Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 30


Ɔfã 30

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith, Nkɔmhyɛni no so maa David Whitmer, Peter Whitmer Jr., ne John Whitmer, wɔ Fayette, New York, Ɛbɔ 1830, a ɛdi nna mmiɛnsa ntam nhyiamu wɔ Fayette so no, ansa na Asɔre mpaninfoɔ no redi mpaepaemu no. Wɔdii kan tintimm saa nwoma yi sɛ adiyisɛm mmiɛnsa; Nkɔmhyɛni no ka bɔɔ mu yɛɛ no ɔfa baako wɔ Nkyerɛkyerɛ ne Apam nwoma a wɔtintimm wɔ 1835 no mu.

1–4, Wɔka David Whitmer anim ɛfiri sɛ wammfa nsiyɛ annsom; 5–8, Ɛsɛ sɛ Peter Whitmer Jr., ka Oliver Cowdery ho kɔyɛ asɛmpatrɛ adwuma wɔ Lamanfoɔ no mu; 9–11, Wɔfrɛ John Whitmer sɛ ɔnka asɛmpa no.

1 Hwɛ, mese wo, David, sɛ woasuro nipa na wammfa wo ho annto me so ammpɛ ahoɔden sɛdeɛ ɛsɛ sɛ woyɛ.

2 Mmom w’adwene akɔ asase so nneɛma so kyɛn nneɛma a ɛfiri me, wo Yɛfoɔ, ne ɔsom adwuma a wɔafrɛ wo wɔ ho no; na woanntie me Honhom, ne wɔn a wɔayi wɔn sɛ wɔnhwɛ wo so no, mmom woama wɔn a menhyɛɛ wɔn ato wo bradɛ.

3 Ɛno nti, wɔagyae wo sɛ wo ara ankasa bisa firi me nsam, na susu nneɛma a woanya no ho.

4 Na wo tenabrɛ bɛwɔ wo agya fie, kɔsi sɛ mɛma wo mmaransɛm foforɔ. Na wobɛyɛ ɔsom adwuma no wɔ asɔre no mu, ne wiase anim, ne amantam a atwa wo ho ahyia no mu. Amen.

5 Hwɛ mese wo, Peter, sɛ wobɛtu wo kwan no, wo ne wonua barima Oliver; ɛfiri sɛ berɛ no aso a ɛhia wɔ me mu sɛ wobɛbue w’ano de m’asɛmpa no ato dwa; ɛno nti, ɛnnsuro, mmom yɛ setie ma me nsɛm no ne wo nuabarima afotuo, a ɔde bɛma wo no.

6 Na ma n’amanehunu nyina ara nyɛ wo amanehunu, na ma w’akoma so daa ma me wɔ gyedie ne mpaebɔ mu, ama wɔagye wo ne ɔno; ɛfiri sɛ mama no tumi sɛ ɔnsi m’asɔre wɔ Lamanfoɔ no ntam;

7 Na mennyii obiara wɔne so sɛ ɔnyɛ ne fotufoɔ wɔ asɔre no mu, gye sɛ ne nuabarima, Joseph Smith Jun.

8 Ɛno nti, yɛ setie ma saa nneɛma yinom na yɛ nsiyɛ sɛ woredi me mmaransɛm so, na wɔbɛhyira wo akɔ nkwa ɛnni awieɛ mu. Amen.

9 Hwɛ, mese wo, m’akoa John, sɛ wobɛhyɛ aseɛ firi saa berɛ yi akɔbɔ m’asɛmpa no ho dawuro, tesɛ deɛ wode totorobɛnto nne.

10 Na wobɛyɛ w’adwuma no wɔ wo nuabarima Philip Burrough fie, ne saa mantam a atwa hɔ ahyia no, aane, baabiara a wɔbɛtumi ate wo nne no, kɔsi sɛ mɛhyɛ wo sɛ firi hɔ kɔ.

11 Na wobɛyɛ w’adwuma nyina ara wɔ Sion, wode wo kra nyina ara, firi saa berɛ yi de rekɔ; aane, wobɛbue w’ano daa wɔ m’adwuma mu, mɛnsuro deɛ onipa bɛtumi ayɛ, ɛfiri sɛ meka wo ho. Amen.