Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 121


Ɔfã 121

Mpaeɛ ne nkɔmhyɛ a Joseph Smith Nkɔmhyɛni no twerɛeɛ wɔ krataa a ɔde kɔmaa Asɔre no berɛ a na ɔyɛ ɔdeduani wɔ Liberty afiase, Missouri no, wɔ Ɔbɛnem 20, 1839. Na nkɔmhyɛni no ne n’apamfoɔ pii ahyɛ afiase abosome bebree. Wɔn adesrɛ ne wɔn dwantoa a wɔde kɔɔ aban mu mpaninfoɔ ne atemmufoɔ hɔ no anntumi amma wɔn fahodie.

1–6, Nkɔmhyɛni no srɛ Awurade fa Ahoteɛfoɔ a wɔrehunu amane no ho; 7–10, Awurade ka asomdwoeɛ nsɛm kyerɛ no; 11–17, Nnome nka obiara a ɔma atorɔ nne so ka mmaratoɔ tia Awurade nkorɔfoɔ; 18–25, Wɔrennya asɔfodie no ho kwan na wɔbɛbu wɔn fɔ; 26–32, Wɔma wɔn a wɔde akokoduro gyina mu no adiyisɛm a ɛyɛ animuonyam ho bɔhyɛ; 33–40, Deɛ nti a wɔafrɛ pii na wɔayi kakra bi; 41–46, Ɛwɔ sɛ wɔde asɔfodie no di dwuma wɔ tenenee nko ara mu.

1 O Onyankopɔn, ɛhe na wowɔ? Na ɛhe na abrannaa-katasoɔ a ɛkata wo hintabea no wɔ?

2 Ɛnkɔsi dabɛn na wobɛsi wo nsa ho kwan, na w’ani, aane w’ani korɔgyenn bɛhunu bɔne a wɔreyɛ wo nkorɔfoɔ ne wo nkoa, afiri sorosoro a ɛnni awieɛ, na wɔn su bɛwura woaso mu?

3 Aane, O Awurade, ɛnkɔsi dabɛn na wobɛma saa nhyɛso bɔne a ɛnyɛ mmara yi ho kwan, ansa na w’akoma bɛgo wɔ wɔn so, na wobɛnya ayamhyehyeɛ wɔ wɔn so?

4 O Awurade Nyankopɔn Tumfoɔ, ɔsoro, asase, ne ɛpo, ne nneɛma a ɛwɔ mu nyina ara yɛfoɔ, woa wodi ɔbonsam so na Seol sum ne sum kabii tumidie hyɛ w’ase—tene wo nsa; ma w’ani nhwire; ma wɔnyi woabrannaa-katasoɔ mfiri hɔ; na mma wɔnnkata w’ahintabea bio; ma w’aso mmrɛ ase ntie; ma w’akoma ngo, na wo yam nhyehye wo wɔ yɛn ho.

5 Ma w’abufuo nnɛre ntia yɛn atamfoɔ; na, wɔ w’akoma mu abufu-kɛseɛ mu, fa w’afena tɔ werɛ wɔ bɔne a wɔayɛ yɛn no so.

6 Kae w’ahoteɛfoɔ a wɔrehunu amane, O yɛn Nyankopɔn; na wo nkoa bɛdi ahurusie wɔ wo din mu afebɔɔ.

7 Mebabarima, asomdwoeɛ nka wo kra; w’ahohiahia ne w’amanehunu bɛyɛ berɛ tiawa bi pɛ;

8 Na afei, sɛ wogyina ano yie a, Onyankopɔn bɛma wo so akɔ soro; wobɛdi w’atamfo nyina ara so nkonim.

9 Wo nnamfo gyina w’akyi, na wɔde anigyeɛ akoma ne ɔdɔ nsa bɛma wo amo bio.

10 Wonnya nnyɛɛ sɛ Hiob; wo nnamfo ne wo nni aperepereɛ, anaa wɔmmɔ wo mmaratoɔ ho kwaadu, sɛdeɛ wɔyɛɛ Hiob no.

11 Na wɔn a wɔde mmaratoɔ bɔ wo kwaadu no, wɔn anidasoɔ bɛyɛ kwa, na wɔn apɛdeɛ bɛnane akɔ tesɛ asukɔtweaa fitaa a ɛrenane wɔ owia hann a ɛresɔre no hyeɛ anim;

12 Na bio Onyankopɔn atene ne nsa na wasi nkete sɛ ɔbɛsesa mmerɛ ne mmerɛ nkyekyɛmu, na wayɛ wɔn adwene kusuu, sɛdeɛ wɔnntumi nnte n’anwanwa nnwuma no ase; ama wasɔ wɔn nso ahwɛ na wakyere wɔn wɔ wɔn ankasa aniteɛ mu.

13 Bio, ɛfiri sɛ wɔn akoma aporɔ, na nneɛma a wɔpɛ sɛ wɔde ba afoforɔ so, na wɔpɛ sɛ afoforɔ hunu ho amanneɛ no nyina ara bɛba wɔn ankasa so korakora.

14 Ama wɔadi wɔn hwammɔ nso, na wɔatwa wɔn anidasoɔ so;

15 Na mfeɛ kakra akyi no, wɔbɛpra wɔn ne wɔn asefoɔ afiri ɔsoro ase, Onyankopɔn na ɔseɛ, ama wɔn mu baako mpo annka a ɔbɛgyina ɔfasuo no ho.

16 Nnome nka wɔn a wɔbɛma wɔn nantin so atia wɔn a masra wɔn ngo nyina ara, Awurade na ɔseɛ, na wɔtea mu sɛ wɔayɛ bɔne, nanso wɔnnyɛɛ bɔne wɔ m’anim, Awurade na ɔseɛ, na mmom wɔayɛ deɛ ɛfata wɔ m’ani so, ne deɛ mahyɛ wɔn.

17 Nanso wɔn a wɔtea mu sɛ wɔato mmara no yɛ yei ɛfiri sɛ wɔyɛ bɔne nkoa, na wɔn ankasa yɛ seanntie mma.

18 Na wɔn a wɔdi ntorɔ ka ntam tia me nkoa, ama wɔde wɔn aba nkoasom ne owuo mu no—

19 Mmusuo nka wɔn; esiane sɛ wɔafom me mma nketewa nti wɔbɛtwa wɔn afiri me fie ayɛyɛdeɛ ho.

20 Wɔn kɛntɛn nnyɛ ma, wɔn afie ne wɔn asan bɛseɛ, na wɔn ankasa a wɔkamfo wɔn no bɛbu wɔn animtia.

21 Wɔrennya asɔfodie no ho kwan, anaa wɔn asefoɔ a wɔbɛba wɔn akyi firi awoɔntoatoasoɔ kɔ awoɔntoatoasoɔ so.

22 Anka ɛbɛyɛ ama wɔn sɛ wɔde awiyammoɔ bɛsɛn wɔn kɔn mu, na wɔanya asuwuo wɔ ɛpo bunu mu.

23 Mmusuo nka wɔn a wɔha me nkorɔfoɔ nyina ara, na wɔpamo wɔn, na wɔkunkum wɔn, na wɔdi adanseɛ tia wɔn, Asafo Awurade na ɔseɛ; ahurutia awoɔntoatoasoɔ no rennwane ɔbonsam gya mu afɔbuo.

24 Hwɛ, m’ani hunu na menim wɔn nnwuma nyina ara, na makora atemmuo tiawa wɔ berɛ a ɛsɛ mu, ama wɔn nyina ara;

25 Ɛfiri sɛ wɔahyehyɛ berɛ ama onipa biara, sɛdeɛ ne nnwuma bɛyɛ.

26 Onyankopɔn bɛma mo nimdeɛ nam ne Honhom Kronkron no so, aane, nam akyɛdeɛ nwanwasoɔ no so, a wɔnnaa noadi firi wiase ahyɛaseɛ bɛsi seesei;

27 Deɛ yɛn agyanom atwɛn de anibereɛ ahwɛ anim sɛ wɔyi no adi wɔ mmerɛ a ɛtwa toɔ no mu, deɛ abɔfoɔ no twee wɔn adwene kɔɔ so no, a wɔakora ama wɔn animuonyam mahyɛ no;

28 Berɛ bi bɛba a wɔremmfa hwee nnsie, sɛ Onyankopɔn baako pɛ na ɛwɔ hɔ anaa anyame pii a, wɔbɛda no adi.

29 Wɔbɛda nhennwa ne wuradie, mpaninnie ne tumidie nyina ara adi na wɔde bɛma obiara a wagyina mu akokoɔduro so ama Yesu Kristo asɛmpa no.

30 Na sɛ wɔde ahyeɛ nso ato ɔsoro ano anaa ɛpo no, anaa asase wesee, anaa owia, ɔsrane, anaa nsoromma ano no—

31 Wɔn mmerɛ a wɔde tware wɔn ho nyina ara, wɔn nna a wɔahyehyɛ, abosome, ne mfeɛ nyina ara, ne nna biara a ɛyɛ wɔn nna, abosome, ne mfeɛ, ne wɔn animuonyam, wɔn mmara, ne mmerɛ a wɔahyehyɛ nyina ara no, wɔbɛda no adi wɔ asɛmpa berɛ no mmerɛ mu mahyɛ no mu—

32 Sɛdeɛ deɛ wɔhyiraa soɔ wɔ Ɔnniawieɛ Nyankopɔn a ɔdi anyame foforɔ no nyina ara so Agyinatuo no mfimfini ansa na saa wiase yi reba no, wɔbɛkora ama n’awieɛ ne ne toɔtwa, berɛ a onipa biara bɛkɔ ne tenabea a ɛnni awieɛ mu, ne ne ɔnnwuo ahomegyeɛ mu.

33 Kɔsi berɛ bɛn na nsutene bɛkɔso ayɛ fi? Tumi bɛn na ɛbɛsi ɔsoro kwan? Sɛdeɛ onipa nntumi nntene ne basa a ɛyɛ mmerɛ mmfa nnsi Missouri asubɔntene no kwan mma no nnsan n’akyi mmfiri ne kwan a wɔahyehyɛ ama no so no, saa ara na wɔnrenntumi nnsi Otumfoɔ no kwan sɛ ɔbɛhwie nimdeɛ afiri soro agu Nna a Ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ no tiri so.

34 Hwɛ, wɔafrɛ bebree, nanso kakra bi na wɔayi wɔn. Na deɛn nti na wɔannyi wɔn?

35 Ɛfiri sɛ wɔn akoma di wiase yi mu nneɛma akyi dodo, na wɔhwehwɛ nnipa nkamfoɔ, ɛno nti wɔnnsua saa adesua baako yi—

36 Sɛ asɔfodie no hokwan no bata ɔsoro tumi no ho a wɔrenntumi nntete mu, na wɔrenntumi mmfa ɔsoro tumi no nni dwuma anaa nnkura gye sɛ wɔnam teneneeyɛ nyinasosɛm so.

37 Wɔde bɛma yɛn, ɛyɛ nokorɛ; nanso sɛ yɛhwehwɛ sɛ yɛbɛkata yɛn bɔne so, anaa yɛbɛhyɛ yɛn ahantan ne yɛn apɛdeɛ hunu ma, anaa yɛkyerɛ nnisoɔ anaa tumidie anaa ɔhyɛ wɔ nnipa mma akra so, wɔ bɔne kwan biara so a, hwɛ ɔsorosoro twe wɔn ho san; na Awurade Honhom di awerɛhoɔ; na sɛ wɔtwe san a, Amen nka saa onipa no asɔfodie ne tumi no.

38 Hwɛ ansa na n’ani bɛba ne ho so no, na aka ne nko ara, sɛ ɔbɛto ne nan awɔ dadeɛ poma ano, ɔbɛtaataa ahoteɛfoɔ no, na wako atia Onyankopɔn.

39 Osuahunu yaaya ama yɛahunu sɛ ɛrekame ayɛ sɛ ɛyɛ nnipa nyina ara bɔsu ne wɔn suban ma wɔfa no sɛ, wɔnya tumi kakra bi a, ntɛm pa no ara wɔhyɛ aseɛ de tumidie a ɛnntene di dwuma.

40 Ne saa nti wɔafrɛ bebree, nanso kakra bi na wɔayi wɔn.

41 Wɔrenntumi anaa ɛnnsɛ sɛ wɔde tumi anaa tumidie biara kora asɔfodie no, gye sɛ ɛnam nkuranhyɛ, abodwokyɛre, boasetɔ ne ɔdwoɔ, ne ɔdɔ kann so;

42 Ɛnam ayamyɛ, ne nimdeɛ korɔgyenn so, deɛ ɛbɛma ɔkra no anyini pa ara a nyaatwom biara ne nnaadaa biara nni mu—

43 Ka anim denden so berɛ a ɛsɛ mu, sɛ Sunsum Kronkron no kanyan wo a; na afei akyire yi kyerɛ ɔdɔ kɛseɛ kyerɛ onipa no a woaka n’anim no, anyɛ saa a ɔbɛbu wo sɛ ne tamfo;

44 Ama wahunu sɛ wo nokorɛdie mu yɛ duru kyɛn owuo ahoma.

45 Ma ɔdɔ mapa nhyɛ wo yam ma mma nnipa nyina ara, ɛne gyedie fiefoɔ no, na ma ahonidie nkɔ so nsiesie w’adwene a ɛnnyae da; afei w’ahotosoɔ bɛnyini abɛyɛ den wɔ Onyankopɔn anim; na asɔfodie nkyerɛkyerɛ no bɛsosɔ agu wo kra so tesɛ bosuo a ɛfiri soro.

46 Sunsum Kronkron no bɛyɛ wo daadaa yɔnkoɔ, na w’ahempoma bɛyɛ teneneeyɛ ne nokorɛ ahempoma a ɛnsesa da; na wo tumidie bɛyɛ tumidie a ɛte hɔ daa, na ɛbɛtene aba wo so daa afebɔɔ a nhyɛsoɔ biara nni so.