Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 54


Ɔfã 54

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so de maa Newel Knight, wɔ Kirtland, Ohio, Ayɛwohomumɔ 10, 1831. Asɔre asafomma a na wɔte Thompson, Ohio, no mu kyɛɛe wɔ nsɛmmisa a ɛfa agyapadeɛ a wɔde bɔ afɔreɛ ho. Pɛsɛmenkomenya ne adefudepɛ daa wɔn ho adi. Ɛtoa ne soma so kɔɔ Shakerfoɔ no hɔ no (hwɛ atifiasɛm ma ɔfa 49), Leman Copley buu n’apam so sɛ ɔde n’afuo kɛseɛ no bɛbɔ afɔreɛ sɛ apɛgyadeɛbea ama Ahoteɛfoɔ a na wɔreba firi Colesville, New York no. Ne saa nti, na Newel Knight (asɔremma a wɔn wɔ Thompson no kannifoɔ) ne mpaninfoɔ foforɔ aba Nkɔmhyɛni no hɔ rebisa deɛ wɔnyɛ. Nkɔmhyɛni no bisaa Awurade na ɔnyaa saa adiyisɛm yi, a ɛhyɛ asɔremma a wɔn wɔ Thompson sɛ wɔmfiri Leman Copley afuo no mu na wɔntu kwan nkɔ Missouri.

1–6, Ɛsɛ sɛ Ahoteɛfoɔ no di asɛmpa apam no so ama wɔanya mmɔborɔhunu; 7–10, Ɛsɛ sɛ wɔsi aboterɛ wɔ amanehunu mu.

1 Hwɛ, sɛdeɛ Awurade seɛ nie, mpo Alfa ne Omega, mfitiaseɛ ne awieɛ no, mpo deɛ wɔbɔɔ no asɛnnua mu maa wiase bɔne no—

2 Hwɛ, nokorɛ, nokorɛ, mese wo, m’akoa Newel Knight, sɛ ɛwɔ sɛ wogyina pintinn wɔ dibea a mayi ama wo no mu.

3 Na sɛ wo nuanom pɛ sɛ wɔdwane wɔn atamfoɔ a, ma wɔnsakyera mmfiri wɔn bɔne nyina ara ho, na nokorɛ mu wɔmmrɛ wɔn ho ase na wɔmmoto wɔ m’anim.

4 Na ɛnam sɛ wɔabu apam a wɔn ne me yɛɛe no so nti, mpo saa ara na abɛyɛ hunu na hwee remmfiri mu mma.

5 Na mmusuo nka deɛ hwintidua nam no so ba no, ɛfiri sɛ ɛbɛyɛ ama no sɛ wɔbɛdɔ no asukɔ wɔ ɛpo bunu mu.

6 Nanso nhyira ne wɔn a wɔadi m’apam so na wɔadi me mmarasɛm so, na wɔn na wɔbɛhunu wɔn mmɔbɔ.

7 Ɛno nti, monkɔ seesei na monwane mfiri asase no so, anyɛ saa a mo atamfo bɛba mo so; na montu mo kwan, na monyi deɛ mopɛ sɛ ɔnyɛ mo kannifoɔ, na ɔntuatua mma mo.

8 Na saa na mobɛtu mo kwan akɔ atɔeɛ amantam no mu, akɔ Missouri asase so, akɔ Lamanfoɔ ahyeɛ no so.

9 Na akyire yi a moatu kwan no awie no, hwɛ, mese mo, monhwehwɛ nnipa asetena pa, kɔsi sɛ mɛsiesie baabi ama mo.

10 Na bio, monsi aboterɛ wɔ amanehunu mu nkɔsi sɛ mɛba; na, hwɛ, mereba mpofirim, na mekura m’akatua, na wɔn a wɔahwehwɛ me ntɛm no bɛnya ahomegyeɛ ama wɔn akra. Mpo saa ara. Amen.