, sɛ obibiara a ɔbɛsom wɔ saa fie yi mu no, wɔakyerɛ no nyansasɛm afiri nwoma a ɛyɛ papa pa ara mu, na ama wɔahwehwɛ nimdeɛ mpo nam adesua so, ne gyedie nso so, sɛdeɛ woaka no;

15 Na ama wɔanyini wɔ wo mu, na wɔanya Sunsum Kronkron no mahyɛ, na wɔasiesie wɔn sɛdeɛ wo mmara teɛ, na wɔayɛ wɔn krado ama wɔanya biribiara a ɛhia;

16 Na ama saa fie yi ayɛ mpaebɔ fie, akɔmkyene fie, gyedie fie, animuonyam ne Onyankopɔn fie, mpo wo fie;

17 Ama wo nkorɔfoɔ yi ba a wɔba fie ha nyina ara ayɛ wɔ Awurade din mu.

18 Ama wɔn adifire wɔ saa fie yi mu ayɛ wɔ Awurade din mu;

19 Na ama wɔn nkyea nyina ara awɔ Awurade din mu, deɛ wɔyɛ ma wɔn nsa so kyerɛ Ɔsorosoroni no;

20 Na wɔamma ho kwan amma biribiara a ɛho nnteɛ annwura wo fie anngu ho fi;

21 Na sɛ wo nkorɔfoɔ no mu biara, to mmara a wɔbɛtumi asakyera ntɛm so na wɔasan aba wo hɔ, na wɔanya adom wɔ w’anim, na nhyira a woahyehyɛ sɛ wɔnhwie ngu wɔn a wɔbɛbu wo wɔ wo fie so no, wɔasan de ama wɔn.

22 Na Agya Kronkron, yɛsrɛ wo, sɛ ma wo nkoa mfiri adi mfiri saa fie yi mu a wɔhyɛ wo tumi akodeɛ, na ma wo din nna wɔn so, na w’animuonyam ntwa wɔn ho nhyia, na w’abɔfoɔ nhwɛ wɔn so;

23 Na ama wɔfiri saa bea yi a wɔatumi de anigyesɛm kɛseɛ a ɛboro so na animuonyam wɔ mu, akɔ asase ano, wɔ nokorɛ mu, ama wɔahunu sɛ yei yɛ w’adwuma, na woatene wo nsa, sɛ wobɛhyɛ deɛ wonam nkɔmhyɛfoɔ no ano so aka no ma, ɛfa nna a ɛtwa toɔ no ho.

24 Agya Kronkron, yɛsrɛ wo sɛ, fa nkorɔfoɔ a wɔbɛsom no si hɔ pintinn, na wɔnnya animuonyam din ne gyinabea wɔ saa wo fie yi mu, nkɔ awoɔntoatoasoɔ ne berɛ a ɛnni awieɛ nyina ara mu;

25 Ama akodeɛ biara a wɔayɛ atia wɔn no annyina; ama onii a ɔtu amena ma wɔn no ɔno ara atɔ mu;

26 Ama atirimuɔdensɛm nkabom biara anntumi annya tumi annsɔre na wɔanni nkonim wɔ wo nkorɔfoɔ so, wɔn a wode wo din bɛto wɔn so wɔ saa fie yi mu;

27 Na sɛ nkorɔfoɔ biara sɔre tia saa nkorɔfoɔ yi a, w’abufuo adɛre atia wɔn;

28 Na sɛ wɔbɔ saa nkorɔfoɔ yi a wobɛbɔ wɔn; wobɛko ama wo nkorɔfoɔ sɛdeɛ woyɛɛe wɔ ɔko berɛ mu no, ama wɔagye wɔn afiri wɔn atamfo nyina ara nsa mu.

29 Agya Kronkron, yɛsrɛ wo, sɛ ma wɔn ho nyera wɔn, na wɔn ho nnwiri wɔn, na ma aniwuo ne basabasayɛ mmra wɔn so, wɔn a wama atorɔsɛm ahyeta akɔ wiase nyina ara mu, atia w’akoa anaa wo nkoa, sɛ wɔannsakyera, berɛ a wɔbɛbɔ daapem asɛmpa no dawuro agu wɔn aso mu no;

30 Na ama wɔn nnwuma nyina ara ayɛ kwa, na asukɔtwea ne atemmuo a wobɛsoma aba wɔn so wɔ w’abufuo mu no abɔ wɔn akɔ, ama awieɛ aba atorɔsɛm ne nsekuro a wɔadi atia wo nkorɔfoɔ no aba awieɛ.

31 Ɛfiri sɛ wonim, O Awurade, sɛ wo nkoa ayɛ kronn wɔ w’anim wɔ adanseɛ a wɔdi fa wo din ho, a ɛno nti wɔahunu saa nneɛma yi ho amanneɛ.

32 Ne saa nti yɛba w’anim koto srɛ wo sɛ, gye yɛn korakora firi saa kɔndua yi ase;

33 Bu firi hɔ, O Awurade; fa wo tumi so bu firi wo nkoa kɔn mu, ama yɛasɔre wɔ saa awoɔntoatoasoɔ yi mfinfini na yɛayɛ w’adwuma.

34 O Yehowa, hunu saa nkorɔfoɔ yi mmɔbɔ, na sɛdeɛ nnipa nyina ara ayɛ bɔne no fa wo nkorɔfoɔ mmaratoɔ kyɛ wɔn, na ma wɔmpepa mfiri hɔ afebɔɔ.

35 Ma wɔmfa tumi mfiri soro nsɔ w’asomfoɔ ngosra no ano wɔ wɔn so.

36 Ma ɛnhyɛ mã wɔ wɔn so, sɛdeɛ ɛyɛɛ wɔ wɔn a na wɔn wɔ Pentekoste da no mu; ma wɔnhwie kasa hodoɔ akyɛdeɛ ngu wo nkorɔfoɔ so, mpo tesɛ tɛkrɛma a wɔapaepae mu tesɛ ogya, ne ne nkyerɛaseɛ.

37 Na ma w’animuonyam a ɛtesɛ ahum kɛseɛ a ɛretu nhyɛ wo fie ma.

38 Fa apam no adanseɛ gu wo nkoa so, ama sɛ wɔfiri adi kɔbɔ w’asɛm no dawuro a wɔatumi asɔ mmara no ano, na wɔasiesie ahoteɛfoɔ no akoma ama atemmuo biara a wode rebɛba asase sotefoɔ so, wɔ w’abufuo mu, esiane wɔn mmaratoɔ nti, ama wo nkorɔfoɔ anntɔ piti wɔ ahohiahia da mu.

39 Na ahenkuro biara a wo nkoa bɛwura mu, na saa ahenkuro no nkorɔfoɔ bɛgye wɔn adanseɛ no, ma w’asomdwoeɛ ne wo nkwagyeɛ mmra saa ahenkuro no so; ama aboaboa ateneneefoɔ no ano afiri saa ahenkuro no mu, ama wɔatumi de daapem anigyeɛ nnwom afiri adi aba Sion, anaa ne mpɛɛwa mu, mmeammea a woayiyi no.

40 Na kɔsi sɛ wɔbɛwie yei no, mma w’atemmuo nntɔ saa ahenkuro no so.

41 Na ahenkuro biara a wo nkoa bɛwura mu, na saa ahenkuro no nkorɔfoɔ nnye wo nkoa adanseɛ, na wo nkoa bɔ wɔn kɔkɔ sɛ wɔnnye wɔn ho mfiri saa awoɔntoatoasoɔ kontonkyi yi mu a, ma ɛmmra saa ahenkuro no so sɛdeɛ wo nkɔmhyɛfoɔ de wɔn ano aka no teɛ.

42 Nanso, O Yehowa, yɛsrɛ wo, gye wo nkoa firi wɔn nsam, na dwira wɔn firi wɔn mogya ho.

43 O Awurade, yɛn ani nnye yɛn yɔnko nnipa sɛeɛ ho; wɔn akra som bo wɔ w’anim;

44 Nanso ɛwɔ sɛ w’asɛm hyɛ mã. Boa wo nkoa na ma w’adom ntaa wɔn akyi ma wɔnka sɛ: Wo pɛ nyɛ hɔ, O Awurade, na ɛnnyɛ yɛn deɛ.

45 Yɛnim sɛ wonam wo nkɔmhyɛfoɔ ano so aka nneɛma huuhu afa atirimuɔdenfoɔ no ho, wɔ nna a ɛtwa toɔ no mu—sɛ wobɛhwie w’atemmuo agu, a nsusuiɛ biara nni mu.

46 Ne saa nti, O Awurade, gye wo nkorɔfoɔ firi atirimuɔdenfoɔ amanneɛ mu; ma wo nkoa ntumi nsɔ wo mmara no ano, na wɔnkyekyere adanseɛ no, ama wɔasiesie wɔn ama ɔhyeɛ da no.

47 Yɛsrɛ wo, Kronkron Agya, sɛ kae wɔn a Jackson Mantam, Missouri, ɛmutefoɔ no apamo wɔn afiri wɔn apɛgyadeɛ asase so, na bu saa amanehunu kɔndua yi, O Awurade, a wɔde ato wɔn so no.

48 Wonim, O Awurade, sɛ nnipa atirimuɔdenfoɔ ahyɛ wɔn so na wɔateetee wɔn paa ara; na awerɛhoɔ abu so wɔ yɛn akoma mu esiane wɔn adesoa kɛseɛ no nti.

49 O Awurade, ɛnkɔsi dabɛn na wobɛma saa nkorɔfoɔ yi agyina saa amanehunu yi ano, na wɔn nkorɔfoɔ a wɔyɛ kronn sũ aforo aba w‘aso mu, na wɔn mogya aforo aba sɛ adanseɛ wɔ w’anim, na ɛnna w’adanseɛ adi mma wɔn?

50 Nya mmɔborɔhunu, O Awurade, wɔ akakabensɛmfoɔ atirimuɔdenfoɔ so, wɔn a wɔapamo wo nkorɔfoɔ no, ama wɔagyae sɛ wɔbɛfom afa, ama wɔasakyera afiri wɔn bɔne ho sɛ wɔbɛtumi anya nsakyeraeɛ a;

51 Nanso sɛ wɔrennsakyera a, da wo basa adi, O Awurade, na gye deɛ woyii sɛ Sion maa wo nkorɔfoɔ no.

52 Na sɛ anntumi annyɛ saa a, sɛdeɛ ɛbɛ yɛ a wo nkorɔfoɔ yiedie mmɔ wɔ w’anim no, ma w’abufuo nnɛre, na w’abuhuro nhwie ngo wɔn so, ama wɔn ase atɔre, nhini ne nkorabata nyina ara, wɔ ɔsoro ase;

53 Nanso mmerɛ dodoɔ a wɔbɛsakyera no, woyɛ animuonyamfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ, na wobɛdane w’abufuhyeɛ berɛ a wohwɛ Deɛ Woasra no ngo n’anim no.

54 Nya mmɔborɔhunu, O Awurade, wɔ asase aman nyina ara so; nya mmɔborɔhunu wɔ yɛn asase mpaninfoɔ so; ma wɔmfa saa nnyinasosɛm no a, yɛn agyanom de anidie ne nokorɛ bɔɔ ho ban no, a ɛyɛ yɛn asase so Aman-mmara no nsi hɔ pintinn afebɔɔ.

55 Kae ahemfo, ahene-mma mmarima, adehyeɛ, ne atitire a wɔn wɔ asase so, ne nnipa nyina ara, ne nsɔre no, onnibiefoɔ, ahiafoɔ, ne wɔn a wɔhunu amanneɛ nyina ara wɔ asase so;

56 Ama wɔadwodwo wɔn akoma berɛ a wo nkoa bɛfiri wo fie apue, O Yehowa, akɔdi adanseɛ wɔ wo din ho; ama wɔn adwenbɔne no ama nokorɛ no kwan, na wo nkorɔfoɔ no atumi anya animuonyam wɔ obiara anim;

57 Ama asase ano nyina ara ahunu sɛ yɛn, wo nkoa, ate wo nne, na woasoma yɛn;

58 Ama Yakob mma mmarimma atumi aboaboa ateneneefoɔ no ano afiri yeinom nyina ara mu akyekyere ahenkuro kronkron ama wo din, sɛdeɛ woahyɛ no.

59 Yɛsrɛ wo sɛ yi mpɛɛwa afoforɔ ma Sion ka yei a woayi yi ho, ama wo nkorɔfoɔ anoboaboa akɔ n’anim wɔ tumi kɛseɛ ne animuonyam mu, ama wɔatwa w’adwuma tiawa wɔ tenenee mu.

60 Afei, O Awurade, yɛaka saa nsɛm yi wɔ w’anim, ɛfa adiyisɛm ne mmaransɛm a wode ama yɛn no ho, yɛn a wɔhunu yɛn sɛ yɛka Amanamanmufoɔ ho no.

61 Nanso wonim sɛ wowɔ ɔdɔ kɛseɛ ma Yakob mma, wɔn a wɔabɔ wɔn apete wɔ mmepɔ no so mmerɛ tenten yi, wɔ da a mununkum ne esum ahyɛ no ma mu.

62 Ne saa nti yɛsrɛ wo sɛ nya mmɔborɔhunu wɔ Yakob mma so, ama wɔatumi ahyɛ aseɛ agye Yerusalem, afiri saa dɔnhwere yi;

63 Na wɔahyɛ aseɛ abubu nkoasom kɔndua no afiri Dawid fie mu;

64 Na Yuda mma ahyɛaseɛ asan akɔ wɔn nsase so, deɛ wode maa Abraham, wɔn agya no.

65 Na ma Yakob asefoɔ a wɔaka no, wɔn a wɔadome wɔn na wɔaboro wɔn ɛnam wɔn mmaratoɔ nti no nsakyera mfiri gyimii ne kramakrama tebea mu nkɔ daapem asɛmpa no mahyɛ no ho;

66 Ama wɔde wɔn mogyahwieguo akodeɛ agu fam, na wɔagyaeɛ wɔn atuateɛ no;

67 Na ma Israel nkaeɛ a wɔabɔ apete no nyina ara, wɔn a wɔapamo wɔn akɔ asase ano no, nnya nokorɛ no ho nimdeɛ, wɔnnye Messaia no nni, na wɔnnye wɔn nkwa mfiri ateetee mu, na wɔnni ahurusie wɔ w’anim.

68 O Awurade, kae w’akoa, Joseph Smith, Jun., ne n’amanehunu ne n’ataataa nyina ara—sɛdeɛ ɔne Yehowa akɔ apam, na wasuae akyerɛ wo, O Yakob Nyankopɔn Tumfoɔ—ne mmaransɛm a wode ama no, na ɔde nokorɛdie apere sɛ ɔbɛdi wo pɛ so.

69 Nya mmɔborɔhunu, O Awurade, wɔ ne yere ne ne mma so, ama wɔatumi ama wɔn so wɔ w’anim, na wobaatan nsa akora wɔn.

70 Nya mmɔborɔhunu wɔ wɔn abusuafoɔ nyina ara so, ama wɔabubu wɔn adwenbɔne na wɔapra akɔ te sɛ nsuyiri repra akɔ; ama wɔasakyera na wɔagye wɔn ne Israel, na wɔahunu sɛ woyɛ Onyankopɔn.

71 Kae, O Awurade, titenafoɔ no, mpo titenafoɔ a wɔn wɔ w’asɔre no mu nyina ara, ama wo nsa nifa ama wɔn so, ne wɔn mmusua nyina ara, ne wɔn abusuafoɔ, ama wɔama wɔn din atena hɔ na wɔanya wɔn nkaeɛ afebɔɔ firi awoɔntoatoasoɔ de kɔ awoɔntoatoasoɔ so.

72 Kae w’asɔre no nyina ara, O Awurade, ne wɔn mmusua, ne wɔn abusuafoɔ nyina ara, ne wɔn ayarefoɔ ne wɔn a wɔrehunu amanneɛ no nyina ara, ne ahiafoɔ ne ahobrɛaseɛfoɔ wɔ asase so nyina ara; ama ahemman a woahyehyɛ a nsa biara nkura mu no abɛyɛ bepɔ kɛseɛ na ahyɛ asase so nyina ara ma;

73 Ama w’asɔre afiri ɛserɛ a esum wɔ so no aba, na ahyerɛn adi korɔgyeen sɛ ɔsrane, fɛɛfɛ sɛ owia, na huuhu sɛ asraafoɔ a wɔkura frankaa;

74 Na wafa afadeɛ tesɛ ɔyere ama saa da no a wobɛyi ɔsoro mu nkatanim no, na ɛbɛma mmepɔ abɛgu fam wɔ w’anim, na wɔamema mmonhwa so, na bea kokwarikokwari abɛyɛ torontorom no; ama w’animuonyam ahyɛ asase so mã;

75 Ama sɛ wɔbɔ totorobɛnto ma awufoɔ a, wɔahwim yɛn akɔ soro wɔ mununkum mu abɛhyia wo, ama yɛn ne Awurade atena daa;

76 Ama yɛn ntaadeɛ ayɛ korɔgyeen, ama wɔde tenenee ntaadeɛ ahyehyɛ yɛn, na yɛde mmerɛnkɛnsono akura, na animuonyam ahenkyɛ ahyehyɛ yɛn tiri, na yɛatwa anigyeɛ a ɛnni awieɛ ama yɛn brɛ nyina ara.

77 O Awurade Nyankopɔn Tumfoɔ, tie yɛn wɔ yɛn adesrɛ yi mu, na ma yɛn mmuaeɛ mfiri soro, wo tenabea kronkron, faako a wote ahennwa soɔ, a wowɔ animuonyam, tumi, kɛseyɛ, ahoɔden, tumidie, nokorɛ, atɛntenenee, atemmuo, mmɔborɔhunu, ne mahyɛ a ɛnni anobuo, firi daapem kɔsi daapem.

78 O tie, O tie, O tie yɛn, O Awurade. Na bua yɛn saa adesrɛ yi, na gye dan a yɛretu ahyɛ wo nsa yi, yɛn nsa ano adwuma, a yɛasi ama wo din;

79 Na gye asɔre yi nso, na fa wo din to so. Na fa wo Honhom tumi no boa yɛn, ama yɛde yɛn nne afra saa serafoɔ a wɔhyerɛn na wɔyɛ hyerɛnn a wɔatware w’ahennwa no ho no, na yɛde ayeyie nkamfoɔ, ato hosiana ama Onyankopɔn ne Odwammaa no!

80 Na ma wɔmfa nkwagyeɛ mfira saa wɔn a woasra wɔn ngo no, na w’ahoteɛfoɔ no mfa anigyeɛ nteateamu denden so. Amen, ne Amen.