Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 13


Ɔfã 13

Nyifirimu bi a efiri Joseph Smith abakɔsɛm mu a ɛreka Nkɔmhyɛni no ne Oliver Cowdery asɔfohyɛ wɔ Aaron Asɔfodie no mu wɔ bea a ɛbɛn Harmony, Pennsylvania, Kɔtɔnima 15, 1829. Asɔfohyɛ yi yɛ ɔbɔfoɔ a ɔdaa ne ho adi sɛ ɔne Yohane na ɔde ne nsa guu wɔn so hyɛɛ wɔn asɔfo, ɔno a wɔfrɛ no Yohane Suboni wɔ Apam Foforɔ no mu. Ɔbɔfoɔ no kyerɛɛ mu sɛ ɔredi dwuma no wɔ tete Asomafoɔ Petro, Yakobo ne Yohane akwankyerɛ ase, wɔn a na wɔkura asɔfodie kɛseɛ no nsafoa, a na wɔfrɛ no Mɛlkisɛdɛk Asɔfodie no. Na wɔahyɛ Joseph ne Oliver bɔ sɛ ne berɛ mu wɔde Mɛlkisɛdɛk Asɔfodie no bɛma wɔn. (Hwɛ Ɔfa 27:7, 8, 12.)

Ɔde Aaron Asɔfodie nsafoa ne ne tumi no to dwa.

1 M’ayɔnkofoɔ asomfoɔ, wɔ Mesaia no din mu mema mo Aaron Asɔfodie no, deɛ ɛkura abɔfoɔ som nsafoa ne deɛ ɛyɛ nsakyeraeɛ asɛmpa no, a ɛyɛ nsuomuhyɛ asubɔ a ɛma bɔne fafiri no; na wɔrennyi yei mmfiri asase so bio da, kɔsi sɛ Lewi mma mmarima bɛbɔ afɔreɛ bio ama Awurade wɔ tenenee mu.