Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 80


Ɔfã 80

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so de maa Stephen Burnett, wɔ Hiram, Ohio, Ɔbɛnem 7, 1832.

1–5, Wɔfrɛ Stephen Burnett ne Eden Smith sɛ wɔnka asɛmpa no wɔ baabiara a wɔpɛ.

1 Nokorɛ, sɛdeɛ Awurade ka kyerɛ m’akoa Stephen Burnett nie: Kɔ, kɔ wiase na kɔka m’asɛmpa kyerɛ abɔdeɛ biara a ɔbɛte wo nne nnyegyeeɛ.

2 Na ɛnam sɛ wopɛ ɔhokafoɔ nti, mɛma wo m’akoa Eden Smith.

3 Ɛno nti, kɔ na kɔka m’asɛmpa no, sɛ ɛyɛ atifi anaa anaafoɔ, apueɛ anaa atɔeɛ, ɛmmfa ho, ɛfiri sɛ worenntumi nnyɛ mfomsoɔ.

4 Ne saa nti, monka nto dwa nneɛma a moate, na mogyedi nokorɛ mu, na monim sɛ ɛyɛ nokorɛ.

5 Hwɛ, yei ne deɛ wafrɛ mo no ne pɛ, mo Gyefoɔ, mpo Yesu Kristo. Amen.