Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 58


Ɔfa 58

Adiyisɛm a wɔde maae nam Nkɔmhyɛni Joseph Smith so, wɔ Sion, Jackson County, Missouri, Ɔsannaa 1, 1831. Wɔ Homeda a ɛdi kan no a Nkɔmhyɛni no ne n’asafo bɛduruu Jackson County, Missouri akyire yi no, wɔyɛɛ nyamefɛrefoɔ som na wɔnam asubɔ so gyee asafomma baanu. Saa nnawɔtwe no mu no, asɔremma binom a wɔyɛ Colesville ahoteɛfoɔ a wɔfiri Thompson Nkorabata no mu ne afoforɔ bɛduruuiɛ (Hwɛ ɔfa 54). Dodoɔ no ara ho peree wɔn sɛ wɔbɛsua Awurade pɛ fa wɔn ho wɔ bea foforɔ a wɔreboa wɔn ano no.

1–5, Wɔn a wɔgyina amanehunu mu no wɔbɛhyɛ wɔn animuonyam ahenkyɛ; 6–12, Ɛwɔ sɛ ahoteɛfoɔ no siesie wɔn ho ma Adwammaa no awareɛ ne Awurade adidie no; 13–18, Ahwɛfoɔ yɛ Israel atɛmmuafoɔ; 19–23, Ɛwɔ sɛ Ahoteɛfoɔ no yɛ setie ma asase no mmara; 24–29, Ɛwɔ sɛ nnipa de ne pɛ yɛ papa; 30–33, Awurade hyɛ mmara na ɔtwa mu; 34–43, Nsakyeraeɛ mu no, ɛsɛ sɛ nnipa pae mu ka wɔn bɔne na wɔpa wɔn ho akyi; 44–58, Ɛwɔ sɛ ahoteɛfoɔ no tɔ wɔn apɛgyadeɛ na wɔboa wɔn ano wɔ Missouri; 59–65, Ɛwɔ sɛ wɔka asɛmpa no kyerɛ abɔdeɛ biara.

1 Montie, O m’asɔre mpaninfoɔ, na monyɛ aso mma m’asɛm, na monsua mfiri me hɔ me pɛ a ɛfa mo ho, ne deɛ ɛfa saa asase a masoma mo wɔ so yi nso ho.

2 Na nokorɛ mese mo sɛ, nhyira ne deɛ ɔdi me mmaransɛm so, sɛ ɔte ase anaa wawuo; na deɛ ɔyɛ nokorɛfoɔ wɔ amanehunu mu no, ɔno korɔ no ara akatua yɛ kɛse pa ara wɔ ɔsoro ahemman mu.

3 Monntumi mmfa mo honam mu ani nnhunu, saa berɛ yi mu, mo Nyankopɔn nhyehyɛeɛ a ɛfa saa nneɛma a ɛbɛba akyire yi ho, ne animuonyam a ɛbɛdi so wɔ amanehunu pii akyi.

4 Na amanehunu pii akyi na nhyira no ba. Ɛno nti ɛda no reba a wɔbɛhyɛ mo animuonyam kɛseɛ ahenkyɛ; dɔnhwere no nnuruui, nanso abɛn pa ara.

5 Monkae yei, deɛ mereka akyerɛ mo ansa, ama moatumi de ato akoma so, na moagye deɛ ɛbɛdi soɔ no.

6 Hwɛ, nokorɛ mese mo sɛ, yei nti na masoma mo—sɛ mobɛyɛ setie, na afei mobɛsiesie mo akoma adi adanseɛ afa nneɛma a ɛbɛba no ho;

7 Na bio, sɛdeɛ wɔbɛhyɛ mo animuonyam wɔ fapemtoɔ no mu nso, ne adansedie a ɛfa asase a Onyankopɔn Sion no bɛgyina so no ho;

8 Na bio ama wɔasiesie nneɛma a adɔre apontoɔ ama ahiafoɔ; aane, nneɛma a adɔre apontoɔ, ɛne bobesa ase a wɔasɔne so yie, sɛdeɛ asase no bɛhunu sɛ nkɔmhyɛfoɔ no ano renni hwammɔ;

9 Aane, adidie a ɛyɛ Awurade fie deɛ, a wɔasiesie no yie, a wɔbɛto nsa afrɛ amanaman nyina ara no.

10 Ɛdi kan, adefoɔ ne nimdefoɔ, anyansafoɔ ne animuonyamfoɔ;

11 Na ɛno akyi na me tumi da no bɛba; afei ahiafoɔ, mpakye, anifirafoɔ, ne asotifoɔ, bɛba Adwammaa no awareɛ no ase, na wɔbɛfa Awurade adidi no a, wɔasiesie ama da kɛseɛ a ɛreba no.

12 Hwɛ, Me, Awurade, na maka.

13 Na sɛdeɛ adansedie no bɛfiri Sion akɔ, aane, afiri Onyankopɔn apɛgyadeɛ ahenkuro no ano mu—

14 Aane, yei nti na masoma mo saa bea yi, na mapaw m’akoa Edward Partridge, na mayi n’asɛmpatrɛ ama no wɔ saa asase yi so.

15 Nanso sɛ wannsakyera ammfiri ne bɔne ho, a ɛyɛ annye-annie ne akoma-anifraeɛ a, ma no nhwɛ yie anyɛ saa a ɔbɛhwe ase.

16 Hwɛ wɔde n’asɛmpatrɛ ama no, na wɔnnsan mmfa mma no bio.

17 Na deɛ ɔgyina saa asɛmpatrɛ yi mu no wɔayi no sɛ ɔmmɛyɛ ɔtɛmmuafoɔ wɔ Israel, tesɛ deɛ na ɛteɛ wɔ tete nna no mu, sɛ ɔbɛkyɛ Onyankopɔn apɛgyadeɛ nsase ama ne mma;

18 Na ɔmmu ne nnipa atɛn mfa ateneneefoɔ adansedie so, ne n’afotufoɔ mmoa, sɛdeɛ ahemman no mmara teɛ, deɛ Onyankopɔn nkɔmhyɛfoɔ de ama no.

19 Na nokorɛ mese mo sɛ, wɔbɛdi me mmara so wɔ asase yi so.

20 Mma onipa biara nnwene sɛ ɔyɛ ɔsodifoɔ; mmom ma Onyankopɔn nni deɛ obu atɛn so, sɛdeɛ n’afutuo ne ɔno ara ankasa pɛ teɛ, anaa nsɛm foforɔ mu no, deɛ ɔtu fo anaa ɔte atɛmmuo-adwa no so.

21 Mma onipa biara mmu asase no mmara so, na deɛ ɔdi Onyankopɔn mmara so no nnhia sɛ ɔbu asase no mmara so.

22 Ɛno nti, monhyɛ tumi biara a ɛwɔ hɔ ase, kɔsi sɛ ɔbɛdi hene ɔno a ɛyɛ ne dea sɛ ɔdi hene, na ɔbrɛ atamfo nyina ara ase wɔ ne nan ase.

23 Hwɛ, mmara a moanya afiri me nsam no yɛ asɔre no mmara, na wɔ hann yei mu na mobɛsɔ mu de akɔ. Hwɛ, nyansa nie.

24 Na afei, sɛdeɛ Meka faa m’akoa Edward Partridge ho no, saa asase yi ne ne tenabea asase, ne wɔn a wayi wɔn sɛ n’afotufoɔ; ne tenabea de ma deɛ mayi no sɛ ɔnhwɛ m’adekorabea so no nso.

25 Ɛno nti, momma wɔmfa wɔn mmusua mmra asase yi so, sɛdeɛ wɔbɛtu wɔn honom fo ɛne me..

26 Na hwɛ, ɛmfata sɛ mɛhyɛ wɔ ade nyina ara mu; na deɛ wɔhyɛ no ade nyina ara mu no, ɔno ara yɛ ɔkwadwofoɔ na ɔnnyɛ akoa nyansafoɔ; ɛno nti ɔnnya akatua.

27 Nokorɛ mese, ɛwɔ sɛ nnipa de ahopepereɛ de wɔn ho hyɛ adwuma pa mu, na wɔyɛ nneɛma bebree wɔ wɔn ara ankasa pɛ mu, na wɔda teneneeyɛ pii adi;

28 Esiane sɛ tumi no wɔ wɔn mu, ɛno mu na wɔyɛ ananmusifoɔ ma wɔn ho. Na mmerɛ dodoɔ a nnipa yɛ papa no, kwan biara so, wɔrennhwere wɔn akatua.

29 Nanso deɛ ɔnyɛ biribiara kɔsi sɛ wɔhyɛ no no, na ɔde annye-annie akoma bɛgye mmarasɛm, na ɔdi so wɔ akwadworɔ mu no, ɔno ara yɛ deɛ wɔabu no fɔ.

30 Hwan ne me a meyɛɛ nnipa, Awurade na ɔseɛ, na memmu no fɔ, deɛ ɔnnyɛ setie mma me mmaransɛm no?

31 Hwan ne me, Awurade na ɔseɛ, a mahyɛ bɔ na manni so?

32 Mehyɛ na nnipa nnyɛ setie; metwam na wɔnnya nhyira no.

33 Ɛno nti wɔka wɔ wɔn akoma mu sɛ: Yei nyɛ Awurade adwuma, esiane sɛ ne bɔhyɛ amma mu. Nanso mmusuo nka wɔn a wɔte saa no, na wɔn akatua tetɛ aseɛ na ɛmmfiri soro.

34 Na seesei mema mo akwankyerɛ bi ka ho fa saa asase yi ho.

35 Ɛyɛ nyansa wɔ me mu sɛ m’akoa Martin Harris bɛyɛ nhwɛsoɔ ama asɔre no, sɛ ɔde ne sika bɛto asɔre no hwɛfoɔ no anim.

36 Na bio, yei yɛ mmara ma onipa biara nso a ɔbɛba saa asase yi so abɛgye apɛgyadeɛ; na ɔde ne sika bɛyɛ sɛdeɛ mmara no kyerɛ.

37 Na ɛyɛ nyansa nso sɛ wɔbɛtɔ nsase wɔ Independence, bea ma adekorabea no, ne fie nso a wɔbɛtintim nwoma wɔ mu no.

38 Na akwankyerɛ foforɔ a ɛfa m’akoa Martin Harris ho no, Honhom no de bɛma no, ama watumi agye n’apɛgyadeɛ sɛdeɛ ɛyɛ ma no;

39 Na ɔnsakyera mfiri ne bɔne ho, ɛsiane sɛ ɔhwehwɛ wiase nkamfoɔ.

40 Na momma m’akoa William W. Phelps nso nnyina dwumadibea a mayi ama no mu, na ɔnye n’apɛgyadeɛ wɔ asase no so.

41 Na bio, ɛho hia nso sɛ ɔsakyera; na Me, Awurade, ɔnnsɔ m’ani yie, esiane sɛ ɔhwehwɛ sɛ ɔboro obiara so, na ɔndwo koraa sɛdeɛ ɛfata wɔ m’anim.

42 Hwɛ, deɛ wasakyera afiri ne bɔne ho no, wɔde akyɛ no, na Me, Awurade, mennkae bio.

43 Ɛnam yei so mobɛhunu sɛ onipa bi asakyera afiri ne bɔne ho—hwɛ, ɔbɛpae mu aka ne bɔne na ɔbɛpa ne ho akyi.

44 Na afei, nokorɛ, meka fa m’asɔre mpaninfoɔ nkaeɛ no ho, berɛ no nnya mmae, mfeɛ bebree mu, sɛ wɔbɛgye wɔn apɛgyadeɛ wɔ saa asase yi so, gye sɛ wɔnya ɛho pɛ nam gyedie mpaebɔ so, sɛdeɛ Awurade bɛyi ama wɔn nko ara.

45 Na, hwɛ, wɔbɛpia nnipa no abɔ mu firi wiase ano.

46 Ɛno nti, monhyia mmɔ mu; na wɔn a wɔannyi wɔn sɛ wɔntena saa asase yi so no, momma wɔnka asɛmpa no wɔ amantam a atwa ahyia wɔn ho no; na ɛno akyiri no momma wɔn nsan nkɔ wɔn afie.

47 Wɔnka asɛmpa no wɔ kwan so, na wɔn-ni nokorɛ no ho adanseɛ, wɔ mmeae mmeae nyina ara, na wɔmfrɛ adefoɔ, adehyeɛ ne awiemfoɔ, ne ahiafoɔ sɛ wɔnsakyera.

48 Na momma wɔnsisi nsɔre, mmerɛ dodoɔ a asase sotefoɔ no bɛsakyera.

49 Na wɔmfa asɔre no nne so nyi ananmusini mma Ohio asɔre no, sɛ ɔbɛgye sika atɔ nsase wɔ Sion.

50 Na mema m’akoa Sidney Rigdon mmarasɛm, sɛ ɔntwerɛ kasakyerɛmu mfa Sion asase no ho, ne ano-asɛm a ɛyɛ Onyankopɔn pɛ, sɛdeɛ Honhom no bɛda no adi akyerɛ no;

51 Na wɔntwerɛ krataa ne ntoboa nwoma nkɔto nsɔre no nyina ara anim sɛ wɔbɛnya sika, de ahyɛ ɔhwɛfoɔ no nsam, ɔno ankasa anaa ananmusini no, sɛdeɛ ɔhwɛ a ɛyɛ ma no, anaa sɛdeɛ ɔbɛkyerɛ; na wɔmfa ntotɔ nsase nyɛ apɛgyadeɛ mma Onyakopɔn mma.

52 Na, hwɛ, nokorɛ mese mo, ɛyɛ Awurade pɛ sɛ asuafoɔ no ne nnipa mma bɛbue wɔn akoma mu, mpo sɛ wɔbɛtɔ saa ɔman yi mantam nyina ara, ntɛmso sɛdeɛ berɛ bɛma ho kwan.

53 Hwɛ, nyansa nie. Momma wɔnyɛ yei, anyɛ saa a wɔrennya apɛgyadeɛ biara, gye sɛ wɔnam mogya-hwiegu so.

54 Na bio, mmerɛ dodoɔ a wɔnya asase no, wɔnsoma adwumayɛfoɔ ahoroɔ biara nkɔ saa asase yi so, nkɔyɛ adwuma mma Onyankopɔn ahoteɛfoɔ.

55 Momma wɔnyɛ yeinom nyina ara wɔ ne kwan so; na momma nsase no ho adenya biara nna adi berɛ ano berɛ ano, mfiri ɔhwɛfoɔ no anaa asɔre ɔnanmusifoɔ no hɔ.

56 Na momma anoboaboa adwuma no nnyɛ ntɛmpɛ so, anaa adwane so; na wɔnyɛ no sɛdeɛ asɔre mpaninfoɔ bɛma afotuo wɔ nhyiamu ase, sɛdeɛ nimdeɛ a wɔnya no berɛ ano berɛ ano no teɛ.

57 Na momma m’akoa Sidney Rigdon ndwira saa asase yi ho na ɔnyi nsi hɔ, ne tɛmpol asase no, mma Awurade.

58 Na momma wɔmfrɛ agyinatu nhyiamu; na ɛno akyi momma menkoa Sidney Rigdon ne Joseph Smith, Jun., nsan wɔn akyi, na Oliver Cowdery nso nka wɔn ho, nkɔwie adwuma no nkaeɛ a mayi de ama wɔ wɔn ankasa asase so, ne nkaeɛ no sɛdeɛ nhyiamu no bɛkyerɛ.

59 Na mma onipa biara nsan n’akyi mfiri saa asase yi so gye sɛ ɔdi adanseɛ wɔ kwan so, fa nea ɔnim ho ne ne gyedie a ɔkasa si so dua ho.

60 Momma wɔnye deɛ mede adom Ziba Peterson no mfiri ne hɔ; na ɔnyina sɛ asɔreba wɔ asɔre no mu, na n’ankasa mfa ne nsa nyɛ adwuma, ɔne anuanom no, kɔsi sɛ ɔbɛnya asotwe a ɛfata ma ne bɔne nyina ara; ɛfiri sɛ ɔmmpae mu nnka bɔne no, na ɔdwene sɛ ɔde bɛsie.

61 Momma saa asɔre yi mpaninfoɔ nkaeɛ no, wɔn a wɔreba saa asase yi so, wɔn mu binom a wɔahyira wɔn mmorosoɔ mpo ɛboro nsusuiɛ so no, nso nyɛ nhyiamu wɔ saa asase yi so.

62 Na momma m’akoa Edward Partridge mma akwankyerɛ wɔ nhyiamu a wɔbɛyɛ no ase.

63 Na momma wɔn nso nsan wɔn akyi, nka nsɛmpa no wɔ kwan so, nni adanseɛ mfa nneɛma a wɔayi akyerɛ wɔn no ho.

64 Na, nokorɛ, ɛsɛ sɛ nnyegyeɛ no firi saa bea yi kɔ wiase nyina ara, na ɛkɔ asase ano nyina ara—ɛsɛ sɛ wɔka asɛmpa no kyerɛ abɔdeɛ biara, na nsɛnkyerɛnne bɛdi wɔn a wɔgyedi no akyi.

65 Na hwɛ Onipa Ba no reba. Amen.