Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 44


Ɔfã 44

Adiyisɛm a wɔde maa Joseph Smith Nkɔmhyɛni no ne Sidney Rigdon, wɔ Kirtland, Ohio, wɔ Ɔgyefuo awieɛ mu, 1831. Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛdi nhyehyɛeɛ a wɔada no adi wɔ honam mu no, Asɔre no frɛɛ nhyiamu a na ɛbɛba so Ayɛwohomumɔ bosome a ɛdi so no mu.

1–3, Ɛwɔ sɛ mpaninfoɔ no hyia mu wɔ nhyiamu ase; 4–6, Ɛwɔ sɛ wɔhyehyɛ biribiara sɛdeɛ asase no mmara teɛ na wɔhwɛ ahiafoɔ no.

1 Hwɛ, sɛdeɛ Awurade se mo, me nkoa, nie: ɛfata ma me sɛ wɔbɛfrɛ m’asɔre mpaninfoɔ no abɔ mu, afiri apueɛ ne atɔeɛ, atifi ne anaafoɔ, nam krataa twerɛ anaa kwan foforɔ so.

2 Na ɛbɛba sɛ mmerɛ dodoɔ a wɔyɛ nokorɛfoɔ, na wɔkyerɛ gyidie wɔ me mu no, mɛhwie me Honhom agu wɔn so wɔ da a wɔbɛhyia abɔ mu.

3 Na ɛbɛba sɛ wɔbɛkɔ amantam a atwa ahyia no mu wɔ tenenee mu, na wɔbɛfiri adi akɔka nsakyeraeɛ akyerɛ nkorɔfoɔ no.

4 Na dodoɔ no bɛsakyera, ama moatumi anya tumi ahyehyɛ mo dwumadie sɛdeɛ nnipa mmara teɛ;

5 Sɛdeɛ mo atamfo renntumi nnya tumi wɔ mo so; ama wɔakora mo wɔ ade nyina ara mu; ama moatumi adi me mmara so; sɛdeɛ wɔbɛbubu apam biara a ɔtamfo no rehwehwɛ sɛ ɔde bɛsɛe me nkorɔfoɔ.

6 Hwɛ, mese mo, sɛ monsrasra ɔnnibiefoɔ ne ahiafoɔ na momma wɔn mmoa, ama wɔakora wɔn kɔsi sɛ wɔbɛyɛ nneɛma nyina ara sɛdeɛ me mmara a moanya no teɛ. Amen.