Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 107


Ɔfã 107

Adiyisɛm a ɛfa asɔfodie no ho, a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so, wɔ Kirtland, Ohio, bɛyɛ Ɔbɛnem, 1835. Ɛwɔ mu sɛ wɔtwerɛɛ saa ɔfã yi wɔ 1835 deɛ, nanso abakɔsɛm nwoma si so dua sɛ nkyekyɛmu 60 de kɔsi 100 mu dodoɔ no ara yɛ adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith so wɔ Obubuo 11, 1831. Saa ɔfã yi ne Asomafoɔ Dumienu Kuo no nhyehyɛeɛ wɔ Ɔgyefuo ne Ɔbɛnem 1835 no wɔ twaka. Ɛrekame ayɛ sɛ Nkɔmhyɛni no de wei maae wɔ wɔn a wɔresiesie wɔn ho akɔ wɔn asɛmpatrɛkuo a ɛdi kan no anim wɔ Kɔtɔnima 3, 1835.

1–6, Asɔfodie mmienu na ɛwɔ hɔ: Mɛlkisɛdɛk deɛ no ne Aaron deɛ no; 7–12, Wɔn a wɔkura Mɛlkisɛdɛk Asɔfodie no wɔ tumi sɛ wɔdi dwuma wɔ asɔre no diberɛ nyina ara mu; 13–17, Ɔhwɛfoɔ ne n’aboafoɔ no hwɛ Aaron Asɔfodie no so, ɛno na ɛdi dwuma wɔ honam fam ayɛyɛdeɛ mu; 18–20, Mɛlkisɛdɛk Asɔfodie no kura honhom mu nhyira nyina ara nsafoa; Aaron asɔfodie no kura abɔfoɔ som ho nsafoa; 21–38, Titenafoɔ a Wɔdi kan no, Dumienu no, ne Aduɔson no yɛ titenafoɔ akuo, ɛwɔ sɛ wɔsi gyinaeɛ wɔ nkabom ne tenenee mu; 39–52, Wɔakyekyere tete agya nhyehyɛeɛ no Adam so de kɔ Noa so; 53–57, Tete Ahoteɛfoɔ hyiaa mu wɔ Adam-ondi-Ahman, na Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn; 58–67, Ɛwɔ sɛ Dumienu no hyehyɛ Asɔre no asomfoɔ no wɔ ne kwan so; 68–76, Ahwɛfoɔ som sɛ amansan atemmufoɔ wɔ Israel; 77–84, Titenafoɔ a Wɔdi Kan ne Dumienu no yɛ Asɔre no mu asɛnniiɛ a ɛkorɔn yie; 85–100, Asɔfodie titenafoɔ no hwɛ wɔn akuo ahodoɔ so.

1 Asɔfodie mmienu na ɛwɔ asɔre no mu, a ɛyɛ, Mɛlkisɛdɛk ne Aaron, deɛ Lewi Asɔfodie no ka ho no.

2 Deɛ nti a wɔfrɛ deɛ ɛdi kan no Mɛlkisɛdɛk Asɔfodie no ne sɛ na Mɛlkisɛdɛk yɛ ɔsɔfoɔ panin kɛseɛ pa ara.

3 Ansa na ne da no rebɛba no na wɔfrɛ no Asɔfodie Kronkron no, wɔ Onyankopɔn Ba no Kwan so.

4 Nanso ɛnam anidie anaa obuo a wɔde ma Okokuroko no din no nti, sɛdeɛ wɔbɛkwati ne din bɔ pii nti, wɔn a wɔyɛ Asɔre no a na wɔn wɔ tete nna no mu no frɛɛ asɔfodie no Mɛlkisɛdɛk, anaa Mɛlkisɛdɛk Asɔfodie no.

5 Tumi anaa diberɛ afoforɔ nyina ara a ɛwɔ asɔre no mu no yɛ saa asɔfodie yi mfemfamho.

6 Nanso nkyekyɛmu anaa nsonsonoeɛ akɛseɛ mmienu na ɛwɔ hɔ—baako ne Mɛlkisɛdɛk Asɔfodie no, na baako nso ne Aaron anaa Lewi Asɔfodie no.

7 Opanin diberɛ no wɔ Mɛlkisɛdɛk asɔfodie no ase.

8 Mɛlkisɛdɛk Asɔfodie no kura titena tumi, na ɛwɔ tumi ne hokwan wɔ diberɛ a ɛwɔ asɔre no mu nyina ara wɔ mmerɛ nyina ara mu wɔ wiase, sɛ wɔde bɛdi honhom mu nneɛma ho dwuma.

9 Asɔfodie Kɛseɛ Titenafoɔ no, wɔ Mɛlkisɛdɛk kwan so no, wɔ hokwan sɛ wɔdi dwuma wɔ diberɛ nyina ara mu wɔ asɔre no mu.

10 Asɔfoɔ Mpaninfoɔ wɔ Mɛlkisɛdɛk Asɔfodie kwan so no wɔ hokwan sɛ wɔdi dwuma wɔ wɔn ankasa gyinaberɛ mu, wɔ titenafoɔ no akwankyerɛ ase, na wɔdi honhom mu nneɛma ho dwuma, ne ɔpanin, ɔsɔfoɔ (wɔ Lewi kwan so), ɔkyerɛkyerɛni, dikɔn, ne asɔreba diberɛ mu nso.

11 Ɔpanin wɔ hokwan sɛ ɔdi dwuma wɔ n’anan mu berɛ a ɔsɔfoɔ panin no nni hɔ.

12 Ɛwɔ sɛ ɔsɔfo panin no ne panin no som wɔ honhom mu nneɛma ho, sɛdeɛ asɔre no apam ne mmaransɛm no teɛ; na wɔn wɔ hokwan sɛ wɔdi dwuma wɔ asɔre no diberɛ nyina ara mu berɛ a tumi akɛseɛ no mu biara nni hɔ.

13 Asɔfodie a ɛtɔ so mmienu no wɔfrɛ no Aaron Asɔfodie, ɛfiri sɛ wɔde maa Aaron ne n’asefoɔ, wɔ wɔn awoɔntoatoasoɔ nyina ara mu.

14 Deɛ nti a wɔfrɛ no asɔfodie ketewa no ne sɛ ɛyɛ kɛseɛ no anaa Mɛlkisɛdɛk Asɔfodie no mfemfamho, na ɛwɔ tumi sɛ ɛdi dwuma wɔ honam fam ayɛyɛdeɛ mu.

15 Ɔhwɛfoɔ ne n’aboafoɔ no yɛ saa asɔfodie yi titenafoɔ, na wɔkura ɛho nsafoa anaa tumi.

16 Onipa biara nni saa diberɛ yi hokwan wɔ mmara kwan so, sɛ ɔbɛkura saa asɔfodie yi nsafoa, gye sɛ ɔyɛ Aaron aseni ankasa.

17 Nanso, sɛdeɛ Mɛlkisɛdɛk Asɔfodie sɔfo panin kura tumi sɛ ɔde di dwuma wɔ diberɛ nketewa no biara mu no, ɔbɛtumi adi dwuma wɔ ɔhwɛfoɔ no diberɛ mu wɔ berɛ a Aaron aseni ankasa biara nni hɔ, sɛ wɔfrɛ no na wɔyi no si hɔ na wɔhyɛ no sɔfoɔ ma saa tumi yi, nam Mɛlkisɛdɛk Asɔfodie Titenafoɔ no nsa so a.

18 Deɛ ɛyɛ kɛseɛ no, anaa Mɛlkisɛdɛk Asɔfodie no tumi ne ɛho kwan no ne sɛ: wɔbɛkura asɔre no honhom mu nhyira nyina ara nsafoa—

19 Na wɔanya akwannya sɛ wɔbɛnya ɔsoro ahemman no mu ahintasɛm, na wɔabue ɔsoro ama wɔn, na wɔ ne amansan nhyiamu ne Abakan no asɔre no anya nkitahodie, na wɔ ne Agya Nyankopɔn, ne Yesu apam foforɔ no ntamgyinafoɔ anya nkitahodie na wɔanya wɔn nkyɛn kwan.

20 Deɛ ɛyɛ ketewa no, anaa Aaron Asɔfodie no tumi ne ɛho kwan ne sɛ: wɔbɛkura abɔfoɔ som ho nsafoa, na wɔadi dwuma wɔ honam fam ayɛyɛdeɛ mu, deɛ wɔatwerɛ wɔ asɛmpa no mu, nsakyeraeɛ asubɔ a ɛkɔ bɔne fafiri mu no, sɛdeɛ apam ne mmaransɛm no teɛ.

21 Ɛho hia sɛ wɔnya titenafoɔ, anaa asomfoɔ ahwɛfoɔ a wɔfiri, anaa wɔayi wɔn anaa wɔka wɔn a wɔahyɛ wɔn asɔfoɔ ama diberɛ ahodoɔ a ɛwɔ saa asɔfodie mmienu yi mu no ho.

22 Wɔ Mɛlkisɛdɛk Asɔfodie no mu no, Asɔfoɔ Mpaninfoɔ Titenafoɔ baasa, a kuo no apaw wɔn, na wɔayi wɔn ahyɛ wɔn asɔfoɔ ama saa diberɛ yi, a asɔre no de awerɛhyɛmu, gyedie ne wɔn mpaebɔ kura wɔn mu no, bɛyɛ Asɔre no Titenafoɔ kuo.

23 Wɔfrɛ agyinatukuofoɔ akwantufoɔ dumienu no sɛ wɔnyɛ Asomafoɔ Dumienu, anaa adansefoɔ sononko wɔ Kristo din ho wɔ wiase nyina ara mu—ne saa nti, nsonsonoeɛ da wɔn ne asomfoɔ afoforɔ ntam wɔ asɔre yi mu wɔ wɔn frɛ asɛdeɛ mu.

24 Na wɔyɛ kuo, a wɔn ne titenafoɔ baasa a wɔaka ho asɛm dada no yɛpɛ wɔ tumi ne hokwan mu.

25 Wɔafrɛ Aduɔsɔn no nso sɛ wɔnka asɛmpa no, na wɔnyɛ adansefoɔ sononko mma amanamanmufoɔ ne wiase nyina ara—ne saa nti nsonsonoeɛ da wɔn ne asomfoɔ afoforɔ ntam wɔ asɔre yi mu wɔ wɔn frɛ asɛdeɛ mu.

26 Na wɔyɛ kuo, a wɔn ne Dumienu adansefoɔ sononko anaa Asomafoɔ a wɔabɔ wɔn din seesei ara yi yɛpɛ wɔ tumi mu.

27 Na gyinaeɛ biara a kuo yi mu biara bɛsi no, ɛwɔ sɛ wɔfa ɛno ara nkabom nne so de yɛ; ɛkyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ kuo ba biara gye gyinaeɛ no to mu, sɛdeɛ wɔn gyinaeɛ no bɛnya tumi anaa ahoɔden korɔ wɔ obiara ani so.

28 Wɔn mu dodoɔ no bɛtumi ayɛ kuo berɛ a tebea mma ho kwan sɛ wɔn nyina ara bɛwɔ hɔ—

29 Sɛ ɛnte saa a, wɔn gyinaeɛ renntumi nnya saa nhyira korɔ no a titenafoɔ baasa kuo no gyinaeɛ nyaae tete mmerɛ mu no, wɔn a wɔhyɛɛ wɔn asɔfoɔ wɔ Mɛlkisɛdɛk kwan so, na wɔyɛ ateneneefoɔ ne nnipa kronkron no.

30 Ɛwɔ sɛ wɔyɛ saa akuo yi, anaa ɛmu biara, gyinaeɛsie wɔ tenenee akwan nyina ara so, wɔ kronkronyɛ mu, ne ahobrɛaseɛ akoma mu, ɔdwoɔ ne abodwokyɛre mu, ne gyedie mu, ne ahonidie, ne nimdeɛ, anidahɔ, aboterɛ, nyamesu, onuadɔ ne ɔdɔ mapa mu;

31 Esiane sɛ bɔhyɛ no ne sɛ, sɛ saa nneɛma yi dɔre wɔ wɔn mu a, wɔrennyɛ wɔn a wɔrennso aba wɔ Awurade ho nimdeɛ mu.

32 Na sɛ ɛba sɛ saa akuo yi si gyinaeɛ biara wɔ bɔne mu a, wɔde bɛba akuo ahodoɔ no amansan nhyiamu anim, deɛ ɛyɛ asɔre no honhom mu sodifoɔ no; sɛ anyɛ saa a wɔrenntumi nnka gyinaeɛsie no ho asɛm bio.

33 Dumienu no yɛ Titenafoɔ Akwantufoɔ Agyinatukuo Kɛseɛ, na wɔdi dwuma wɔ Awurade din mu wɔ Asɔre no Titenafoɔ no akwankyerɛ ase, sɛdeɛ ɔsoro nhyehyɛeɛ teɛ; sɛ wɔbɛsi asɔre no, na wɔatoto ɛho dwumadie nyina ara yie wɔ aman nyina ara mu, ama Amanamanmufoɔ no, deɛ ɛdi kan, na akɔ Yudafoɔ hɔ, deɛ ɛtɔ so mmienu.

34 Ɛwɔ sɛ Aduɔson no di dwuma wɔ Awurade din mu, wɔ Dumienu no anaa akwantufoɔ agyinatukuo kɛseɛ no akwankyerɛ so, wɔ asɔre no sie mu ne ɛho dwumadie ntotoeɛ nyina ara mu wɔ aman nyina ara mu, ama Amanamanmufoɔ no, deɛ ɛdi kan, na afei wɔde ama Yudafoɔ no—

35 Wɔsoma Dumienu no a wɔkura nsafoa no firi adi de kɔbue pono nam Yesu Kristo asɛmpa no ho dawurubɔ so, na wɔdi kan de ma Amanamanmufoɔ no na afei wɔde ama Yudafoɔ no.

36 Na agyinatukuo akɛseɛ a wɔn wɔ faako, wɔ Sion mpɛɛwa mu no, yɛ kuo a wɔ ne titenafoɔ kuo, anaa akwantufoɔ agyinatukuo kɛseɛ no yɛpɛ wɔ tumi mu, wɔ asɔre no dwumadie nyina ara mu, wɔ wɔn gyinaeɛsie nyina ara mu.

37 Agyinatukuo kɛseɛ a wɔn wɔ Sion no yɛ kuo a wɔ ne Dumienu a wɔn wɔ Sion mpɛɛwa no yɛpɛ wɔ tumi mu, wɔ wɔn gyinaeɛsie mu, wɔ asɔre no dwumadie nyina ara mu.

38 Ɛyɛ akwantufoɔ agyinatukuo kɛseɛ no, na ɛnnyɛ afoforɔ biara, asɛdeɛ sɛ wɔdwantoa Aduɔson no, berɛ a wɔhia mmoa, ama wɔabɛyɛ ɔfrɛ-dwuma ahodoɔ aka asɛmpa na wɔadi asɛmpa no ho dwuma.

39 Ɛyɛ Dumienu no asɛdeɛ, wɔ asɔre ne nkorabata akɛseɛ nyina ara mu, sɛ wɔbɛhyɛ asɛmpaka asomfoɔ asɔfoɔ, sɛdeɛ wɔbɛkyerɛ wɔn nam adiyisɛm so de ama wɔn—

40 Wɔsii saa asɔfodie yi nhyehyɛeɛ so dua sɛ ɛmfiri agya so nkɔ ɔba so, na ɛyɛ deɛ wɔapaw no no asefoɔ ankasa dea, wɔn a wɔhyɛɛ wɔn saa bɔ yi no.

41 Wɔyɛɛ saa nhyehyɛeɛ yi wɔ Adam nna no mu, na ɛfirii abusuasantene so baaeɛ nam saa kwan yi so:

42 Ɛfirii Adam so kɔɔ Sɛth so, deɛ Adam hyɛɛ no sɔfoɔ berɛ a na wadi mfeɛ aduosia nkron, na ɔhyiraa no mfeɛ mmiɛnsa ansa na ɔno (Adam) rebɛwuo, na ɔnyaa Onyankpɔn bɔhyɛ nam n’agya so, ama n’asefoɔ ayɛ wɔn a Awurade apa wɔn, na ama wɔakora wɔn akɔsi asase awieɛ;

43 Esiane sɛ na ɔno (Seth) yɛ onipa a ɔdi mũ, na na ne nsɛsoɔ tesɛ ne papa deɛ pɛpɛɛpɛ, mpo ara ma ɔbɛyɛɛ sɛ ne papa wɔ nneɛma nyina ara mu, na nsonsonoɛ a ɛda wɔn ntam yɛ ne mfeɛ.

44 Wɔhyɛɛ Enos sɔfoɔ no na wadi mfeɛ ɔha ne aduasa nan ne abosome nnan, nam Adam nsa so.

45 Onyankopɔn frɛɛ Kaanan wɔ ɛserɛ no so berɛ a na wadi mfeɛ aduanan; na ɔhyiaa Adam berɛ a na ɔretu kwan akɔ Shedolamak bea hɔ. Na wadi aduɔwɔtwe nson berɛ a ɔnyaa n’asɔfohyɛ no.

46 Na Mahalaleel anya mfeɛ ɔha ne aduɔkron nsia ne nna nson berɛ a Adam de ne nsa hyɛɛ no sɔfoɔ, na ɔsan nso hyiraa no.

47 Na Jared adi mfeɛ ahanu berɛ a wɔhyɛɛ no sɔfoɔ wɔ Adam nsa ase, na ɔsan nso hyiraa no.

48 Na Henok adi mfeɛ aduonu num berɛ a wɔhyɛɛ no sɔfoɔ wɔ Adam nsa ase; na Adam hyiraa no na wadi aduosia num.

49 Na ɔhunuu Awurade, na ɔne no nanteeɛ, na na ɔwɔ n’anim daa; na ɔne Onyankopɔn nantee mfeɛ ahasa ne aduosia num, a ɛma ɔnyaa mfeɛ ahanan ne aduasa berɛ a wɔmaa ne so kɔɔ ɔsoro no.

50 Na Metusala adi mfeɛ ɔha berɛ a wɔhyɛɛ no sɔfoɔ wɔ Adam nsa ase.

51 Na Lamek adi mfeɛ aduasa mmienu berɛ a wɔhyɛɛ no ɔsɔfoɔ wɔ Set nsa ase.

52 Na Noa adi mfeɛ du berɛ a wɔhyɛɛ no sɔfoɔ wɔ Metusala nsa ase.

53 Mfeɛ mmiɛnsa ansa na Adam rebɛwu no, ɔfrɛɛ Set, Enos, Kaanan, Mahalaleel, Yared, Henok, ne Metusala, a na wɔn nyina ara yɛ asɔfoɔ mpaninfoɔ, ne n’asefoɔ nkaeɛ a na wɔyɛ ateneneefoɔ, kɔɔ Adam-ondi-Ahman bonhwa no mu, na ɛhɔ na ɔmaa wɔn ne nhyira a ɛtwa toɔ.

54 Na Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn, na wɔsɔree na wɔhyiraa Adam, na wɔfrɛɛ no Mikael, ɔheneba barima, ɔbɔfo panin.

55 Na Awurade maa Adam awerɛkyekyerɛ, na ɔsee no sɛ: mayi wo sɛ yɛ wɔn ti; aman pii bɛfiri wo mu aba, na woyɛ ɔheneba barima wɔ wɔn so afebɔɔ.

56 Na Adam sɔre gyinaa asafo no mfinfini, na, mfeɛ ama ne mu akuntun deɛ, nanso ɛnam sɛ Sunsum Kronkron no ahyɛ no mã nti, ɔhyɛɛ nkɔm faa biribiara a ɛbɛba n’asefoɔ so kɔsi awoɔntoatoasoɔ a ɛtwa toɔ no.

57 Wɔatwerɛ saa nneɛma yi nyina ara wɔ Henok nwoma no mu, na wɔbɛdi ho adanseɛ wɔ mmerɛ a ɛsɛ mu.

58 Ɛyɛ Dumienu no asɛdeɛ, nso, sɛ wɔhyɛ asɔfoɔ na wɔhyehyɛ asɔre no asomfoɔ foforɔ no nyina ara wɔ ne kwan so, sɛdeɛ adiyisɛm no teɛ, deɛ ɛka sɛ:

59 Wɔde maa Kristo asɔre a ɛwɔ Sion asase so, deɛ ɛka asɔre mmara a ɛfa asɔre dwumadie ho no—

60 Nokorɛ, mese mo, sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie, ɛho hia sɛ wɔnya mpaninfoɔ titenafoɔ na wɔhwɛ wɔn a wɔn wɔ ɔpanin diberɛ no so;

61 Na asɔfoɔ nso nhwɛ wɔn a wɔn wɔ asɔfoɔ diberɛ so.

62 Na akyerɛkyerɛfoɔ nso nhwɛ wɔn a wɔn wɔ ɔkyerɛkyerɛni diberɛ so, wɔ saa kwan no ara so, ne dikɔnfoɔ nso—

63 Ɛno nti, ɛfiri deacon so de kɔ ɔkyerɛkyerɛni so, na ɛfiri ɔkyerɛkyerɛni so kɔ ɔsɔfoɔ so, na ɛfiri ɔsɔfoɔ so kɔ panin so, dodoɔ ara a wɔbɛyi wɔn, sɛdeɛ apam ne asɔre no mmaransɛm teɛ no.

64 Ɛno akyi na Asɔfodie Kɛseɛ no ba, deɛ ɛyɛ kɛseɛ sene ne nyina ara no.

65 Ne saa nti, ɛho hia sɛ wɔyi ɔbaako firi Asɔfodie Kɛseɛ no mu ma no hwɛ asɔfodie no so, na wɔbɛfrɛ no Titenani wɔ Asɔfodie Kɛseɛ no so wɔ Asɔre no mu.

66 Anaa, nsɛm foforɔ mu no, Ɔsɔfo Panin Titenani wɔ Asɔfodie Kɛseɛ no so wɔ Asɔre no mu.

67 Ɛfiri ɛno korɔ no ara mu na ayɛyɛdeɛ ne nhyira ho dwumadie a wɔyɛ ma asɔre no firi ba, nam nsa a wɔde gu soɔ no so.

68 Ɛno nti, ɔhwɛfoɔ no diberɛ no ne no nnyɛ pɛ; ɛfiri sɛ ɔhwɛfoɔ diberɛ no ne sɛ ɔbɛdi dwuma wɔ honam fa mu nneɛma nyina ara mu.

69 Nanso ɛwɔ sɛ wɔyi ɔhwɛfoɔ firi Asɔfodie Kɛseɛ no mu, gye sɛ ɔyɛ Aaron aseni ankasa.

70 Na ɔrenntumi nkura saa asɔfodie no nsafoa, gye sɛ ɔyɛ Aaron aseni ankasa.

71 Nanso, wɔbɛtumi ayi ɔsɔfo panin asi hɔ, kyerɛ sɛ, wɔ Mɛlkisɛdɛk kwan so, ama wadi honam fa mu nneɛma ho dwuma, na ɔnya ɛho nimdeɛ fa nokorɛ Honhom no so;

72 Na wabɛyɛ Israel ɔtemmufoɔ nso, ama wayɛ asɔre no adwuma, na watena ase de adanseɛ a wɔde bɛto n’anim no abu mmaratofoɔ atɛn sɛdeɛ mmara no teɛ, nam n’afotufoɔ mmoa so, wɔn a wapa wɔn anaa ɔbɛpa wɔn afiri asɔre mpaninfoɔ no ntam.

73 Yei ne ɔhwɛfoɔ asɛdeɛ, deɛ ɔnnyɛ Aaron aseni ankasa, nanso wɔahyɛ no sɔfoɔ akɔ Asɔfodie Kɛseɛ no mu wɔ Mɛlkisɛdɛk kwan so.

74 Ne saa nti ɔbɛyɛ ɔtemmufoɔ, mpo amansan temmufoɔ wɔ Sion ɛmutefoɔ ntam, anaa wɔ Sion pɛɛwa mu, anaa wɔ asɔre no nkorabata biara mu faako a wɔbɛyi no asi hɔ ama saa ɔsom adwuma yi, kɔsi sɛ wɔbɛtrɛ Sion ahyeɛ mu na ɛbɛhia sɛ wɔnya ahwɛfoɔ afoforɔ anaa atemmufoɔ wɔ Sion anaa baabi foforɔ.

75 Na sɛ wɔyi ahwɛfoɔ afoforɔ a, wɔbɛdi dwuma wɔ saa diberɛ korɔ no ara mu.

76 Nanso Aaron aseni ankasa wɔ saa asɔfodie yi titena hokwan, wɔ saa nyamedwuma yi nsafoa ho, wɔ mmara kwan so, sɛ ɔno nko ara bɛdi dwuma wɔ ɔhwɛfoɔ diberɛ mu, a n’afotufoɔ nnka ne ho, gye sɛ berɛ a wɔredi Asɔfodie Kɛseɛ no Titenani bi asɛm, wɔ Mɛlkisɛdɛk kwan so, na ɔtena ase sɛ Israel ɔtemmufoɔ.

77 Na saa agyinatukuo yi mu biara gyinaeɛ no bɛyɛ sɛdeɛ mmarasɛm a ɛka sɛ:

78 Bio, nokorɛ, mese mo, asɔre no adwuma a ɛho hia pa ara, ne asɔre no nsɛm a ɛyɛ den pa ara no, mpɛn dodoɔ a abotɔyamu amma ɔhwɛfoɔ no anaa atemmufoɔ no gyinaeɛsie mu no, wɔbɛgyaa mu ama na wɔde akɔma asɔre no agyinatukuo no, wɔ Asɔfodie Kɛseɛ Titenafoɔ no anim.

79 Na agyinatukuo no Titenafoɔ no a wɔn wɔ Asɔfodie Kɛseɛ no mu no bɛnya tumi sɛ wɔfrɛ asɔfoɔ mpaninfoɔ afoforɔ, mpo dumienu, ma wɔaboa sɛ afotufoɔ; na saa na Asɔfodie Kɛseɛ no Titenani ne n’afotufoɔ bɛnya tumi de asi gyinaeɛ wɔ adanseɛ so sɛdeɛ asɔre no mmara teɛ.

80 Na saa gyinaeɛ yi akyiri no wɔrennkae bio wɔ Awurade anim; ɛfiri sɛ yei ne Onyankopɔn asɔre agyinatukuo kɛseɛ paa ara, ne gyinaeɛ a ɛtwa toɔ wɔ akyinnyeɛ a ɛfa honhom mu nsɛm ho.

81 Onipa biara nni hɔ a ɔka asɔre no ho a ɔnnhyɛ saa asɔre yi agyinatukuo yi ase.

82 Na mpɛn dodoɔ a Asɔfodie Kɛseɛ no Titenani to mmara no, wɔde no bɛba asɔre no amansan agyinatukuo no anim, na Asɔfodie Kɛseɛ no afotufoɔ dumienu no bɛboa wɔn;

83 Na gyinaeɛ a wɔbɛsi wɔ ne ho no bɛtwa akyinnyeɛ biara a ɛfa ne ho so.

84 Ne saa nti, obiara remmfiri Onyankopɔn atɛntenenee ne ne mmara ase, ama wɔayɛ nneɛma nyina ara wɔ ne kwan so ne obuo a ɛdi mũ mu wɔ n’anim, sɛdeɛ nokorɛ ne tenenee teɛ.

85 Na bio, nokorɛ mese mo, titenani no asɛdeɛ wɔ deacon diberɛ mu no ne sɛ ɔbɛhwɛ deaconfoɔ dumienu so, ɔne wɔn tu agyina, na ɔkyerɛkyerɛ wɔn wɔn asɛdeɛ, ama wɔato wɔn ho wɔn ho so, sɛdeɛ apam a wɔde ama no teɛ.

86 Na titenani no asɛdeɛ nso wɔ akyerɛkyerɛfoɔ diberɛ mu no ne sɛ, ɔbɛhwɛ akyerɛkyerɛfoɔ aduonu nan so, na ɔne wɔn tu agyina, na ɔkyerɛkyerɛ wɔn asɛdeɛ a ɛwɔ wɔn diberɛ no mu, sɛdeɛ wɔakyerɛ wɔ apam no mu.

87 Na titenani no asɛdeɛ nso wɔ Aaron Asɔfodie no so ne sɛ ɔbɛhwɛ asɔfoɔ aduanan nwɔtwe so, na ɔne wɔn atu agyina, na wakyerɛkyerɛ wɔn asɛdeɛ a ɛfa wɔn diberɛ ho, sɛdeɛ wɔakyerɛ wɔ apam no mu—

88 Ɛwɔ sɛ saa titenani yi yɛ ɔhwɛfoɔ; ɛfiri sɛ yei yɛ saa asɔfodie yi asɛdeɛ no mu baako.

89 Bio, titenani no asɛdeɛ wɔ mpaninfoɔ no diberɛ no mu ne sɛ ɔbɛhwɛ mpaninfoɔ aduɔkron nsia so, na ɔne wɔn tu agyina, na ɔkyerɛkyerɛ wɔn sɛdeɛ apam no teɛ.

90 Saa titenafoɔ yi yɛ dansowa wɔ aduɔson no mu, na wɔayɛ ama wɔn a wɔnntu kwan nnkɔ wiase nyina ara mu no.

91 Na bio, Titenani no asɛdeɛ wɔ Asɔfodie Kɛseɛ no diberɛ mu no ne sɛ ɔhwɛ asɔre mũ no nyina ara so, na ɔyɛ tesɛ Mose—

92 Hwɛ, nyansa nie; aane, sɛ ɔbɛyɛ ɔdehununi, ɔdiyifoɔ, asekyerɛni, ne nkɔmhyɛni, a ɔwɔ Onyankopɔn akyɛdeɛ biara a ɔde gu asɔre no tiri so.

93 Na ɛyɛ sɛdeɛ anisoadehunu a ɛkyerɛ Aduɔson no nhyehyɛeɛ no teɛ, sɛ ɛwɔ sɛ wɔnya titenafoɔ nson ma wɔhwɛ wɔn so, a wɔapa wɔn afiri aduɔson dodoɔ no mu;

94 Na ɛwɔ sɛ titenani a ɔtɔ so nsɔn no hwɛ titenafoɔ nsia no so;

95 Na ɛwɔ sɛ saa titenafoɔ nson yi paw aduɔson afoforɔ ka aduɔson a ɛdi kan a wɔn wɔ mu no ho, na ɛwɔ sɛ wɔhwɛ wɔn so;

96 Ne aduɔson afoforɔ nso, kɔsi aduɔson ahodoɔ nson, sɛdeɛ bobeturo no mu adwuma kyerɛ sɛ ɛhia.

97 Na saa aduɔson yi yɛ asomfoɔ akwantufoɔ, ma Amanamanmufoɔ, deɛ ɛdi kan, ne Yudafoɔ no nso.

98 Nanso asɔre no mpaninfoɔ afoforɔ a wɔnnka Dumienu no ho, anaa Aduɔson no ho no nni asɛdeɛ sɛ wɔtu kwan kɔ aman nyina ara so, mmom ɛwɔ sɛ wɔtu kwan sɛdeɛ wɔn asetena bɛkyerɛ, ɛmmfa ho sɛ wɔkura diberɛ a ɛkorɔn na ɛdi mu wɔ asɔre no mu.

99 Ɛno nti, afei momma onipa biara nsua n’asɛdeɛ, na ɔnni dwuma wɔ diberɛ a wɔayi ama no no mu, wɔ nsiyɛ nyina ara mu.

100 Wɔremmu deɛ ɔyɛ onihafoɔ sɛ ɔfata sɛ ɔgyina, na deɛ ɔnnsua n’asɛdeɛ na ɔnna ne ho adi sɛ wɔgye no to mu no, wɔremmu no sɛ ɔfata sɛ ɔgyina. Mpo saa ara. Amen.