Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 23


Ɔfã 23

Adiyisɛm nnidisoɔ nnum a wɔde maae nam Joseph Smith, Nkɔmhyɛni no so, wɔ Manchester, New York, Oforisuo 1830, maa Oliver Cowdery; Hyrum Smith; Samuel H. Smith; Joseph Smith Sr.: ne Joseph Knight Sr. Ɛnam nnipa baanum a wɔabɔ wɔn din no pɛ kɛseɛ a wɔnyaae sɛ wɔbɛhunu wɔn asɛdeɛ nti, Nkɔmhyɛni no bisaa Awurade na ɔnyaa adiyisɛm maa nnipa no mu biara.

1–7, Wɔfrɛɛ saa akyidifoɔ a wɔdi kan no sɛ wɔnka asɛmpa no, wɔntu fo, na wɔnhyɛ asɔre no den.

1 Hwɛ, meka nsɛm kakra bi kyerɛ wo, Oliver. Hwɛ, wɔahyira wo, na wonni afɔbuo biara ase. Mmom hwɛ yie wɔ ahantan ho, anyɛ saa a wobɛkɔ sɔhwɛ mu.

2 Da wo frɛ no adi kyerɛ asɔre no, na fa to wiase anim, na wɔbɛbue wo akoma mu ama woaka nokorɛ afiri seesei akɔsi daapem. Amen.

3 Hwɛ, meka nsɛm kakra bi kyerɛ wo, Hyrum; na wo nso wonni afɔbuo biara ase, na wɔabue wo akoma, na wɔasane wo tɛkrɛma; na wo frɛ ne sɛ wobɛma afotuo, na wobɛhyɛ asɔre no den daa. Ɛno nti, wobɛyɛ w’asɛdeɛ ama asɔre no afebɔɔ, na yei esiane w’abusua nti. Amen.

4 Hwɛ, meka nsɛm kakra bi kyerɛ wo, Samuel; na wo nso wonni afɔbuo biara ase, na wɔafrɛ wo sɛ bɛma afotuo, na hyɛ asɔre no den; na wɔnnya mfrɛɛ wo sɛ kɔka nsɛmpa wɔ wiase anim. Amen.

5 Hwɛ, meka nsɛm kakra bi kyerɛ wo, Joseph; na wo nso wonni afɔbuo biara ase, na wɔafrɛ wo sɛ bɛma afotuo, na hyɛ asɔre no den; na yei ne w’asɛdeɛ firi seesei kɔsi afebɔɔ. Amen.

6 Hwɛ, meda no adi kyerɛ wo, Joseph Knight, nam saa nsɛm yi so, sɛ ɛsɛ sɛ wofa w’asɛnnua, na yei mu no ɛsɛ sɛ wobue w’ano bɔ mpaeɛ wɔ wiase anim, wɔ kokoa mu, ne w’ abusua mu, ne wo nnamfo ntam, ne mmea nyina ara.

7 Na, hwɛ, ɛyɛ wo asɛdeɛ sɛ wone asɔre a ɛyɛ nokorɛ no kabɔ mu, na fa wokasa ma afotuo daa, na woatumi anya odwumayɛfoɔ akatua. Amen.