Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 40


Ɔfã 40

Adiyisɛm a wɔde maa Joseph Smith Nkɔmhyɛni no ne Sidney Rigdon, wɔ Fayette, New York, Ɔpɛpɔn 6, 1831. Ansa na wɔrebɛtwerɛ saa adiyisɛm yi no, Nkɔmhyɛni no abakɔsɛm ka sɛ, “Ɛnam sɛ James Covel poo Awurade asɛm, na ɔsan kɔfaa ne nyinasosɛm dada no nti, Awurade maa me ne Sidney Rigdon adiyisɛm a ɛtoa soɔ yi” (hwɛ ɔfã 39).”

1–3, Ɔtaa ho suro ne wiase dadwen ma wɔpo asɛmpa no.

1 Hwɛ, nokorɛ mese mo sɛ, na m’akoa James Covel akoma tene wɔ m’anim, ɛfiri sɛ ɔne me yɛɛ apam sɛ ɔbɛyɛ setie ama m’asɛm.

2 Na ɔde anigyeɛ gyee asɛm no, nanso ntɛm pa ara Satan sɔɔ no hwɛɛe; na ɔtaa ho suro ne wiase dadwen maa no poo asɛm no.

3 Ɛno nti, ɔbuu m’apam no so, na ɛwɔ me hɔ sɛ mɛyɛ no sɛdeɛ ɛyɛ ma me. Amen.