Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 126


Ɔfã 126

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so, wɔ Brigham Young fie, wɔ Nauvoo, Illinois, Kitawonsa 9, 1841. Saa berɛ yi na Brigham Young yɛ Asomafoɔ Dumienu Kuo no Titenani.

1–3, Wɔbɔ Brigham Young aba so wɔ ne nnwuma ho na wɔma no gye n’ahome firi daakye amannɔne akwantuo ho.

1 Ɔdɔfoɔ ne onuabarima dɔfo-pa, Brigham Young, nokorɛ sɛdeɛ Awurade se wo nie: M’akoa Brigham, wɔrennhwehwɛ mmfiri wo hɔ bio sɛ gya w’abusua hɔ sɛ mmerɛ a atwa mu kɔ no, ɛfiri sɛ w’afɔdeɛ sɔ m’ani.

2 Mahunu w’adwuma ne wo berɛ wɔ akwantuo a wotu maa me din no.

3 Ne saa nti mehyɛ wo sɛ soma ma wɔmfa m’asɛm no nkɔ amannɔne, na ɛfiri saa berɛ yi hwɛ w’abusua yie, firi saa berɛ yi de rekɔ ne afebɔɔ. Amen.