Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 131


Ɔfã 131

Joseph Smith Nkɔmhyɛni no nkyerɛkyerɛ, a ɔde maaeɛ wɔ Ramus, Illinois, Kɔtɔnimma 16 ne 17, 1843.

1–4, Sɛlɛstia awareɛ ho hia ma mmasoɔ wɔ ɔsoro a ɛkorɔn pa ara no mu; 5–6, Wɔkyerɛkyerɛ sɛdeɛ wɔyɛ nnipa nsɔano ma nkwa a ɛnni awieɛ no mu; 7–8, Honhom biara yɛ adebɔdeɛ.

1 Wɔ sɛlɛstia animuonyam mu no ɔsoro anaa dibea mmiɛnsa na ɛwɔ hɔ;

2 Na sɛdeɛ ɛbɛyɛ ma onipa anya deɛ ɛkorɔn pa ara no, ɛwɔ sɛ ɔwura saa asɔfodie nhyehyɛeɛ yi mu [ɛkyerɛ sɛ daapem apam foforɔ awareɛ no];

3 Na sɛ wannyɛ saa a, ɔnntumi nnya.

4 Ɔbɛtumi awura foforɔ no mu, nanso ɛno ne n’ahemman awieɛ; ɔntumi nnya asefoɔ.

5 (Kɔtɔnimma 17, 1843.) Nkɔmhyɛ asɛm a ɛyɛ ampa pa ara kyerɛ sɛ onipa bɛhunu sɛ wɔayɛ nsɔano ama nkwa a ɛnni awieɛ, nam adiyisɛm ne nkɔmhyɛ honhom no so, nam Asɔfodie Kronkron no tumi no so.

6 Ɛnntumi mma sɛ wɔbɛgye onipa nkwa wɔ berɛ a ɔnni nimdeɛ.

7 Biribiara nni hɔ a wɔka no sɛ ɛnnyɛ adebɔdeɛ. Honhom biara yɛ adebɔdeɛ, nanso ɛyɛ fɛɛfɛ pa ara anaa korɔgyenn, na ani kronkron nko ara na ɛtumi hunu.

8 Yɛnntumi nnhunu ɛno; nanso sɛ wɔte yɛn nnipadua ho a yɛbɛhunu sɛ ne nyina ara yɛ adebɔdeɛ.