Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 8


Ɔfã 8

Adiyisɛm a wɔde maae nam Nkɔmhyɛni Joseph Smith so maa Oliver Cowdery, wɔ Harmony, Pennsylvania, Oforisuo 1829. Wɔ Mormon Nwoma no nkyerɛaseɛ dwumadie mu no, Oliver, ɔno a ɔkɔɔ so somm sɛ ɔtwerɛfoɔ no, a na ɔtwerɛ Nkɔmhyɛni no ɔkatwerɛ no, pɛɛ sɛ wɔdom no nkyerɛaseɛ akyɛdeɛ. Awurade gyee ne nkotosrɛ no so na ɔmaa saa adiyisɛm yi.

1–5, Adiyisɛm nam Sunsum Kronkron tumi so na ɛba; 6–12, Onyankopɔn ahintasɛm ho nimdeɛ ne tumi a wɔde kyerɛ tete twerɛtohɔsɛm ase nam gyedie so na ɛba.

1 Oliver Cowdery, nokorɛ, nokorɛ, mese wo, ampaneampa ara sɛ Awurade te ase yi, ɔno a ɔyɛ wo Nyankopɔn ne wo Gyefoɔ no, saa ara mpo na ampa ara wobɛnya nimdeɛ wɔ nneɛma biara a wode gyedie bɛbisa, sɛ wode ɔnokorɛfoɔ akoma, gyedi sɛ wobɛnya nimdeɛ afa nkurukyire a ɛwɔ twerɛtohɔ dada ho, a ɛyɛ tete adeɛ, a ɛkura saa me nsɛmpa no fã a wɔaka nam me Honhom adiyie so no a.

2 Aane, hwɛ, mɛka akyerɛ wo wɔ w’adwene mu ne w’akoma mu, menam Sunsum Kronkron no so, deɛ ɔbɛba wo so na ɔbɛtena w’akoma mu no.

3 Afei, hwɛ, yei ne adiyie honhom no; hwɛ, yei ne honhom no a Mose nam so de Israelmma baae faa Po Kɔkɔɔ no mu wɔ asase wesee so.

4 Ɛno nti, yei ne w’akyɛdeɛ; fadi dwuma, na nhyira nka wo, ɛfiri sɛ ɛbɛyi wo afiri w’atamfo nsam, sɛ ɛnte saa a, wɔbɛku wo na wɔde wo kra bɛba ɔsɛeɛ mu.

5 O, kae saa nsɛm yi, na di me mmaransɛm so. Kae, yei ne w’akyɛdeɛ.

6 Afei nyɛ w’akyɛdeɛ nyina ara ni; na wowɔ akyɛdeɛ foforɔ, a ɛyɛ Aaron n’akyɛdeɛ no; hwɛ, aka nneɛma pii akyerɛ wo.

7 Hwɛ, tumi foforɔ biara nni hɔ, gye sɛ Onyankopɔn tumi, a ɛbɛtumi ayɛ ama saa Aaron tumi yi atena wo nkyɛn.

8 Ɛno nti, nnye akyinnye, ɛnam sɛ ɛyɛ Onyankopɔn akyɛdeɛ; na wobɛkura wɔ wo nsa mu, na woayɛ nwanwa nnwuma; na tumi biara renntumi nnye mmfiri wo nsa mu nnkɔ, ɛfiri sɛ ɛyɛ Onyankopɔn adwuma.

9 Na, ɛno nti, biribiara a wobɛbisa me sɛ menka nkyerɛ wo nam saa kwan no so no, mede bɛma wo, na wobɛnya nimdeɛ a ɛfa ho.

10 Kae sɛ gyedie nka ho a wonntumi nnyɛ hwee; ɛno nti bisa wɔ gyedie mu. Ntoto saa nneɛma yi ase; mmisa deɛ ɛnnsɛ sɛ wobisa.

11 Bisa sɛ wobɛtumi ahunu Onyankopɔn ahintasɛm, sɛ wobɛtumi akyerɛ aseɛ na woanya nimdeɛ afiri saa tete twerɛtohɔsɛm no nyina ara mu, deɛ wɔde asie, a ɛyɛ kronkron no; na ɛnam wo gyedie so na ɛbɛyɛ ama wo.

12 Hwɛ, ɛyɛ me na maka yei; na mekorɔ yi ara na mekasa kyerɛɛ wo firii mfitiaseɛ no. Amen.